Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ayeforohyia Horow a Ɛyɛ Anigye A Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam

Ayeforohyia Horow a Ɛyɛ Anigye A Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam

Ayeforohyia Horow a Ɛyɛ Anigye A Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam

Welsh ne Elthea waree wɔ Soweto, South Africa wɔ 1985 mu. Wɔ bere ne bere mu no wɔne wɔn babea Zinzi, hwɛ wɔn ayeforohyia ho mfonini no de kae saa anigye da no. Zinzi ani gye sɛ obehu ahɔho a wɔbaa ayeforohyia no ase a wɔwɔ mfonini no mu no, na ne titiriw no, ne maame mfonini a na wasiesie ne ho fɛfɛɛfɛ no.

WƆDE aware ho ɔkasa na efii ayeforohyia no ase wɔ ɔmanfo asa a ɛwɔ Soweto no so. Afei Kristofo mmerante ne mmabaa too ayeyi nnwom dɛdɛɛdɛ maa Onyankopɔn. Ɛno akyi no, bere a na wɔrebɔ Ahenni nnwom wɔ afiri so bɔkɔɔ no, ahɔho a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no didii. Wɔamma obiara mmosa, na wɔammɔ dwom a ano yɛ den, na wɔansaw wɔ ase. Mmom no, wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no ani gyee wɔn fekubɔ no ho na wɔmaa okunu ne ɔyere no amo. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, dwumadi no dii nnɔnhwerew abiɛsa. Raymond a ɔyɛ Kristoni panyin no kae sɛ: “Ɛyɛ ayeforohyia a mɛkae bere nyinaa.”

Bere a wɔyɛɛ ayeforo no, na Welsh ne Elthea nyinaa yɛ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no. Ná wɔrentumi nyɛ ayeforo kyenkyenenn biara. Kristofo binom apaw sɛ wobegyae bere nyinaa som adwuma no akɔyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika ayɛ ayeforo kɛse. Nanso Welsh ne Elthea nnuu wɔn ho sɛ wɔyɛɛ ayeforo korokorowa, efisɛ ɛmaa wotumi som Onyankopɔn sɛ bere nyinaa asomfo kosii sɛ wɔwoo Zinzi.

Nanso, sɛ awarefo bi paw sɛ wɔbɛbɔ wiasefo nnwom na wɔasaw wɔ wɔn ayeforo ase nso ɛ? Na sɛ wosi gyinae sɛ wɔde bobesa anaa mmosa bɛba ase ɛ? Sɛ nso wobetumi ayɛ ayeforo kɛse nso ɛ? Wɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ma ade no ayɛ anigye na afata Onyankopɔn asomfo? Ehia sɛ yesusuw nsɛmmisa a ɛtete sɛɛ ho yiye efisɛ Bible de ahyɛde ma sɛ: “Sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!”—1 Korintofo 10:31.

Agobɔne a Wɔbɛkwati

Ayeforohyia biara nni hɔ a ase nyɛ dɛ. Nanso, sɛ yɛyɛ ade kɔ akyiri dodo na obiara gye n’ani sɛnea ɔpɛ a, ɛde asiane kɛse bɛba. Nneɛma a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam kɔ so wɔ wɔn a wɔnyɛ Adansefo ayeforohyia ase. Sɛ nhwɛso no, wɔtaa nom mmosa kosi sɛ wɔbɛbow. Awerɛhosɛm ne sɛ eyi asi wɔ Kristofo binom mpo ayeforo ase.

Bible bɔ kɔkɔ sɛ ‘mmosa de hooyɛ ba.’ (Mmebusɛm 20:1) Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘hooyɛ’ no kyerɛ sɛ “obi bɛyɛ dede.” Sɛ mmosa betumi ama obi ayɛ dede a, ɛnde susuw nea ebetumi ama nnipadɔm a wɔahyiam anom nsã pii ayɛ no ho hwɛ! Ɛda adi sɛ, bere a ɛtete saa betumi akowie “asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa,” a Bible ka ho asɛm sɛ “ɔhonam nnwuma” no mu. Nneyɛe a ɛtete saa mma obi a ɔnkyerɛ ahonu no mfata sɛ obenya daa nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso mu.—Galatifo 5:19-21.

