Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahenni—Asase So Nniso Foforo

Onyankopɔn Ahenni—Asase So Nniso Foforo

Onyankopɔn Ahenni—Asase So Nniso Foforo

‘Ahenni no bebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.’—DANIEL 2:44.

1. Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ Bible no mu?

BIBLE no yɛ adiyisɛm a Onyankopɔn de ama nnipa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm.” (1 Tesalonikafo 2:13) Nea ɛsɛ sɛ yehu fa Onyankopɔn ho no wɔ Bible mu: nsɛm a ɛfa ne nipasu, n’atirimpɔw, ne n’ahwehwɛde ma yɛn ho. Abusua asetra ne da biara da abrabɔ ho afotu a eye sen biara wom. Nkɔmhyɛ a enyaa mmamu tete no, nea ɛrenya mmamu nnɛ, ne nea ebenya mmamu daakye ho nsɛm nyinaa wom. Yiw, “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.

2. Ɔkwan bɛn so na Yesu sii Bible no asɛmti so dua?

2 Ade a ehia titiriw wɔ Bible mu ne n’asɛmti: Onyankopɔn amansan tumidi (hokwan a ɔwɔ sɛ odi tumi) a ɔnam ɔsoro Ahenni no so bɛsan ho. Yesu twee adwene sii ɛno so titiriw wɔ ne som adwuma no mu. “Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:17) Ɔkyerɛɛ ɔfã a ɛsɛ sɛ enya wɔ yɛn asetra mu sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” (Mateo 6:33) Afei nso ɔnam kyerɛ a ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae no so kyerɛe sɛnea ɛho hia: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10.

Asase so Nniso Foforo

3. Dɛn nti na Onyankopɔn Ahenni ho hia yɛn paa?

3 Dɛn nti na Onyankopɔn Ahenni no ho hia kɛse ma nnipa saa? Efisɛ ɛrenkyɛ, ɛbɛyɛ biribi a ɛbɛsakra asase yi so nniso daa. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 ka sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni [ɔsoro nniso] a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni [asase so nniso] horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no di tumi korakora a, nnipa renni asase so bio. Nnipa nniso a mpaapaemu wom na abotɔyam nnim no betwam koraa.

4, 5. (a) Dɛn nti na Yesu ne obi a ɔfata sen biara sɛ ɔyɛ Ahenni no so Hene? (b) Adwuma bɛn na wɔde bɛma Yesu nnansa yi ara?

4 Sodifo Titiriw a ɔwɔ ɔsoro Ahenni a ɛhyɛ Yehowa akwankyerɛ ase tẽẽ no mu ne nea ɔfata sen biara—Kristo Yesu. Ansa na ɔreba asase so no, na ɔwɔ soro sɛ Onyankopɔn ‘dwumayɛni a waben,’ na ɔno na odi Onyankopɔn abɔde nyinaa kan. (Mmebusɛm 8:22-31) “Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wonhu no no suban ne abɔde nyinaa abakan, efisɛ ɔno mu na wɔbɔɔ nneɛma nyinaa, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so.” (Kolosefo 1:15, 16) Na bere a Onyankopɔn somaa Yesu baa asase so no, ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde bere nyinaa. Ogyinaa sɔhwɛ a na ano yɛ den sen biara ano, na odii N’agya nokware kosii owu mu.—Yohane 4:34; 15:10.

5 Esiane sɛ Yesu dii Onyankopɔn nokware koduu owu mu nti, onyaa akatua. Onyankopɔn nyanee no kɔɔ soro na ɔde hokwan a ɔde bedi ɔsoro Ahenni so Hene maa no. (Asomafo no Nnwuma 2:32-36) Sɛ́ Ahenni no so Hene no, Kristo Yesu benya Onyankopɔn nsam adwuma nwonwaso a ɛne sɛ obedi honhom abɔde a wɔwɔ tumi ɔpepem pii anim ma wɔabeyi nnipa nniso afi asase so, na wɔayi amumɔyɛ nyinaa afi yɛn asase yi so. (Mmebusɛm 2:21, 22; 2 Tesalonikafo 1:6-9; Adiyisɛm 19:11-21; 20:1-3) Afei Onyankopɔn soro Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase no bɛyɛ tumidi foforo, nniso foforo a ebedi asase nyinaa so.—Adiyisɛm 11:15.

