Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wuhia Bible Mmara Bere Nyinaa?

So Wuhia Bible Mmara Bere Nyinaa?

So Wuhia Bible Mmara Bere Nyinaa?

BERE a na woyɛ abofra no, ɛda adi sɛ w’awofo hyehyɛɛ mmara pii maa wo. Wunyinii no, wubehui sɛ na wosusuw wo yiyedi ho paa. Sɛ́ ɔpanyin no, ebia woda so ara de nnyinasosɛm ahorow bi a wɔde duaa wo mu no di dwuma, ɛmfa ho mpo sɛ wonhyɛ wɔn ase bio no.

Yɛn soro Agya, Yehowa, nam N’asɛm Bible so de mmara pɔtẽẽ ma yɛn. Sɛ nhwɛso no, ɔbara abosonsom, aguamammɔ, awaresɛe, ne korɔnbɔ. (Exodus 20:1-17; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Bere a ‘yenyin nneɛma nyinaa mu’ wɔ honhom fam no, yebehu sɛ Yehowa susuw yɛn yiyedi ho paa, na n’ahyɛde ahorow nka yɛn nhyɛ.—Efesofo 4:15; Yesaia 48:17, 18; 54:13.

Nanso tebea horow pii wɔ hɔ a yenni ho mmara pɔtẽẽ biara. Ne saa nti, ebinom susuw sɛ sɛ wonni Bible ahyɛde pɔtẽẽ wɔ biribi ho a, wobetumi ayɛ nea wɔpɛ biara. Wɔka sɛ sɛ Onyankopɔn susuw sɛ ɛho hia a, anka ɔbɛma yɛn mmara pɔtẽẽ wɔ nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ ho.

Wɔn a wosusuw nneɛma ho saa kwan yi so no sisi gyinae horow a akyiri yi wodi ho yaw pii. Wonhu sɛ ɛnyɛ mmara nkutoo na ɛwɔ Bible mu, na mmom Onyankopɔn adwene nso wom bi. Bere a yesua Bible na yehu Yehowa adwene wɔ nsɛm ho no, yenya ahonim a wɔde Bible atete no, na ɛboa yɛn ma yɛpaw nneɛma a ɛne ne nsusuwii ahorow hyia. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma ne koma ani gye na yenya yɛn gyinaesi horow a nyansa wom no so mfaso.—Efesofo 5:1.

Bible Mu Nhwɛso Horow a Ɛda Nsow

Sɛ yesusuw Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu no ho a, yehu sɛnea wogyinaa Yehowa nsusuwii so yɛɛ ade wɔ tebea horow mu bere mpo a na wonni mmara pɔtẽẽ biara no. Susuw Yosef nhwɛso no ho hwɛ. Bere a na Potifar yere de nna ho asɛm guan ne ho no, na Onyankopɔn mmara a etia awaresɛe biara nni hɔ. Nanso, bere a na mmara pɔtẽẽ biara nni hɔ mpo no, Yosef hui sɛ awaresɛe yɛ bɔne a etia n’ankasa ahonim na ‘etia Onyankopɔn’ nso. (Genesis 39:9) Ɛda adi sɛ sɛnea wɔkaa aware ho asɛm wɔ Eden no maa Yosef hui sɛ awaresɛe ne Onyankopɔn nsusuwii ne n’apɛde nhyia.—Genesis 2:24.

Nhwɛso foforo nso ni. Wɔ Asomafo no Nnwuma 16:3 no, yehu sɛ ansa na Paulo refa Timoteo ne no atutu akwan sɛ Kristoni no, otwaa Timoteo twetia. Nanso wɔ nkyekyɛm 4 no, yɛkenkan sɛ ɛno akyi no, Paulo ne Timoteo tuu kwan faa nkurow mu de “mmara a asomafo ne mpanyinfo a wɔwɔ Yerusalem no hyɛe sɛ wonni so no maa wɔn.” Saa mmara no mu nsɛm no bi ne sɛ, mmara nkyekyere Kristofo sɛ wotwa twetia bio! (Asomafo no Nnwuma 15:5, 6, 28, 29) Dɛn nti na na Paulo susuw sɛ ɛsɛ sɛ wotwa Timoteo twetia? ‘Ɛyɛ Yudafo a na wɔwɔ saa beae no nti, efisɛ na wɔn nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani.’ Ná Paulo mpɛ sɛ ɔto obiara hintidua. Nea na ehia no ne sɛ Kristofo bɛkɔ so ‘ayi wɔn ho akyerɛ nnipa ahonim nyinaa, Onyankopɔn anim.’—2 Korintofo 4:2; 1 Korintofo 9:19-23.

