Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wopɛ Sika Anaa Wo Nkwa?

Wopɛ Sika Anaa Wo Nkwa?

Wopɛ Sika Anaa Wo Nkwa?

Ebia woate pɛn sɛ adwowtwafo a wɔde atuo kyerɛɛ obi so ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo sika anaa wo nkwa!” Ɛnnɛ, wɔka asɛm a wonim no yiye yi kyerɛ yɛn nyinaa wɔ ɔkwan a ɛyɛ den so—titiriw, yɛn mu binom a wɔte nsase a wodi yiye so no. Nanso, saa bere yi de ɛnyɛ odwowtwafo bi na ɔde saa asɛm yi ba yɛn so. Mmom no, ɛyɛ twe a ɔmanfo kɔ so twe adwene si sika ne honam fam yiyedi so pii no.

ADWENE a wɔtwe si so saa no ama nsɛmpɔw ne ɔhaw afoforo pii asɔre. Ɛsɛ sɛ yedi sika ne honam fam nneɛma akyi kodu he? Sɛ yɛwɔ kakraa bi a, yɛn ani betumi asɔ? So nkurɔfo de ade dodowpɛ resesa “nokware nkwa”? So sika ne ade a ɛma yenya asetra a anigye wom?

Sikapɛ Ntraso

Wɔ nneɛma a nnipa pɛ na wɔn kɔn dɔ nyinaa—nea ɛyɛ ne kwan so anaa nea ɛnyɛ ne kwan so—mu no, sikapɛ na edi kan. Nea ɛnte sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ne aduan ho akɔnnɔ no, sikapɛ ntraso betumi ayɛ nea ɛtra hɔ bere nyinaa a enni awiei. Ɛte sɛ nea onyin mma ennyae. Mpɛn pii no, obi mfe a ɛkɔ anim tumi ma n’ani gye anaa odwen sika ne nea ebetumi atɔ ho kɛse ankasa.

Ɛte sɛ nea anibere rebu so kɛse. Sini bi a agye din mu nipa titiriw kae sɛ: “Anibere ye. Anibere so wɔ mfaso.” Ɛwom sɛ nnipa pii kaa 1980 mfe no ho asɛm sɛ Anibere Bere de, nanso nea edii ɛno anim ne akyi no da no adi sɛ nnipa nneyɛe wɔ sika ho nsesae ahe biara wɔ mfe a abɛsen no nyinaa mu.

Ade a ebia ɛyɛ foforo ne sɛ nnipa pii hu akwan horow a wɔbɛfa so anya ahonyade ntɛm ara. Ɛte sɛ nea bere nyinaa no, wiase no de wɔn bere ne wɔn ahoɔden dodow no ara yɛ honam fam nneɛma na wɔhwehwɛ bebree. Ebia wubegye atom sɛ honam fam nneɛma a yebenya ne nneɛma atotɔatotɔ abɛyɛ anigyede—na mpɛn pii no ɛyɛ ade a esi tirim ara kwa—wɔ asetram nnɛ.

Nanso ama nnipa anya anigye kɛse ankasa? Bere a Ɔhene Salomo nyansafo ne ɔdefo no rema saa asɛmmisa no ho mmuae no, ɔkyerɛwee mfirihyia 3,000 a atwam ni sɛ: “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso. Eyi nso yɛ ahuhude.” (Ɔsɛnkafo 5:10) Ɛnnɛyi asetram nsɛm ho adesua da nsɛm a ɛkanyan adwene saa ara adi.

Sika ne Anigye

Nneɛma a wɔahu afa nnipa nneyɛe ho a ɛyɛ nwonwa no mu biako ne sɛ sika ne adedodow a obi benya no mma onnya abotɔyam ne anigye pii ankasa. Nea nhwehwɛmufo pii abehu ne sɛ, sɛ obi nya ne ho du baabi a, ne yiyedi nnyina ahode pii a ɔwɔ so.

Enti, ahonyade ne sika akyi a nkurɔfo kɔ so di no ma nnipa pii bisa sɛ, ‘Ɛte sɛ nea yɛn ani gye ade foforo biara a yɛtɔ ho; nanso, dɛn nti na bere a yɛanya eyinom nyinaa awie no, saa anigyede ahorow yi mma yennya abotɔyam ahe biara?’

