Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmpa No Sow aba Wɔ São Tomé ne Príncipe

Asɛmpa No Sow aba Wɔ São Tomé ne Príncipe

Asɛmpa No Sow aba Wɔ São Tomé ne Príncipe

EBETUMI aba sɛ nnipa dodow no ara na wɔntee São Tomé ne Príncipe ho asɛm. Wɔntaa mmɔ saa nsupɔw yi ho dawuru wɔ ahomegyebea ho nhomawa mu. Wɔ asase mfonini so no, ɛte sɛ nsisimu nketenkete bi wɔ Guinea Faka no mu wɔ Afrika atɔe fam mpoano, na ɛkame ayɛ sɛ São Tomé da nkyempɛ no so na Príncipe da atifi fam apuei kakra. Ewim a ɛyɛ hyew ne osu a ɛtɔ hɔ kɛse no ama kwaebirentuw a ɛyɛ fɛ akata ɛhɔ mmepɔw a ne tenten boro mita 2,000 no so.

Nnipa a wɔwɔ adamfofa su ne ayamyefo a wɔn ase fi Afrikafo ne Europafo mu a wɔn amammerɛ adi afra ma ɛyɛ anika na wɔte nsupɔw yi a osu tɔ na owia bɔ hɔ kɛse no so. Ɛpo nsu a ani yɛ bruu atwa ho ahyia na mmɛ sesa so wɔ ne mpoano. Adwuma a nnipa a wɔn dodow si 170,000 no yɛ ne kookoo, ade titiriw a wɔde kɔ amannɔne kɔtɔn, anaa kuadwuma ne mpataayi. Mfe kakra ni no, ayɛ den mpo sɛ obi nsa bɛka ne da koro aduan.

Nanso, biribi a esii wɔ afeha a ɛto so 20 no mfirihyia du a edi akyiri mu no aka nsupɔw yi so nnipa a wɔredɔɔso no asetra kɛse. Wɔ June 1993 mu no, Yehowa Adansefo de wɔn din hyɛɛ mmara mu wɔ São Tomé ne Príncipe aban no mu, ma ɛde nsɛnnennen a Yehowa Adansefo taa hyia a atra hɔ bere tenten wɔ nsupɔw yi so baa awiei.

Aba a Woguu no Ahokyere Mu

Ɛte sɛ nea Ɔdansefo dii kan baa ɔman yi mu wɔ 1950 mfe no mfiase bere a wɔde nneduafo a wofi Portugal atubra aman a ɛwɔ Afrika kɔyɛɛ adwuma wɔ adwumayɛban mu wɔ nsupɔw no so no. Wotwaa Ɔdansefo no, Afrikani a ɔyɛ ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa somfo no asu fii Mozambique esiane sɛ ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ saa asase no so nti. Ɔdansefo yi nkutoo kɔɔ so yɛɛ adwuma denneennen, na wɔ asram asia mu no, na nnipa 13 na wɔrenya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa. Akyiri yi, wɔde Adansefo foforo a wɔwɔ tebea koro no ara mu fi Angola bae. Wɔ wɔn afiasenna no mu no, wɔde hokwan biara a wonyae kaa asɛmpa no kyerɛɛ ɛhɔfo no.

Eduu afe 1966 no na anuanom a wɔwɔ adwumayɛban mu wɔ São Tomé no nyinaa asan kɔ wɔn man mu. Ahenni adawurubɔfo kuw ketewa a wogyaw wɔn wɔ akyiri no kɔɔ so yɛɛ adwuma akokoduru so. Wɔtaa wɔn, hwee wɔn, de wɔn guu afiase esiane sɛ wohyiaam suaa Bible nti, na na obiara nni hɔ a ɔbɛkɔ akɔsra wɔn anaasɛ ɔbɛhyɛ wɔn nkuran. Ɔman no nyaa ahofadi fii Portugal nsam wɔ afe 1975 mu, na Ahenni ho nokware no fii ase sow aba nkakrankakra.

