Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Wɔbɛsom Yehowa wɔ “honhom” mu no kyerɛ dɛn?

Bere a Yesu Kristo redi ɔbea bi a ofi Samaria a waba rebɛtow nsu wɔ Yakob abura bi a ɛbɛn Sikar adanse no, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Ɛsɛ sɛ nokware som gyina ‘nokware so,’ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɛne nea Yehowa Nyankopɔn ada no adi wɔ Bible mu fa ɔne n’atirimpɔw ahorow ho no hyia. Ɛsɛ sɛ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no nso gyina nnamyɛ, anaa nsiyɛ so, ade a yefi koma a ɔdɔ ne gyidi ahyɛ no ma mu yɛ. (Tito 2:14) Nanso, nsɛm a Yesu ka faa ‘Onyankopɔn a yɛbɛsom no honhom mu’ ho no kɔ akyiri koraa sen adwene a yɛde som Yehowa no koraa.

Ná nkɔmmɔ a Yesu ne ɔbea no bɔe wɔ abura no ho no mfa ɔsom ho mmɔdenbɔ a na ɔwɔ anaasɛ onni ho. Wobetumi mpo ada nsiyɛ ne ahofama adi wɔ atoro som mu. Mmom no, bere a Yesu kae sɛ ɛnyɛ Samaria bepɔw so anaa Yerusalem asɔrefie—a n’abien nyinaa yɛ beae pɔtee bi—na wɔbɛsom Agya no, ɔtwee adwene sii ɔkwan foforo a wɔfa so som nokware mu a egyina sɛnea Onyankopɔn te ankasa so. (Yohane 4:21) Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom Muni.” (Yohane 4:24, Charles B. Williams) Nokware Nyankopɔn no nni honam nipadua na wontumi nhu no anaa wontumi nso ne mu. Ne som nnyina honam fam asɔrefie anaa bepɔw bi so. Enti Yesu twee adwene sii ɔsom a ɛkɔ akyiri koraa sen nneɛma a wohu so.

Nokwarem a wɔbɛsom no akyi no, ɛsɛ sɛ honhom kronkron—Onyankopɔn adeyɛ tumi a aniwa nhu—kyerɛ ɔsom a ɛsɔ n’ani no kwan. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn ade a emu dɔ no nso.” Na ɔde kaa ho sɛ: “Ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a ofi Nyankopɔn mu, na yɛahu nea Onyankopɔn de adom yɛn.” (1 Korintofo 2:8-12) Sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yenya ne honhom na ɛkyerɛ yɛn kwan. Bio nso, ehia sɛ yɛma yɛn honhom anaa yɛn adwene ne nea yesua wɔ N’asɛm mu no hyia na yɛde di dwuma.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Som Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu”