Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Som Ka Nnipa Bom

Nokware Som Ka Nnipa Bom

Nokware Som Ka Nnipa Bom

ƐWOM sɛ nyamesom de mpaapaemu ba bere nyinaa de, nanso nokware Nyankopɔn koro pɛ a wɔsom no no tumi ka nnipa bom. Bere a na Israel yɛ Nyankopɔn man a wapaw wɔn no, Amanaman mufo a wɔwɔ koma pa no pii ani gyee nokware som ho. Sɛ nhwɛso no, Rut poo Moab asase so anyame na osee Naomi sɛ: “Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.” (Rut 1:6) Eduu afeha a edi kan Y.B. mu no, na Amanaman mufo fã kɛse no ara abɛyɛ nokware Nyankopɔn asomfo. (Asomafo no Nnwuma 13:48; 17:4) Akyiri yi, bere a Yesu ne asomafo no fii ase tutuu akwan kɔɔ akyirikyiri mmeae kɔkaa asɛmpa no, nnipa komapafo foforo yɛɛ biako som nokware Nyankopɔn no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Moadan afi ahoni ho aba Onyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefo nokwafo.” (1 Tesalonikafo 1:9) So nokware Nyankopɔn som tumi ka nnipa bom saa nnɛ?

Akyinnyegyefo ka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka sɛ “nokware som” anaa ‘nokware Nyankopɔn’ bi wɔ hɔ. Ebia a wɔte nka saa efisɛ wonnim baabi a wobetumi asua nokware no afi. Nanso nnipa pii a wɔn tebea gu ahorow a wɔhwehwɛ nokware no ahu sɛ ɛnyɛ nea obi ankasa pɛ na obegyina so akyerɛ sɛ ɔsom bi yɛ nokware. Nneɛma nyinaa Bɔfo—Yehowa Nyankopɔn—nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no. (Adiyisɛm 4:11) Ɔno ne nokware Nyankopɔn no, na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so som no.

Nea ɛbɛyɛ na Yehowa aboa yɛn ma yɛahu nea ɔhwehwɛ no, ɔnam N’asɛm, Bible, no so kasa kyerɛ yɛn. Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ asase so nnɛ no wɔ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi. Bio nso, Onyankopɔn Ba no kae sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, . . . mubehu nokware” no. (Yohane 8:31, 32) Enti, yebetumi ahu nokware no. Na nnipa komapafo ɔpepem pii a wɔn som gu ahorow fi akokoduru mu regye saa nokware yi na wɔreyɛ biako wɔ nokware som mu.—Mateo 28:19, 20; Adiyisɛm 7:9, 10.

Wiase Nyinaa Biakoyɛ Wɔ Yɛn Bere Yi So!

Nkɔmhyɛ soronko bi a ɛwɔ Bible mu nhoma Sefania mu no ka nnipa a wɔn tebea gu ahorow a wɔbɛyɛ biako ho asɛm. Ɛka sɛ: “Na ɛno ansa na mɛdan ano kronkron makyerɛ amanaman, sɛ wɔn nyinaa mmɔ Yehowa din, nka kasa kronn, na wɔmfa mmati koro nsom no.” (Sefania 3:9, NW) Hwɛ fɛ a ɛyɛ sɛ nkurɔfo ayɛ nsakrae resom Nyankopɔn wɔ biakoyɛ mu!

Bere bɛn na na eyi bɛbam? Sefania 3:8 ka sɛ: “Monhwɛ me kwan, [Yehowa, NW] asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman, na mahwie m’abohuru, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhyew.” Yiw, bere a Yehowa reboaboa amanaman no ano ansa na wahwie n’abufuhyew agu no, ɔma asase so ahobrɛasefo sakra ka kasa kronn bi. Saa bere no adu, efisɛ bere a wɔde bɛboaboa amanaman no ano akɔ Harmagedon ko no afi ase dedaw.—Adiyisɛm 16:14, 16.

Nea ɛbɛyɛ na Yehowa nkurɔfo ayɛ biako no, wama wɔka kasa kronn bi. Nea ɛka saa kasa foforo yi ho ne Bible mu nokware a ɛfa Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho no ho ntease pa a yebenya. Kasa kronn a yɛbɛka no hwehwɛ sɛ yebegye nokware no adi, yɛde akyerɛkyerɛ afoforo, na yɛatra ase ma ɛne Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow ahyia. Ɛhwehwɛ sɛ yɛpo amammuisɛm a ɛde mpaapaemu ba no, na yeyi pɛsɛmenkominya su biara te sɛ abusua mu nyiyim ne wiase yi ɔmampɛ honhom no fi yɛn komam. (Yohane 17:14; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Nnipa komapafo a wɔdɔ nokware no nyinaa betumi asua saa kasa yi. Susuw sɛnea nnipa baanum a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu—a bere bi na ɛsono wɔn mu biara som no—ayɛ biako wɔ nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, som mu no ho hwɛ.

Wɔayɛ Biako Wɔ Nokware Som Mu

Bere a Fidelia, a na ɔyɛ Roma Katolekni amapa no, tɔɔ Bible maa ne babea sɛ ɔmfa nyɛ ne sukuu dwumadi ahorow no, ɔsrɛɛ ne sɔfo sɛ ɔmfa Bible no nkyerɛkyerɛ no nea ato ne mma baanum a wɔawu no. Ɔka sɛ: “Hwɛ sɛnea odii me huammɔ!” Enti bere a Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn no, obisaa wɔn nsɛm a ɛte saa ara. Bere a ɔkenkanee tebea a awufo wom ho asɛm wɔ n’ankasa Bible mu no, ohuu sɛnea asɔre no adaadaa no no. Ohui sɛ awufo nnim biribiara, ma enti wonhu amane wɔ Limbo anaa baabi foforo biara. (Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5) Fidelia sɛee ne nyamesom mu ahoni nyinaa, gyaee asɔre no, na ofii ase suaa Bible no. (1 Yohane 5:21) Mfe du ni a ɔde anigye aka Kyerɛwnsɛm mu nokware no akyerɛ afoforo.