Ntrɛwmu ne Adansi

Ahenni adawurubɔfo no dodow duu 100 wɔ ɔsram a wɔde wɔn din hyɛɛ mmara ase wɔ afe 1993 mu no mu. Saa afe no ara mu no, akwampaefo atitiriw fii Portugal bae. Mmɔden a wɔbɔ de suaa Portugalfo Creole no maa ɛhɔfo no ani gyee wɔn ho. Ade a afei ɛho behiae titiriw ne asase a na wobenya asi Ahenni Asa. Bere a onuawa bi a ne din de Maria tee ahiade yi ho asɛm no, ɔde n’asase a na wasi ofie ketewaa bi wɔ so no fã mae. Na asase no sõ sɛnea wobetumi asi Ahenni Asa kɛse wɔ so. Ná Maria nnim sɛ esiane sɛ onni busuani biara nti, na adansifo aniberefo ani wɔ n’asase no ho. Da bi, adwumawura bi a wagye din ne Maria bɛkasae.

Adwumawura no bɔɔ no kɔkɔ sɛ: “Nea mate afa wo ho no nye! Mate sɛ wode w’asase no akyɛ. Wunnim sɛ ɛda kurom nti wubenya sika pii?”

Maria bisaa no sɛ: “Sɛ mede asase no ma wo a, ahe na wubetua?” Bere a ɔbarima no ammua no, Maria toaa so sɛ: “Sɛ wode wiase sika nyinaa mpo ma me a, ɛnso, efisɛ sika ntumi ntɔ nkwa.”

Ɔbarima no bisae sɛ: “Wunni mma, ɛnte saa?”

Nea ɛbɛyɛ na Maria atwa nkɔmmɔ no so no, ɔkae sɛ: “Asase no yɛ Yehowa dea. Mfirihyia pii ni a ɔde ama me, na afei masan de ama no. Merehwɛ kwan sɛ mɛtra ase daa.” Afei obisaa ɔbarima no sɛ: “So wowɔ daa nkwa a wode bɛma?” Ɔdanee ne ho kɔe a wanka asɛm biara.

Nea efii mu bae ne sɛ anuanom a wofi Portugal a wonim adansi boae ma wosii abansoro a ɛyɛ fɛ. Ɛwɔ ɔdan wɔ ase, Ahenni Asa kɛse ne dabere. Ɛsan wɔ adesuadan a wɔyɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne akwampaefo sukuu wɔ mu. Asafo abien na wɔyɛ wɔn nhyiam wom mprempren, na ama ayɛ adesuabea ma ɔsom kronn wɔ ahenkurow no mu.

Ná asafo a adawurubɔfo a wɔyɛ nsi 60 wom wɔ Mé-Zochi. Esiane sɛ na wɔyɛ asafo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa bi a wɔde nneɛma a enni mu na asi a esi nkwadu bi mu so nti, ɛbɛdaa adi sɛ na ehia sɛ wonya Ahenni Asa a ɛfata. Wɔmaa kurow no so ahwɛfo tee, na mpanyimfo ayamyefo no maa wɔn asase pa bi a ɛda ɔkwantempɔn ho. Ɛdenam anuanom a wofi Portugal mmoa so no, wɔfaa ɔkwan a wɔfa so sisi adan ntɛmntɛm so sii Ahenni Asa fɛfɛ bi wɔ asram abien mu. Nea ɛhɔfo no hui no yɛɛ wɔn nwonwa. Ɛyɛɛ Swedenni afiriyɛfo bi a ɔka wɔn a wɔreyɛ adansi adwuma bi wɔ kurow no mu ho nwonwa sɛ anuanom mmarima ne mmea no reyɛ adwuma no. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ nwonwa! Yehowa Adansefo wɔ Mé-Zochi ha nam ɔkwan a wɔfa so sisi adan ntɛmntɛm so resi dan! Saa kwan yi so na ɛsɛ sɛ yɛfa yɛ yɛn adwuma ho nhyehyɛe.” Wohyiraa Ahenni Asa no so June 12, 1999, na nnipa 232 na wɔbaa ase. Asa no abɛyɛ beae titiriw a nsrahwɛfo a wɔba Mé-Zochi kurow no mu kɔhwɛ.

