Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Meda Yehowa Ase—Denam Bere Nyinaa Som Adwuma So!

Meda Yehowa Ase—Denam Bere Nyinaa Som Adwuma So!

Asetram Nsɛm

Meda Yehowa Ase—Denam Bere Nyinaa Som Adwuma So!

SƐNEA STANLEY E. REYNOLDS KA KYERƐE

Wɔwoo me wɔ London, England wɔ afe 1910 mu. Wɔ Wiase Ko 1 akyi no, m’awofo tu kɔtraa Wiltshire akuraa ketewa bi a wɔfrɛ no Westbury Leigh ase. Sɛ́ abarimaa no, na metaa bisa sɛ, ‘Hena ne Nyankopɔn?’ Obiara antumi ankyerɛ me da. Mantumi anhu nea enti a yɛn akuraa ketewa a ɛte saa no hia asɔredan abien ne asɔre na yɛasom Onyankopɔn.

WƆ 1935 mu, mfe anan ansa na Wiase Ko ll reba no, me ne me nua kumaa Dick de sakre tuu kwan kɔɔ Weymouth a ɛwɔ England kesee fam mpoano kodii akwamma. Bere a na yɛte yɛn ntamadan mu retie osu a na ɛretɔ na yedwen nea yɛbɛyɛ ho no, owura bi a ne mfe akɔ anim baa yɛn nkyɛn na ɔmaa me nhoma abiɛsa a wɔde sua Bible—The Harp of God, Light I, ne Light II. Migyei, na m’ani gyei sɛ manya biribi a mɛkenkan de akanyan me ho. M’ani gyee nea mekenkanee no ho ntɛm ara, nanso manhu sɛ ɛbɛsakra m’asetra—ne me nua no nso de koraa.

Bere a mesan kɔɔ fie no, me maame ka kyerɛɛ me sɛ Kate Parsons a ɔte yɛn akuraa no ase nso akyekyɛ nhoma koro no ara a yɛde sua Bible no bi. Ɛwom sɛ na ne mfe akɔ anim de, nanso na wonim no yiye efisɛ na ɔtra moto ketewaa bi so kɔsrasra nkurɔfo a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ no. Mekɔhwehwɛɛ no, na ɔde anigye maa me Creation ne Riches nhoma ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma afoforo. Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.

Bere a mekenkanee nhoma horow no ne me Bible wiei no, mihui sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no, na mepɛe sɛ mesom no nso. Enti mede krataa kɔmaa yɛn asɔre sɛ magyae na mifii ase kɔɔ Bible adesua a na wɔyɛ no wɔ John ne Alice Moody fie no bi. Ná wɔte Westbury, kurow a ɛbɛn yɛn paa no mu. Ná yɛyɛ nnipa baason pɛ na yɛkɔ saa nhyiam horow no. Ná yɛde ɔhyew to Ahenni nnwom bere a Kate Parsons bɔ sanku ansa na yɛafi nhyiam no ase ne bere a yɛawie no nso!

Mfiase No

Mihui sɛ yɛte mmere a ɛho hia mu, na na mepɛ sɛ minya asɛnka adwuma a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Mateo 24:14 no mu kyɛfa. Enti migyaee sigaretnom, na metɔɔ bag, ma mihyiraa me ho so maa Onyankopɔn Kɛse a ɔne Yehowa no.

Wɔ August 1936 mu no, ná Joseph F. Rutherford a ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani rebɛsra Glasgow, Scotland, abɛma “Harmagedon” ho ɔkasa. Ɛwom sɛ na Glasgow wɔ bɛyɛ kilomita 600 de, nanso misii me bo sɛ mɛkɔ hɔ akɔbɔ asu wɔ saa nhyiam no ase. Na sika a mede bɛkɔ no sua, enti mede me sakre too keteke mu kɔɔ Carlisle, kurow bi a ɛwɔ Scotland hye so, na mede sakre no twaa kilomita 160 kɔɔ kusuu fam tɔnn. Mesan de sakre no twaa kwan no dodow no ara baa fie, a na mabrɛ de, nanso na manya honhom mu denhyɛ.

