Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na wɔ 2 Petro 3:13 no, New World Translation ka “ɔsoro foforo [dodow kabea mu] ne “asase foforo,” ho asɛm bere a ɛde “ɔsoro foforo [biako kabea] ne asase foforo” na ɛhyɛ nkɔm wɔ Adiyisɛm 21:1 no?

Eyi fa mfitiase kasa horow a wɔde dii dwuma no mmara ho titiriw. Ɛte sɛ nea enni nea ɛkyerɛ no so nkɛntɛnso titiriw biara.

Di kan susuw Hebri Kyerɛwnsɛm no ho hwɛ. Wɔ mfitiase kasa no ankasa mu no, Hebri asɛmfua sha·maʹyim, a wɔkyerɛɛ ase “ɔsoro” no wɔ dodow kabea mu bere nyinaa. Ɛte sɛ nea dodow kabea a wɔde di dwuma no mfa kɛseyɛ ho na mmom “ade biako a emu trɛw,” anaasɛ ekura adwene a ɛne sɛ “ade biako a ɛwɔ afã horow pii.” Ntease wom kyerɛ sɛ ɔsoro ankasa trɛw fi asase so kɔ afã horow nyinaa, na nsoromma ɔpepepem pii ka ho. Sɛ wɔde adekyerɛsɛm di sha·maʹyim anim a (nea ɛkyerɛ ankasa ne, “ɔsoro,” a ɛwɔ dodow kabea mu), na ɛkame ayɛ sɛ New World Translation kyerɛ ase “ɔsoro” a ɛwɔ dodow kabea mu sɛnea wɔde di dwuma wɔ Yesaia 66:22 no. Sɛ wɔamfa adekyerɛsɛm anka sha·maʹyim ho a wobetumi akyerɛ ase wɔ biako kabea mu (sɛnea ɛte wɔ Genesis 1:8; 14:19, 22; Dwom 69:34 no) anaa dodow kabea mu (sɛnea ɛte wɔ Genesis 49:25; Atemmufo 5:4; Hiob 9:8; Yesaia 65:17 no).

Yesaia 65:17 ne 66:22 nyinaa no, Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma ɔsoro no wɔ dodow kabea mu, na nea wɔtaa de di dwuma ne “ɔsoro foforo [a ɛwɔ dodow kabea mu] ne asase foforo.”

Hela asɛmfua ou·ra·nosʹ kyerɛ “ɔsoro [biako kabea],” na ou·ra·noiʹ kyerɛ “ɔsoro [dodow kabea].” Nea ɛyɛ nwonwa no, nsɛm asekyerɛfo a wɔkyerɛɛ Hela Septuagint ase no de biako kabea na edii dwuma wɔ Yesaia 65:17 ne 66:22 nyinaa.

Afei, mpɛn abien a asɛm “ɔsoro foforo ne asase foforo” no pue wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no nso ɛ?

2 Petro 3:13 no, ɔsomafo no de Hela dodow kabea na edii dwuma. Ansa na ɔde rebedi dwuma wɔ (nkyekyem 7, 10, 12) no, ɔde dodow kabea dii dwuma kaa mprempren “ɔsoro” bɔne yi ho asɛm. Enti ɛfata sɛ ɔde dodow kabea dii dwuma wɔ nkyekyem 13 no. Afei nso, ɛte sɛ nea ɔfaa asɛm no fii mfitiase asɛm a ɛwɔ Yesaia 65:17, baabi a Hebri de no wɔ dodow kabea mu, sɛnea ɔfaa 2 Petro 2:22 fii Hebri kyerɛwsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 26:11 no ara pɛ no. Enti Petro twee adwene sii so sɛ “sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro [a ɛwɔ dodow kabea mu] foforo ne asase foforo a trenee te mu.”

Nea ɛne no bɔ abira kakra no, wɔ Adiyisɛm 21:1 no, ɛda adi sɛ ɔsomafo Yohane de Yesaia 65:17 a ɛwɔ Septuagint mu, a sɛnea yɛahu no, ekura Hela asɛmfua “ɔsoro” a ɛwɔ biako kabea mu no na edii dwuma. Enti, nea Yohane kyerɛwee ni: “Mihuu ɔsoro foforo [biako kabea] ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam.”

Eyinom yɛ kasa mmara ho nsɛm a ɛfa nsɛm asekyerɛ ho. Ɛho hia sɛ yɛsan si so dua sɛ ɛte sɛ nea nsonsonoe biara nni ntease a ɛwom no mu, sɛ́ ebia obi bɛkenkan anaa ɔbɛka sɛ, “ɔsoro foforo [dodow kabea]” anaa “ɔsoro foforo [biako kabea]” no. Dwuma a wɔde di no yɛ ade koro.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Stars: Frank Zullo