Nhyiam Titiriw

Yehowa Adansefo a wɔwɔ São Tomé ne Príncipe asetram ade titiriw bi bɛyɛɛ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe wɔ January 1994 mu—nea edi kan wɔ nsupɔw yi so. Wɔyɛe wɔ nhyiam asa fɛfɛ a afiri a ɛma ɔdan mu yɛ nwini wom wɔ ɔman no mu no mu. So wubetumi asusuw anigye a Ahenni adawurubɔfo 116 no nyae bere a wohui sɛ nnipadɔm 405 aba ase na bere a edi kan koraa no wɔhwɛɛ Bible drama ahorow, na wɔn nsa kaa nhoma ahorow a woyii no adi wɔ nhyiam ase no ho? Wɔbɔɔ nnipa 20 a wɔahyira wɔn nkwa so no asu wɔ beae a osu tɔ na owia bɔ kɛse no mpoano.

Ade foforo a ɛtwetwee ɔmanfo no adwene ne lapɛl baagye soronko a na ɛbobɔ nhyiamfo no. Ahɔho 25 a wofi Portugal ne Angola bae no maa ɔmantam nhyiam no yɛe sɛ amanaman ntam nhyiam. Ankyɛ koraa na wonyaa Kristofo dɔ a emu yɛ den maa wɔn ho wɔn ho, na wɔn mu pii tew nusu yɔɔ bere a wowiee nhyiam no na wodii nkra no.—Yohane 13:35.

Nsɛnkyerɛwfo a wofi Ɔman Radio dwumadibea baa ase bebisabisaa nhyiam sohwɛfo no nsɛm. Wɔkaa ɔkasa ahorow no bi mu nsɛm nso wɔ radio so. Ná ɛyɛ nhyiam titiriw ampa, na ɛte sɛ nea ɛboae maa Adansefo anokwafo a wɔwɔ beae a atew ne ho yi bɛnee Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no yiye.

Aba a Wɔsow De Yi Yehowa Ayɛ

Sɛ Ahenni asɛm no sow aba a, ɛma nkurɔfo da su pa adi na ɛde ayeyi ne anuonyam brɛ Yehowa. (Tito 2:10) Abeawa bi a ɔwɔ ne mpanyin afe so ani gyee nea na ɔresua fi ne dapɛn dapɛn Bible adesua mu no ho. Nanso, ne papa baraa no sɛ ɔnnkɔ asafo nhyiam ahorow. Bere a ofii obu mu kyerɛkyerɛɛ sɛnea Kristofo nhyiam no ho hia ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛkɔ mu kyerɛɛ no no, ɔpamoo no fii ne fie ntɛm ara. Ɛda adi sɛ na osusuw sɛ ɔbɛyɛ nea mmabun foforo pii yɛ no—sɛ ɔne ɔbarima bi bɛkɔ akɔtra ntɛm ara ma wahwɛ no. Bere a papa no hui sɛ n’asetra yɛ papa na ɛho tew sɛ Kristoni no, ɛkaa no ma ɔsan kɔfaa no baa fie maa no kwan sɛ ɔnsom Yehowa.

Nhwɛso foforo ne nnwontofo kuw bi panyin de no. N’ahohwibra maa n’abam bui. Bere a na ɔrehwehwɛ asetra atirimpɔw no, Adansefo no kohuu no. Bere a ofii ase de Bible mu abrabɔ ho gyinapɛn ahorow bɔɔ ne bra no, ɔbɛyɛɛ obi a nkurɔfo kaa ne ho asɛm kɛse wɔ kurow no mu. Ankyɛ na ohui sɛ ɛho hia sɛ ɔtwe ne ho fi fekubɔne nyinaa ho. (1 Korintofo 15:33) Afei otuu anammɔn a ɛho hia bɔɔ asu de yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne.