Wɔde Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “agobɔne” no gyinaa hɔ maa mmabun a wɔanom nsã ma wɔn ani so ayɛ hagyahagya na wɔto dwom yɛ dede saw wɔ abɔnten so. Sɛ mmosa bu so wɔ ayeforo ase, na sɛ wɔbɔ dwom gyegyeegye saw a, ebetumi akowie biribi te sɛ agobɔne mu ankasa. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛnyɛ den sɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no bɛhwe sɔhwɛ mu na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔhonam nnwuma te sɛ ‘aguamammɔ, efĩ ne ahohwi mu, na wɔn bo afuw.’ Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛamma ɔhonam nnwuma a ɛtete saa ansɛe Kristofo ayeforohyia ase anigye? Nea ɛbɛyɛ na yɛabua saa asɛm no, momma yensusuw nea Bible ka fa ayeforohyia bi ho nhwɛ.

Ayeforohyia Bi a Yesu Kɔɔ Ase

Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafo kɔɔ ayeforohyia bi ase wɔ Kana a ɛwɔ Galilea no. Wɔkɔe, na Yesu mpo boa maa ayeforohyia no ase yɛɛ anigye. Bere a bobesa no sae no, ɔnam anwonwakwan so maa wɔn nea eye paa kaa ho. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a wowiee ayeforohyia no, nea ɛkaa akyiri no boaa ayeforokunu a na n’ani agye no ne n’abusua no kakra.—Yohane 2:3-11.

Yebetumi asua nneɛma pii afi ayeforohyia a Yesu kɔɔ ase no mu. Nea edi kan no, Yesu ne n’asuafo no ankɔ ayeforohyia no ase bere a na wɔntoo nsa mfrɛɛ wɔn. Bible no ka no pɔtee sɛ wɔtoo nsa frɛɛ wɔn. (Yohane 2:1, 2) Saa ara na wɔ ayeforohyia ho mfatoho abien a Yesu yɛe mu no, osii so dua sɛ wɔtoo nsa frɛɛ ahɔho no ansa na wɔrekɔ.—Mateo 22:2-4, 8, 9; Luka 14:8-10.

Wɔ aman bi so no, obiara a ɔpɛ tumi kɔ ayeforohyia ase ɛmfa ho sɛ wɔato nsa afrɛ no anaasɛ wɔntoo nsa mfrɛɛ no. Nanso, eyi betumi de sikasɛm mu ahokyere aba. Awarefo a wonni sika no betumi afirifiri nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya aduan ne anonne a wɔde bɛma nnipadɔm a wonnim wɔn dodow no. Ne saa nti, sɛ Kristofo awarefo bi si gyinae sɛ wɔbɛtow pon ama nnipa kakraa bi a, ɛsɛ sɛ mfɛfo Kristofo a wɔanto nsa amfrɛ wɔn no te ase na wɔkyerɛ obu ma eyi. Ɔbarima bi a ɔwaree wɔ Cape Town, South Africa ka bere bi a ɔtoo nsa frɛɛ nnipa 200 baa n’ayeforohyia ase ho asɛm. Ewiee ase no nnipa 600 na wɔbae, na ankyɛ na wɔn aduan sae. Ná nsrahwɛfo a wɔahyɛ bɔs bi ma a wɔreba Cape Town wɔ dapɛn awiei a na wɔreyɛ ayeforo no ka ahɔho a na wɔnhwɛ wɔn kwan no ho. Ná bɔs no mu kwankyerɛfo no yɛ ayeforo no busuani, ma enti na ogye di sɛ ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde nnipakuw no nyinaa ba a enhia sɛ ɔbɔ ayeforo no anaa ayeforokunu no amanneɛ mpo!

