Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Mede Honhom Kronkron Ayɛ Me Boafo?

So Mede Honhom Kronkron Ayɛ Me Boafo?

So Mede Honhom Kronkron Ayɛ Me Boafo?

SƐ YƐDE nyamekyerɛfo bɛka nnipa a aka nyinaa ho a, wɔyɛ nkurɔfo a wokura dekode a Onyankopɔn honhom kronkron yɛ ho adwene pii. Nanso, enhia sɛ wɔn adwene yɛ wɔn bebree saa. Bible kyerɛkyerɛ dekode a honhom kronkron yɛ no mu pefee. Sɛ anka ɛbɛyɛ onipa sɛnea ebinom kyerɛ no, ɛyɛ adeyɛ tumi a ano yɛ den a Onyankopɔn de di n’apɛde ho dwuma.—Dwom 104:30; Asomafo no Nnwuma 2:33; 4:31; 2 Petro 1:21.

Esiane sɛ honhom kronkron no ne Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho dwumadi wɔ abusuabɔ denneennen nti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn abrabɔ ne no hyia. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn boafo.

Ɔboafo—Dɛn Nti na Ne Ho Hia?

Bere a Yesu hui sɛ ɔrebefi asase so no, ɔmaa n’asuafo no awerɛhyem sɛ: “Mebisa agya no, na wama mo okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtra daa.” Ɔkae bio nso sɛ: “Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.”—Yohane 14:16, 17; 16:7.

Yesu maa n’asuafo no ahyɛde a anibere wom bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Eyi nyɛ adwuma a ɛda fam, efisɛ na wobehyia ɔsɔretia wɔ adwuma no yɛ mu.—Mateo 10:22, 23.

Na akameakame bɛsɔre wɔ asafo no mu aka ɔsɔretia a ebefi abɔnten aba no ho. Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Roma no wɔ bɛyɛ afe 56 Y.B. mu sɛ: “Nanso, anuanom, mitu mo fo sɛ monkari wɔn a wɔde mpaapaemu ba na wɔto hintidua de sɛe kyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn mu.” (Romafo 16:17, 18) Na saa tebea no mu bɛyɛ den bere a asomafo no awuwu no. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Minim sɛ mekɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so. Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.”—Asomafo no Nnwuma 20:29, 30.

Ná wohia Onyankopɔn mmoa na wɔde agyina saa akwanside ahorow yi ano. Ɔnam Yesu so yɛɛ saa. Ne wusɔre akyi, wɔ Pentekoste da afe 33 Y.B. mu no, ‘honhom kronkron yɛɛ’ n’akyidifo bɛyɛ 120 no “nyinaa mama.”—Asomafo no Nnwuma 1:15; 2:4.

Asuafo no hui sɛ honhom kronkron a wohwie guu wɔn so saa da no ne mmoa a na Yesu ahyɛ ho bɔ no. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔtee agyiraehyɛde a Yesu de mae no ase yiye saa bere no: ‘Okyigyinafo a ɔne honhom kronkron a m’agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.’ (Yohane 14:26) Ɔfrɛɛ no ‘okyigyinafo, nokware honhom’ nso.—Yohane 15:26.

Ɔkwan Bɛn so na Honhom no Yɛ Ɔboafo?

Na honhom no bɛyɛ ɔboafo wɔ akwan pii so. Nea edi kan, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛkae n’asuafo no nneɛma bi a na waka akyerɛ wɔn. Ɔnam eyi so kyerɛe sɛ na ɛbɛsen nsɛm a ɛbɛkaakae wɔn kɛkɛ. Na honhom no bɛboa wɔn ma wɔate nneɛma a na wakyerɛkyerɛ wɔn ne hia a na ɛho hia no ase yiye. (Yohane 16:12-14) Ne tiaatwa mu no, na honhom no bɛma n’asuafo no ate nokware no ase yiye. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee akyiri yi sɛ: “Yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn; efisɛ Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn ade a emu dɔ no nso.” (1 Korintofo 2:10) Sɛ Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no betumi ama afoforo anya nokware nimdeɛ a, na ɛsɛ sɛ ntease a wɔn ankasa wɔ no yɛ nea ɛwɔ nnyinaso pa.

