Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ

Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ

Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ

“W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—MATEO 6:10.

1. Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no bɛkyerɛ dɛn?

BERE a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae mma Onyankopɔn Ahenni mmra no, na onim sɛ ɛbɛba abeyi nnipa nniso a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho mfe mpempem pii no afi hɔ. Saa mfe no nyinaa na wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase nyinaa so. (Dwom 147:19, 20) Nanso bere a wɔde Ahenni no asi hɔ wɔ ɔsoro no, wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ baabiara. Bere a wɔde Onyankopɔn soro Ahenni besi nnipa nniso ananmu anwonwakwan so no abɛn yiye.

2. Dɛn na ebefi nsakrae a ɛbɛba bere a Ahenni nniso si nnipa nniso ananmu no ase?

2 Bere a Yesu kaa ho asɛm sɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba” no na ebefi saa nsakrae yi ase. (Mateo 24:21) Bible nkyerɛ bere tenten a saa bere no bedi, nanso amanehunu a ɛbɛba saa bere no bɛyɛ nea ɛsen nea aba wiase pɛn biara. Ahohiahia kɛse no mfiase no, biribi besi a ɛbɛma nnipa pii ho adwiriw wɔn paa wɔ asase so: atorosom nyinaa bɛsɛe. Ɛno renyɛ Yehowa Adansefo ahodwiriw, efisɛ wɔahwɛ kwan bere tenten. (Adiyisɛm 17:1, 15-17; 18:1-24) Ahohiahia kɛse no bɛba awiei wɔ Harmagedon bere a Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe Satan nhyehyɛe nyinaa pasaa no.—Daniel 2:44; Adiyisɛm 16:14, 16.

3. Ɔkwan bɛn so na Yeremia ka nea ɛbɛba asoɔdenfo so no ho asɛm?

3 Dɛn na eyi bɛkyerɛ ama nnipa a “wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn . . . asɛmpa” a ɛfa ne soro Ahenni a ɛwɔ Kristo nsam ho no? (2 Tesalonikafo 1:6-9) Bible nkɔmhyɛ ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa, NW] se ni: Hwɛ, bɔne fi ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛse retu afi asase anoano. Na da no na [Yehowa, NW] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.”—Yeremia 25:32, 33.

Amumɔyɛ Awiei

4. Dɛn nti na Yehowa di bem sɛ ɔde nhyehyɛe bɔne yi ba awiei?

4 Yehowa Nyankopɔn anya amumɔyɛ ho koma mfe mpempem pii na ama nnipa komapafo ahu sɛ nnipa nniso yɛ amanehunu nko ara. Sɛ nhwɛso no, sɛnea nhoma bi kyerɛ no, wɔ afeha a ɛto so 20 nkutoo mu no, nnipa bɛboro ɔpepem 150 na wokunkum wɔn wɔ akodi, ɔman anidan, ne ɔmanfo basabasayɛ mu. Nnipa atirimɔdensɛm daa adi kɛse wɔ Wiase Ko II mu bere a wokunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 50, na wɔn mu pii wuu owuyaw wɔ Nasi nneduaban mu no. Sɛnea Bible kaa ho asɛm siei no, ‘nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu’ wɔ yɛn bere yi mu. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Ɛnnɛ, ɔbrasɛe, nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, dwowtwa, ne animtiaa a wobu Onyankopɔn mmara abu so. Enti, Yehowa di bem koraa sɛ ɔde nhyehyɛe bɔne yi ba awiei.

5, 6. Kyerɛkyerɛ sɛnea na atirimɔdensɛm kɔ so wɔ tete Kanaan no mu.

5 Ɛnnɛ, tebea no te sɛ nea na ɛte wɔ tete Kanaan bɛyɛ mfirihyia 3,500 ni no. Bible se: “[Yehowa, NW] akyide a ɔtan nyinaa na wɔayɛ ama wɔn anyame, na wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mpo wɔde ogya hyew wɔn ma wɔn anyame.” (Deuteronomium 12:31) Yehowa ka kyerɛɛ Israel man sɛ: “Amanaman yi abɔnefosɛm nti na [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim.” (Deuteronomium 9:5) Bible ho abakɔsɛm kyerɛwfo Henry H. Halley kae sɛ: “Na ɔbrasɛe a anohyeto nnim wɔ Baal, Astoret, ne Kanaanfo anyame a aka no som mu; na wɔn asɔredan ahorow no yɛ mmeae a wobu bra bɔne.”

6 Halley kyerɛɛ baabi a wɔn abɔnefosɛm no dui, efisɛ wɔ mmeae pii no mu biako no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no “huu nkuku pii a mmofra a wɔde wɔn abɔ afɔre ama Baal nnompe wom.” Ɔkae sɛ: “Saa beae no nyinaa bɛyɛɛ mmotafowa asiei. . . . Na Kanaanfo no som denam wɔn ho a wɔde hyɛ ɔbrasɛe a ɛtra so mu wɔ wɔn anyame no anim; ne afei, wɔn mmakan a wokunkum wɔn de wɔn bɔɔ afɔre maa anyame koro yi ara no so. Ɛte sɛ nea akwan pii so no, Kanaan asase no nyinaa bɛyɛɛ sɛ Sodom ne Gomora bi. . . . So na anibuei a efĩ ne atirimɔdensɛm a ɛyɛ abofono wom sɛɛ no wɔ hokwan sɛ ɛkɔ so tra hɔ anaa? . . . Ɛyɛɛ wɔn a wotutuu Kanaanfo nkurow amamfo so no nwonwa sɛ Onyankopɔn ansɛe wɔn ntɛm.”

Asase no a Wonya

7, 8. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛtew asase yi so?

7 Sɛnea Onyankopɔn tew Kanaan asase so no, ɛrenkyɛ, ɔbɛtew asase nyinaa so na ɔde ama wɔn a wɔyɛ n’apɛde no. “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.” (Mmebusɛm 2:21, 22) Na odwontofo no ka sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:10, 11) Wobeyi Satan nso afi hɔ na “wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.” (Adiyisɛm 20:1-3) Yiw, “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

8 Bere a Yesu rebɔ anidaso a ɛyɛ anigye a wɔde asie ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtra ase daa wɔ asase so mua no, ɔkae sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” (Mateo 5:5) Ɛda adi sɛ na ɔretwe adwene asi Dwom 37:29 a ɛhyɛɛ nkɔm sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem” no so. Na Yesu nim sɛ Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma nnipa komapafo atra paradise asase so daa. Yehowa ka sɛ: “Me na mede me tumi . . . meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛ ɛteɛ m’ani so.”—Yeremia 27:5.

Wiase Foforo a Emu Yɛ Anigye

9. Wiase bɛn na Onyankopɔn Ahenni de bɛba?

9 Harmagedon akyi no, Onyankopɔn Ahenni de “wiase foforo” a emu yɛ anigye a “trenee te mu” bɛba. (2 Petro 3:13) Hwɛ ahotɔ ara a wɔn a wobetwa Harmagedon no benya sɛ wɔade wɔn ho afi nneɛma nhyehyɛe bɔne yi a nhyɛso ahyɛ mu ma yi mu! Hwɛ anigye ara a wobenya sɛ wɔbɛhyɛn trenee wiase foforo a ɛhyɛ ɔsoro Ahenni nniso ase a ɛde nhyira a ɛyɛ anigye ne daa nkwa bɛba no mu!—Adiyisɛm 7:9-17.

10. Nneɛma bɔne bɛn na ebefi hɔ koraa wɔ Ahenni nniso no ase?

10 Akodi, nsɛmmɔnedi, ɔkɔm, anaa nkekaboa renyi nnipa hu bio. “Me ne [me man] bɛpam asomdwoe apam, na matɔre mmoa bɔne ase, asase no so . . . Na petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so.” “Wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.”—Hesekiel 34:25-28; Mika 4:3, 4.

11. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ honam fam nyarewa to betwa?

11 Wobeyi ɔyare, awerɛhow, ne owu mpo afi hɔ. “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.” (Yesaia 33:24) “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. . . . Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:4, 5) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔnam tumi a Onyankopɔn de maa no so daa no adi sɛ obetumi ayɛ saa nneɛma yi. Ɛdenam honhom kronkron mmoa so no, Yesu kyinii asase no so nyinaa saa mpakye ne ayarefo yare.—Mateo 15:30, 31.

12. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma awufo?

12 Yesu yɛɛ nea ɛsen saa mpo. Onyanee awufo. Nnipa a wodwo no yɛɛ wɔn ade dɛn? Bere a onyanee abeawa a wadi mfirihyia 12 no, n’awofo “ho dwiriw wɔn kɛse.” (Marko 5:42) Na eyi nso yɛ nea Yesu bɛyɛ wɔ Ahenni nniso ase wɔ asase so nyinaa no ho nhwɛso biako, efisɛ saa bere no “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Fa w’adwene yɛ ahurusidi a ɛbɛkɔ so bere a awufo akuwakuw san ba nkwa mu na wɔsan ne wɔn adɔfo bom no ho mfonini hwɛ! Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bɛkɔ so wɔ Ahenni no ase ma ‘Yehowa ho nimdeɛ ayɛ asase so ma, sɛ nsu kata po so no.’—Yesaia 11:9.

Wɔsan Yehowa Tumidi Ho

13. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛda teɛ a Onyankopɔn nniso teɛ no adi?

13 Ebedu bere a mfirihyia apem Ahenni nniso no bɛba awiei no, na adesamma abusua asan aba adwene ne nipadua mu pɛyɛ mu. Asase no bɛyɛ paradise, wiase nyinaa Eden turo. Asomdwoe, anigye, ahobammɔ, ne adesamma abusua a wɔwɔ ɔdɔ na ɛbɛba. Wɔanhu biribi a ɛte saa da wɔ adesamma abakɔsɛm mu ansa na Ahenni no reba. Nsonsonoe kɛse bɛn ara na ɛbɛba mfirihyia mpempem nniso a na ɔhaw ahyɛ mu ma a na ɛhyɛ nnipa ase ne Onyankopɔn soro Ahenni nniso a ɛbɛba mfirihyia apem ntam sɛɛ yi! Ɛbɛda adi sɛ Onyankopɔn nniso a ɛnam N’ahenni so ba no korɔn sen biara wɔ ade nyinaa mu. Wɔbɛsan hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi tumi, ne ne tumidi ho koraa.

14. Sɛ mfirihyia apem no ba awiei a, dɛn na ɛbɛba atuatewfo no so?

14 Wɔ mfirihyia apem no awiei no, Yehowa bɛma nnipa a wɔyɛ pɛ no afi wɔn pɛ mu apaw onii a wɔpɛ sɛ wɔsom no. Bible no ma ɛda adi sɛ “wɔbɛsan Satan afi n’afiase.” Ɔbɛbɔ mmɔden bio sɛ ɔbɛdaadaa nnipa, na wɔn mu binom bɛpaw sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa remma ‘amanehunu nkɔ so ne mprenu so no,’ ɔbɛsɛe Satan, n’adaemone no, ne wɔn a wɔtew Yehowa tumidi atua no nyinaa. Obiara ntumi nka saa bere no sɛ nnipa a wɔde daa ɔsɛe bɛba wɔn so no annya bere a wɔde bɛsakra anaasɛ wɔn sintɔ nti na wɔyɛɛ bɔne. Dabi, wɔbɛyɛ te sɛ Adam ne Hawa a na wɔyɛ pɛ a wɔboapa tew Yehowa trenee nniso ho atua no.—Adiyisɛm 20:7-10; Nahum 1:9.

15. Abusuabɔ bɛn na anokwafo ne Yehowa benya?

15 Nanso, ɛda adi sɛ nnipa dodow no ara na wɔbɛpaw sɛ wobegyina Yehowa tumidi afa. Bere a wɔatɔre atuatewfo nyinaa ase awie no, atreneefo no begyina Yehowa anim, bere a wɔafa nokwaredi ho sɔhwɛ a etwa to no mu no. Afei Yehowa begye anokwafo yi atom sɛ ne mmabanin ne mmabea. Enti wɔsan ba benya abusuabɔ a na ɛda Onyankopɔn ne Adam ne Hawa ntam ansa na wɔretew atua no. Enti Romafo 8:21 bɛbam sɛ: “Abɔde no ankasa [adesamma] nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” Odiyifo Yesaia hyɛ nkɔm sɛ: “[Onyankopɔn bɛmene] owu akosi daa, na [Yehowa, NW] bɛpopa ani nyinaa so nusu.”—Yesaia 25:8.

Daa Nkwa Ho Anidaso

16. Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwɛ daa nkwa akatua no kwan?

