Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔmantam Nhyiam Ahorow—Yɛn Nuayɛ Ho Adanse a Ɛyɛ Anigye

Ɔmantam Nhyiam Ahorow—Yɛn Nuayɛ Ho Adanse a Ɛyɛ Anigye

Momfa Ahotoso a Emu Yɛ Den Nnyina Hɔ Pɛ

Ɔmantam Nhyiam Ahorow—Yɛn Nuayɛ Ho Adanse a Ɛyɛ Anigye

JOSEPH F. RUTHERFORD, a na wadi mfe 50 na onni ahoɔden bere na wɔabu no atɛnkyea de no akɔto afiase bɛyɛ afe biako akyi aba no de anigye somee sɛ obi a ogye ahɔho. Ɔde ahoɔden so bag ahorow mu boa mfɛfo Kristofo ma wɔkɔ wɔn ahɔhodan mu. Ne kan mfɛfo nneduafo baanu—a wɔn nso yɛ Bible Asuafo no—kyerɛ nnipadɔm bi a wɔretwɛn agye wɔn dabere no adan a wɔbɛkɔ mu. Dwumadi yi kɔɔ so denneennen kosii ɔdasum. Obiara a ɔwɔ hɔ ani gyei. Ɛyɛ bere bɛn?

Afe no yɛ 1919, na na afei na Bible Asuafo (a wonim wɔn nnɛ sɛ Yehowa Adansefo) no retoto nneɛma yiye wɔ ɔtaa kɛse a wɔde baa wɔn so no akyi. Nea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ wɔn nuayɛ no mu den no, wɔyɛɛ nhyiam wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., fi September 1 kosii 8, 1919. Wɔ nhyiam no da a etwa to no, nnipadɔm 7,000 de anigye wɛn wɔn aso tie bere a Onua Rutherford de nsɛm a edi so yi hyɛɛ nhyiamfo no den no: “Moyɛ ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade no ahemmɔfo a moreka yɛn Awurade . . . anuonyam ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo.”

Nhyiam ahorow a Yehowa nkurɔfo yɛ no nyaa ne mfiase fii tete Israelfo bere so. (Exodus 23:14-17; Luka 2:41-43) Ná nhyiam a ɛtete saa no yɛ anigye mmere, na na ɛboa wɔn a wɔwɔ ase no nyinaa ma wɔde wɔn adwene si Onyankopɔn Asɛm so. Saa ara na nhyiam ahorow a Yehowa Adansefo yɛ nnɛ no fa honhom fam nneɛma ho. Wɔ bɛhwɛadefo komapafo fam no, nhyiam a ɛyɛ anigye saa no de adanse a edi mũ ma sɛ Kristofo nuayɛ bi a emu yɛ den a ɛka Adansefo no bom.

Mmɔden a Wɔbɔ De Kɔ

Nnɛyi Kristofo nim sɛ wɔn mantam nhyiam ahorow no yɛ bere a wɔde nya honhom fam denhyɛ ne Onyankopɔn Asɛm mu akwankyerɛ. Wobu nhyiam akɛse yi sɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so boa wɔn ma ‘wogyina hɔ pɛ nya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.’ (Kolosefo 4:12) Enti, Adansefo no fi koma nyinaa mu boa nhyiam ahorow yi, na wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛkɔ.

Wɔ ebinom fam no, nhyiam a ɛtete saa ase a wɔbɛkɔ no hwehwɛ sɛ wɔkyerɛ gyidi kɛse na wodi akwanside a ɛte sɛ mmepɔw so. Sɛ nhwɛso no, susuw Ɔdansefo aberewa bi a ɔwɔ Austria no ho hwɛ. Ɛwom sɛ na ɔwɔ asikreyare ma enti ehia sɛ wɔwɔ no paane da biara de, nanso osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ nna a wɔde bɛyɛ ɔmantam nhyiam wɔ ne man mu no nyinaa. Wɔ India no, Adansefo abusua kɛse bi a wodi hia buruburoo hui sɛ ɛyɛ den sɛ wobetumi akɔ ɔmantam nhyiam bi. Abusua no muni bi yɛɛ wɔn mmoa. Ɔkae sɛ: “Esiane sɛ na mempɛ sɛ nhyiam no bɛpa yɛn ti so nti, metɔn me sika asomkaa ma yɛde foroo kar. Yenyaa ɛso mfaso kɛse, efisɛ fekubɔ ne osuahu ahorow a yenyae no hyɛɛ yɛn gyidi den.”

