Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kyɛwpa—Ade a Ɛde Asomdwoe Ba

Kyɛwpa—Ade a Ɛde Asomdwoe Ba

Kyɛwpa—Ade a Ɛde Asomdwoe Ba

“TUMI wɔ kyɛwpa mu. Esiesie ntawntawdi wɔ asomdwoe mu, esiesie aman ntam akameakame, nniso ahorow nam so gye amane a wɔn manfo rehu tom, esiesie ankorankoro ntam abusuabɔ.” Saa na Deborah Tannen, a ɔyɛ nhoma kyerɛwfo ne kasa horow ho ɔbenfo a wɔtɔ ne nhoma yiye a ɔwɔ Georgetown Sukuupɔn a ɛwɔ Washington, D.C., mu no kyerɛwee.

Bible si so dua sɛ kyɛwpa a efi komam taa yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so siesie abusuabɔ a asɛe. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yesu bɛ a ɛfa ɔba hohwini ho mu no, bere a ɔba no baa fie na ofii komam paa kyɛw no, agya no san gyee no fɛw so baa fie. (Luka 15:17-24) Yiw, ɛnsɛ sɛ obi yɛ ahomaso dodo sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase apa kyɛw, na wasrɛ bɔne fafiri. Nokwarem no, kyɛwpa nyɛ den pii ankasa mma ahobrɛasefo.

Tumi a Kyɛwpa Wɔ

Abigail, ɔbea nyansafo bi a ɔtraa ase wɔ tete Israel no yɛɛ tumi a kyɛwpa wɔ ho nhwɛso a emu yɛ den, ɛwom sɛ ɔpaa kyɛw wɔ bɔne a na ne kunu ayɛ ho de. Bere a na Dawid a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Israel hene no te sare so no, ɔne ne mmarima bɔɔ Abigail kunu, Nabal, nguankuw ho ban. Nanso, bere a Dawid mmerante kɔsrɛɛ Nabal abodoo ne nsu no, odii wɔn atɛm yiye pamoo wɔn. Dawid bo fuwii, na odii mmarima bɛyɛ 400 anim sɛ wɔne Nabal ne ne fiefo rekɔko. Bere a Abigail tee nea ɛreba no, osiim kohyiaa Dawid. Bere a ohuu no no, ɔde n’anim butuw fam wɔ ne nan ase. Afei ɔkae sɛ: “Me wura, me so na amumɔyɛ yi nna, na ma w’afenaa nkasa ngu w’asom ɛ, na tie w’afenaa nsɛm.” Abigail kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu, na ɔmaa Dawid akyɛde a ɛyɛ aduan ne anonne. Afei, Dawid kae sɛ: “Foro kɔ wo fie asomdwoe mu, na hwɛ, matie wo, na mahwɛ w’anim.”—1 Samuel 25:2-35.

Ahobrɛase mu a Abigail fi yɛɛ ade ne nsɛm a ɔka de paa kyɛw wɔ ne kunu aniammɔnho ho no gyee ne fiefo nkwa. Dawid daa no ase mpo sɛ wasianka no amma wanni mogya ho fɔ. Ɛwom sɛ na ɛnyɛ Abigail na wayɛ Dawid ne ne mmarima no bɔne de, nanso ogyee n’abusua no asodi too ne ho so, na ɔne Dawid siesiee wɔn ntam.

Nhwɛso foforo a ɛfa obi a na onim bere a ɛsɛ sɛ ɔpa kyɛw ho ne ɔsomafo Paulo. Bere bi na ɛsɛ sɛ oyi n’ano wɔ Sanhedrin, Yudafo asɛnnibea kɛse no anim. Nokwasɛm a Paulo kae no hyɛɛ ɔsɔfo panyin Anania abufuw ma ɔhyɛɛ wɔn a na wogyina Paulo ho no sɛ wɔmmɔ n’ano so. Ɔkaa saa no, Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbɔ na Onyankopɔn bɛbɔ wo, wo ɔfasu a wɔahoa ho; na wote hɔ rebu me ntɛn sɛnea mmara no te, nanso wubu mmara nso so hyɛ sɛ wɔmmɔ me?” Bere a wɔn a wogyina hɔ no bɔɔ Paulo sobo sɛ wayaw ɔsɔfo panyin no, ntɛm ara na ɔsomafo no gyee ne mfomso toom kae sɛ: “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Nkasa wo man panyin ho bɔne!”—Asomafo no Nnwuma 23:1-5.

Na asɛm a Paulo kae—sɛ ɛnsɛ sɛ nea wɔapaw no sɛ ommu atɛn no yɛ basabasa—no yɛ nokware. Nanso, ɔpaa kyɛw esiane sɛ na onnim na ɔkasa kyerɛɛ ɔsɔfo panyin wɔ ɔkwan a wobetumi abu no sɛ ɛnkyerɛ obu so nti. * Kyɛw a Paulo paee no buee kwan maa Sanhedrin no tiee n’asɛm. Esiane sɛ na Paulo nim ntawntawdi a na ɛwɔ asɛnni baguafo no mu nti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ owusɔre mu gyidi a ɔwɔ nti na wɔrebu no atɛn no. Ɛno nti, akasakasa pii sɔree maa Farisifo no gyinaa Paulo afã.—Asomafo no Nnwuma 23:6-10.

