Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Mo Ani Nnye Ahenni Anidaso no Ho!

Momma Mo Ani Nnye Ahenni Anidaso no Ho!

Momma Mo Ani Nnye Ahenni Anidaso no Ho!

ƐYƐ anigye bere a ɛmaa atiefo 5,784 hyiaam wɔ March 10, 2001, wɔ mmeae abiɛsa a ɛwɔ New York Mantam no mu a Betel abusua kɛse no tete no. Ná ɛyɛ Gilead asɛmpatrɛw sukuu adesuakuw a ɛto so 110 adesua awiei.

Carey Barber, a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no maa obiara akwaaba de fii dwumadi no ase kae sɛ: “Mprempren ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ wɔatete Gilead adesua akuw 110 sɛ asɛmpatrɛwfo de wɔn akɔ wiase aman nyinaa so.”

Sɛnea Wobɛkɔ so Ama W’ani Agye

Bere a Onua Barber maa ne nnianim kasa no wiei no, Don Adams kasa kyerɛɛ atiefo no, a na adesuafo 48 a wɔrewie wɔn adesua no ka ho, faa asɛm a ɛne “Yehowa Nhyira na Ɛyɛ Ɔdefo” ho. Bere a ɔde ne kasa no gyinaa Mmebusɛm 10:22 so no, ɔkaee atiefo no sɛ sɛ Yehowa asomfo de Ahenni nneɛma di kan wɔ wɔn asetram a, ɔwowaw wɔn hyira wɔn. Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔmfa ɔpɛ honhom koro no ara a ɔsomafo Paulo daa no adi bere a wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ‘ontwa mmra Makedonia mmɛboa’ no nnye wɔn dwumadi foforo no. (Asomafo no Nnwuma 16:9) Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Paulo di nsɛnnennen pii so na ama watumi aka asɛm no wɔ baabi a wɔkyerɛɛ no no de, nanso nhyira pii fii mu bae.

Ná adesuafo no awie asram anum Bible adesua ne ntetee a wɔde resiesie wɔn ama asɛmpatrɛw adwuma no. Nanso, Daniel Sydlik, a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no kɔɔ so hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nsua ade. Bere a ɔreka asɛmti a ɛne “Monyɛ Asuafo Anokwafo” ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Asuafoyɛ kyerɛ Yesu nsɛm a yebetie bere nyinaa. Ɛfa ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebetie ne nsɛm ne ne nkyerɛkyerɛ bere nyinaa ho.” Ɔkae sɛ Kristo asuafo nsisi gyinae bere a wontiee nea Owura no wɔ ka; Onyankopɔn nyansa da adi wɔ Kristo asetra mu. (Kolosefo 2:3) Yɛn mu biara nni hɔ a obetumi atie Yesu nsɛm pɛnkoro pɛ na waka sɛ onim ne ho nsɛm nyinaa, enti Onua Sydlik hyɛɛ adesuafo a wɔrewie no nkuran sɛ wɔnkɔ so nsua Kristofo nokware no a ɛde ahofadi ba no, wɔmfa nni dwuma, na wɔmfa nkyerɛkyerɛ.—Yohane 8:31, 32.

Sɛ obi bɛkɔ so adi nokware wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu a, ɛsɛ sɛ oyi ne yam sɛ obegye nteɛso atom. Lawrence Bowen a ɔyɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no bisae sɛ: “So W’asaabo Bɛteɛ Wo So?” Ɔdaa no adi sɛ wɔ Bible mu no, wɔde sɛnkyerɛnne kwan so asaabo di dwuma fa obi nsusuwii ne ne nkate a ɛwɔ ne mu tɔnn ho. Sɛ honhom fam afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu hyɛn obi nipasu mu tɔnn a, ebetumi ateɛ no so. (Dwom 16:7; Yeremia 17:10) Obi nokwaredi mpo betumi aka Yehowa koma kɛse. Bere a ɔkasafo no kenkan Mmebusɛm 23:15, 16 wiei no, obisae sɛ: “So W’asaabo Bɛteɛ Wo So?” Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛbɔ mpae sɛ ɛnyɛ saa, na wonam saayɛ so bɛma Yehowa ani agye ne komam kɛse. Wobɛkanyan ne nkate kɛse. Yiw, wobɛma Onyankopɔn asaabo adi ahurusi bere a wokɔ so de nokwaredi bata wo dwumadi ho no.”

