Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛda a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

Ɛda a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

Ɛda a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

ƐYƐ da a ɛsesaa adesamma asetra koraa ma wonyaa daakye ho anidaso pa. Abakɔsɛm mu da foforo biara nni hɔ a anya adesamma daakye so nkɛntɛnso saa. Ɛyɛ da a Yesu wiee nea ɔbaa asase so bɛyɛe no nyinaa. Bere a na ɔbɔ asɛndua mu no, oguu ahome a etwa to teɛɛm sɛ: “Wɔawie!” (Yohane 19:30) Dɛn na ɛmaa Yesu bae?

Bible ka sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” (Mateo 20:28) Yesu de ne kra, anaa ne nkwa, mae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agye adesamma afi bɔne ne owu a wonya fii awo mu no mu. Yiw, “sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Nsiesiei a ɛsom bo bɛn ara na Yesu afɔrebɔ no yɛ sɛɛ yi!

Ade foforo wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛkae ɛda a Yesu wui no. Saa da no, Onyankopɔn Ba no kyerɛɛ n’asomafo no asuade ahorow bi a ɛsom bo a na ɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so adi nokware. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ne nsɛm a etwa to no kaa saa asuafo no koma! Dɛn na ɔkyerɛkyerɛe? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nea Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn no so mfaso? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.