Efi saa bere no reba no, na metra sakre so bere biara kɔka me gyidi ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a wɔtete nkuraa a ɛbemmɛn hɔ ase no. Wɔ saa nna no mu no, na Ɔdansefo biara wɔ adansedi krataa a wɔakyerɛw Kyerɛwnsɛm mu asɛm agu so a ɔde ma afiewuranom kenkan. Na yɛde gramafon nketewa nso bɔ mpaawa a Bible mu ɔkasa a na Asafo ti no titrani ama wɔ so no. Na bere biara yekura nsɛmma nhoma bag, * a ɛda yɛn adi sɛ Yehowa Adansefo.

Akwampae Adwuma Wɔ Ɔko Bere Mu

Me nuabarima no bɔɔ asu wɔ 1940 mu. Na wiase ko a ɛto so abien no ahyɛ ase wɔ 1939 mu, na yɛn baanu nyinaa hui sɛ ɛho hia sɛ wonya bere nyinaa asɛnkafo ntɛm. Enti, yɛde yɛn akwampaefo akwammisa krataa kɔe. Yɛn ani gyei sɛ wɔde yɛn kɔɔ Bristol akwampaefo fie, na yɛkɔkaa Edith Poole, Bert Farmer, Tom ne Dorothy Bridges, Bernard Houghton, ne akwampaefo afoforo a yɛn ani agye wɔn gyidi ho bere tenten no ho.

Ankyɛ na kar ketewa bi a wɔde nkyerɛwde tuntum akɛse akyerɛw ho “YEHOWA ADANSEFO” bɛfaa yɛn kɔe. Ná ofirikafo no ne Stanley Jones, a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ China a esiane n’asɛnka adwuma no nti wɔde no kɔtoo afiase mfe ason wɔ hɔ no.

Bere a na ɔko no rekɔ so no, na yɛntaa nnya anadwo mũ nyinaa mfa nna. Atopae totɔɔ yɛn fie no ho, na na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye bere nyinaa sɛ yenkotia biribi so mma no nto. Anwummere bi, bere a yɛawie ɔmansin nhyiam bi a ɛyɛ anigye a Adansefo 200 baa ase akyi no, yefii Bristol kurow no mfinimfini nam atuo a wɔtotow bɔ wim akohyɛn mu no mu kɔɔ yɛn fie a na ahobammɔ kakra wɔ no.

Ade kyee anɔpa no, me ne Dick san kɔɔ kurow no mu kɔfaa nneɛma bi a yegyaw wɔ hɔ. Yɛn ho dwiriw yɛn. Na Bristol asɛe pasaa. Na wɔasɛe kurow no mfinimfini nyinaa ahyew no. Ná Park Street, beae a na yɛn Ahenni Asa si no ayɛ abo akuw a ɛrefi wusiw. Nanso, Ɔdansefo biara anwu na obiara nso ampira. Nea ɛyɛ anigye no, na yɛayi yɛn Bible ho nhoma afi Ahenni Asa no so de akogu asafo no mufo afie. Yɛdaa Yehowa ase sɛ onua biara anwu na yɛn nhoma no nso ansɛe.