Tara a ofi Kathmandu no tu kɔɔ ɔman bi a Hindufo asɔredan nnɔɔso wɔ hɔ mu. Enti ɔkɔɔ Metɔdist asɔre bi, a na n’ani da so sɛ wobedi ne honhom fam ahiade ho dwuma. Nanso wannya n’asɛmmisa a ɛfa nnipa amanehunu ho no ho mmuae. Afei Yehowa Adansefo kɔsraa no, na wɔkyerɛe sɛ wɔne no besua Bible no. Tara ka sɛ: “Mibehui sɛ ɛnyɛ ɔdɔ Nyankopɔn no na ɔde amanehunu a ɛkɔ so wɔ wiase no ba . . . M’ani gyei sɛ manya wiase foforo a asomdwoe ne biakoyɛ wom ho anidaso.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Tara sɛee ne Hindusom mu ahoni nyinaa, na wamfa ne ho anhyɛ ɔsom mu amammerɛ a ɛkɔ so wɔ ne manfo mu no mu bio. Onyaa anigye ankasa, na ɔreboa adi afoforo honhom fam ahiade ho dwuma sɛ Yehowa Dansefo.

Ná Panya, a ɔyɛ Buddahni no, yɛ osumanni bere a Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn bere a edi kan wɔ Bangkok no, enti n’ani gyee Bible mu nkɔmhyɛ ahorow ho. Panya kae sɛ: “Bere a mibehuu nea enti a mprempren asetra yɛ soronko wɔ nea Ɔbɔadeɛ no susuwii mfiase no ho ne sɛnea wayɛ nhyehyɛe sɛ obesiesie nneɛma a wɔn a wɔpo ne tumidi asɛe no no, na ɛte sɛ nea wɔayi nkataanim bi afi m’anim. Ná nsɛm a Bible no ka nyinaa yɛ nokware turodoo. Mebɛdɔɔ Yehowa sɛ obi ankasa; eyi hyɛɛ me nkuran ma meyɛɛ nea ɛteɛ. Me ho peree me sɛ mɛboa afoforo ma wɔahu nsonsonoe a ɛwɔ nnipa nyansa ne Onyankopɔn nyansa mu no. Nokware nyansa asesa m’asetra ankasa.”

Bere bi akyi no, Virgil adwene mu fii ase yɛɛ no naa ankasa wɔ ne som mu gyidi ahorow no ho. Sɛ́ anka ɔbɛbɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma onhu kwan a ɔbɛfa so aboa abibifo ne nea na osusuw sɛ ɛyɛ abusua ahyehyɛde a wokyi aborɔfo mmom no, ɔbɔɔ mpae sɛ onhu nokware no, sɛnea ɛte biara, ne baabiara a ɛwɔ no. Virgil ka sɛ: “Bere a mebɔɔ Onyankopɔn mpae denneennen na mesɔree anɔpa no, mihuu Ɔwɛn-Aban bi wɔ fie hɔ. . . . Ɛbɛyɛ sɛ obi na ɔde bɛhyɛɛ pon no ase.” Ankyɛ koraa na ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no denneennen. Ɔtoa so sɛ: “Minyaa abotɔyam bere a edi kan wɔ m’asetram. . . . Metee nka sɛ merenya anidaso bi.” Ankyɛ na Virgil de ne ho bɔɔ wɔn a wɔma nkurɔfo nya nokware anidaso koro pɛ a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no.

Charo a ofi Latin Amerika no ho dwiriw no bere a Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Gladys hui sɛ Charo rehyia nsɛnnennen wɔ ne mma nkumaa ho, na ofii ase yɛɛ no mmoa denam gua so a na ɔde no kɔ no so. Bere bi akyi no, Charo penee asɛm bi a Gladys de too n’anim no so—ofie Bible adesua a wontua hwee. Bere a Charo hu fii n’ankasa Bible mu sɛ ɛnyɛ nnipa pa nyinaa na wɔbɛkɔ soro, na mmom, Yehowa de daa nkwa behyira nnipa wɔ asase so no, ne ho dwiriw no. (Dwom 37:11, 29) Charo nso aka anidaso yi ho asɛm akyerɛ afoforo mfirihyia 15 ni.

Twa nnipa komapafo a wɔayɛ biako wɔ Yehowa, nokware Nyankopɔn koro pɛ, som mu a wɔahyɛ asase so ma ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! Eyi nyɛ nsusuwii hunu kɛkɛ. Ɛno ne nea Yehowa ahyɛ ho bɔ. Onyankopɔn nam ne diyifo Sefania so kae sɛ: “Na mɛma ahobrɛasefo ne ahiafo aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato Yehowa din no so. Wɔrenyɛ akɔntɔntɔnkyede, na wɔrenka atosɛm, na wɔrenhu nsisi tɛkrɛma wɔn anom, na obi renyi wɔn hu.” (Sefania 3:12, 13, NW) Sɛ w’ani gye bɔhyɛ ahorow yi ho a, tie Bible ahyɛde yi: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa, NW] abufuw da no.”—Sefania 2:3.