Ná Paulo ne Timoteo taa da nsusuwii a ɛte sɛɛ adi. Kenkan nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Romafo 14:15, 20, 21; 1 Korintofo 8:9-13; 10:23-33 no, na hwɛ sɛnea na afoforo honhom fam yiyedi ho hia Paulo, titiriw wɔn a na biribi a ɛnyɛ mfomso ankasa mpo betumi ato wɔn hintidua no. Afei Paulo kyerɛw Timoteo ho asɛm sɛ: “Minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no; efisɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ankasa de, na ɛnyɛ nea ɛyɛ Kristo Yesu de. Na ne fata a ɔfata no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛ ɔba yɛ n’agya.” (Filipifo 2:20-22) Nhwɛso pa a Kristofo baanu yi yɛ maa yɛn ɛnnɛ bɛn ara ni! Sɛ́ anka wɔbɛyɛ nea ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn bere a Onyankopɔn mmara biara nkyekyere wɔn no, wosuae sɛ wɔbɛda ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba no da no adi denam wɔn gyinaesi ahorow a wosusuw sɛnea ɛbɛka afoforo honhom fam yiyedi ho no so.

Susuw yɛn nhwɛsofo titiriw, Yesu Kristo ho hwɛ. Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu pefee sɛ obiara a ɔbɛte Onyankopɔn mmara ase no bedi so ma aboro sɛnea ebia mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ mpo so. (Mateo 5:21, 22, 27, 28) Yesu, Paulo, Timoteo anaa Yosef mu biara annya adwene a ɛne sɛ sɛ Onyankopɔn mmara pɔtẽẽ biara nni hɔ a, obi betumi ayɛ nea ɔpɛ biara. Ɛdenam Onyankopɔn nsusuwii akyi a mmarima yi dii nti, wɔtraa ase maa ɛne mmara nsɛm abien a ɛsen biara a Yesu kaa ho asɛm—sɛ obi bɛdɔ Onyankopɔn ne ne yɔnko—no hyiae.—Mateo 22:36-40.

Kristofo a Wɔwɔ Hɔ Nnɛ Nso Ɛ?

Emu ada hɔ pefee sɛ ɛnsɛ sɛ yɛfa Bible no sɛ mmara nhoma bi ara kɛkɛ—bere a yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛka biribiara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho asɛm akyerɛ yɛn pefee. Sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛyɛ ade a ɛne Yehowa nsusuwii hyia, bere a ebia mmara pɔtẽẽ biara nni hɔ a ɛbɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ a, ɛma ne koma ani gye. Ɔkwan foforo so no, sɛ anka wɔbɛkyerɛ yɛn nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ bere biara no, yebetumi ‘ahu nea Yehowa pɛ yiye.’ (Efesofo 5:17; Romafo 12:2) Dɛn nti na eyi ma Yehowa ani gye? Efisɛ, ɛda adi sɛ ɛnyɛ hokwan ahorow a yɛwɔ no na ɛho hia yɛn titiriw, na mmom sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Afei nso ɛda adi sɛ yɛn ani sɔ ɔdɔ a ɔda no adi kyerɛ yɛn no ara kosi sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua no, na yɛma ɔdɔ a ɛte saa kanyan yɛn kɛse. (Mmebusɛm 23:15; 27:11) Bio nso, nneɛma a yegyina Kyerɛwnsɛm so yɛ no boa ma yedi yiye honhom fam ne honam fam.

Ma yɛnhwɛ sɛnea yɛn mu biara betumi de saa nnyinasosɛm yi adi dwuma.