Sɛ wɔanka sɛ obiara tumi ba apontow bi ase a, ɛnsɛ sɛ Yesu akyidini amapa biara a wɔmfrɛɛ no kɔ ayeforo no apontow ase kodidi nom nsã a wɔde bɛma ahɔho a wɔato nsa afrɛ wɔn no. Ɛsɛ sɛ wɔn a biribi piapia wɔn sɛ wɔnkɔ bi bere a wɔntoo nsa mfrɛɛ wɔn no bisa wɔn ho sɛ, ‘So ayeforohyia yi a mɛkɔ ase no renkyerɛ sɛ minni dɔ mma wɔn a wɔaware foforo no? So merenyɛ adesoa, na merensɛe ayeforohyia no ase anigye?’ Sɛ anka Kristoni a ɔte asɛm ase bo befuw no, obetumi ato nkra de akɔma awarefo no amo, na wasrɛ Yehowa nhyira ama wɔn. Obetumi aboa awarefo no mpo denam akyɛde bi a ɔde bɛmena wɔn no so na ama ayeforohyia no ayɛ anigye kɛse.—Ɔsɛnkafo 7:9; Efesofo 4:28.

Hena na Asodi Da No So?

Wɔ Afrika mmeae bi no, abusuafo a wɔn mfe akɔ anim no so na ayeforohyia ho nhyehyɛe no da. Eyi betumi ama awarefo ani agye esiane sɛ ɛmma wɔmmɔ ho ka nti. Ebetumi ama wɔate nka nso sɛ nea ebesi biara ho asodi remmɛda wɔn so. Nanso, ansa na wobegye mmoa biara afi abusuafo a wɔwɔ adwempa hɔ no, ɛsɛ sɛ awarefo no hwɛ hu sɛ abusuafo no begye wɔn gyinaesi ahorow atom.

Ɛwom sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a ‘ofi soro bae’ de, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ogyee nneɛma bɔɔ so wɔ Kana ayeforohyia no ase. (Yohane 6:41) Mmom no, Bible mu kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ wɔpaw obi ma ɔyɛɛ “adidiihwɛfo.” (Yohane 2:8) Ná ɛsɛ sɛ ɔbarima yi bu n’adwuma ho akontaa kyerɛ abusua ti foforo, ayeforokunu no.—Yohane 2:9, 10.

Ɛsɛ sɛ abusuafo a wɔyɛ Kristofo kyerɛ obu ma nea Onyankopɔn apaw no sɛ abusua foforo no ti no. (Kolosefo 3:18-20) Ɔno na nea ebesi n’ayeforohyia ase biara ho asodi da no so. Ɛsɛ sɛ ayeforokunu yɛ obi a ɔwɔ ntease, na sɛ ebetumi a, onya ne yere, n’awofo, ne ne nsenom apɛde ho koma. Nanso, sɛ abusuafo no hyɛ ketee sɛ wɔbɛyɛ nneɛma wɔ ɔkwan a awarefo no mpɛ so a, ɛnde awarefo no betumi afi obu mu apo wɔn mmoa no, na wɔatua wɔn ankasa ayeforo a ɛnkyere so no ho ka. Saa kwan yi so no, biribiara rensi a ɛbɛma awarefo no akae anu wɔn ho daakye. Sɛ nhwɛso no, wɔ Kristofo ayeforohyia bi ase wɔ Afrika no, obusuani bi a onnye nni a wɔyɛɛ no dwumadi no ho kyeame no guu nsa maa nananom a wɔawuwu!

Ɛtɔ mmere bi a, awarefo no fi ayeforohyia no ase kodi wɔn ayeforohyia akyi akwamma ansa na wɔapɔn ayeforohyia no. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ ayeforokunu no yɛ nhyehyɛe ma wɔn a wɔfata hwɛ hu sɛ wobedi Bible gyinapɛn a wɔde sii hɔ no so, na wɔpɔn ayeforohyia no bere a ɛfata mu.