Ná mmabun pii rehwehwɛ nokware som. Wɔn nhwehwɛmu no maa wɔne asɛnkafo akuw pii asɔfo susuw nsɛm ho, nanso nea efii mu bae no maa wɔn adwene yɛɛ wɔn basaa na wɔn abam bui. Enti wɔbɛyɛɛ akobɔfo a wɔyɛ basabasa na wɔserew biribiara a ɛfa nyamesom ho.

Da bi, na Yehowa Dansefo ɔsɛmpatrɛwfo bi rekɔyɛ Bible adesua, na obeduu baabi a na saa mmabun yi wɔ no. Ná kuw no pɛ sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no bua nsɛmmisa bi, na wodii n’anim kɔɔ afikyiri baabi maa no agua ketewaa bi traa so. Nea edii hɔ ne nsɛm pii a wobisabisaa no faa nsɛmpɔw te sɛ ɔkra, hellgya, ɔsoro asetra, ne wiase awiei ho. Ɔdansefo no fii Bible mu buaa wɔn nsɛmmisa a kuw no panyin bisaa no no nyinaa. Dɔnhwerew biako akyi no, ɔpanyin no a ne din de Law no, ka kyerɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo no sɛ: “Bere a yɛfrɛɛ wo sɛ bra bebua nsɛmmisa no, na yɛn adwene ne sɛ yebedi wo ho fɛw, sɛnea yɛayɛ nkurɔfo a wɔwɔ ɔsom afoforo mu no. Na yesusuw sɛ obiara ntumi mmua saa nsɛmmisa no. Nanso woatumi abua, na wode Bible nkutoo na ayɛ saa! Ka kyerɛ me, mɛyɛ dɛn atumi asua pii afa Bible no ho?” Wɔne Law fii Bible adesua ase, na ankyɛ na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ofii kuw no mu na ogyaee n’asetra kwan basabasa no. Ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa, na anni afe biako mpo na wɔbɔɔ no asu. Mprempren ɔresom sɛ asafo mu somfo.

Adeyɛ biako a agye ntini denneennen wɔ hɔnom ne sɛ ɔbarima ne ɔbea bɛbom atra kɛkɛ sɛ awarefo wɔ bere a ɔnyɛɛ ne ho ade. Nnipa pii akɔ so atra mfirihyia pii, na wɔawo mma. Ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye Onyankopɔn nsusuwii a ɛfa asɛm no ho atom. Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛnea Onyankopɔn Asɛm boaa onipa biako ma odii akwanside yi so.—2 Korintofo 10:4-6; Hebrifo 4:12.

Antonio tee ase sɛ ɛsɛ sɛ ɔma n’aware yɛ mmara kwan so de, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ sɛ otwa n’aburow wie na onya sika kakra a, obehyia ayeforo atow pon. Ade rebɛkye ma watwa pɛ na akorɔmfo kowiaa ne nnɔbae no. Osii gyinae sɛ ɔbɛtwɛn afe a edi hɔ nnɔbae no, na akorɔmfo kowiae bio. Na bere a mmɔden a Antonio bɔe sɛ obenya sika ahyia n’ayeforo no anyɛ yiye no, ohuu onii a ɔyɛ ne sɔretiafo no ankasa. Ɔkae sɛ: “Satan rennaadaa me bio. Sɛ yɛbɛtow pon oo, yɛrentow pon oo, yɛbɛware ɔsram biako ne fã akyi!” Enti wɔwaree, na nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa no, wɔn nnamfonom maa wɔn nkokɔ, dabodabo, ne apɔnkye ma wɔde yɛɛ wɔn ayeforohyia apontow no. Bere a Antonio ne ne yere de wɔn aware hyɛɛ mmara ase akyi no, wɔbɔɔ—wɔne wɔn mma baasia no—asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne.

