Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa—Onyankopɔn a Ɛfata sɛ Yehu No

Yehowa—Onyankopɔn a Ɛfata sɛ Yehu No

Yehowa—Onyankopɔn a Ɛfata sɛ Yehu No

SO EBETUMI aba sɛ worehwere biribi a ɛho hia wɔ w’asetra mu? Sɛ wunni Onyankopɔn ho nimdeɛ kɛse a, ɛnde na ɔkwan biara so no, worehwere ade. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛnea nnipa ɔpepem pii ahu no, Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm a obi behu no no so wɔ mfaso pii wɔ asetram. Saa mfaso horow yi fi ase ntɛmpa ara, na ɛtra hɔ daa.

Yehowa Nyankopɔn, Nea Ɔkyerɛw Bible no, pɛ sɛ yehu no. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wonhu sɛ wo a wo din de [Yehowa, NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Onim sɛ eye ma yɛn ankasa sɛ yebehu no. “Me [Yehowa, NW] Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo.” Mfaso bɛn na yenya fi Yehowa Nyankopɔn, Ɔsorosoroni no a yebehu no no mu?—Dwom 83:18; Yesaia 48:17.

Ɛso mfaso biako ankasa ne sɛ, yenya akwankyerɛ a yɛde bedi da biara da nsɛnnennen ho dwuma, yenya daakye ho anidaso a emu yɛ den, ne asomdwoe. Bio nso, Yehowa a yebehu no yiye no kanyan yɛn ma yenya nsɛmpɔw a ɛho hia sen biara a nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa hyia nnɛ no ho adwene foforo. Dɛn ne saa nsɛmpɔw no?

So W’asetra Wɔ Atirimpɔw?

Ɛmfa ho mfiridwuma mu nkɔanim a ɛyɛ nwonwa a adesamma anya no, ankorankoro pii da so ara bisa nsɛm atitiriw yi ara: ‘Dɛn nti na mewɔ ha? Ɛhe na merekɔ? Dɛn ne asetra atirimpɔw?’ Sɛ obi annya mmuae a ɛtɔ asom a, ɔrennya atirimpɔw titiriw biara wɔ n’asetram. So nnipa pii hu sintɔ yi? Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Germany wɔ 1990 mfe no awiei no ma ɛdaa adi sɛ ɛtɔ mmere bi a na nnipa a wobisabisa wɔn nsɛm no mu fã susuw sɛ ɛte sɛ nea atirimpɔw biara nni asetram no. Ebia tebea a ɛte saa ara wɔ faako a wote no.

Sɛ atirimpɔw biara nni asetram a, ɛbɛyɛ den sɛ obi benya nea ɔde ne botae horow begyina so. Nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wobedi sintɔ yi ho dwuma denam nnwuma akɛse a wɔbɛyɛ anaasɛ honam fam nneɛma pii a wɔbɛboaboa ano so. Nanso, mfaso biara a enni so no betumi ahaw adwene. Atirimpɔw biara a nnipa binom nni wɔ asetram no mpo tumi haw wɔn araa ma asetra fono wɔn. Saa na na ɛte wɔ ababaa hoɔfɛfo bi a, sɛnea International Herald Tribune kyerɛ no, wɔtetee no “wɔ abusua a na wodi yiye paa a na biribiara nhia wɔn mu no fam.” Ɛwom sɛ na ɔda sika mu de, nanso na ɔyɛ ankonam na ɔtee nka sɛ n’asetra nni atirimpɔw biara. Ɔfaa nna aduru nom wui. Ebia wunim afoforo a na wɔyɛ ankonam a wɔde awerɛhow wui.

