Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nokware Ano Tim Hɔ Daa”

“Nokware Ano Tim Hɔ Daa”

“Nokware Ano Tim Hɔ Daa”

TE SƐ ogya ketewaa bi a ebetumi ama kwae kɛse ahyew dwerɛbee no, akwaa yi tumi sɛe obi abrabɔ koraa. Bɔre betumi ahyɛ no ma, na ebetumi ayɛ “nkwa dua” nso. (Mmebusɛm 15:4) Owu ne nkwa wɔ ne nsam. (Mmebusɛm 18:21) Saa na akwaa ketewaa yi, yɛn tɛkrɛma, no ahoɔden te, na ebetumi de nkekae aba nipadua no nyinaa mu. (Yakobo 3:5-9) Nyansa wom sɛ yɛbɛbɔ tɛkrɛma no ho ban.

Wɔ Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm no ti 12 no fã a ɛto so abien no, tete Israel hene Salomo de afotu a mfaso wɔ so a ɛbɛboa ma yɛahwɛ yɛn kasa yiye ma. Ɛdenam mmɛ ntiantia a ntease wom so no, ɔhene nyansafo no da no adi sɛ nsɛm a yɛka no wɔ nkɛntɛnso na ɛka su a onipa a ɔreka saa nsɛm no kura ho asɛm kɛse. Salomo afotu a efi honhom mu no ho hia ma obiara a ɔpɛ sɛ ‘ɔwɛn n’ano’ no.—Dwom 141:3.

‘Mfomso a Esum Afiri’

Salomo ka sɛ: “Ano mfomso yɛ afiri ma ɔbɔne, na ɔtreneeni befi ahohia mu.” (Mmebusɛm 12:13) Atorodi yɛ ano mfomso a ɛde onii a odi atoro no to owu afiri mu. (Adiyisɛm 21:8) Atorodi betumi ayɛ sɛ ɔkwantiaa a obi fa so kwati asotwe anaasɛ ɔfa so guan fi tebea bi a ɛnyɛ anigye mu. Nanso so atorodi biako mma atorodi afoforo ntoatoa so? Sɛnea onipa a ɔde sika ketewaa bi fi kyakyatow ase de ne ho hyɛ kyakyatow akɛse mu esiane sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ne nsa bɛka nea wahwere nti no, saa ara na ɛnkyɛ na ɔtorofo adi atoro akɛse atwa ne ho ahyia.

Ano mfomso san sum afiri foforo efisɛ onii a odi atoro kyerɛ afoforo no betumi adi atoro akyerɛ n’ankasa ho. Sɛ nhwɛso no, ɔtorofo betumi asusuw ntɛm sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nyansa a edi mu, nanso nokwasɛm no ne sɛ onnim hwee. Ɔnam saayɛ so ma atorodi bɛyɛ n’asetra fã. Nokwarem no, “obu ne ho bi, n’ankasa ani so, sɛ wɔrenhu n’amumɔyɛ na wɔakyi.” (Dwom 36:2) Afiri a atorodi sum bɛn ara ni! Nanso, ɔtreneeni renkɔ ahokyere a ɛte saa mu. Sɛ ɔwɔ ahohia mu mpo a, ɔrenni atoro.

‘Aba a Ɛma Abotɔyam’

Ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Akyinnye biara nni ho sɛ saa nnyinasosɛm yi fa yɛn kasa ne yɛn nneyɛe ho. Salomo ka sɛ: “Onipa anom aba na ɔde bedi papa amee, na onipa nsa ano ade na wɔbɛdan ama no.”Mmebusɛm 12:14.

Ano a ‘ɛka nyansasɛm’ sow aba a ɛma abotɔyam. (Dwom 37:30) Egye nimdeɛ na obi ahu nyansa, na onipa biara nni hɔ a ɔwɔ nneɛma nyinaa ho nimdeɛ. Ehia sɛ obiara tie afotu pa na ɔde di dwuma. Israel hene no ka sɛ: “Ogyimfo kwan teɛ n’ani so, na nea otie afotu yɛ onyansafo.”Mmebusɛm 12:15.

Yehowa ma yɛn afotu pa denam N’asɛm ne n’ahyehyɛde no so, ɛne nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tintim a yɛde bedi dwuma no so. (Mateo 24:45; 2 Timoteo 3:16) Hwɛ agyimisɛm a ɛyɛ sɛ yɛbɛpo afotu pa na yɛayɛ nea yɛn ankasa pɛ! Sɛ Yehowa, “nea ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no,” nam n’ahyehyɛde a ɔnam so di nkitaho no so tu yɛn fo a, ‘ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm tie.’—Yakobo 1:19; Dwom 94:10.

Ɔkwan bɛn so na onyansafo ne ogyimfo yɛ wɔn ade wɔ ɔyaw anaa kasatia a ɛmfata ho? Salomo bua sɛ: “Ogyimfo abohuru da adi ntɛm ara, na onitefo kata aniwu so.”—Mmebusɛm 12:16.

Sɛ wobu ogyimfo animtiaa a, ɔda n’abufuw adi ahoɔhare so—“ntɛm ara.” Nanso onyansafo bɔ mpae sɛ Onyankopɔn honhom mmoa no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ahosodi. Ogye bere dwennwen Onyankopɔn Asɛm mu afotu ho, na ɔde anisɔ susuw Yesu nsɛm yi ho: “Nea ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no.” (Mateo 5:39) Esiane sɛ onitefo wɔ ɔpɛ sɛ ‘ɔremfa bɔne ntua bɔne so ka’ nti, ɔto n’ano nnareka na anka nsɛm a ɛmfata. (Romafo 12:17) Saa ara na sɛ yɛn nso yebu yɛn ani gu animtiaabu biara a yehyia so a, yɛbɛkwati ntawntawdi biara.

‘Tɛkrɛma a Ɛsa Yare’

Ano mfomso betumi asɛe ade kɛse wɔ asɛnni mu. Israel hene no ka sɛ: “Nea ɔka nokware no ka nea ɛteɛ, na ɔdansekurumfo de, nkontompo.” (Mmebusɛm 12:17) Nokware dansefo ka nokware efisɛ n’adanse no di mu na ɛteɛ. Nsɛm a ɔka no ma atɛntrenee da adi. Nanso, ɔdansekurumfo de, nkontompo ahyɛ n’anom ma, na ɛmma atɛntrenee nna adi.

Salomo toa so sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Nsɛm betumi awowɔ sɛ nkrante, asɛe adamfofa na akanyan ɔhaw. Anaasɛ nsɛm no betumi ayɛ dɛ, na akora adamfofa so. Na sɛ wɔkeka nsɛm akɛse, teɛteɛm, kasa tia obi, yeyaw no de gu ne ho fĩ a, so ɛnte sɛ nkrante a ɛwowɔ obi pira no wɔ nkate fam? Hwɛ ye a eye sɛ yɛde nsɛm a ɛsa yare ne kyɛwpa a efi komam besiesie mfomso biara a yebedi wɔ eyi mu no!

Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii “koma abubu” na wɔn “honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Sɛ ‘yɛkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ’ na yɛboa “wɔn a wɔyɛ mmerɛw” a, na ɛnyɛ ayaresa tumi a nsɛm a yɛka wɔ no na yɛde redi dwuma? (1 Tesalonikafo 5:14) Yiw, nsɛm a ɛkyerɛ mmɔborohunu betumi ahyɛ mmabun a wɔrehyia atipɛnfo nhyɛso bɔne no nkuran. Nsɛm a ɛyɛ dɛ betumi ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ahu sɛ wɔn ho hia na afoforo dɔ wɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ, nsɛm a ɛyɛ dɛ betumi ama ɛda bi ayɛ da pa ama wɔn a wɔyare no. Sɛ wɔde animka mpo ma obi wɔ “odwo honhom” mu a, ɛyɛ mmerɛw sɛ onii no begye atom. (Galatifo 6:1) Na hwɛ sɛnea tɛkrɛma a wɔde ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no yɛ ayaresa ma wɔn a wotie no!