Ahofadi a na Menhwɛ Kwan

Ná asomfo a wɔwɔ Bristol Asafo a mesom wom sɛ ɔhwɛfo guamtrani mu no dodow adu 64 bere a me nsa kaa me krataa sɛ menkɔsom sɛ ɔsraani no. Na wɔde Adansefo foforo pii akogu afiase esiane afa biara a wonni no nti, na na merehwɛ kwan sɛ wobesiw ahofadi a na mede yɛ m’asɛnka no hokwan no. Wodii m’asɛm wɔ Asɛnnibea ketewa bi a ɛwɔ Bristol, baabi a Onua Anthony Buck a kan na ɔhwɛ afiase so kaa m’asɛm no maa me no. Na ɔyɛ ɔbarima kokodurufo a ɔyɛ nnam wɔ Bible mu nokware no ho, na sɛnea ɔkaa m’asɛm wɔ ɔkwan pa so no ma woyii me fii sraadi no mu koraa a na menhwɛ kwan, na wɔkyerɛe sɛ egyina toa a mɛtoa so ayɛ bere nyinaa som adwuma no so!

M’ani gyei sɛ manya ahofadi na misii me bo sɛ mede bedi dwuma de aka asɛmpa no kɛse sɛnea metumi biara. Bere a wɔfrɛɛ me sɛ memmra baa dwumadibea a ɛwɔ London ne Albert D. Schroeder a na ɔyɛ baa dwumadibea no sohwɛfo no, mmedi nkitaho no, midwen nea na ɔbɛka akyerɛ me no ho. Hwɛ sɛnea me ho dwiriw me bere a wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Yorkshire nkɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo, nkɔsrasra asafo horow dapɛn biara mfa mmoa anuanom na menhyɛ wɔn nkuran no. Metee nka sɛ memfata mma saa dwumadi yi, nanso na wɔayi me afi sraadi mu ma enti na made me ho sɛ mekɔ. Enti migyee Yehowa akwankyerɛ toom na mifii me pɛ mu kɔe.

Albert Schroeder de me kyerɛɛ anuanom wɔ ɔmansin nhyiam a wɔyɛe no Huddersfield no ase, na April 1941 mu no, mifii me dwumadi foforo no ase. Hwɛ anigye a na ɛyɛ sɛ mihuu saa anuanom adɔfo yi! Wɔn dɔ ne wɔn ayamye maa mihuu no yiye mpo sɛ Yehowa wɔ nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so ama no koraa a wɔdɔ wɔn ho wɔn ho.—Yohane 13:35.

Menya Ɔsom Hokwan Pii

Afe 1941 mu no, wɔyɛɛ nnannum nhyiam bi a me werɛ remfi da wɔ Leicester’s De Montfort Hall. Ɛmfa ho sɛ na aduan ho yɛ na na wɔato ɔman no mu akwantu ano hye no, wɔn a wɔbae no de nkakrankakra duu 12,000 Kwasida no, nanso saa bere no na ɔman no mu Adansefo boro 11,000 kakraa bi. Yɛbɔɔ ɔkasa a Asafo ti no titrani mae a na wɔakyere agu ahama so no, na woyii Children nhoma no adi. Esiane sɛ wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Wiase Ko ll no mu nti, na ɛyɛ ade titiriw wɔ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Britania no teokrase abakɔsɛm mu.

Yewiee saa ɔmantam nhyiam yi ara pɛ no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔsom wɔ London Betel abusua no mu. Meyɛɛ adwuma wɔ nhoma amanae ne ne hyehyɛ adwumayɛbea, na akyiri yi meyɛɛ adwuma wɔ office a na midi nneɛma a ɛfa asafo ahorow ho ho dwuma.

Ná ɛsɛ sɛ Betel abusua no gyina atopae a wim akohyɛn totow gu London anadwo ne awia ne hwɛ a na aban mpanyimfo taa bɛhwehwɛ anuanom mpanyimfo a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa nsɛm mu no nso ano. Wɔde Pryce Hughes, Ewart Chitty, ne Frank Platt koguu afiase esiane afa biara a na wonni no nti, na awiei koraa no wɔpam Albert Schroeder san kɔɔ United States. Wɔ nhyɛso yi nyinaa mu no, yɛkɔɔ so hwɛɛ asafo ahorow no ne Ahenni nneɛma so yiye.

Mekɔ Gilead!