Nanso, woate sɛ nkurɔfo ka sɛ nyansahu betumi ama yɛahu nea asetra kyerɛ nyinaa? Germanfo atesɛm krataa Die Woche ka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ nyansahu betumi ayɛ nokware no, ɛtɔ sin koraa wɔ honhom fam nneɛma ho. Ɛte sɛ nea adannandi nkyerɛkyerɛ no bere atwam, na mpo abɔde nketenkete a aniwa hu ho akontaabu mma wonnya awerɛkyekye ne ahobammɔ biara.” Wɔnam nneɛma a wɔahu wɔ nyansahu mu so akyerɛ sɛnea abɔde a nkwa wom ahorow pii te, na wɔakyerɛkyerɛ kyinhyia a abɔde mu nneɛma di ma asetra kɔ so no mu. Nanso, nyansahu ntumi nkyerɛ yɛn nea enti a yɛwɔ ha ne baabi a yɛrekɔ. Sɛ yɛde yɛn ho to nyansahu nkutoo so a, yɛrennya asetra mu atirimpɔw ho nsɛmmisa no ho mmuae. Sɛnea Süddeutsche Zeitung atesɛm krataa bɔɔ amanneɛ no, nea afi mu aba ne “akwankyerɛ pii a ɛho abehia.”

Ɔbɔadeɛ no akyi no, hena na obetumi de akwankyerɛ a ɛte saa ama? Esiane sɛ ɔno na mfiase no ɔde onipa too asase so nti, ɔno na ɛsɛ sɛ ohu nea enti a ɔwɔ ha. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa bɔɔ nnipa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛwo ahyɛ asase so ma na wɔahwɛ so. Na ɛsɛ sɛ nnipa da Yehowa su ahorow te sɛ atɛntrenee, nyansa, ne ɔdɔ adi wɔ wɔn dwumadi nyinaa mu. Sɛ yenya te nea enti a Yehowa bɔɔ yɛn no ase a, yebehu nea enti a yɛwɔ ha.—Genesis 1:26-28.

Dɛn na Wubetumi Ayɛ?

Na sɛ bere a atwam no woannya nsɛmmisa: ‘Dɛn nti na mewɔ ha? Ɛhe na merekɔ? Dɛn ne asetra atirimpɔw?’ ho mmuae biara a ɛtɔ asom nso ɛ? Bible no hyɛ nyansa sɛ hu Yehowa yiye. Nokwarem no, Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” Wɔsan hyɛ wo nkuran sɛ wubenya su pa, ne titiriw no ɔdɔ, na wode ayɛ wo botae sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni a ɛreba no akoa. Ɛbɛma woanya atirimpɔw wɔ asetram, ne daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye a enni huammɔ. Na ɛda adi sɛ wubenya nsɛmmisa titiriw a na kan no ɛhaw w’adwene no ho mmuae.—Yohane 17:3; Ɔsɛnkafo 12:13.

Nkɛntɛnso bɛn ara na ebetumi anya wɔ wo so? Ɔbarima a ɛsɛ sɛ otumi kyerɛ ne Hans. * Mfe bi a abɛsen kɔ mu no, na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi kakra, nanso na Hans gyidi no nni n’asetra so nkɛntɛnso biara. Ná Hans nom nnubɔne, odi mmea a wɔn bra asɛe akyi, odi nsɛmmɔne nketenkete, na na n’ani gye moto ho. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nanso na minhu nea menyɛ wɔ asetra mu, na m’ani nnye ankasa.” Bere a Hans dii bɛyɛ mfe 25 no, osii gyinae sɛ ɔbɛhwehwɛ sɛnea Onyankopɔn te ankasa yiye denam Bible no a ɔtɔɔ ne bo ase kenkanee no so. Bere a Hans huu sɛnea Yehowa te yiye na ɔtee nea asetra kyerɛ ankasa ase no, ɔsakraa n’asetra kwan nyinaa na ogyee asubɔ sɛ Yehowa Dansefo. Ɔde mfe du a atwam no ayɛ bere nyinaa som adwuma. Ɔka no nokwarem sɛ: “Asetra kwan a ɛsen biara ne sɛ wobɛsom Yehowa. Biribiara ne no nsɛ. Yehowa a mahu no no ama manya atirimpɔw wɔ asetra mu.”