‘Ano a Etim Hɔ Daa’

Bere a Salomo de asɛmfua “ano” redi dwuma sɛ “tɛkrɛma” no, ɔka sɛ: “Nokware ano tim hɔ daa, na atoro tɛkrɛma nkyɛ koraa.” (Mmebusɛm 12:19) Asɛm “nokware ano” no yɛ biako kabea wɔ Hebri mu, na ne ntease kɔ akyiri sen asɛm a ɛyɛ nokware ara kwa. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛkyerɛ nneɛma te sɛ biribi a edi mu, ɛtra hɔ daa na wotumi de ho to so. Asɛm a wɔka a ekura saa su yi no bɛtra . . . hɔ daa efisɛ wotumi de ho to so, na ɛyɛ soronko wɔ atoro tɛkrɛma . . . a ebetumi adi atoro bere tiaa bi mu nanso entumi nyɛ hwee bere a wɔsɔ hwɛ no ho.”

Ɔhene nyansafo no ka sɛ: “Nnaadaa wɔ wɔn a wodwen bɔne koma mu, na asomdwoe ho afotufo nya anigye.” Ɔde ka ho sɛ: “Mmusu biara rento ɔtreneeni, na amane bɛhyɛ abɔnefo ma.”Mmebusɛm 12:20, 21.

Ɛyaw ne amanehunu nko na wɔn a wodwen bɔne no de ba. Ɔkwan foforo so no, asomdwoe ho afotufo nya abotɔyam fi adetreneeyɛ mu. Wonya anigye nso sɛ wohu sɛ biribi pa bi fi wɔn nneyɛe mu ba. Nea ɛho hia sen biara no, wonya Onyankopɔn anim dom, efisɛ [Yehowa, “NW”] akyide ne atoro ano, na wɔn a wodi nokware sɔ n’ani.”Mmebusɛm 12:22.

‘Nsɛm a Ɛkora Nimdeɛ So’

Bere a Israel hene no reka nsonsonoe foforo a ɛda nea ɔhwɛ ne nsɛm yiye ne nea ɔnhwɛ ne nsɛm yiye ntam ho asɛm no, ɔka sɛ: “Onipa nitefo kora nimdeɛ so, na nkwasea koma pae agyimisɛm mu.”Mmebusɛm 12:23.

Onitefo anaa onyansafo nim bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa ne bere a ɛnsɛ sɛ ɔkasa. Ɔkora nimdeɛ so denam nneɛma a onim a ɔmfa nhoahoa ne ho no so. Eyi nkyerɛ sɛ ɔnka ne nimdeɛ ho asɛm koraa. Mmom no, ɔda no adi wɔ anifere kwan so. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔkwasea ho pere no sɛ ɔbɛkasa, na ɔma ne nkwaseasɛm da adi. Enti, mommma yɛnnkasa pii na yenyi yɛn tɛkrɛma mfi ahohoahoa mu.

Bere a Salomo gu so reda nsonsonoe a ɛda nneɛma ntam adi no, ɔka asɛntitiriw bi fa nsiyɛ ne anihaw ho. Ɔka sɛ: “Nsiyɛfo nsa bedi panyin, na anihaw nsa beyi tow.” (Mmebusɛm 12:24) Adwumaden betumi ama obi adi yiye na wanyɛ adesoa amma afoforo wɔ sika fam, nanso anihaw ma obi dan akoa. Nhomanimfo bi ka sɛ: “Awiei koraa no, onihafo bɛdan nsiyɛfo akoa.”

‘Asɛm a Ɛma Wodi Ahurusi’

Ɔhene Salomo san kɔ kasa ho asɛm no so, na ogyen n’ani hwɛ sɛnea onipa su te ankasa. Ɔka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.”Mmebusɛm 12:25.

Dadwen ne ɔhaw bebrebe betumi ama koma no abotow. Nea ehia na ama koma no adesoa so atew na adi ahurusi ne nkuranhyɛsɛm a ɛyɛ dɛ a efi obi a ɔwɔ nhumu nkyɛn. Nanso afoforo bɛyɛ dɛn ahu sɛnea yɛn komam dadwen mu yɛ duru fa bere a yɛnkaa ho asɛm nkyerɛɛ wɔn? Yiw, sɛ yɛrehyia ahohia anaa adwenemhaw a, ehia sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ obi a ɔwɔ mmɔborohunu a obetumi aboa. Bio nso, nea ɛhaw yɛn a yɛbɛka ho asɛm no ma yɛn komam dadwen so tew. Enti, eye sɛ yɛbɛka yɛn ahiasɛm akyerɛ yɛn aware mu hokafo, ɔwofo, anaa adamfo a ɔwɔ ayamhyehye na ne ho akokwaw honhom fam.

