Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Afuw” no Mu Adwuma a Wɔyɛ Ansa Na Twabere No adu

“Afuw” no Mu Adwuma a Wɔyɛ Ansa Na Twabere No adu

“Afuw” no Mu Adwuma a Wɔyɛ Ansa Na Twabere No adu

ƆKYERƐKYERƐFO Kɛse no asuafo no ho dwiriw wɔn. Ná Yesu kaa awi ne wura ho asɛm no kyerɛɛ wɔn no nkyɛe. Ná ɛka ɛbɛ a obuu no saa da no ho. Bere a owiei no, n’atiefo no mu pii kɔe. Nanso na n’asuafo no nim sɛ asɛm pɔtee bi wɔ ne bɛ ahorow no mu—titiriw nea ɛfa awi ne wura ho no. Ná wonim sɛ Yesu nyɛ obi a ɔto anansesɛm a ɛyɛ anigye ara kwa.

Mateo amanneɛbɔ no ka sɛ wobisae sɛ: “Kyerɛ yɛn afuw mu wura bɔne ho bɛ no ase.” Wɔ mmuaema mu no, Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn bɛ no mu, na ɔkyerɛɛ wɔn ɔwae kɛse bi a ɛbɛsɔre wɔ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ n’asuafo no mu. (Mateo 13:24-30, 36-38, 43) Eyi bae, na ɔwae trɛwee ntɛmntɛm bere a ɔsomafo Yohane wui akyi no. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:6-12) Nea afi mu aba no atrɛw araa ma Yesu bisa ma no fata wɔ sɛnea wɔakyerɛw wɔ Luka 18:8 sɛ: “Onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi wɔ asase so?”

Yesu ba a ɔbɛba no na ebefi Kristofo a wɔte sɛ awi no “twa bere” no ase. Na ɛno bɛyɛ ‘nneɛma nhyehyɛe yi awiei’ a efii ase wɔ 1914 no ho sɛnkyerɛnne. Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ na ebinom afi ase renya Bible mu nokware ho anigye wɔ bere a edii twabere no anim no mu.—Mateo 13:39.

Nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔ abakɔsɛm mu no ada no adi sɛ efi afeha a ɛtɔ so 15 reba no, wɔakanyan nnipa mpapahwekwaa pii mpo a na wɔyɛ Kristosom mufo a na wɔte sɛ “wura,” anaa wɔn a wɔyɛ wɔn ho sɛ Kristofo no adwene. Bere a obiara nsa kaa Bible na wɔyɛɛ Bible mu nsɛmfua a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso no, nnipa komapafo fii ase hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye.

Hann no Hyerɛn

Wɔn a na wɔte saa wɔ afeha a ɛto so 19 mu no bi ne Henry Grew (1781-1862), a ofi Birmingham, England. Bere a odii mfe 13 no, ɔne n’abusua twaa Atlantic po no kɔɔ United States, na woduu hɔ wɔ July 8, 1795 mu. Wɔtraa Providence, Rhode Island. N’awofo de Bible ho dɔ duaa ne mu. Wɔ 1807 mu, bere a na wadi mfe 25 no, wɔtoo nsa frɛɛ Grew sɛ ɔmmɛsom sɛ ɔsɔfo wɔ Baptist Asɔre no mu wɔ Hartford, Connecticut.

Ɔfaa ne nkyerɛkyerɛ ho asɛyɛde no aniberesɛm na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔhyɛ ne nsa no ma wɔatra ase ama ɛne Kyerɛwnsɛm no ahyia. Nanso na ogye di sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ asafo no ho ban ma ɛho tew fi obiara a ɔboapa yɛ bɔne no ho. Ɛtɔ da bi a ɔne mmarima a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no nso (tu) wɔn a wɔabɔ aguaman anaa wɔde wɔn ho ahyɛ nneyɛe a ɛmfata mu no fi asɔre no mu.