Anigyede a Yɛpaw

Susuw aberante bi a ɔpɛ sɛ ɔtɔ dwom bi apaawa ho hwɛ. N’ani gye apaawa no so dwom no ho nanso osuro, efisɛ akyi mfonini no kyerɛ sɛ nguamansɛm ne ahuhusɛm na ɛwom. Ɛnna onim nso sɛ saa ɔdwontofo no nnwom dodow no ara da abufuw ne basabasayɛ adi. Sɛ́ obi a ɔdɔ Yehowa no, aberante yi susuw sɛnea Yehowa te nka wɔ asɛm no ho ho. Ɔbɛyɛ dɛn ahu Onyankopɔn apɛde wɔ eyi mu?

Wɔ krataa a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Galatifo no mu no, ɔbobɔɔ honam nnwuma ne aba a Onyankopɔn honhom sow din. Ɛda adi sɛ wunim nneɛma a ɛka Onyankopɔn honhom aba no ho: ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi. Nanso nneɛma bɛn na ɛyɛ ɔhonam nnwuma no? Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa; eyinom ho na mebɔ mo kɔkɔ, sɛnea mebɔɔ mo kɔkɔ kan no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.”—Galatifo 5:19-23.

Hyɛ nea etwa to koraa wɔ nneɛma a ɔbobɔɔ din mu no nsow—‘nea ɛtete saa.’ Ɛnyɛ nneɛma a yebetumi abu no sɛ honam nnwuma no nyinaa na Paulo bobɔɔ din. Ɛnkyerɛ sɛ ne saa nti, obi betumi aka sɛ, ‘Kyerɛwnsɛm no ma me ho kwan sɛ metumi de me ho ahyɛ biribiara a Paulo ammɔ din sɛ ɛka honam nnwuma ho no mu bi.’ Mmom no, ebehia sɛ akenkanfo de wɔn adwene di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nneɛma a ebia ampue wɔ nea Paulo bobɔɔ din no mu nanso ‘ɛtete saa’ no. Wɔn a wɔsen wɔn kɔn yɛ nneɛma a wɔammobɔ din nanso ‘ɛtete saa’ no rennya Onyankopɔn Ahenni mu nhyira horow no bi.

Eyi nti, ehia sɛ yehu nneɛma a ɛnsɔ Yehowa ani no. So ɛyɛ den sɛ yebehu? Fa no sɛ oduruyɛfo a ɔhwɛ wo tu wo fo sɛ di nnuaba ne mfunne pii na gyae nnuan sɔkyee ne nnɔkɔnnɔkɔwade ne nneɛma a ɛtete saa di. So ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubehu aduan ko a keeki yɛ? Afei san hwɛ Onyankopɔn honhom aba ne honam nnwuma no bio. Emu nea ɛwɔ he na dwom a yɛkaa ho asɛm wɔ atifi hɔ no fa ho? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛne ɔdɔ, papayɛ, ahosodi, anaa su afoforo a ɛne Onyankopɔn honhom aba no wɔ abusuabɔ no nhyia koraa. Ɛho nhia sɛ obi nya mmara pɔtẽẽ bi ansa na wahu sɛ saa dwom yi ne Onyankopɔn nsusuwii nhyia. Nnyinasosɛm koro no ara na yebetumi de asusuw nhoma, sini, television so dwumadi ahorow, kɔmputa so agodie, Intanɛt ne nea ɛtete saa ho.

Ahosiesie a Ɛfata

Bible no nso de nnyinasosɛm a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie ho ma. Eyi tumi ma Kristoni biara hwɛ sɛnea obesiesie ne ho ma afata. Ɛha nso obi a ɔdɔ Yehowa hu sɛ eyi yɛ hokwan a ɔnam so bɛyɛ nea ɛbɛma ne soro Agya no ani agye sen sɛ ɔbɛyɛ nea ɔpɛ. Sɛnea yɛadi kan ahu no, akwankyerɛ pɔtẽẽ a Yehowa mfa mmae wɔ asɛm bi ho no nkyerɛ sɛ nea ne nkurɔfo bɛyɛ biara mfa ne ho. Ɛsono ntade a obiara hyɛ wɔ baabiara, na mpo baabi wɔ hɔ a, bere ne bere mu no ɛsakra. Nanso Onyankopɔn de nnyinasosɛm atitiriw a ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ ne nkurɔfo kwan bere nyinaa ne baabiara a wɔwɔ ma.