Dɛn na yebetumi asua afi Bible mu nhwɛso abien yi mu? Ne nyinaa mu no, nokware ahonu a wɔdaa no adi no buee kwan ma wɔkɔɔ so susuw nsɛm ho. Enti nsɛm a yɛka de pa kyɛw tumi boa ma yesiesie nsɛm. Yiw, yɛn mfomso ahorow a yebegye atom na yɛapa ho kyɛw wɔ ade a yɛanyɛ no yiye ho no betumi ama yɛanya hokwan abɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so.

‘Menyɛɛ Bɔne Biara’

Sɛ yehu sɛ nea yɛaka anaa yɛayɛ ahaw obi a, ebia yɛbɛte nka sɛ onii no nte asɛm ase anaasɛ ɔma nsɛm haw no dodo. Nanso, Yesu Kristo tuu n’asuafo no fo sɛ: “Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.”—Mateo 5:23, 24.

Sɛ nhwɛso no, ebia na onua bi te nka sɛ woayɛ no bɔne. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, Yesu ka sɛ ɛsɛ sɛ wokɔ na ‘wo ne wo nua no kɔbom,’ sɛ́ wote nka sɛ woayɛ no bɔne anaasɛ ɛnte saa no. Sɛnea Hela nkyerɛwee no kyerɛ no, asɛmfua a Yesu de dii dwuma wɔ ha no ‘kyerɛ nsiesie a nnipa baanu bom yɛ wɔ wɔn baanu akasakasa akyi.’ (Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words) Nokwarem no, sɛ ntawntawdi ba nnipa baanu ntam a, wɔn baanu nyinaa betumi adi fɔ bi wɔ asɛm no mu, esiane sɛ wɔn baanu nyinaa nyɛ pɛ na wobetumi afom nti. Eyi taa hwehwɛ sɛ wɔn baanu bom siesie wɔn ntam.

Asɛm no ne sɛ, ɛnyɛ nea n’asɛm yɛ dɛ ne nea n’asɛm nyɛ dɛ ho asɛm na yɛreka, na mmom nea obedi kan ahwehwɛ asomdwoe. Bere a ɔsomafo Paulo hui sɛ na Kristofo a wɔwɔ Korinto no de wɔn mfɛfo a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo rekɔ asɛnnibea wɔ wɔn ntam nsɛmnsɛm te sɛ sikasɛm mu wontwiwontwi ho no, ɔteɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn na momma wonni mo amim mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?” (1 Korintofo 6:7) Ɛwom sɛ Paulo kaa eyi de kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ntam nsɛmnsɛm kɔ asɛnnibea de, nanso na nnyinasosɛm no mu da hɔ pefee: Mfɛfo gyidifo ntam asomdwoe ho hia koraa sen nea n’asɛm yɛ dɛ ne nea n’asɛm nyɛ dɛ a wobehu. Nnyinasosɛm yi a yɛbɛma atra yɛn adwenem no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛpa kyɛw wɔ bɔne bi a obi susuw sɛ yɛayɛ atia no ho.

Nokwaredi Ho Hia

Ɛwom, nnipa binom taa ka nsɛm a wɔde pa kyɛw no ma ɛtra so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Japan no, wɔte asɛmfua sumimasen a wɔka de pa kyɛw no mpɛn pii. Wotumi ka de da ase, a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ onii no aniwu sɛ wantumi anyɛ biribi amfa antua adɔe a wɔyɛɛ no no so ka. Esiane sɛ etumi kyerɛ nneɛma pii nti, ebinom betumi ate nka sɛ wɔtaa de asɛmfua no di dwuma dodo, na ama wontumi nhu sɛ wofi nokwaredi mu ankasa na ɛreka saa nsɛm no anaa. Ebetumi ayɛ sɛ nea wɔde nsɛm a wɔka de pa kyɛw di dwuma dodo wɔ aman foforo so nso.