Nanso na nsɛnnennen afoforo wɔ asɔre no mu a ɛhaw n’adwene. Ná wɔwɔ mmarima bi a wɔnyɛ asɔre no mufo a na wɔhwɛ asɔre sikasɛm so na wodi asɔre no anim wɔ nnwonto mu. Ná saa mmarima yi nso wɔ tumi sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ asafo no mu ma nti na wɔwɔ ne dwumadi so tumi. Ná Grew gye di denneennen sɛ ɛdenam nnyinasosɛm a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi wiase no ho so no, agyidifo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nneɛma yi. (2 Korintofo 6:14-18; Yakobo 1:27) Ne fam no, sɛ́ wɔn a wɔnyɛ gyidifo bɛto ayeyi nnwom ama Onyankopɔn no yɛ abususɛm koraa. Esiane gyinabea yi nti, woyii Henry Grew fii asɔre no mu wɔ1811 mu. Asɔremma a na wokura adwene a ɛtete saa no nso twee wɔn ho fii asɔre no mu saa bere no ara mu.

Wɔn Ho a Wɔtwe Fi Kristosom Ho

Kuw yi a Henry Grew ka ho no fii ase yɛɛ Bible adesua a na wɔn botae ne sɛ wɔbɛma wɔn asetra ne wɔn dwumadi ne Bible afotu ahyia. Wɔn adesua no maa wɔbɛtee Bible mu nokware ase na ɛmaa wɔpaa Kristosom nneyɛe bɔne ho ntama. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1824 mu no, Grew kyerɛw nsɛm bi a na ntease wom a ɛbɔ Baasakoro gu. Hyɛ ne nsɛm a ntease wom yi nsow wɔ nea ɔkyerɛwee yi mu: “‘Na da no ne dɔn no de, onipa nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye AGYA no.’ [Marko 13:32] Hyɛ sɛnea wɔahyehyɛ nsɛm yi nsow. Onipa, Abɔfo, Ɔba, Agya . . . Yɛn Awurade kyerɛkyerɛe sɛ Agya no nkutoo na onim saa da no. Nanso na eyi nyɛ nokware, efisɛ sɛnea ebinom susuw no, sɛ Agya, Asɛm, ne Honhom Kronkron no yɛ nnipa baasa a wɔbom yɛ Onyankopɔn biako a; ɛnde, sɛnea eyi, [nkyerɛkyerɛ, Baasakoro nkyerɛkyerɛ,] te no . . . Ɔba no nim biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea Agya no nim no.”

Grew daa asɔfo ne asafohene a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Kristo no nyaatwomyɛ adi. Wɔ 1828 mu no, ɔkae sɛ: “So abirabɔ kɛse nnim sɛ Kristoni bɛbɔ mpae wɔ kokoam ama n’atamfo, na wafi adi akɔhyɛ n’asraafo dɔm sɛ wɔmfa wɔn akode nkunkum saa atamfo koro yi ara? Wɔ ɔfã bi no, ɔde anigye yɛ ade te sɛ ne Wura; nanso hena na ɔsɛ no wɔ ɔfã foforo no mu? Yesu bɔɔ mpae maa wɔn a na wɔrekum no no. Kristofo kunkum wɔn a wɔbɔ mpae ma wɔn no.”

Nea ɛsen eyi no, Grew kyerɛwee sɛ: “Ɛnkosi bere bɛn na yebegye adi sɛ wonsi Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ‘atwetwe?’ Ɛnkosi bere bɛn na yɛbɛte ɔsom a ɛho nni fi no suban ne da a ɛda nsow a ɛhwehwɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ‘bɔne ho’ no ase? . . . So ɛnyɛ Ɔba no din na yɛsɛe no, sɛ yebesusuw sɛ ne som hwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho sɛ abɔfo wɔ tebea bi mu, na wɔ tebea foforo mu no, ama kwan ma yɛayɛ yɛn ho te sɛ adaemone?”

Daa Nkwa Mfi Awosu Mu

Saa bere no, ansa na television ne radio reba no, na ɔkwan a obiara nam so betumi de akyerɛ n’adwene ne sɛ ɔbɛkyerɛw nkratwa na wakyekyɛ. Wɔ bɛyɛ 1835 mu no, Grew kyerɛw kratawa bi a edi mũ a ɛpaa ɔkra a enwu da ne hellgya nkyerɛkyerɛ no ho ntama sɛ ennyina Kyerɛwnsɛm so. Ɔtee nka sɛ saa nkyerɛkyerɛ no yɛ abususɛm a etia Onyankopɔn.