Nokwarem no, ɛnyɛ asetra atirimpɔw nkutoo ne ɔsɛmpɔw a ɛhaw nnipa pii. Bere a wiase nsɛm tebea sɛe no, ɔsɛmpɔw foforo a ɛho hia nso haw nkurɔfo pii.

Dɛn Nti na Esii?

Sɛ asiane bi si a, wɔn a ɛka wɔn no adwene taa si asɛmmisa biako pɛ so: Dɛn nti na esii? Sɛ obi betumi agyina asiane bi ano wɔ nkate fam a, na egyina saa asɛmmisa no ho mmuae a obenya no so kɛse. Sɛ wannya mmuae biara a ɛtɔ asom a, ɔhaw no kɔ so na etumi ma nea asɛm ato no no di ho yaw. Fa Bruni suahu no sɛ nhwɛso.

Bruni a mprempren ɔyɛ abasiriwa no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mfe bi a atwam ni, me babea wui. Ná migye Onyankopɔn di nti mekɔhwehwɛɛ awerɛkyekye fii me sɔfo nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn afa Susanne kɔ soro, ma seesei wakɔyɛ ɔbɔfo. Ɛnyɛ m’anidaso nyinaa nko na ɛsae, na mmom minyaa ɔtan maa Onyankopɔn sɛ wabɛfa no kɔ.” Ɛyaw ne amanehunu a Bruni faa mu no kɔɔ so mfe pii. “Afei Yehowa Dansefo bi fi Bible no mu kyerɛɛ me sɛ enhia sɛ metan Onyankopɔn. Yehowa amfa Susanne ankɔ soro, na ɔnyɛ ɔbɔfo nso. Nnipa sintɔ na ɛma ɔyaree. Susanne awu da hɔ a ɔretwɛn sɛ Yehowa benyan no. Afei nso mihui sɛ ɔbɔɔ nnipa sɛ wɔntra ase daa wɔ paradise asase so, na ɛrenkyɛ eyi bɛbam. Bere a mifii ase tee sɛnea Yehowa te ankasa ase no, mebɛnee no kɛse, na me yaw no fii ase brɛɛ ase.”—Dwom 37:29; Asomafo no Nnwuma 24:15; Romafo 5:12.

Nnipa ɔpepem pii hyia asiane wɔ akwan horow so: amanehunu a ɛto wɔn, ɔko, aduankɔm, anaa asiane a emfi nnipa. Bere a Bruni nya hu fii Bible mu sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔma asiane ba, na ɛnyɛ n’atirimpɔw da sɛ adesamma behu amane, na ɛrenkyɛ obeyi bɔne afi hɔ no, ne ho tɔɔ no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ abɔnefosɛm redɔɔso no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu nnɛ. Nsakrae soronko a ebesiesie biribiara a yɛrehwɛ kwan no abɛn paa.—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:7, 8.

Onyankopɔn a Yebehu No

Ná Hans ne Bruni nni Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛkɔ akyiri biara. Wogyee no dii a na wonni ne ho nimdeɛ pii. Bere a wogyee bere de hwehwɛɛ sɛnea Yehowa te ankasa yiye no, wonyaa wɔn mmɔdenbɔ no so mfaso. Wonyaa nsɛmmisa a ɛho hia sen biara nnɛ no ho mmuae. Eyi ma wonyaa asomdwoe ne daakye ho anidaso a edi mu. Yehowa asomfo ɔpepem pii anya osuahu a ɛte saa ara.

Sɛ yebehu Yehowa a, gye sɛ yefi ase susuw Bible no a ɛka ne ho asɛm ne nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no ho anibere so. Saa na ebinom yɛe wɔ afeha a edi kan no mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo ne oduruyɛfo Luka bɔɔ amanneɛ sɛ nnipa a na wɔwɔ Yudafo asafo a ɛwɔ Beroia, Hela, mu no ‘yii wɔn yam pefee gyee asɛm no fii Paulo ne Silas hɔ, na daa wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.’—Asomafo no Nnwuma 17:10, 11.