Onua Mark Noumair a ɔsomee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Kenya ansa na ɔrebɛyɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no na ɔmaa kasa a etwa to wɔ dwumadi no fã yi ase. Ne kasa a na n’asɛmti ne “Ɛfanim Aniwa Adehu” no sii hia a ɔpene a yebenya ho hia no so dua. Nea ɛne Ɔsɛnkafo 6:9 hyia no, Onua Noumair hyɛɛ nkuran sɛ: “Pene tebea a wowom no so. Ɛno ne ‘nea aniwa hu no.’ Sɛ́ anka wubedwennwen biribi a wopɛ sɛ woyɛ nanso ɛnyɛ ɛno ne nea woreyɛ ho no, fa w’adwene si nea wo mprempren nsɛm tebea betumi ama woayɛ no kɛse no so. Sɛ wudwennwen nneɛma a wo nsa ntumi nka ho, wohwɛ nneɛma a wo nsa ntumi nka kwan, anaa wode w’adwene si wo dwumadi no mu nneɛma a ɛnhyɛ nkuran so a, w’ani rennye nea wowɔ no ho na worennya abotɔyam.” Yiw, ɛmfa ho baabi a ebia yɛwɔ anaa tebea a yɛwom no, Onyankopɔn mu anigye a yebenya wɔ yɛn ankasa nsɛm tebea horow mu no ma yɛde anigye som yɛn Bɔfo Kɛse no.

Ahenni Adwuma no Ne Gilead Osuahu a Ɛyɛ Anigye

Bere a adesuafo no tiee saa kasa horow no mu afotu a mfaso wɔ so saa wiei no, wɔkaa osuahu ahorow a na wɔanya wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ wɔn asram anum adesua mu no kyerɛe. Wɔ Wallace Liverance, Gilead sukuu panyin, akwankyerɛ ase no, adesuafo a wɔrewie no kaa sɛnea wɔayi wɔn ho akyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo no ho asɛm. (2 Korintofo 4:2) Na wɔatumi akanyan nnipa binom ahonim a Onyankopɔn de ama wɔn no. Adesuafo no suahu ahorow daa sɛnea wɔne nnipa komapafo bi a wohyiaa wɔn wɔ mmɔnten so, wɔ afie afie asɛnka mu, ne tebea foforo mu fii Bible adesua horow ase no adi. Wɔ mmere ahorow mu no, anigyefo no kae sɛ Yehowa ahyehyɛde no Bible ho nhoma ahorow no kura nokware no. Ofiewura bi ani gyee Bible mu asɛm pɔtee bi ho kɛse. Mprempren ɔne Yehowa Adansefo resua Bible no.

Nea edi hɔ no, Joel Adams bisabisaa Gilead adesuafo a wɔawie wɔn adesua mfe pii a atwam no nsɛm. Ná n’asɛmti ne “Nnyae Adesua Da, Nnyae Yehowa Som Da.” Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no de afotu a ɛyɛ ne bere mu de maa asɛmpatrɛwfo foforo no. Bere a Harry Johnson a ɔyɛ adesuakuw a ɛto so 26 no muni reka ne bere so asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ Yehowa adi ne nkurɔfo anim bere nyinaa na ɔbɛkɔ so adi ne nkurɔfo anim. Saa ahotoso no ahyɛ me nkuran mfe a abɛsen kɔ no nyinaa mu.” William Nonkes, a ɔyɛ Gilead adesuakuw a ɛto so 53 no muni no tuu adesuafo a wɔawie no fo sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no, ma Bible mu nnyinasosɛm ntra w’adwenem, na gyina so sisi gyinae wɔ w’asetram nnɛ ne daa. Sɛ woyɛ saa a, wobɛkɔ so abata wo dwumadi ho, na wubenya Yehowa nhyira pii.”

“Wɔahyɛ Yɛn Den sɛ Yɛnkɔyɛ Yehowa Apɛde” ne asɛmti a na Richard Rian apaw ama ne dwumadi no. Wɔn a obisabisaa wɔn nsɛm no biako ne John Kurtz, a ɔyɛ adesuakuw a ɛto so 30 no muni a ɔde bɛboro mfe 41 somee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Spain no. Bere a wobisaa Onua Kurtz nneɛma a wosua wɔ Gilead ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Bible no ne nkyerɛkyerɛ nhoma titiriw. Na afei yɛwɔ nhoma a wɔde sua Bible a ɛboa yɛn ma yɛte Bible no ase. Obiara nsa betumi aka bi. Wɔnkyerɛ ahintasɛm biara wɔ Gilead. Minnyaee eyi so dua si da efisɛ obiara wɔ hokwan sɛ obenya nneɛma a wɔkyerɛ wɔ Gilead no.”