Na saa kratawa yi benya nkɛntɛnso adu akyiri. Wɔ 1837 mu no, George Storrs a na wadi mfe 40 no huu bi wɔ keteke mu. Ná Storrs fi Lebanon, New Hampshire, a saa bere yi ɔte Utica, New York.

Ná ɔyɛ ɔsɔfo a wobu no yiye wɔ Methodist-Episcopal Asɔre no mu. Bere a ɔkenkanee kratawa no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ wotumi kasa tiaa Kristosom nkyerɛkyerɛ atitiriw saa, a na onsusuw ho saa da. Ná onnim nhoma no kyerɛwfo, kosii mfe bi akyi, bɛyɛ 1844 mu, a ohyia Henry Grew bere a na wɔn nyinaa te Philadelphia, Pennsylvania no. Nanso Storrs nkutoo susuw asɛm no ho mfe abiɛsa, na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ asɔfo nkutoo.

Awiei koraa no, esiane sɛ na obiara ntumi mmɔ nea ɔresua no ngu nti, George Storrs sii gyinae sɛ, sɛ ɔkɔ so tra Methodist Asɔre no mu a, na ɔretwa Onyankopɔn nkontompo. Ogyaee wɔ 1840 mu na otu kɔɔ Albany, New York.

Wɔ 1842, fefɛw bere mfiase mu no, Storrs maa ɔkasa ahorow asia wɔ adapɛn asia mu wɔ asɛmti “Nhwehwɛmu—So Abɔnefo Nwu Da?” ho. Nkurɔfo kyerɛɛ ho anigye kɛse araa ma osiesie tintimii, na bɛboro mfe 40 a edi hɔ no, nnipa bɛyɛ 200,000 na wɔn nsa kaa bi wɔ United States ne Great Britain. Storrs ne Grew boom gyee ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no ho akyinnye. Afei Grew kɔɔ so de nsi kaa asɛmpa no kosii sɛ owui wɔ August 8, 1862, wɔ Philadelphia.

Storrs maa ɔkasa asia a yɛkaa ho asɛm mprempren yi ara akyi bere tiaa bi no, n’ani begyee William Miller, a na ɔrehwɛ Kristo kwan sɛ ɔbɛba anikan wɔ 1843 mu no asɛnka ho. Bɛyɛ mfe abien no, na Storrs de ne ho ahyɛ saa asɛnka yi mu denneennen wɔ United States atifi fam apuei nyinaa. Wɔ 1844 akyi no, wamfa bere bi ansi hɔ sɛ ɛno mu na Kristo bɛba bio, nanso sɛ na afoforo pɛ sɛ wɔyɛ mmerebu mu nhwehwɛ mu a, na ɔnsɔre ntia. Ná Storrs gye di sɛ Kristo ba a ɔbɛsan aba no abɛn na ehia sɛ Kristofo kɔ so wɛn, na wɔma wɔn ani da hɔ honhom mu, yɛ krado ma ɔhwɛ da no. Nanso ɔtwee ne ho fii Miller kuw no ho efisɛ na wogye nkyerɛkyerɛ bi a ennyina Kyerɛwnsɛm so, te sɛ ɔkra a enwu da, wiase a wɔbɛhyew no, ne anidaso biara a na enni hɔ mma wɔn a wonnim hwee a wowuwui no, tom.

Onyankopɔn Ho Dɔ Kowie Dɛn Mu?

Adventistfo adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn benyan abɔnefo a atirimpɔw no ara ne sɛ ɔbɛsan akum wɔn no maa Storrs ho dwiriw no. Ná onhu adanse biara wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛtwe adwene si aweredi ne adeyɛ a mfaso nni so a ɛte saa wɔ Onyankopɔn fam so. Storrs ne n’ayɔnkofo no kɔɔ akyiri wɔ eyi mu na wɔde baa awiei sɛ wɔrennyan abɔnefo no koraa. Ɛwom sɛ na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm ahorow bi a ɛtwe adwene si so sɛ wobenyan abɔnefo no mu de, nanso na wosusuw sɛ wɔn gyinaesi no ne Onyankopɔn dɔ hyia. Na ɛrenkyɛ na wɔanya ntease foforo wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho.

