Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Awurade, Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ”

“Awurade, Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ”

“Awurade, Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ”

“N’asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ.”—LUKA 11:1.

1. Adɛn nti na Yesu suani bi bisaa no sɛ ɔnkyerɛ wɔn mpaebɔ?

ƐDA bi a na Yesu rebɔ mpae wɔ afe 32 Y.B. mu no, na Ne suani bi rehwɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu rebɔ mpae no wɔ ne tirim nti na osuani no nte nea ɔreka akyerɛ N’agya no. Nanso, bere a Yesu wiei no, osuani no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ.” (Luka 11:1) Dɛn na ɛkaa no maa obisaa saa? Ná mpaebɔ yɛ Yudafo asetra ne wɔn som fã. Mpaebɔ ahorow pii wɔ Nnwom nhoma no ne nhoma afoforo a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no mu. Enti na ɛnyɛ sɛ osuani no rebisa sɛ wɔnkyerɛ no biribi a onnim ho hwee anaa ɔnyɛɛ bi da. Akyinnye biara nni ho sɛ, na onim Yudafo som mu akannifo mpae a na wɔbɔ no kɛkɛ no. Nanso seesei de, na wahu sɛ Yesu rebɔ mpae, na ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ nsonsonoe kɛse da rabifo no mpaebɔ a ɛda nyaatwom adi no ne ɔkwan a Yesu faa so bɔɔ mpae no ntam.—Mateo 6:5-8.

2. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu ankyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yetĩ mpaebɔ nhwɛso no mu nsɛm no mu? (b) Adɛn nti na yɛpɛ sɛ yehu sɛnea wɔbɔ mpae?

2 Bɛyɛ asram 18 ansa na asɛm yi resi no, na Yesu akyerɛ n’asuafo no sɛnea wɔmmɔ mpae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. (Mateo 6:9-13) Ɛbɛyɛ sɛ na osuani yi nni hɔ saa bere no nti Yesu fii ayamye mu san tii nsɛntitiriw a ɛwɔ saa mpae no mu no mu. Nea ɛda nsow wɔ ho ne sɛ wantĩ nsɛm a na ɛwɔ mpaebɔ nhwɛso a edi kan no mu, a ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ sɛ na ɔrekyerɛ ɔsom mu mpaebɔ bi a wɔbɛkyere agu wɔn tirim atĩ mu aka. (Luka 11:1-4) Te sɛ saa osuani a wɔammɔ ne din no, yɛn nso yɛpɛ sɛ wɔkyerɛ yɛn mpaebɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma yɛabɛn Yehowa kɛse. Ɛnde momma yɛnhwehwɛ sɛnea ɔsomafo Mateo yɛɛ mpaebɔ nhwɛso no ho kyerɛwtohɔ mu nkɔ akyiri. Abisade ahorow ason na ɛwom, na emu abiɛsa fa Onyankopɔn atirimpɔw ho ɛnna anan fa yɛn honam fam ne honhom fam ahiade ho. Yebesusuw abisade ahorow abiɛsa a edi kan no ho wɔ adesua yi mu.

Agya a Ɔwɔ Dɔ

3, 4. Dɛn na Yehowa a yɛfrɛ no sɛ “yɛn Agya” no kyerɛ?

3 Efi mfiase no, Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ da no adi sɛ yebu Yehowa na yɛne no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo a na wɔne no ahyiam wɔ bepɔw no ho no sɛ wɔmfrɛ Yehowa sɛ “yɛn Agya a wowɔ soro.” (Mateo 6:9) Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, asɛm a Yesu de gyinaa hɔ maa “Agya” no te sɛ nea abofra fi ɔdɔ mu frɛ n’agya no. Yehowa a yɛbɛfrɛ no sɛ yɛn Agya no kyerɛ sɛ yɛne no wɔ abusuabɔ pa a ahotoso wom.