Nkuranhyɛsɛm bɛn na ɛsen nea ɛwɔ Bible mu no? Ɛnde ɛsɛ sɛ yɛbɛn Onyankopɔn denam anisɔ mu a yebefi adwennwen N’asɛm a efi honhom mu ho no so. Nokwarem no, nsusuwho a ɛte saa no betumi ama koma a ahaw ne aniwa a ɛredi awerɛhow anya anigye. Odwontofo no di eyi ho adanse denam nea edi so yi a ɔka so: “[Yehowa, NW] mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. [Yehowa, NW] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. [Yehowa, NW] ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, [Yehowa, NW] mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani.”—Dwom 19:7, 8.

Ɔkwan a Nhyira Wom

Bere a Israel hene no de treneefo kwan retoto abɔnefo de ho no, ɔka sɛ: “Ɔtreneeni kyerɛ ne yɔnko kwan, na abɔnefo kwan ma wɔfom.” (Mmebusɛm 12:26) Ɔtreneeni hwɛ yiye wɔ n’ankasa akwan ho—fekubɔ ne nnamfo a ɔpaw. Ɔpaw wɔn wɔ nyansam, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkwati nkitahodi a ɛyɛ hu. Ɛnte saa wɔ abɔnefo fam, wɔpo afotu, na wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ. Wɔdaadaa wɔn, na wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ.

Nea edi hɔ no, Ɔhene Salomo da nsonsonoe a ɛda anihafo ne nsiyɛfo ntam adi wɔ ɔkwan foforo so. Ɔka sɛ: “Onihafo nsa nka ne hanam, na nsiyɛfo nya onipa ade a ne bo yɛ den.” (Mmebusɛm 12:27) Onipa a ɔtwentwɛn ne nan ase—“onihafo”—“nsa nka,” anaasɛ “ɔntõtõ,” ne hanam. (New International Version) Ne saa nti, ontumi nwie nea ofi ase no. Nanso, nsiyɛ ma obi yɛ ɔdefo.

Anihaw yɛ hu araa ma ɔsomafo Paulo huu hia a ehia sɛ ɔkyerɛw mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no teɛ nnipa bi a “wɔnenam basabasa”—a na wɔnyɛ adwuma koraa na mmom wɔyɛ tɛretɛre—no so. Saafo no de adesoa kɛse bɛtoo wɔn a aka no so. Enti Paulo tuu wɔn fo pen sɛ ‘wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn ano aduan.’ Na Paulo tuu asafo no mufo a wɔaka no fo sɛ sɛ saafo no antie afotu a emu yɛ den yi a, ‘wɔntwe wɔn ho’ mfi wɔn ho—wɔmpo wɔn, a ɛda adi sɛ na ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn nya fekubɔ biara.—2 Tesalonikafo 3:6-12.

Ɛnyɛ Salomo afotu a ese yɛnyɛ nsi no nkutoo ne afotu a ɛsɛ sɛ yɛde to yɛn koma so, na mmom, n’afotu a ɛfa yɛn tɛkrɛma a yɛde bedi dwuma ɔkwampa so ho no nso. Momma yɛmmɔ mmɔden mfa saa akwaa ketewaa no nni dwuma mfa nsa yare na yɛmma afoforo ani nnye bere a yɛkwati sɛ yɛde ano no bedi mfomso na yɛfa trenee kwan so no. Salomo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Trenee kwan so na nkwa wɔ, na akwatikwan de kɔ owu mu.”—Mmebusɛm 12:28.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

“Nea otie afotu yɛ onyansafo”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]

“Onyansafo tɛkrɛma sa yare”

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yɛn ahiasɛm a yɛbɛka akyerɛ adamfo a yɛwɔ ne mu ahotoso no betumi ama yɛanya awerɛkyekye

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Anisɔ a yɛde besusuw Onyankopɔn Asɛm ho ma koma no ani gye