Bere a ɔko no baa awiei wɔ 1945 mu no, mibisaa Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu asɛmpatrɛw ntetee ho kwan, na wogyee me kaa adesuakuw a ɛto so awotwe no ho wɔ 1946 mu. Asafo ti no yɛɛ nhyehyɛe maa yɛn mu bi, a na Tony Attwood, Stanley Jones, Harold King, Don Rendell, ne Stanley Woodburn ka ho, na yɛde po so hyɛn fii Cornish ahyɛmma gyinabea a ɛwɔ Fowey no kɔe. Ná Ɔdansefo bi a ɔwɔ saa beae hɔ atua hyɛn ketewa a wɔde fa hyirew a ɛde yɛn bɛkɔ no ho ka ama yɛn. Yɛn ho kyeree yɛn wɔ hyɛn no mu, na na nsu taa ba mu. Hwɛ sɛnea yɛn ho tɔɔ yɛn bere a yeduu Philadelphia mpoano no!

Ná Gilead atrae a ɛyɛ fɛ yi wɔ South Lansing, wɔ New York atifi fam, na ntetee a minyae wɔ hɔ no som bo maa me. Na yɛn adesuakuw no mufo fi aman horow 18 so—bere a edi kan a Asafo ti tumi maa asomfo pii a wofi amannɔne nsase so baa sukuu no—yɛn nyinaa bɛyɛɛ nnamfo paa. M’ani gyee Kalle Salavaara a ofi Finland a na me ne no da dan koro mu no fekubɔ ho.

Bere twaam ntɛmntɛm, na wɔ asram anum awiei no, Asafo ti no titrani Nathan H. Knorr fi Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ bae de yɛn adesua ho adansedi nkrataa brɛɛ yɛn na ɔkyerɛɛ yɛn baabi a yɛbɛkɔ akɔyɛ adwuma. Saa bere no, na adesuafo no nnim baabi a wɔbɛkɔ kosi sɛ wɔbɛka ho asɛm wɔ adesua no awiei. Wɔmaa me san kɔɔ London Betel kɔtoaa m’adwuma so wɔ hɔ.

Mesan Kɔɔ London

Ná mfe a edi ɔko no akyi no mu yɛ den wɔ Britain. Wɔkɔɔ so too aduan ne ahiade afoforo pii, a krataa nso ka ho dodow a wɔtɔ ano hye. Nanso yenyaa nea yehia, na Yehowa Ahenni nneɛma nyaa nkɔso. Mesomee wɔ ɔmantam ne ɔmansin nhyiam ahorow ase, srasraa asafo horow, ne ebi a ɛwɔ Ireland nso de kaa Betel adwumayɛ no ho. Minyaa hokwan nso hyiaa Erich Frost ne anuanom mmarima ne mmea foforo a wofi Europa na metee me mfɛfo Adansefo a wɔagyina ahude ano wɔ Nasi afiasenna mu no nokwaredi ho nsɛm bi fii wɔn hɔ. Nokwarem no, Betel som yɛ hokwan a nhyira wom.

Ná minim Joan Webb, ɔkwampaefo titiriw bi a na ɔresom wɔ Watford, kurow bi a ɛwɔ London atifi fam no mfe du. Yɛwaree 1952 mu. Yɛn baanu nyinaa pɛe sɛ yɛkɔ so yɛ bere nyinaa som adwuma no, na bere a mifii Betel na wɔpaw me sɛ ɔmansin sohwɛfo no, yɛn ani gyei. Na yɛn mansin a edi kan no da England kesee fam mpoano, wɔ Sussex ne Hampshire. Ná ɔmansin adwuma no nyɛ mmerɛw wɔ saa nna no mu. Na yɛn akwantu gyina bɔs, sakre ne nantew so titiriw. Na asafo ahorow pii wɔ nsasesin a ɛsõ a ɛwowɔ nkuraa ase, a na ɛtaa yɛ den sɛ yɛbɛkɔ hɔ, nanso Adansefo no dodow nyaa nkɔanim ntoatoaso.