Wɔ 1870 mu no, Storrs yaree denneennen a wantumi anyɛ adwuma asram dodow bi. Saa bere yi mu no, otumi hwehwɛɛ nea ɔde mfe 74 asua no nyinaa mu bio. Ɔkae sɛ wanhu Onyankopɔn atirimpɔw a ehia paa ma adesamma sɛnea wɔada no adi wɔ Abraham apam no mu—sɛ ‘wobehyira asase so mmusua nyinaa esiane sɛ Abraham tiee Onyankopɔn nne nti’ no.—Genesis 22:18; Asomafo no Nnwuma 3:25.

Eyi de nsusuwii foforo baa n’adwenem. Sɛ wobehyira “mmusua nyinaa” a, so ɛnsɛ sɛ wɔn nyinaa te asɛmpa no bi? Wɔbɛyɛ dɛn ate? So nnipa ɔpepepem pii nwuwui dedaw? Bere a ɔsan hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu no, ɔkae sɛ awufo no yɛ nnipa “abɔnefo” akuw abien: wɔn a wɔboapa apo Onyankopɔn dɔ, ne wɔn a wowui a na wonnim hwee no.

Storrs kaa wɔn a na wonnim hwee no ho asɛm sɛ, ɛsɛ sɛ wonyan wɔn fi awufo mu na wobenya Kristo Yesu ogye afɔre no mu mfaso. Wɔn a wobegye atom no bɛtra ase daa wɔ asase so. Na wɔn a wɔbɛpo no, wɔbɛsɛe wɔn. Yiw, na Storrs gye di sɛ Onyankopɔn rennyan obiara a anidaso biara nni hɔ mma no. Awiei koraa no, obiara renwu wɔ Adam bɔne no ho, gye Adam nkutoo! Nanso wɔn a wɔte ase bere a Awurade Yesu Kristo asan aba no nso ɛ? Storrs behui awiei koraa sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wiase nyinaa asɛmpaka adwuma ma edu wɔn nkyɛn. Ná onni sɛnea wɔbɛyɛ biribi a ɛte saa ho nimdeɛ biara, nanso ofi gyidi mu kyerɛwee sɛ: “Nnipa pii fam no, sɛ wɔanhu sɛnea wɔyɛ biribi a, wɔpo, te sɛ nea Onyankopɔn ntumi nyɛ, esiane sɛ wontumi nhu ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ nti.”

George Storrs wui wɔ December, 1879 mu wɔ ne fie wɔ Brooklyn, New York, baabi a ɛbɛn beae titiriw a akyiri yi na wobefi ayɛ wiase nyinaa asɛnka ɔsatu a ɔhwɛɛ kwan no.

Wohia Hann Pii

So mmarima te sɛ Henry Grew ne George Storrs tee nokware no ase yiye sɛnea yɛte ase nnɛ no? Dabi. Ná wonim wɔn apereperedi no, sɛnea Storrs kae wɔ 1847 mu no sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kae sɛ yɛafi honhom mu sum bere a na asɔre no wom no mu; na ɛrenyɛ nwonwa koraa sɛ yebehu sɛ yɛda so ara hyehyɛ ‘Babilon ntade’ bi.” Sɛ nhwɛso no, Grew kyerɛɛ Yesu agyede a ɔde mae no ho anisɔ, nanso wante ase sɛ ɛyɛ ‘agyede a ɛfata,’ kyerɛ sɛ, Yesu desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde mae de sesaa Adam desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔhweree no. (1 Timoteo 2:6) Afei nso ná Henry Grew gye di sɛ Yesu bɛsan abedi hene ɔhonam mu wɔ asase so. Nanso na Grew wɔ Yehowa din a wɔbɛtew ho no ho adwene, asɛm a na ɛho hia nnipa kakraa bi wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no mu.