Nea ɛto so abien no, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae, na wɔmmɔ no mpɛn pii. Sɛ ɛtɔ mmere bi na wonhu nea ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho mpae a, honhom no betumi adi ama wɔn anaa aboa wɔn. “Saa ara na honhom no boa yɛn yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ sɛnea yɛbɛbɔ mpae a ɛsɛ no, yennim, nanso Honhom no ara de ɔpene a enni kabea di ma yɛn.”—Romafo 8:26.

Nea ɛto so abiɛsa no, na honhom no bɛboa Yesu asuafo no ma wɔadi nokware no ho adanse wɔ baguam. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Wobeyi mo ama mpanyimfo gua, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman. Na sɛ woyi mo ma a, munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka bɛma mo ɛdɔn no ara mu. Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mo agya honhom no na ɔkasa mo mu.”—Mateo 10:17-20.

Honhom kronkron no bɛboa ma wɔahu Kristofo asafo no nso na akanyan emufo ma wɔasisi gyinae a nyansa wom. Ma yensusuw asɛm yi mu nneɛma abien ho nkɔ akyiri na yɛnhwɛ sɛnea ɛfa yɛn ho nnɛ.

Ebedi Dwuma sɛ Agyiraehyɛde

Yudafo no somee wɔ Mose Mmara ase sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔapaw wɔn mfehaha pii. Esiane sɛ wɔpoo Yesu sɛ Mesia nti, ɔka siei sɛ ɛrenkyɛ na wɔapo wɔn nso: “Monkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; [Yehowa, NW] na ɔmaa eyi yɛe, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so? Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.” (Mateo 21:42, 43) Bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Kristo akyidifo bɛyɛɛ “ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.” Efi saa bere no reba no, asafo yi na Onyankopɔn nam so kasa. Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo ahu Onyankopɔn dom a asakra yi no, Onyankopɔn de agyiraehyɛde bi a ɛda nsow mae.

Wɔ Pentekoste no, honhom kronkron no maa asuafo no kaa kasa a wonsuaa da, maa wɔn a na wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn ma wobisae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ankasa kasa a wɔwoo yɛn mu yi?” (Asomafo no Nnwuma 2:7, 8) Kasa foforo a wotumi kae, ɛne ‘anwonwade ne nsɛnkyerɛnne pii a asomafo no yɛe’ no maa nnipa bɛyɛ mpensa hui sɛ Onyankopɔn honhom reyɛ adwuma ankasa.—Asomafo no Nnwuma 2:41, 43.

Afei nso, ɛdenam “honhom aba”—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi—so no, wohuu Kristo asuafo no sɛ Onyankopɔn asomfo pefee. (Galatifo 5:22, 23) Nokwarem no, ɔdɔ maa nokware Kristofo asafo no daa adi wɔ ɔkwan soronko so. Yesu ka siei sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.

Tete Kristofo asafo no mufo gyee Onyankopɔn honhom kronkron no akwankyerɛ toom, na wɔde mmoa a ɛde mae no dii dwuma. Bere a Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nim sɛ Onyankopɔn nnyan awufo na ɔnyɛ anwonwade nnɛ sɛnea na wɔyɛ wɔ afeha a edi kan mu no, wɔma Onyankopɔn honhom no aba da wɔn adi sɛ Yesu Kristo nokware asuafo.—1 Korintofo 13:8.

Ɔboafo Wɔ Ankorankoro Gyinaesi Mu

Honhom kronkron na wɔde kyerɛw Bible no. Enti, sɛ yegye Bible no di a, ɛte sɛ nea honhom kronkron no na ɛrekyerɛkyerɛ yɛn. (2 Timoteo 3:16, 17) Ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae a nyansa wom. Nanso yɛma ɛboa yɛn?