6. Nniso bɛn na yebetumi ahwɛ kwan afi Ahenni no so Hene no hɔ?

6 Onyankopɔn Asɛm ka asase Sodifo foforo no ho asɛm sɛ: “Ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa ahorow nyinaa som no.” (Daniel 7:14) Esiane sɛ Yesu besuasua Onyankopɔn dɔ nti, asomdwoe ne anigye a ɛso nni na ɛbɛba ne nniso ase. (Mateo 5:5; Yohane 3:16; 1 Yohane 4:7-10) “N’ahenni mu bɛtrɛw akɔ mmaa nyinaa, na asomdwoe a enni awiei aba, . . . na ɔde atemmu ne trenee awowaw no.” (Yesaia 9:7, Revised Standard Version) Hwɛ nhyira ara a ɛbɛyɛ sɛ yebenya Sodifo a obedi ade wɔ ɔdɔ, atɛntrenee, ne trenee mu! Ne saa nti, 2 Petro 3:13 ka sie sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo [Onyankopɔn soro Ahenni] ne asase foforo [asase so abusua foforo] a trenee te mu.”

7. Ɔkwan bɛn so na Mateo 24:14 renya mmamu nnɛ?

7 Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn Ahenni ne asɛmpa a ɛsen biara ma wɔn a wɔdɔ nea ɛteɛ no. Ɛno nti Yesu kaa sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ yɛte nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” mu nnɛ no fã bi ho asɛm siei sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:14) Saa nkɔmhyɛ no renya mmamu nnɛ, bere a Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔpepem asia a wɔwɔ nsase 234 so no de bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ afoforo afe biara no. Ɛfata sɛ wɔfrɛ beae a asafo ahorow bɛyɛ 90,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no biara hyiam som no Ahenni Asa. Ɛhɔ na nkurɔfo kɔ kosua nniso foforo a ɛreba no ho ade.

Yesu Mfɛfo Adedifo

8, 9. (a) Kristo mfɛfo adedifo no fi he? (b) Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ Ɔhene no ne ne mfɛfo adedifo no nniso mu?

8 Kristo Yesu mfɛfo adedifo ne no bedi ade wɔ Onyankopɔn soro Ahenni mu. Adiyisɛm 14:1-4 ka siei sɛ ‘wɔbɛtɔ’ nnipa 144,000 ‘afi nnipa mu’ na wɔanyan wɔn akɔ ɔsoro asetra mu. Eyinom yɛ mmarima ne mmea a sɛ́ anka wɔbɛsom wɔn no, wofi ahobrɛase mu som Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa. “Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.” (Adiyisɛm 20:6) Wɔn dodow sua koraa sen “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” a wobetwa nhyehyɛe yi awiei no. Eyinom nso ‘som Onyankopɔn awia ne anadwo,’ nanso wɔrenkɔ soro. (Adiyisɛm 7:9, 15) Wɔn na wɔyɛ asase foforo no nnyinaso titiriw sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no nkoa.—Dwom 37:29; Yohane 10:16.

9 Bere a Yehowa repaw wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no, ɔpaw nnipa anokwafo a wɔanya asetra ne emu haw nyinaa mu suahu. Ɛkame ayɛ sɛ biribiara nni hɔ a nnipa afa mu a ahene a wɔsan yɛ asɔfo yi nso mfaa mu pɛn. Enti wɔn asetra wɔ asase so no bɛboa wɔn ma wɔadi nnipa so tumi yiye. Yesu ankasa mpo ‘suaa amane a ohui no mu osetie.’ (Hebrifo 5:8) Ɔsomafo Paulo kaa ne ho asɛm sɛ: “Yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne.” (Hebrifo 4:15) Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ wɔ Onyankopɔn trenee nniso foforo no ase no, ahene ne asɔfo a wɔwɔ ɔdɔ na wɔte afoforo ase na wobedi nnipa so!