Nhyehyɛe Pa a Ɛkari Pɛ

Ɛda adi sɛ na aduan pa abu so wɔ ayeforo a Yesu kɔɔ ase no ase, efisɛ Bible ka ho asɛm sɛ apontow. Sɛnea yɛahyɛ no nsow no, na nsã pii nso wɔ ase. Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔbɔɔ dwom a ɛfata dii asaw wɔ ase efisɛ na ɛyɛ ade a Yudafo no taa yɛ bere a wɔahyiam saa no. Yesu daa eyi adi wɔ ɔba desɛefo ho bɛ a agye din a obui no mu. Agya a ɔyɛ ɔdefo a na ɔwɔ saa asɛm no mu no ani gyei sɛ ne ba a na wanu ne ho no asan aba ma enti ɔkae sɛ: ‘Momma yennidi na yɛn ani nnye.’ Sɛnea Yesu kyerɛ no, na “asanku ne asaw” ka apontow no ho.—Luka 15:23, 25.

Nanso, nea yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, Bible nhyɛ da nka dwonto ne asaw ho asɛm wɔ Kana ayeforohyia no ase. Nokwasɛm ne sɛ wɔmmɔ asaw din pii wɔ ayeforohyia a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no biara mu. Ɛda adi sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtraa ase Bible bere mu no, na asaw nyɛ ade titiriw wɔ wɔn ayeforohyia ase. So yebetumi asua biribi afi eyi mu?

Wɔde mfiri a ano yɛ den bɔ dwom wɔ Kristofo a wɔwɔ Afrika no binom ayeforohyia ase. Dwom a wɔbɔ no ano tumi yɛ den araa ma, ɛyɛ den sɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no bedi nkɔmmɔ. Ɛtɔ mmere bi a, aduan tumi sa ankasa, nanso asaw kɔ so ma ɛbɛyɛ nea wontumi nsiw ano. Sɛ anka ɛbɛyɛ ayeforohyia no, mmere a ɛtete saa no tumi dan asaw ho apontow. Bio nso, dwom a ano yɛ den no taa twetwe basabasayɛfo, ahɔho a wɔba ase a wɔntoo nsa mfrɛɛ wɔn.

Esiane sɛ ayeforohyia ho asɛm a wɔaka wɔ Bible mu no ntwe adwene nsi dwonto ne asaw so pii nti, so ɛnsɛ sɛ eyi yɛ akwankyerɛ ma awarefo a wɔrehyia ayeforo a ɛhyɛ Yehowa anuonyam no? Nanso, bere a wɔresiesie wɔn ho ama ayeforohyia horow a wɔyɛɛ no nnansa yi wɔ Afrika anafo fam no, Kristofo mmabun a wɔpaw wɔn kaa ayeforohyia kuw no ho no sɛee nnɔnhwerew pii de suaa asaw bi a ɛyɛ den. Wɔde asram pii yɛɛ eyi sɛee nnɔnhwerew pii. Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo ‘tɔ bere’ ma “nneɛma a eye koraa” te sɛ asɛmpaka adwuma no, kokoam adesua, ne Kristofo nhyiam a wɔbɛkɔ.—Efesofo 5:16; Filipifo 1:10.

Bobesa dodow a Yesu yɛe no ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Kana ayeforohyia no yɛ kɛse ankasa. Nanso, yebetumi agye adi sɛ na ayeforohyia no ase nyɛ sakasaka, na nnipa a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no annom nsa ammoro so sɛnea na wɔtaa yɛ wɔ Yudafo ayeforohyia ase no. (Yohane 2:10) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ na eyi te saa? Efisɛ na Awurade Yesu Kristo wɔ ase. Wɔ nnipa nyinaa mu no, Yesu ne obi a ɔbɛhwɛ ne ho yiye sɛ obedi Onyankopɔn mmara a ɛfa fekubɔne ho no so: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu.”—Mmebusɛm 23:20.