New York Kuropɔn Wɔ 1958 Mu

Wɔ 1957 mu no, wofi Betel too nsa frɛɛ me bio sɛ: “So wobɛpɛ sɛ woba baa dwumadibea ha bɛboa akwantu ho nhyehyɛe a yɛreyɛ ama amanaman ntam nhyiam a yɛbɛyɛ no Yankee Stadium ne Polo Grounds wɔ New York Kuropɔn mu wɔ 1958 mu no?” Ankyɛ ná me ne Joan redi anuanom a wɔde wimhyɛn ne po so ahyɛn a Asafo ti ayɛ ho nhyehyɛe bɛkɔ no akwammisa nkrataa ho dwuma. Eyi bɛyɛɛ Ɔsoro Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam a agye din a atiefo 253,922 na wɔkɔɔ ase no. Wɔ saa nhyiam yi ase no, nnipa 7,136 de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne—ɛboro dodow a wɔbɔɔ asu Pentekoste 33 Y.B. afahyɛ no so mpɛn abien, sɛnea wɔbɔ ho amanneɛ wɔ Bible no mu no.—Asomafo no Nnwuma 2:41.

Me ne Joan werɛ remfi ayamye a Onua Knorr yɛɛ yɛn no da bere a ɔno ankasa too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra nhyiam no mmɛboa nhyiamfo a wofi nsase 123 so reba New York Kuropɔn mu no. Na eyi yɛ anigyesɛm ne osuahu a ɛma akomatɔyam ma yɛn baanu nyinaa.

Bere Nyinaa Som Adwuma no So Nhyira Horow

Bere a yɛsan kɔɔ yɛn akyi no, yɛtoaa ɔmansin adwuma no so kosii sɛ apɔwmuden ho haw sɔree. Wogyee Joan too ayaresabea, na me nso me fã dwudwoo kakra. Wɔmaa yɛkɔyɛɛ akwampaefo atitiriw na akyiri yi yenyaa hokwan san kɔyɛɛ ɔmansin adwuma no bio bere tiaa bi. Bere bi akyi no, yɛsan kɔɔ Bristol a na yɛyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ hɔ. Me nua Dick ne n’abusua te bɛn yɛn, na yɛtaa bɔ yɛn suahu no ho nkɔmmɔ.

Wɔ 1971 mu no, minyaa aniyare. Efi saa bere no reba no, ayɛ den ama me sɛ metumi akenkan ade, enti mihu sɛ Bible nhoma a wɔakyere agu kasɛt so no yɛ nsiesiei pa a efi Yehowa hɔ. Me ne Joan da so ne nkurɔfo yɛ ofie Bible adesua, na mfe pii a abɛsen no yɛanya hokwan aboa nnipa bɛyɛ 40 ma wɔabenya nokware no ho nimdeɛ, a abusua bi a emu nnipa yɛ baason ka ho.

Bere a yehyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa wɔ mfe 60 a atwam mu no, na ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛyɛ bere nyinaa som adwuma no a yennyae. Yɛn ani sɔ sɛ yɛda so wɔ ahoɔden de som Yehowa Ɔkɛseɛ no—ɔkwan koro pɛ a yɛnam so betumi ada no ase wɔ ne papa a wayɛ ama yɛn ne mfe pii a yɛde atra abom wɔ anigye mu no ho!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Bag bi a wɔde ntama ayɛ a yetumi de sɛn yɛn mmati de Ɔwɛn-Aban ne Consolation (nea akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Nyan!) nsɛmma nhoma no gu mu.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne me nua Dick (benkum pɛɛ; Dick gyina hɔ) ne akwampaefo afoforo wɔ Bristol akwampaefo fie anim

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Bristol akwampaefo fie wɔ 1940 mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Stanley ne Joan Reynolds ayeforohyia da, January12, 1952, ne nnɛ