So na Ahenni no Ka Onyankopɔn Atirimpɔw Ho?

10. Dɛn nti na na ɔsoro Ahenni no nka Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ho?

10 So na ɔsoro Ahenni no ka Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ho bere a ɔbɔɔ Adam ne Hawa no? Wɔnka Ahenni a ebedi adesamma so ho asɛm wɔ adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Genesis no mu. Na Yehowa ankasa ne wɔn Sodifo, na bere tenten a wɔbɛyɛ osetie ama no no, na nniso foforo biara ho renhia. Genesis ti 1 ma yehu sɛ ɛda adi sɛ Yehowa nam ne soro Abakan no so na ɔne Adam ne Hawa dii. Kyerɛwtohɔ no de nsɛm te sɛ “Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ” ne “Onyankopɔn kae sɛ,” na edii dwuma.—Genesis 1:28, 29; Yohane 1:1.

11. Mfiase a ɛyɛ pɛ bɛn na adesamma nyae?

11 Bible ka sɛ: “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” (Genesis 1:31) Na biribiara a ɛwɔ Eden turo no mu yɛ pɛ a asɛm biara nni ho. Adam ne Hawa traa Paradise. Na wɔwɔ adwene ne nipadua a ɛyɛ pɛ. Na wotumi ne wɔn Yɛfo no di nkitaho na ɔno nso tumi ne wɔn di nkitaho. Sɛ na wɔkɔ so di nokware a, na wɔbɛwo mma a wɔyɛ pɛ. Anka ɛho renhia sɛ wonya ɔsoro nniso foforo biara.

12, 13. Bere a adesamma a wɔyɛ pɛ dɔɔso no, dɛn nti na anka Onyankopɔn betumi akɔ so ne wɔn adi nkitaho?

12 Bere a adesamma abusua no dɔɔso no, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ne wɔn nyinaa bedi nkitaho? Susuw ɔsoro nsoromma ho hwɛ. Wɔaboaboa ano ayɛ no akuwakuw. Nsoromma ɔpepepem na ɛwɔ nsoromma akuw bi mu. Nsoromma bɛyɛ ɔpepepepem na ɛwɔ afoforo mu. Na nyansahufo bu akontaa sɛ, nsoromma akuw bɛyɛ ɔpepepem 100 na wohu wɔ amansan yi mu! Nanso, Ɔbɔadeɛ no ka sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”—Yesaia 40:26.

13 Esiane sɛ Onyankopɔn nim ɔsoro abɔde yi mu biara nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɛrenyɛ asɛnnennen koraa mma no sɛ ɔbɛhwɛ nnipa a wɔnnɔɔso koraa yi so. Ɛnnɛ mpo, n’asomfo mpempem pii bɔ no mpae da biara da. Mpaebɔ a ɛtete saa du Onyankopɔn nkyɛn ntɛm ara. Enti anka nkitaho a ɔne nnipa a wɔyɛ pɛ nyinaa bedi renyɛ asɛnnennen koraa mma no. Anka ɔrenhia ɔsoro Ahenni bi na ɔde ahwɛ wɔn so. Nhyehyɛe nwonwaso bɛn ara ni—sɛ yebenya Yehowa sɛ Sodifo, na yɛatumi akɔ ne nkyɛn tee, na yɛanya anidaso a ɛne sɛ yɛrenwu da, na yɛatra asase so paradise daa!

“Onipa Kwan Nni Ne Nsam”

14. Dɛn nti na nnipa behia Yehowa nniso bere nyinaa?

14 Nanso, nnipa—wɔn a wɔyɛ pɛ mpo—behia Yehowa nniso bere nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa ammɔ wɔn sɛ wobetumi atra ase a ne nniso ho nhia wɔn. Onipa ntumi nni ɔno ara ne so, sɛnea odiyifo Yeremia gye toom no: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn. [Yehowa, NW], teɛ me so.” (Yeremia 10:23, 24) Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ nnipa besusuw sɛ wobetumi adi wɔn ho so a Yehowa mmoa nka ho. Ɛne sɛnea wɔbɔɔ wɔn no renhyia. Wɔn ho a wɔbɛtwe afi Yehowa nniso ho no de pɛsɛmenkominya, ɔtan, atirimɔdensɛm, basabasayɛ, ɔko, ne owu na ɛbɛba. ‘Onipa bedi onipa so tumi ma adan no bɔne.’—Ɔsɛnkafo 8:9.

15. Dɛn na efii ade bɔne a yɛn awofo a wodi kan pawee no mu bae?

15 Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn awofo a wodi kan no sii gyinae sɛ wonhia Onyankopɔn sɛ wɔn Sodifo, na wɔpaw sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho atra ase. Ne saa nti, Onyankopɔn amma wɔankɔ so anyɛ pɛ. Afei de na wɔabɛyɛ sɛ anyinam afiri bi a wɔatu afi baabi a enya anyinam ahoɔden no. Enti bere rekɔ so no, wɔde nkakrankakra gyinae—wɔ owu mu. Wɔbɛyɛɛ te sɛ ade a akyea a wɔde susuw biribi, na saa tebea no ara na wotumi de gyaw wɔn mma. (Romafo 5:12) “[Yehowa], ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; . . . Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ ne mma.” (Deuteronomium 32:4, 5) Ɛyɛ nokware sɛ honhom abɔde otuatewfo a ɔbɛyɛɛ Satan no na onyaa Adam ne Hawa so nkɛntɛnso, nanso na wɔwɔ adwene a ɛyɛ pɛ a anka wobetumi apo ne nsusuwii bɔne no.—Genesis 3:1-19; Yakobo 4:7.

16. Ɔkwan bɛn so na abakɔsɛm di nea afi nnipa ho a wɔtwe fii Onyankopɔn ho no mu aba no ho adanse?

16 Abakɔsɛm di nea efii twe a onipa twee ne ho fii Onyankopɔn ho mu bae no ho adanse. Nnipa asɔ nniso horow nyinaa, sikasɛm ne asetra mu nhyehyɛe biara ahwɛ mfe mpempem pii ni. Nanso, ‘kɔ ara na amumɔyɛ rekɔ anim.’ (2 Timoteo 3:13) Afeha a ɛto so 20 no dii ho adanse. Nitan, ne basabasayɛ, akodi, ɔkɔm, ohia, ne amanehunu a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu hyɛɛ no ma. Na ɛmfa ho nnuruyɛ mu nkɔso a wɔanya no, obiara ntra nkwa mu nkyɛ na wawu. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Bere a nnipa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn ankasa anammɔn kwan no, wɔama kwan ma Satan ne n’adaemone anya wɔn ma mpo Bible frɛ Satan “wi yi ase nyame.”—2 Korintofo 4:4.

Akyɛde a Ɛne Ɔpɛ Mu a Wofi Yɛ Ade No

17. Ɔkwan bɛn so na anka wɔde Onyankopɔn akyɛde a ɛne ɔpɛ mu a wofi yɛ ade no bedi dwuma?

17 Dɛn nti na Yehowa ma adesamma kwan ma wɔfa wɔn ankasa kwan so? Efisɛ ɔde akyɛde nwonwaso a ɛne sɛ wobetumi afi wɔn pɛ mu ayɛ ade, ahofadi a ɛma obiara tumi paw nea ɔpɛ, bɔɔ wɔn. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Nea [Yehowa, NW] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Obiara mpɛ sɛ ɔyɛ robɔt, a ɛsɛ sɛ obi si nea ɛsɛ sɛ ɔka na ɔyɛ biara ho gyinae ma no da biara da. Nanso na Yehowa pɛ sɛ nnipa de akyɛde a ɛne ɔpɛ mu a wofi yɛ ade no di dwuma ɔkwan pa so, na wohu mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔyɛ n’apɛde na wɔkɔ so yɛ ne nkoa no. (Galatifo 5:13) Enti na ahofadi renyɛ ade a enni anohyeto, efisɛ anka ɛde basabasayɛ bɛba. Na anka wobegyina Onyankopɔn mmara a ayamye wom so akyerɛ no kwan.

18. Dɛn na Onyankopɔn ama ada adi denam onipa a ɔma ofi ne pɛ mu paw biribi no so?

18 Adesamma abusua no a Onyankopɔn maa kwan ma wɔfaa wɔn ankasa kwan so no ama ada adi koraa sɛ yehia ne nniso. Ne tumidi nkutoo ne ɔkwan pa. Ɛde anigye, abotɔyam, ne yiyedi a enni kabea na ɛba. Eyi te saa efisɛ Yehowa yɛɛ yɛn adwene ne yɛn nipadua sɛ ɛnyɛ adwuma ma ɛne ne mmara nhyia wɔ ɔkwan a eye sen biara so. “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17) Ɔpɛ mu a wofi paw biribi a egyina Onyankopɔn mmara so no renyɛ adesoa, na mmom ɛbɛma nnuan a ɛyɛ dɛ, afie, adwinni, ne nnwom ahorow abu so. Sɛ wɔde dii dwuma yiye a, anka ɔpɛ mu a wofi paw biribi bɛma yɛanya asetra a ɛyɛ anigye paa wɔ paradise wɔ asase so.

19. Ade bɛn na Onyankopɔn de di dwuma de ka ɔne adesamma bom bio?

19 Nanso esiane sɛ nnipa ampaw ade ɔkwan pa so nti, wɔtwee wɔn ho fii Yehowa ho, na wɔtɔɔ sin ma ɛde wɔn kɔɔ owu mu. Enti ebehia sɛ wogye wɔn fi tebea bɔne a ɛte saa mu na wɔma wɔne Onyankopɔn san nya abusuabɔ pa sɛ mmabanin ne mmabea. Ade a Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bedi eyi ho dwuma ne Ahenni no, na Ogyefo no ne Yesu Kristo. (Yohane 3:16) Ɛdenam saa nhyehyɛe yi so no, ɔbɛka wɔn a wofi komam kyerɛ ahonu—te sɛ ɔba desɛefo a ɔwɔ Yesu bɛ mu—no ne Onyankopɔn abom bio, na wagye wɔn bio sɛ ne mma.—Luka 15:11-24; Romafo 8:21; 2 Korintofo 6:18.

20. Ɔkwan bɛn so na Ahenni no bɛma Onyankopɔn atirimpɔw abam?

20 Yehowa apɛde bɛyɛ hɔ wɔ asase so ɔkwan biara so. (Yesaia 14:24, 27; 55:11) Ɛdenam Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase so no, ɔbɛsan (obebu ne ho bem anaa ɔbɛkyerɛ) hokwan a ɔwɔ sɛ odi yɛn so Tumi no ho koraa. Ahenni no de nnipa ne adaemone nniso a ɛwɔ asase so bɛba awiei, na ɛno nkutoo befi ɔsoro adi tumi mfirihyia apem. (Romafo 16:20; Adiyisɛm 20:1-6) Nanso saa bere no, ɔkwan bɛn so na wɔbɛda Yehowa kwan a ɔfa so di tumi a ɛkorɔn no adi? Na wɔ mfirihyia apem akyi no, dwuma bɛn na Ahenni no bedi? Adesua a edi so no besusuw saa nsɛmmisa yi ho.

Ntĩmu

• Dɛn ne Bible no asɛmti?

• Henanom na wɔbom yɛ asase so nniso foforo no sodifo?

• Dɛn nti na nnipa nniso a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no rentumi nnyina da?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde ɔpɛ mu a yefi yɛ ade no di dwuma?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yesu nkyerɛkyerɛ sii Onyankopɔn nniso a ɛnam Ahenni no so so dua

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Wɔ ɔman biara so no, Yehowa Adansefo ma Ahenni no yɛ wɔn nkyerɛkyerɛ titiriw

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 14]

Abakɔsɛm di bɔne a efii nnipa ho a wɔtwe fii Onyankopɔn ho no mu bae no ho adanse

[Nsɛm Fibea]

WWI soldiers: U.S. National Archives photo; concentration camp: Oświęcim Museum; child: UN PHOTO 186156/J. Isaac