Onua Gerrit Lösch, a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no de honhom fam dwumadi no baa awiei denam ɔsɛmpɔw a ɛne “Yehowa Ntaban So ne Ne Ntaban Ase” ho asɛm a ɔkae so. Ɔkaa sɛnea wɔnam ɔkɔre ntaban so akyerɛkyerɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so bɔ n’asomfo ho ban wowaw wɔn a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm. (Deuteronomium 32:11, 12; Dwom 91:4) Ɛtɔ mmere bi a ɔkɔre a wanyin no trɛw ne ntaban mu nnɔnhwerew pii de bɔ ne mma ho ban. Ɛtɔ mmere bi a, ɔkɔre bere tumi de ne ntaban kata ne mma ho de bɔ wɔn ho ban fi mframa a emu yɛ nwini ho. Saa ara na wɔ ɔkwan a ɛne Yehowa atirimpɔw hyia so no, obetumi abɛboa n’asomfo anokwafo, titiriw bere a wohyia honhom fam sɔhwɛ ahorow no. Yehowa mma wɔnsɔ n’asomfo nhwɛ ntra nea wobetumi asoa, na mmom ɔma kwan da ho na ama wɔatumi asoa. (1 Korintofo 10:13) Onua Lösch de asɛm no baa awiei sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ Yehowa ntaban ase na ama yɛakɔ so anya honhom fam ahobammɔ. Eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yenya ahofadi honhom. Momma yɛmmɛn Yehowa ne n’ahyehyɛde a ɛte sɛ ɛna no, mommma yɛnntwe yɛn ho mmfi wɔn akwankyerɛ ne wɔn afotu a ɔdɔ wom no ase.”

Oguamtrani no kenkan hamabɔfo so nsɛm ne nkyia a efi adɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa hɔ no. Afei eduu adesua ho adansedi nkrataa a wɔde ma so. Bere a wofii Gilead Sukuu ase no, na adwene no ne sɛ wɔbɛyɛ adesua akuw kakraa bi pɛ wɔ mfe anum mu. Nanso Yehowa ama sukuu no akɔ so mfe 58 ni. Sɛnea Onua Barber kae wɔ ne nnianim kasa mu no: “Kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye ankasa bɛn ara na Gilead adesuafo a wɔawie no ahyehyɛ ato hɔ fi afe 1943, bere a wofii Gilead ase sɛɛ yi! Mmɔden a wɔn nyinaa abɔ no ama ahobrɛasefo ɔpehaha pii a wɔwɔ asase so aba Yehowa anuonyam ahyehyɛde no mu.” Yiw, asɛmpatrɛw sukuu yi ama nnipa ɔpepem pii ani agye Ahenni anidaso no ho.

[Adaka wɔ kratafa 24]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 8

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 18

Adesuafo no dodow: 48

Mfe a wɔadi nkyekyem: 34

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu: 18

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 13

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 110 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Vacek, E.; Madelin, L.; Evans, G.; Watanabe, K. (2) Trafford, P.; Turfa, J.; Wilson, P.; Williams, R.; Weber, A. (3) Johnson, T.; Hanau, K.; Mourlhou, F.; Charpentier, F.; Peckham, R.; Androsoff, P. (4) Seegers, T.; Seegers, D.; Bailey, P.; Bailey, M.; Madelin, K.; Lippold, E.; Lippold, T. (5) Evans, N.; Gold, R.; Bollmann, I.; Vacek, R.; Oundjian, J.; Wilson, N. (6) Turfa, J.; Zuidema, L.; Zuidema, R.; Bengtsson, C.; Bengtsson, J.; Galano, M.; Galano, L. (7) Peckham, T.; Mourlhou, J.; Charpentier, C.; Gold, M.; Bollmann, R.; Oundjian, F. (8) Weber, R.; Johnson, B.; Hanau, D.; Watanabe, Y.; Williams, R.; Trafford, G.; Androsoff, T.