YƐ ASUAFO
ADESUA 12
Ma Wo Bo Nyɛ Duru
Nnyinasosɛm: “Ngo ne aduhuam ma koma di ahurusi, saa ara na adamfo a otu fo a ɔmfa biribiara nsie no ma adamfofa yɛ dɛ.”—Mmeb. 27:9.
Nea Yesu Yɛe
1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Marko 10:17-22. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:
Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?
2. Yɛpɛ sɛ yɛn Bible asuafo nya nkɔso wɔ Yehowa som mu a, ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ ma wɔn, nanso sɛ biribi nkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ yetumi ma wɔhu.
Suasua Yesu
3. Boa wo suani ma ɔmfa botae nsisi n’ani so na ɔnyɛ ho adwuma.
-
a. “Fa Wei Si W’ani So” afã a ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu no, fa boa osuani no ma ɔmfa botae nsisi n’ani so.
-
b. Boa osuani no ma onhu nneɛma pɔtee a ehia sɛ ɔyɛ na watumi adu botae nketewa ne akɛse bi ho.
4. Nneɛma a ɛretwe wo suani no san no, ɛsɛ sɛ wuhu na woboa no ma otumi di so.
-
-
‘Sɛ me suani no ntuu anammɔn a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ onya nkɔso bɛbɔ asu a, dɛn na ɛresiw no kwan?’
-
‘Nneɛma bɛn saa na metumi ayɛ de aboa no?’
-
-
Nea ehia sɛ osuani no yɛ no, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo bo nyɛ duru na woatumi aka ho asɛm wɔ ɔdɔ so.
5. Adesua a ennya nkɔso no, twa so.
-
Nea ɛbɛma woahu sɛ Bible adesua no rekɔ yiye anaa ɛnkɔ yiye no, bisa wo ho sɛ:
-
‘Me suani no de nea ɔresua no rebɔ ne bra?’
-
‘Ɛyɛ a ɔba asafo nhyiam? Na nea onim no nso ɔka ho asɛm kyerɛ afoforo?’
-
‘Sɛ moasua ade akɔ akyiri a, ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Danseni anaa?’
-
-
Sɛ Bible suani bi mpɛ sɛ ɔbɛkɔ n’anim a, . . .
-
Ka kyerɛ no sɛ onnye bere nnwinnwen nneɛma a ɛresiw no kwan no ho.
-
To wo bo ase ma no nhu sɛ sɛnea nneɛma rekɔ no, gye sɛ mode adesua no si hɔ ara.
-
Nneɛma a ɔyɛ a, ɛbɛma moasan afi adesua no ase no, ma onhu.
-