Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO A

Bible Mu Nsɛm a Yɛde Anigye Kyerɛkyerɛ Mu

Bible Mu Nsɛm a Yɛde Anigye Kyerɛkyerɛ Mu

Yesu kaa sɛ, sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn a wɔwɔ koma pa a, wɔbehu sɛ ɛyɛ nokware no. (Yoh. 10:​4, 27) Enti bere biara a yebenya kwan ne obi abɔ nkɔmmɔ no, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛka Bible mu nokwasɛm tiawa bi kyerɛ no. Bible mu nsɛm a ɛwɔ ha yi, sɛ woreka bi ho asɛm akyerɛ obi a, wubetumi aka biribi te sɛ: “Wunim sɛ . . . ?” anaa “Woate da sɛ . . . ?” Afei fa kyerɛwnsɛm a ɛhyehyɛ ano no bi kyerɛkyerɛ saa asɛm no mu. Bible mu asɛm ketewaa bi a wobɛka akyerɛ obi no, ebetumi ayɛ sɛ aba a woadua wɔ ne komam, na Onyankopɔn betumi ama aba no anyin!—1 Kor. 3:​6, 7.

 DAAKYE

  1. 1. Nneɛma a ɛresisi nnansa yi ne suban a nkurɔfo da no adi no kyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ nsakrae kɛse bi bɛba.—Mat. 24:​3, 7, 8; Luka 21:​10, 11; 2 Tim. 3:​1-5.

  2. 2. Yɛn asaase yi, ɛrensɛe da.—Dw. 104:5; Ɔsɛnk. 1:4.

  3. 3. Efĩ ne biribi foforo biara a ɛsɛe yɛn asaase yi befi hɔ, na asaase bɛsan ayɛ kama.—Yes. 35:​1, 2; Adi. 11:18.

  4. 4. Obiara benya apɔwmuden a edi mu.—Yes. 33:24; 35:​5, 6.

  5. 5. Wubetumi atena asaase so daa.—Dw. 37:29; Mat. 5:5.

 ABUSUA

  1. 6. Ɛsɛ sɛ okunu ‘dɔ ne yere sɛ ne ho.’—Efe. 5:33; Kol. 3:19.

  2. 7. Ɛsɛ sɛ ɔyere nya obu kɛse ma ne kunu.—Efe. 5:33; Kol. 3:18.

  3. 8. Okunu ne ɔyere nyinaa, ɛnsɛ sɛ obiara fi ne yɔnko akyi.—Mal. 2:16; Mat. 19:​4-6, 9; Heb. 13:4.

  4. 9. Mmofra a wɔbu wɔn awofo na wɔtie wɔn no, ebesi wɔn yiye.—Mmeb. 1:​8, 9; Efe. 6:​1-3.

NASA, ESA and the Hubble Heritage Team (STScI/AURA)-ESA/Hubble Collaboration. Licensed under CC BY 4.0. Source.

 ONYANKOPƆN

  1. 10. Onyankopɔn wɔ din.—Dw. 83:18; Yer. 10:10.

  2. 11. Onyankopɔn kasa kyerɛ yɛn.—2 Tim. 3:​16, 17; 2 Pet. 1:​20, 21.

  3. 12. Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.—Deut. 10:17; Aso. 10:​34, 35.

  4. 13. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa yɛn.—Dw. 46:1; 145:​18, 19.

 MPAEBƆ

  1. 14. Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ no mpae.—Dw. 62:8; 65:2; 1 Pet. 5:7.

  2. 15. Bible kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɔ mpae.—Mat. 6:​7-13; Luka 11:​1-4.

  3. 16. Ɛsɛ sɛ yɛtaa bɔ mpae.—Mat. 7:​7, 8; 1 Tes. 5:17.

 YESU

  1. 17. Ná Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a onim nkyerɛkyerɛ paa, na nnɛ yi nyinaa n’afotu da so yɛ adwuma.—Mat. 6:​14, 15, 34; 7:12.

  2. 18. Nea ɛrekɔ so nnɛ no, na Yesu adi kan aka sɛ ebesisi.—Mat. 24:​3, 7, 8, 14; Luka 21:​10, 11.

  3. 19. Yesu yɛ Onyankopɔn Ba.—Mat. 16:16; Yoh. 3:16; 1 Yoh. 4:15.

  4. 20. Yesu nyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.—Yoh. 14:28; 1 Kor. 11:3.

Based on NASA/Visible Earth imagery

 ONYANKOPƆN AHENNI

  1. 21. Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa, na ɛwɔ soro.—Dan. 2:44; 7:​13, 14; Mat. 6:​9, 10; Adi. 11:15.

  2. 22. Nnipa amammu nyinaa rebefi hɔ ama Onyankopɔn Ahenni abesi anan.—Dw. 2:​7-9; Dan. 2:44.

  3. 23. Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi ayi nnipa haw nyinaa afi hɔ.—Dw. 37:​10, 11; 46:9; Yes. 65:​21-23.

 AMANEHUNU

  1. 24. Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma yehu amane.—Deut. 32:4; Yak. 1:13.

  2. 25. Satan na edi wiase yi so.—Luka 4:​5, 6; 1 Yoh. 5:19.

  3. 26. Amane a worehu no, Onyankopɔn pɛ sɛ oyi fi hɔ.—Dw. 34:​17-19; Yes. 41:​10, 13.

  4. 27. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn beyi amanehunu afi hɔ.—Yes. 65:17; Adi. 21:​3, 4.

 OWU

  1. 28. Awufo nnim hwee; wɔnte yaw biara.—Ɔsɛnk. 9:5; Yoh. 11:​11-14.

  2. 29. Awufo rentumi mmoa yɛn, na wɔrentumi nyɛ yɛn bɔne nso.—Dw. 146:4; Ɔsɛnk. 9:​6, 10.

  3. 30. Yɛn adɔfo a wɔawuwu no, wɔbenyan wɔn aba nkwa mu bio.—Hiob 14:​13-15; Yoh. 5:​28, 29; Aso. 24:15.

  4. 31. Ebedu baabi no, “na owu nni hɔ bio.”—Adi. 21:​3, 4; Yes. 25:8.

 NYAMESOM

  1. 32. Ɛnyɛ ɔsom nyinaa na Onyankopɔn ani gye ho.—Yer. 7:11; Mat. 7:​13, 14, 21-23.

  2. 33. Onyankopɔn kyi nyaatwom.—Yes. 29:13; Mika 3:11; Mar. 7:​6-8.

  3. 34. Ɔsom a ɔdɔ amapa wom na ɛyɛ nokware som.—Mika 4:3; Yoh. 13:​34, 35.