Nhoma kyerɛwfo Jonathan Freedman ka wɔ ne nhoma Happy People mu sɛ: “Sɛ wo nsa nya ka akatua kakra a, sika dodow a wowɔ no mma wunnya anigye ahe biara. Sɛ obi nya sika boro nea ɔde totɔ biribi di a, n’akatua ne anigye a obenya nni abusuabɔ ahe biara.” Nnipa pii abehu sɛ nea ɛho hia ma ankorankoro anya anigye ankasa ne sɛ, onii no benya honhom fam agyapade, obenya dwuma pa bi ayɛ wɔ n’asetram, na wanya abrabɔ ho gyinapɛn a ɛfata. Ade a ɛho hia nso ne abusuabɔ a yɛne nnipa foforo benya, ɛne ahofadi a yebenya afi akodi ne anohyeto a entumi mma yɛmfa nea yɛwɔ nnye yɛn ani mu.

Nnipa pii hu sɛ ade a ɛde asetram haw ahorow a ɛwɔ hɔ mprempren dodow no ara ba ne mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛde honam fam yiyedi bedi honhom fam haw ankasa ho dwuma no. Asetra ho nimdefo binom ka sɛ nnipa dodow no ara nni anidaso ne abotɔyam. Wɔka nso sɛ nnipa pii a wɔwɔ aman a wodi yiye mu kɔ ayaresafo nkyɛn anaasɛ wɔkɔhwehwɛ asetra atirimpɔw ne asomdwoe fi nyamekyerɛfo, ahonhonsɔrefo, ne akuw a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ayaresafo nkyɛn. Eyi yɛ adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ honam fam nneɛma ntumi mma yennya asetra atirimpɔw ankasa.

Tumi a Sika Wɔ ne Tumi a Enni

Nokwarem no, sika wɔ tumi. Ebetumi atɔ afie a ɛyɛ fɛ, ntade a ɛyɛ fɛ, ne dan mu nneɛma a ɛyɛ fɛ. Ebetumi ama afoforo ani agye yɛn ho, adi yɛn asɛm so, anaa wɔadɛfɛdɛfɛ yɛn nso, na mpo ama yɛanya nnamfo kakra a wɔbɛhoahoa yɛn bere tiaa mu. Nanso, nea tumi a sika wɔ betumi ayɛ ara ne no. Sika ntumi ntɔ nea yehia sen biara—nokware adamfo dɔ, asomdwoe, ne awerɛkyekye a ɛka koma wɔ yɛn wupa so. Na wɔn a wɔn ani sɔ wɔne wɔn Bɔfo no ntam abusuabɔ fam no, sika ntumi mma wonnya Onyankopɔn anim dom.

Ɔhene Salomo a na ɔwɔ nnepa a sika tumi tɔ wɔ ne bere so nyinaa bi no hui sɛ, sɛ obi de ne ho to adedodow so a, ɔrennya asomdwoe a ɛtra hɔ daa. (Ɔsɛnkafo 5:12-15) Sikakorabea a egu anaa nneɛma bo a ɛkɔ soro betumi ama obi ahwere ne sika. Ahum a ano yɛ den betumi abubu obi dan. Bere a wotumi tua insurance sika de di nneɛma a wɔhwere ho dwuma no, enni nkate fam yaw ho dwuma. Sikasɛm a ɛsɛe mpofirim betumi ama obi sikaten a n’ani da so ne nea ɔde abɔ bosea ayɛ adehunu da koro pɛ. Adwuma a n’akatua ye mpo betumi agu ntɛm ara.

Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi ama sika atra n’afa? Dwuma bɛn na ɛsɛ sɛ sika anaa agyapade di wɔ yɛn asetra mu? Yɛsrɛ sɛ kɔ so hwehwɛ asɛm no mu na hu sɛnea wubetumi anya biribi a mfaso wɔ so ankasa—“nokware nkwa.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Adedodow mma yennya anigye a ɛtra hɔ daa