Enti sɛ awarefo si gyinae sɛ wɔde bobesa anaa mmosa foforo bɛma wɔ wɔn ayeforohyia ase a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma obi a ɔfata hwɛ so yiye. Na sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛbɔ dwom wɔ ase a, ɛsɛ sɛ wɔpaw sanku so dwom a ɛfata na wɔma obi a ɔfata hwɛ ne nnyigyei so. Ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no kwan ma wɔde dwom a ɛmfata ba ase anaa wokyinkyim dwom no ma ano yɛ den boro so. Sɛ wɔbɛsaw wɔ ase a, wobetumi ayɛ saa wɔ ɔkwan a nidi wom so. Sɛ ɛba sɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo anaa Kristofo a wɔn ho nkokwawee saw asa bɔne a, ayeforokunu no betumi ama wɔasesa dwom no, anaa ɔnam anifere kwan so ama wɔagyae asaw no. Anyɛ saa a ayeforohyia no ase bɛyɛ gyegyeegye, na ato afoforo hintidua.—Romafo 14:21.

Esiane asiane horow a ɛwɔ ɛnnɛyi asaw, dwom a ano yɛ den, ne mmosa a wɔbɛma abu so mu nti, ayeforokununom bi a wɔyɛ Kristofo apaw sɛ wɔmfa saa nneɛma yi mma wɔn ayeforohyia ase. Afoforo akasa atia ebinom wɔ eyi ho, nanso ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn wɔ ɔpɛ a wɔanya sɛ wɔbɛkwati biribiara a ebetumi de ahohorabɔ aba Onyankopɔn din kronkron so no ho. Ɔkwan foforo so no, ayeforokununom bi yɛ nhyehyɛe ma dwom a ɛfata, bere a wɔde bɛsaw, na wanom nsa kakra. Wɔ emu biara mu no, ayeforokunu no na obesi nea ɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔ n’ayeforohyia ase no ho gyinae.

Wɔ Afrika no, nnipa bi a wɔn ho nkokwawee kasa tia Kristofo ayeforohyia a nidi wom no, na wɔka sɛ ɛte sɛ nea wɔakɔ ayi ase. Nanso ɛnyɛ adwempa. Honam nnwuma a enye betumi de bere tiaa mu anigye aba, nanso ebewie ase no, na ahaw Kristofo ahonim, na ɛde ahohorabɔ aba Onyankopɔn din so. (Romafo 2:24) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Onyankopɔn honhom kronkron de nokware anigye ba. (Galatifo 5:22) Kristofo awarefo pii de anigye ka wɔn ayeforohyia da ho asɛm, bere a wonim sɛ na ɛyɛ anigye bere, na ɛnyɛ ‘biribi a ɛtoo afoforo hintidua’ no.—2 Korintofo 6:3.

Welsh ne Elthea da so ara kae nsɛm a abusuafo a wɔbaa wɔn ayeforohyia ase ka de kamfoo wɔn no. Wɔn mu biako kae sɛ: “Ayeforohyia a ase yɛ dede a wɔyɛ no nnansa yi no afono yɛn. Ná eye paa sɛ yɛbaa ayeforohyia a ɛho twa saa de sakraa nneɛma mu.”

Nea ehia sen biara no, Kristofo ayeforohyia a ɛyɛ anigye na nidi wom no hyɛ aware Hyehyɛfo, Yehowa Nyankopɔn anuonyam.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]

AYEFOROHYIA APONTOW HO NYANSAHYƐ AHOROW

• Sɛ woto nsa frɛ obusuani a ɔnyɛ gyidini sɛ ɔmmɛma ɔkasa a, so woahwɛ ahu sɛ ɔremfa amanne a ɛnyɛ Kristofo de mmɛfrafra mu?

• Sɛ mobɛbɔ nnwom a, so woapaw nnwom a ɛfata nkutoo?

• So mobɛbɔ nnwom no sɛnea ɛrentuatua afoforo aso?

• Sɛ woma asaw ho kwan a, so wɔbɛyɛ no nidi mu?

• So mode mmosa kakraa bi na ɛbɛma?

• So nnipa a wotumi di asɛyɛde ho dwuma na ɛbɛhwɛ ma wɔakyekyɛ?

• So woahyɛ bere a ɛfata a wɔde bewie ayeforohyia apontow no?

• So nnipa a wotumi di asɛyɛde ho dwuma bɛhwɛ ma biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ akosi awiei?