Wɔ Papua New Guinea no, anigyefo bi a wɔmmɔɔ wɔn asu sii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ ɔmantam nhyiam a wɔreyɛ wɔ ahenkurow no mu no. Wɔkɔɔ ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn akuraa no ase a ɔwɔ kar nkyɛn kobisaa no sika a obegye de wɔn akɔ nhyiam no. Esiane sɛ na wontumi ntua sika a obegye wɔn no nti, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ ɔbarima no fie ho adwuma, asiesie ne gyaade ama no. Wɔnam saayɛ so tumi kɔɔ ɔmantam nhyiam no konyaa dwumadi no nyinaa mu mfaso.

Ɛnhaw Yehowa Adansefo a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no sɛ wobetwa kwan akɔ. Wɔ 1978 mu no, nea ɛbɛyɛ na Polandni aberante bi akɔ ɔmantam nhyiam wɔ Lille, France no, ɔde sakre de nnansia twaa kwan kilomita 1,200. Wɔ 1997 ahohuru bere mu no, Adansefo baanu bi a wofi Mongolia twaa kwan kilomita 1,200 kɔɔ Kristofo nhyiam bi wɔ Irkutsk, Russia.

Nokware Nuayɛ a Wɔda no Adi

Bɛhwɛadefo a wokura adwempa no ahu biakoyɛ ne nuayɛ a Adansefo no da no adi wɔ wɔn nhyiam ahorow ase no pefee. Nnipa pii ho adwiriw wɔn sɛ nhyiamfo no nyɛ nyiyim na wohu anigye kɛse mpo wɔ wɔn a afei na wɔahyia nea edi kan no mu.

Wɔ amanaman ntam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Australia nnansa yi ase no, obi a na ɔde nhyiamfo a wɔakɔsra beae bi rekyinkyin hɔ dapɛn biako no pɛe sɛ ɔtra wɔn nkyɛn kakra ne wɔn bɔ fekuw. Ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛwɔ wɔn ntam no maa ne ho dwiriw no, na na onnye nni sɛ wobetumi ne wɔn ho abɔ saa efisɛ na wɔn mu dodow no ara nnim wɔn ho dedaw. Bere soe sɛ ɔrebefi hɔ no, ɔne wɔn dii nkra. Ɔfrɛɛ wɔn “anuanom” daa wɔn ase nanso wanwie aseda no efisɛ ne werɛ howee araa ma osui.

Wɔ 1997 mu no, wɔyɛɛ kasa abiɛsa ɔmantam nhyiam wɔ Sri Lanka, nea na edi kan koraa wɔ agumadibea kɛse bi. Wɔyɛɛ nhyiam no nyinaa bere koro mu wɔ Engiresi, Sinhalese, ne Tamil, kasa mu. Wɔ aman a mmusua mu apaapae kɛse mu no, afoforo huu nhyiam a ɛte saa a wɔyɛe wɔ kasa horow mu no. Polisini bi bisaa onua bi sɛ: “Henanom na wɔrehwɛ nhyiam yi so—Sinhalesefo, Tamilfo, anaa Engiresifo?” Onua no buae sɛ: “Ɛnyɛ wɔn mu biara. Yɛn nyinaa reyɛ abom.” Ɛyɛɛ polisini no nwonwa. Bere a akuw abiɛsa no nyinaa boom bɔɔ mpae a etwa to, na wogyee so “Amen” denneennen no, nhyiamfo no nyinaa bɔɔ wɔn nsam. Nusu guu nhyiamfo no nyinaa. Yiw, ɔmantam nhyiam ahorow ma yɛne yɛn nuanom nya anigye ankasa.—Dwom 133:1. *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma a Yehowa Adansefo na wotintimii no, nkratafa 66-77, 254-82.