4 Sɛ yɛka sɛ “yɛn Agya” a, yegye tom nso sɛ yɛyɛ abusua kɛse a mmarima ne mmea a wogye tom sɛ Yehowa ne wɔn Nkwamafo wom no fã. (Yesaia 64:8; Asomafo no Nnwuma 17:24, 28) Wɔagye Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no sɛ “Onyankopɔn mma,” na wobetumi ‘ateɛm sɛ: Abba agya!’ (Romafo 8:14, 15) Ɔpepem pii abɛyɛ wɔn ahokafo anokwafo. Eyinom ahyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔde nsu mu asubɔ ada wɔn ahosohyira adi. Saa “nguan foforo” yi nyinaa nso betumi akɔ Yehowa anim wɔ Yesu din mu na wɔafrɛ No “yɛn Agya.” (Yohane 10:16; 14:6) Yebetumi akɔ yɛn soro Agya no hɔ wɔ mpaebɔ mu daa ayi no ayɛ, na yɛada no ase wɔ papa a wayɛ ama yɛn nyinaa ho, na yɛaka yɛn haw ahorow akyerɛ no, efisɛ yɛwɔ ahotoso sɛ odwen yɛn ho.—Filipifo 4:6, 7; 1 Petro 5:6, 7.

Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Yehowa Din

5. Dɛn ne abisade a edi kan wɔ mpaebɔ nhwɛso no mu, na dɛn nti na eyi fata?

5 Abisade a edi kan no de nneɛma a ehia na edi kan. Ɛka sɛ: “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Yiw, ɛsɛ sɛ Yehowa din ho a yɛbɛtew no yɛ ade titiriw ma yɛn efisɛ yɛdɔ no na yɛn ani nnye sɛnea nkurɔfo agu ne din ho fĩ no ho. Satan atuatew no ne nnipa baanu a wodi kan a ɔdaadaa wɔn ma wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden no sɛee Yehowa Nyankopɔn din, na ɛmaa asɛm baa sɛnea na Onyankopɔn redi tumi wɔ amansan so no ho. (Genesis 3:1-6) Bio nso, mfehaha pii a abɛsen kɔ mu no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wogyina Yehowa ananmu no de wɔn nneyɛe ne wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ aniwu no agu ne din ho fĩ.

6. Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa din ho ntew a, dɛn na yɛrenyɛ?

6 Mpae a yɛbɔ sɛ Yehowa din ho ntew no kyerɛ ɔfã a yegyina wɔ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho—kyerɛ sɛ yegyina Yehowa akyi dennennen wɔ ho kwan a ɔwɔ sɛ odi amansan no so no ho. Yehowa pɛ sɛ abɔde a wonim nyansa na wofi wɔn pɛ mu brɛ wɔn ho ase anigye mu hyɛ ne trenee tumidi ase no tra amansan no mu esiane sɛ wɔdɔ no na wɔn ani gye nea ne din kyerɛ ho nti. (1 Beresosɛm 29:10-13; Dwom 8:1; 148:13) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa din no bɛboa yɛn na yɛanyɛ biribi a ebetumi agu ne din kronkron no ho fĩ. (Hesekiel 36:20, 21; Romafo 2:21-24) Esiane sɛ amansan no ne emu nnipa asomdwoe gyina Yehowa din ho a yɛbɛtew ne ɔdɔ mu a yebefi abrɛ yɛn ho ase ama ne tumidi so nti, mpae a yɛbɔ sɛ “wo din ho ntew” no kyerɛ sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa atirimpɔw bɛbam na ahyɛ no anuonyam.—Hesekiel 38:23.

Ahenni no a Yɛbɔ Ho Mpae

7, 8. (a) Ahenni bɛn na Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae no? (b) Dɛn na yesua fa Ahenni yi ho wɔ Daniel ne Adiyisɛm nhoma no mu?