Sɛ nhwɛso no, 1 Timoteo 2:9, 10 ka sɛ: “Saa ara nso na mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu, na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmea a woyi onyamesom kyerɛ mu.” Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo mmea—ne mmarima—susuw sɛnea nnipa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ hwɛ kwan sɛ wɔn a “woyi onyamesom kyerɛ” besiesie wɔn ho no ho. Ɛfata ankasa sɛ Kristoni besusuw sɛnea n’ahosiesie bɛma afoforo asusuw Bible mu asɛm a ɔka no ho. (2 Korintofo 6:3) Kristoni a ɔda nhwɛso pa adi remma nea ɔpɛ anaa hokwan a ɔwɔ ho nhia no dodoodo, na mmom ɔbɛhwɛ sɛ ɔntwetwe afoforo adwene sɛnea ɛnsɛ anaa ɔrento wɔn hintidua.—Mateo 18:6; Filipifo 1:10.

Sɛ Kristoni hu sɛ ahosiesie bi a n’ani gye ho haw afoforo anaa ɛto wɔn hintidua a, obetumi asuasua ɔsomafo Paulo denam afoforo honhom fam yiyedi a ɔbɛma ahia no asen nea n’ankasa ani gye ho so. Paulo kae sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.” (1 Korintofo 11:1) Ɛdefa Yesu ho nso, Paulo kyerɛwee sɛ: “Kristo nso ansɔ ne ho ani.” Akwankyerɛ a Paulo de rema Kristofo nyinaa no mu da hɔ pefee: “Yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛw na yɛnsɔ yɛn ankasa ani. Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim.”—Romafo 15:1-3.

Sɛnea Yebetumi Ahu Nneɛma Mu Yiye

Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛnea yɛbɛsɔ Yehowa ani bere a ɔnhyɛɛ mmara pɔtẽẽ bi mmaa yɛn wɔ asɛm bi ho mpo no? Sɛ yɛkenkan N’asɛm, sua no daa, na yesusuw nea yɛkenkan no ho a, ɛbɛma yɛatumi ahu nneɛma mu yiye. Nkɔso a ɛte saa no ba nkakrankakra. Sɛnea abofra nyin no, saa ara na honhom fam onyin nso yɛ nkakrankakra na ɛmma prɛko pɛ. Enti ɛsɛ sɛ yesi abotare, na sɛ yɛanhu nkɔso ntɛmpa ara a, yɛn abam ammu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛnyɛ bere tenten a ebetwam kɛkɛ no na ɛbɛma yɛatumi ahu nneɛma mu yiye. Ɛsɛ sɛ yɛde saa bere no susuw Onyankopɔn Asɛm ho sɛnea yɛadi kan aka no, na ɛsɛ sɛ yɛde saa Asɛm no bɔ yɛn bra sɛnea yebetumi biara.—Hebrifo 5:14.

Yebetumi aka sɛ, bere a Onyankopɔn mmara horow sɔ yɛn setie ma Onyankopɔn hwɛ no, ne nnyinasosɛm ahorow no sɔ sɛnea yɛn honhom fam yiyedi mu dɔ ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ n’ani no hwɛ. Sɛ yenya honhom fam nkɔso a, yɛbɛdan yɛn adwene akɔ sɛnea yebesuasua Yehowa ne ne Ba no so kɛse. Yɛn ho bɛpere yɛn sɛ yebegyina Onyankopɔn adwene wɔ nsɛm ho so asusuw nneɛma ho sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no. Sɛ yɛma yɛn soro Agya no ani gye wɔ nea yɛyɛ nyinaa mu a, yebehu sɛ yɛn nso yɛn anigye bɛyɛ kɛse.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Ɛsono ntade a wɔhyɛ wɔ baabiara, nanso ɛsɛ sɛ yɛma Bible nnyinasosɛm kyerɛ nea ɛfata sɛ yɛhyɛ