Wɔkɔ Príncipe Supɔw no So

Mfe kakra ni no, ɔmansin sohwɛfo ne akwampaefo a wofi São Tomé akɔ Príncipe a nnipa 6,000 te hɔ no nsrahwɛ bere ne bere mu. Nnipa a wɔte supɔw no so wɔ ahɔhoyɛ su yiye, na wɔde anigye tie nea Adansefo no wɔ ka no. Bere a ɔbarima bi kenkanee kratawa bi a wɔde maa no wiei no, ɔhwehwɛɛ akwampaefo no da a edi hɔ no kae sɛ ɔbɛboa ma wɔakyekyɛ nkratawa no pii. Akwampaefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ wɔn na wɔyɛ adwuma yi, nanso ɔbarima no kɔɔ so kae sɛ ɔbɛka wɔn ho ne wɔn akɔ afie afie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka wɔn ho asɛm akyerɛ afiewuranom akamfo akyerɛ wɔn sɛ wontie asɛm no yiye. Awiei koraa no, ɔbarima no gyaw wɔn hɔ, nanso ɔkamfoo akwampaefo no wɔ adwuma a ɛho hia a na wɔreyɛ no ho.

Wɔ afe 1998 mu no, akwampaefo baanu fi São Tomé kɔɔ Príncipe, na ankyɛ, na wɔreyɛ ofie Bible adesua ahorow 17. Adwuma no mu kɔɔ so trɛwee, na ankyɛ, na wɔreyɛ Asafo Nhoma Adesua a sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a nnipa 16 ba, na na nnipa bɛboro 30 na wobetie baguam kasa. Wɔde beae a wobenya ayɛ asafo nhyiam ho asɛm kɔtoo kurow no so ahwɛfo anim, na anigyesɛm ne sɛ wɔmaa wɔn asase sɛ wɔmfa nsi Ahenni Asa. Anuanom a wofi São Tomé tuu wɔn ho mae sii Ahenni Asa korokorowa bi a dan a akwampaefo atitiriw baanu bɛda mu nso ka ho.

Akyinnye biara nni ho sɛ asɛmpa no resow aba pii na ɛrenya nkɔanim wɔ nsupɔw a atew ne ho yi so. (Kolosefo 1:5, 6) Wɔ January 1990 mu no na adawurubɔfo 46 na wɔwɔ São Tomé ne Príncipe. Wɔ 2002 ɔsom afe no mu no, wonyaa Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 388! Adawurubɔfo no bɛboro ɔha biara mu 20 na wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma, na wɔyɛ ofie Bible adesua ahorow bɛyɛ 1,400. Nnipa dodow a ɛsen biara 1,907 na wɔbaa 2001 Nkaedi no ase. Yiw, Yehowa asɛm no renya nkɔso ntɛmntɛm, na wɔrehyɛ no anuonyam wɔ nsupɔw a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ yi so.—2 Tesalonikafo 3:1.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 12]

Radio So Dwumadi a Nkurɔfo Ani Gye Ho Kɛse

Nhoma a wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse wɔ nsupɔw yi so ne Questions Young People Ask—Answers That Work. * Adapɛn abien biara no, wɔde saa asɛmti no yɛ simma 15 dwumadi bi wɔ Ɔman Radio so. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wobɛte sɛ amanneɛbɔfo no bisa sɛ, “Mmofra, mobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛyɛ ɔdɔ paa anaa akɔnnɔ a ɛmfata?” na watoa so akenkan nhoma no fã bi! (Hwɛ ti 31.) Wɔpaw Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no afã bi de yɛ dwumadi bi a ɛte saa ara. *

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 33 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 33 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ahenni Asa a edi kan wɔ São Tomé wɔ 1994 mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

1. Ahenni Asa a wosii no ntɛmntɛm wɔ Mé-Zochi

2. Wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam titiriw no wɔ nhyiam asa yi so

3. Asubɔfo a wɔn ani agye wɔ ɔmantam nhyiam no ase

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Globe: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.