Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

YƐ ASUAFO

ADESUA 11

Mma Wo Nkyerɛkyerɛ Nnyɛ Hwanyann

Mma Wo Nkyerɛkyerɛ Nnyɛ Hwanyann

Nnyinasosɛm: ‘Ka asɛm a ntease wom.’—1 Kor. 14:9.

Nea Yesu Yɛe

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Mateo 6:​25-27. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1.    Mfatoho bɛn na Yesu mae a ɛma yehu sɛ Yehowa dwen yɛn ho?

  2.   Ɛwom sɛ na Yesu nim nnomaa ho nsɛm pii, nanso wɔn ho nsɛm bɛn na ɔde n’adwene sii so a amma ne nkyerɛkyerɛ anyɛ hwanyann? Nea ɔyɛe no, adɛn nti ɛyɛ ɔkwampa a yɛfa so kyerɛkyerɛ?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ na yɛamma yɛn nsɛm anyɛ hwanyann a, nkurɔfo bɛkae, na ɛbɛka wɔn koma.

Suasua Yesu

3. Nkasa bebree. Nea wunim fa asɛm bi ho no, nhwie ne nyinaa ngu osuani no so. Mmom, nsɛm a ɛwɔ nhoma a moresua no mu no, ɛno na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so. Wubisa wo suani no asɛm a, to wo bo ase twɛn ma onyi ano. Sɛ wantumi anyi ano anaa ɔma mmuae no tĩ a, bisa no nsɛm foforo a ɛbɛma wadwen asɛm no ho yiye. Sɛ osuani no nya te asɛm no ase a, montoa so.

4. Boa wo suani no ma ɔmfa nneɛma foforo a ɔresua no ntoto nea onim dedaw no ho na ɛmmoa no ma ɔnte ase. Yɛmfa no sɛ morebesua owusɔre ho ade. Nea moasua afa tebea a awufo wom ho no, mubetumi de bere kakra abobɔ so.

5. Wopɛ sɛ woma mfatoho bi a, dwen ho kɔ akyiri. Worebɛma mfatoho bi a, bisa wo ho sɛ:

  1.   a. ‘Mfatoho no mu da hɔ, anaa ɛyɛ den sɛ osuani no bɛte ase?’

  2.  b. ‘Osuani no bɛte ase ntɛm?’

  3.  d. ‘Mfatoho no nko ara na ɔbɛkae, anaa ɛbɛma no akae asuade a ɛwɔ adesua no mu?’

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO