Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO D

Sɛnea Yɛde Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Bɛyɛ Bible Adesua

Sɛnea Yɛde Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Bɛyɛ Bible Adesua

Yɛbɔɔ mpae yɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri ansa na yɛreyɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no. Akwankyerɛ a edidi so yi, sɛ wo ne obi sua nhoma no na wode yɛ adwuma a, adesua no bɛkɔ yiye paa.

Ansa na wobɛkɔ akɔyɛ adesua no . . .

  1. 1. Di kan sua no yiye paa. Sɛ woresua a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ɛbɛboa me suani no, dɛn na ɛrekɔ so wɔ n’abrabɔ mu, na dɛn na ogye di?’ Di kan hu nea wohwɛ a ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛte ase anaa ɛbɛyɛ den sɛ ɔde bɛyɛ adwuma. “Yɛ Nhwehwɛmu” afã a ɛwɔ adesua no mu no, dwen ho hwɛ emu nea ebetumi aboa wo suani no, na siesie wo ho sɛ bere a adesua no rekɔ so no, sɛ ɛho behia a wo ne no besusuw ho.

Bere a adesua no rekɔ so no . . .

  1. 2. Sɛ osuani no pene so sɛ mommɔ mpae a, ɛnde momfa mpaebɔ nhyɛ ase na momfa nwie.

  2. 3. Nkasa pii. Fa w’adwene si nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu so, na ma osuani no kwan ma ɔnkasa.

  3. 4. Ɔfã 1 kosi Ɔfã 4 no, sɛ morefi ebiara ase a, kenkan asɛm a yɛato din “Nea Ɛka Ho Asɛm” no. Afei adesua a ɛwɔ saa ɔfã hɔ no, bobɔ nsɛmti no bi so kyerɛ no.

  4. 5. Sɛ musua ɔfã biara wie a, wo ne osuani no nsusuw ɔfã no ntimu ho, na akaakae no nneɛma a wasua wɔ saa ɔfã no.

  5. 6. Sɛ moresua ti biara a . . .

    1. a. Monkenkan nkyekyɛm no.

    2. b. Kyerɛwnsɛm a wɔakyerɛw ho “Kenkan,” anaa “Monkenkan” no, monkan ne nyinaa.

    3. d. Kyerɛwnsɛm afoforo a ɛwom no, sɛ ehia a, mubetumi akenkan.

    4. e. Video bi wɔ hɔ a, wɔakyerɛw ho “Hwɛ VIDEO yi.” Sɛ mubenya bi ahwɛ a, monhwɛ.

    5. ɛ. Asɛmmisa biara a ɛwɔ adesua no mu no, bisa osuani no.

    6. f. Mudu “Sua Pii Ka Ho” afã hɔ a, mfoni a ɛwowɔ hɔ no, ma osuani no nhwɛ na ɔnka ho asɛm.

    7. g. Adaka a yɛato din “Fa Wei Si W’ani So” no, fa boa wo suani no ma ɔmfa nhwɛ nkɔanim a ɔrenya. Wubetumi ama no de botae a ɛwɔ nhoma no mu asi n’ani so. Wubetumi nso ama ɔde botae foforo a enni nhoma no mu asi n’ani so. Wopɛ mpo a, wubetumi ama ɔde nhoma no mu de no ne botae foforo no nyinaa asi n’ani so.

    8. h. Bisa wo suani no sɛ, bere a ɔno nko ara resua nhoma no, nsɛm anaa video a ɛwɔ “Yɛ Nhwehwɛmu” afã hɔ no, emu nea ɛwɔ he na n’ani gyee ho paa.

    9. i. Bere biara a mubesua ade no, mommɔ mmɔden nwie adesua anaa eti baako.

Bere a moasua ade awie no . . .

  1. 7. Kɔ so dwinnwen wo suani no ho. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma onnya nkɔso, na ɔmma wo nyansa a wode behu nea ɛbɛboa osuani no paa.