Wɔ kasa biara mu no, ɛho hia sɛ wɔda nokwaredi adi bere a wɔrepa kyɛw no. Ɛsɛ sɛ nsɛm no ne ɛnne a wɔde ka no da ɛyaw a wodi ankasa adi. Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ n’asuafo wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: ‘Momma mo asɛm nyɛ yiw, yiw, dabi, dabi! Na nea ɛboro eyi so no fi bɔne mu.’ (Mateo 5:37) Sɛ wopa kyɛw a, ma ɛnyɛ kyɛwpa ankasa! Mfatoho bi ni: Ɔbarima bi a na odi santen mu wɔ wimhyɛn gyinabea paa kyɛw bere a n’adaka pem ɔbea bi a ogyina santen no mu wɔ n’anim retwɛn no. Simma kakraa bi akyi, bere a santen no kɔɔ anim no, adaka no pem ɔbea no bio. Ɔbarima no paa no kyɛw bio wɔ nidi mu. Bere a ɛsan pem no bio no, obi a ɔne ɔbea no retu kwan no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ sɛ nea waka no yɛ nokwasɛm a, ɔnhwɛ sɛ ɔremma n’adaka no mpem ɔbea no bio. Yiw, sɛ yɛn kyɛwpa no fi nokwaredi mu a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛrenni mfomso no bio.

Sɛ yɛyɛ nokwaredifo a, yebegye mfomso biara a yɛadi atom, ahwehwɛ bɔne fafiri, na yɛabɔ mmɔden sɛ yebesiesie ɔhaw a yɛde aba no sɛnea yebetumi, de aka kyɛwpa no ho. Ɛsɛ sɛ nea wɔafom no no nso yɛ krado sɛ ɔde ɔbɔnefo a wanu ne ho no mfomso befiri no. (Mateo 18:21, 22; Marko 11:25; Efesofo 4:32; Kolosefo 3:13) Esiane sɛ nnipa baanu no nyinaa nyɛ pɛ nti, ɛnyɛ bere nyinaa na asomdwoe a wɔrehwehwɛ no bɛkɔ so dwoodwoo. Nanso, tumi wɔ nsɛm a yɛbɛka de apa kyɛw mu wɔ asomdwoe a yɛhwehwɛ mu.

Bere a Ɛmfata sɛ Yɛpa Kyɛw

Ɛwom sɛ nsɛm a yɛka de da ahonu ne ɛyawdi adi de ahotɔ ne asomdwoe ba de, nanso obi a onim nyansa kwati nsɛm a ɛte saa a ɔbɛka bere a ɛmfata sɛ ɔyɛ saa no. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ, asɛm no fa mudi mu a yebekura ama Onyankopɔn ho. Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, “ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.” (Filipifo 2:8) Nanso, wampa kyɛw wɔ ne gyidi ho sɛnea ɛbɛyɛ a n’amanehunu so bɛtew. Yesu ampa kyɛw bere a ɔsɔfo panyin no kae sɛ: “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!” no. Sɛ́ anka Yesu de ehu bɛpa kyɛw no, ɔde akokoduru buae sɛ: “Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so.” (Mateo 26:63, 64) Yesu anyɛ n’adwene da sɛ obegyae ne mudi mu a obekura ama N’agya, Yehowa Nyankopɔn no mu de ahwehwɛ ɔsɔfo panyin no asomdwoe.

Kristofo kyerɛ obu ne nidi ma nnipa a wodi tumi no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔpa kyɛw wɔ osetie a wɔyɛ ma Onyankopɔn ne ɔdɔ a wɔda no adi kyerɛ wɔn nuanom no ho.—Mateo 28:19, 20; Romafo 13:5-7.

Asomdwoe Ho Akwanside Befi Hɔ

Yedi mfomso nnɛ esiane sintɔ ne bɔne a yenya fii yɛn nana Adam hɔ nti. (Romafo 5:12; 1 Yohane 1:10) Atua a Adam tew tiaa Ɔbɔadeɛ no na ɛde bɔne yi bae. Nanso, mfiase no, na Adam ne Hawa yɛ pɛ a bɔne biara nni wɔn ho, na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de adesamma aba saa pɛyɛ yi mu. Ɔbɛpopa bɔne ne ne nwowɔee nyinaa.—1 Korintofo 15:56, 57.

Susuw nea ɛno bɛkyerɛ no ho hwɛ! Wɔ afotu a Yesu nua Yakobo de mae wɔ nea yɛde tɛkrɛma yɛ ho mu no, ɔkae sɛ: “Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.” (Yakobo 3:2) Onipa a ɔyɛ pɛ betumi adi ne tɛkrɛma so na amma wampa kyɛw wɔ dwuma a ɔremfa nni ɔkwampa so no ho. ‘Obetumi ato ne nipadua nyinaa nnareka.’ Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye bere a yɛbɛyɛ pɛ no! Saa bere no, wobeyi ankorankoro ntam asomdwoe ho akwanside nyinaa afi hɔ. Nanso, enkosi saa bere no, nokwaredi mu a yebefi apa kyɛw ɔkwampa so wɔ mfomso bi a yedi ho no bɛboa pii ma yɛahwehwɛ asomdwoe.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Ebetumi aba sɛ esiane sɛ na Paulo ani nhu ade yiye nti na wanhu ɔsɔfo panyin no.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Dɛn na yebetumi asua afi Paulo nhwɛso no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Sɛ obiara yɛ pɛ a, asomdwoe ho akwanside ahorow befi hɔ