Na adwuma a yɛpaw nso ɛ? Honhom kronkron no bɛma yɛde Yehowa adwene asusuw adwuma a yɛpɛ sɛ yɛyɛ ho. Ɛsɛ sɛ yɛn adwuma ne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia, na nea ɛfata ne sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛadi teokrase botae ahorow akyi. Akatua anaa edin ne anuonyam a ɛbata adwuma no ho nyɛ nea ɛho hia pii ankasa. Nea ɛho hia kɛse ne sɛ ebia ɛbɛma yɛanya yɛn asetram ahiade na yɛanya bere a ɛfata ne hokwan de adi yɛn Kristofo asɛyɛde ahorow ho dwuma.

Asɛm biara nni ho, na ɛfata sɛ obi benya ɔpɛ sɛ obegye n’ani wɔ asetra mu. (Ɔsɛnkafo 2:24; 11:9) Enti Kristoni a ɔkari pɛ betumi agye n’ahome de ahwehwɛ akwahosan ne anigye. Nanso, ɛsɛ sɛ ɔpaw ahomegye a ɛda honhom aba adi, na ɛnyɛ nea “ɔhonam nnwuma” wom. Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa.” Ɛsɛ sɛ yɛkwati ‘anuonyanhunu a yɛbɛpɛ ayiyi yɛn ho abufuw atentan yɛn ho’ nso.—Galatifo 5:16-26.

Ɛte saa ara wɔ nnamfo a yɛbɛpaw mu nso. Nyansa wom sɛ yebegyina wɔn honhom fam tebea so apaw wɔn, na ɛnyɛ wɔn tebea anaa wɔn agyapade. Ɛda adi sɛ na ɔbarima Dawid yɛ Onyankopɔn adamfo, efisɛ Onyankopɔn kaa ne ho asɛm sɛ “ɔbarima a [ne] koma pɛ no.” (Asomafo no Nnwuma 13:22) Bere a Onyankopɔn buu n’ani guu ɔhonam tebea so, sɛnea nnyinasosɛm kyerɛ no, ɔpaw Dawid sɛ Israel hene: “Menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.”—1 Samuel 16:7.

Nnamfofa mpempem pii asɛe esiane sɛ na egyina ɔhonam tebea anaa agyapade so nti. Nnamfofa a egyina ahonyade a ɛntra hɔ daa so betumi asɛe mpofirim. (Mmebusɛm 14:20) Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu tu yɛn fo sɛ sɛ yɛrepaw nnamfo a, ɛsɛ sɛ yɛpaw wɔn a wobetumi aboa yɛn ma yɛasom Yehowa. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn adwene nsi ɔma so mmom nsen ogye, efisɛ anigye pii wɔ ɔma mu. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Bere ne ɔdɔ ka nneɛma a ɛsen biara a yebetumi de ama yɛn nnamfo no ho.

Bible no de afotu a efi honhom mu ma Kristoni a ɔrehwehwɛ aware mu ɔhokafo. Ɔkwan bi so no, ɛka sɛ: ‘Hwɛ tra n’anim ne ne nipadua. Hwɛ ne nan ase.’ Ne nan ase? Yiw, wɔ saa kwan yi so: So ɔde yɛ Yehowa adwuma a ɛne asɛmpaka adwuma no ma enti sɛnea yɛbɛka no no, ɛyɛ no fɛ? So ɔde nokware no ne asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso ahyehyɛ ne nan? Yɛkenkan sɛ: “Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: wo Nyankopɔn di hene!”—Yesaia 52:7; Efesofo 6:15.

Bere a yɛte “mmere a emu yɛ den” mu no, yehia mmoa a yɛde bɛyɛ Onyankopɔn apɛde. (2 Timoteo 3:1) Ɔboafo no, Onyankopɔn honhom kronkron no, yɛɛ Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no mmoa kɛse, a nea ɛka ho ne sɛ ɛboaa wɔn sɛ ankorankoro. Nsi a yɛde besua Onyankopɔn Asɛm, ade a honhom kronkron no ma wɔkyerɛwee no, yɛ ɔkwan titiriw a yɛn nso yebetumi afa so ama honhom kronkron no ayɛ yɛn boafo. So yɛayɛ saa?

[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 23]