Afeha a edi kan Kristofo no nso hyiaam wɔ asafo horow mu. (Asomafo no Nnwuma 2:41, 42, 46; 1 Korintofo 1:1, 2; Galatifo 1:1, 2; 2 Tesalonikafo 1:1) Saa ara na ɛte nnɛ. Yehowa Adansefo asafo horow bom yɛ nhyiam ahorow a wɔahyehyɛ no titiriw sɛ ɛbɛboa ankorankoro ma wɔabɛn Yehowa kɛse na wɔde anigye asom no. Adansefo a wɔne wɔn te faako a wɔne wɔn hyiam no so wɔ mfaso afoforo. Esiane sɛ nnipa de nkakrankakra yɛ sɛ Onyankopɔn a wɔsom no no nti, Yehowa Adansefo da su horow—ɛmfa ho sɛ wɔtɔ sin—a Yehowa ankasa da no adi no bi adi. Enti Adansefo no a yɛne wɔn behyiam no boa yɛn ma yehu Yehowa yiye.—Hebrifo 10:24, 25.

So ɛno ayɛ sɛ nea ɛyɛ adwumaden dodo sɛ yɛbɛyɛ de ahu Onipa biako? Akyinnye biara nni ho sɛ egye mmɔdenbɔ. Nanso, ɛnyɛ saa na ɛte wɔ asetra mu nneɛma pii a wopɛ sɛ wo nsa ka no ho? Susuw mmɔden a ogumadifo bɔ de siesie ne ho no ho hwɛ. Sɛ nhwɛso no, Franseni, Jean-Claude Killy a ogyee Olimpik abasobɔde wɔ asukyenee so mmirikatu mu kaa eyi faa nea egye ansa na obi atumi ayɛ amanaman ntam ogumadifo a osi akan no ho sɛ: “Ɛsɛ sɛ wode mfe 10 si w’ani so, woyɛ ho nhyehyɛe afe biara, na wudwen ho daa . . . Ɛyɛ adwuma a ebegye w’adwene ne w’ahoɔden nyinaa nnafua 365 wɔ afe mũ no nyinaa mu.” Wɔsɛe saa bere no nyinaa de si akan wɔ mmirikatu a ebia ebegye simma du pɛ ho! Ɛnde hwɛ mfaso ara a ɛyɛ—na ɛtra hɔ daa—sɛ yebehu Yehowa.

Abusuabɔ a Emu Kɔ So Yɛ Den

Hena na ɔpɛ sɛ ɔhwere biribi a ɛho hia wɔ asetram? Obiara mpɛ. Ne saa nti, sɛ wote nka sɛ wunni atirimpɔw titiriw biara wɔ w’asetram anaasɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a asiane si a, ɛnde si wo bo sɛ wubehu Yehowa, Onyankopɔn a ne ho asɛm wɔ Bible mu no. Ne ho ade a wubesua no betumi asakra w’asetra ma atu mpɔn daa.

So bere bi bɛba a yebegyae Yehowa ho ade sua? Wɔn a wɔde mfe dudu pii asom no no ho da so ara dwiriw wɔn wɔ nea wɔasua afa ne ho, ne nneɛma foforo a wɔkɔ so sua fa ne ho no ho. Nneɛma a ɛtete saa a yesua no ma yɛn ani gye, na ɛma yɛbɛn no kɛse. Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛda ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw eyi no nsusuwii adi: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da. Na hena na ohuu [Yehowa, NW] adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?”—Romafo 11:33, 34.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Wɔasesa din ahorow no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Ankorankoro pii da so ara bisa nsɛm atitiriw yi ara: ‘Dɛn nti na mewɔ ha? Ɛhe na merekɔ? Dɛn ne asetra atirimpɔw?’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Bere a mifii ase tee sɛnea Yehowa te ankasa ase no, mebɛnee no kɛse”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

“Asetra kwan a ɛsen biara ne sɛ wobɛsom Yehowa. Biribiara ne no nsɛ. Yehowa a mahu no no ama manya atirimpɔw wɔ asetra mu”