Ná George Storrs nso nte nsɛntitiriw bi ase yiye. Otumi huu atosɛm a asɔfo maa enyaa nkɔso no, nanso ɛtɔ mmere bi a, na ɔyɛ ade ma ɛne no bɔ abira koraa. Sɛ nhwɛso no, bere a na ɛte sɛ nea Storrs reyɛ ade atra so wɔ ortodɔks asɔfo adwene a na wokura wɔ Satan ho no, ɔbɔɔ adwene a ɛne sɛ Ɔbonsam yɛ obi ankasa no gui. Ɔpoo Baasakoro no; nanso ɛde kosi bere tiaa bi ansa na ɔrewu no, na n’adwenem ntene no wɔ honhom kronkron no ho sɛ ebia ɛyɛ obi anaasɛ ɛnte saa no. Bere a na George Storrs hwɛ kwan sɛ Kristo sanba no renyɛ nea aniwa behu no, osusuwii sɛ awiei koraa aniwa behu no. Nanso ɛte sɛ nea na saa mmarima baanu yi yɛ komapafo na wodi nokware, na wɔbɛnee nokware no ho sen nnipa pii.

Ná bere nsoe sɛ wobetwa “afuw” a Yesu kaa ho asɛm wɔ awi ne wura ho bɛ no mu no so aba. (Mateo 13:38) Ná Grew, Storrs, ne afoforo reyɛ “afuw” no mu adwuma de asiesie ama otwabere.

Charles Taze Russell a ofii nsɛmma nhoma yi tintim ase wɔ 1879 mu no kyerɛw ne mfe a edi kan no ho asɛm sɛ: “Awurade ayɛ yɛn mmoa pii wɔ N’asɛm no sua ho, a wɔn a wodii mu akoten ne yɛn nua dɔfo panyin George Storrs, a ɔnam n’anom asɛm ne kyerɛwdua so boaa yɛn pii; nanso yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛrenni nnipa akyi, na mmom yɛbɛyɛ ‘Onyankopɔn Akyidifo sɛ mma adɔfo.’” Yiw, na Bible asuafo komapafo betumi anya mmɔden a mmarima te sɛ Grew ne Storrs bɔe no so mfaso, nanso na ɛda so ara hia sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu sɛ nokware no fibea ankasa.—Yohane 17:17.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26]

Nea na Henry Grew Gye Di

Wɔagu Yehowa din no ho fĩ, na ɛsɛ sɛ wɔtew ho.

Baasakoro, ɔkra a enwu da, ne hellgya yɛ nnaadaa nkyerɛkyerɛ.

Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no twe ne ho fi wiase no ho.

Ɛnsɛ sɛ Kristofo nya amanaman akodi ahorow mu kyɛfa biara.

Kristofo nni Memeneda anaa Kwasida Homeda mmara ase.

Ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyehyɛ sum ase akuw, te sɛ Lɔɔgye mu.

Ɛnsɛ sɛ wonya asɔfo ne asɔremma akuw biara wɔ Kristofo mu.

Nyamesom mu abodin ahorow fi antikristo.

Ɛsɛ sɛ asafo biara nya mpanyimfo kuw.

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ho tew wɔ wɔn nneyɛe nyinaa mu, a asɛm bi nni wɔn ho.

Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ka asɛmpa no.

Nnipa binom bɛtra ase daa wɔ Paradise asase so.

Ɛsɛ sɛ Kristofo dwom yi Yehowa ne Kristo ayɛ.

[Asɛm Fibea]

Photo: Collection of The New-York Historical Society/69288

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28]

Nea na George Storrs Gye Di

Yesu de ne nkwa tuaa agyede bo no maa adesamma.

Na wonnya nyɛɛ asɛmpaka adwuma no (wɔ 1871 mu).

Esiane ɛno nti, na awiei no nyɛ nea abɛn wɔ saa bere no (wɔ 1871 mu). Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛmpaka adwuma no bere bi, daakye.

Ná nnipa binom benya asase no atra so daa.

Wobenyan wɔn a wowui a na wonnim hwee no nyinaa. Wɔn a wogye Kristo ogye afɔre no tom no benya daa nkwa wɔ asase so. Wɔbɛsɛe wɔn a wɔbɛpo no.

Ɔkra a enwu da ne hellgya yɛ atoro nkyerɛkyerɛ a ɛsopa Onyankopɔn.

Awurade Anwummeduan no yɛ afe afe afahyɛ a esi Nisan 14.

[Asɛm Fibea]

Photo: SIX SERMONS, by George Storrs (1855)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]

Wɔ 1909 mu no, C. T. Russell, a na ɔyɛ “Zion’s Watch Tower,” samufo no tu kɔɔ Brooklyn, New York, U.S.A.