16 Anidaso nwonwaso bɛn ara na ɛda hɔ retwɛn anokwafo sɛɛ yi, sɛ wobehu sɛ Onyankopɔn bɛtɔ honhom ne honam fam nhyira pii agu wɔn so! Odwontofo no ka ma ɛfatae sɛ: “Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:16) Yehowa hyɛ asase so kuw no nkuran sɛ wɔmfa Paradise asetra ho anidaso no nka gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no ho. Ɛwom sɛ Yehowa tumidi ho ɔsɛmpɔw no na ɛho hia paa de, nanso ɔnka nkyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnsom no a wonni anidaso biara sɛ obetua wɔn ka. Wɔ Bible mu nyinaa no, wɔaka nokwaredi ma Onyankopɔn ne asetra a enni awiei ho anidaso abom sɛ Kristofo gyidi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no fã a ɛho hia. “Ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

17. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛbɛma yɛn anidaso no awowaw yɛn?

17 Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Ɛha no, ɔde hu a wobehu Onyankopɔn ne n’atirimpɔw no bataa akatua a eyi de ba ho. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔbɔnefo bi kae sɛ sɛ Yesu ba N’ahenni mu a ɔnkae no no, Yesu kae sɛ: “Wobɛka me ho Paradise hɔ.” (Luka 23:43) Wanka ankyerɛ ɔbarima no sɛ sɛ onnya akatua biara mpo a, onnye nni. Na onim sɛ Yehowa pɛ sɛ n’asomfo nya daa nkwa wɔ asase so paradise mu anidaso, na awowaw wɔn bere a wohyia ɔtaa ahorow wɔ wiase yi mu no. Enti akatua a yɛde yɛn ani besi so no yɛ ade titiriw a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina yɛn mudi mu sɛ Kristofo.

Ahenni no Daakye

18, 19. Dɛn na ɛbɛba Ɔhene no ne Ahenni no so bere a Mfirihyia Apem Nniso no aba awiei no?

18 Esiane sɛ na Ahenni no yɛ nniso foforo a Yehowa nam so maa asase ne nnipa a wɔte so baa pɛyɛ mu na ɛsan kaa wɔne no boom nti, dwuma bɛn na ɛbɛwɔ hɔ ama Ɔhene Yesu Kristo ne ahene ne asɔfo 144,000 no wɔ Mfirihyia Apem no akyi? ‘Na awiei no di hɔ a ɔde ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa, na watu ahenni ne ahoɔden ne tumi nyinaa agu. Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase.’—1 Korintofo 15:24, 25.

19 Sɛ Kristo de Ahenni no san ma Onyankopɔn a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛte kyerɛw nsɛm no ase bere a ɛka sɛ ɛbɛtra hɔ daa no? Nneɛma a Ahenni no bɛyɛ no bɛtra hɔ daa. Wɔbɛhyɛ Kristo anuonyam daa esiane ɔfã a onyae wɔ Onyankopɔn tumidi a wɔsan ho ho dwumadi mu no nti. Nanso esiane sɛ ebedu saa bere no na wɔayi bɔne afi hɔ koraa, na wɔagye adesamma nti, ɛbɛma hia a ne ho hia sɛ Ogyefo no aba awiei. Ebedu saa bere no na Mfirihyia Apem Ahenni Nniso no awie ne dwumadi; enti ɛho renhia sɛ wonya nniso foforo biara wɔ Yehowa ne adesamma asoɔmmerɛfo ntam. Enti ‘Onyankopɔn bɛyɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.’—1 Korintofo 15:28.

20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea ɛbɛba Kristo ne 144,000 no so daakye?

20 Dwuma bɛn na Kristo ne ne mfɛfo adedifo no bedi bere a Mfirihyia Apem no aba awiei no? Bible no nka ho asɛm. Nanso, yebetumi anya awerehyem sɛ Yehowa bɛma wɔn ɔsom mu hokwan pii wɔ n’abɔde nyinaa mu. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa begyina Yehowa tumidi afã na wama yɛn daa nkwa, sɛnea ɛbɛyɛ a daakye, yɛbɛtra ase ahu nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama Ɔhene no ne ne mfɛfo ahene ne asɔfo, ne amansan a ɛyɛ nwonwa no nyinaa!

Ntĩmu

• Nniso mu nsakrae bɛn na yɛrebɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bebu abɔnefo ne atreneefo atɛn?

• Tebea horow bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ wiase foforo no mu?

• Ɔkwan bɛn so na wɔbɛsan Yehowa tumidi ho koraa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

“Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba”

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Anokwafo bɛsan ne Yehowa anya abusuabɔ pa