7 Abisade a ɛto so abien wɔ mpaebɔ nhwɛso no mu no ne: “W’ahenni mmra.” (Mateo 6:10) Saa abisade yi ne nea edi kan no wɔ abusuabɔ kɛse. Adwinnade a Yehowa de bɛtew ne din kronkron ho no ne Mesia Ahenni no a ɛyɛ ne soro nniso, a ne Ba Yesu Kristo na wapaw no sɛ ɛso Hene no. (Dwom 2:1-9) Daniel Nkɔmhyɛ no de “ɔbo bi” a atew afi “bepɔw” bi ho yɛ Mesia Ahenni no ho mfonini. (Daniel 2:34, 35, 44, 45) Bepɔw no gyina hɔ ma tumi a Yehowa di wɔ amansan so, enti ɔbo a egyina hɔ ma Ahenni no yɛ Yehowa amansan nniso a wada no adi wɔ ɔkwan foforo so. Wɔ nkɔmhyɛ no mu no, ɔbo no ‘bɛyɛ bepɔw kɛse na ɛyɛ asase nyinaa so ma,’ a ɛkyerɛ sɛ Mesia Ahenni no begyina Onyankopɔn tumidi ananmu adi asase so.

8 Afoforo a wɔka Kristo ho wɔ Ahenni nniso yi mu ne 144,000 a “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu” a wɔne no bedi ahene ne asɔfo no. (Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1-4; 20:6) Daniel frɛ eyinom sɛ “ɔsorosoroni no ahotefo” a wɔne Kristo a ɔyɛ wɔn Ti no nya ‘ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ. Wɔn ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.’ (Daniel 7:13, 14, 18, 27) Eyi ne ɔsoro nniso a Kristo kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ ho mpae no.

Dɛn Nti na Yɛda So Ara Bɔ Mpae sɛ Ahenni no Mmara?

9. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmara?

9 Wɔ Kristo mpaebɔ nhwɛso no mu no, ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmara. Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu da no adi sɛ wɔde Mesia Ahenni no sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu. * Enti, so ɛda so ara fata sɛ yɛbɔ mpae sɛ saa Ahenni no “mmara”? Yiw. Efisɛ wɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu no, ɔbo a egyina hɔ ma Mesia Ahenni no ne ohoni kɛse a egyina hɔ ma nnipa amammui nniso ahorow no redi ako. Ɔbo no bɛba abɛbɔ ohoni no abubu no pasaa ayam no. Daniel nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

10. Dɛn nti na yɛn yam a anka Onyankopɔn Ahenni no aba?

10 Yɛn yam a anka Onyankopɔn Ahenni no abɛsɛe Satan nhyehyɛe bɔne no, efisɛ eyi bɛkyerɛ Yehowa din kronkron no a ɛho bɛtew ne wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi no a wobeyi wɔn hɔ. Yefi komam bɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra,” na yɛne ɔsomafo Yohane bom ka sɛ: “Amen, Awurade Yesu, bra!” (Adiyisɛm 22:20) Yiw, ɛmmra sɛ Yesu bɛba abɛtew Yehowa din ho na wɔama ne tumidi adi nkonim, na ama odwontofo no nsɛm abam sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de [Yehowa, NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dwom 83:18.

“Nea Wopɛ Nyɛ Asase So”

11, 12. (a) Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn apɛde “nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” a, na dɛn na yɛrebisa? (b) Mpae a yɛbɔ sɛ Yehowa apɛde nyɛ hɔ no san kyerɛ dɛn?

11 Nea edi hɔ no, Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Yehowa pɛ nti na amansan no bae. Ɔsoro abɔde a wɔwɔ tumi teɛm sɛ: “[Yehowa, NW], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wopɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:11) Yehowa wɔ atirimpɔw ma “nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so.” (Efesofo 1:8-10) Nokwarem no, sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ a, na yɛreka akyerɛ Yehowa sɛ onni n’atirimpɔw ho dwuma. Bio nso, na yɛreda no adi sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ amansan nyinaa mu.

12 Yɛnam mpaebɔ yi so nso da no adi sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ Yehowa apɛde wɔ yɛn asetram. Yesu kae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Te sɛ Yesu no, sɛ́ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, yɛn ani gye sɛ yɛreyɛ Onyankopɔn apɛde. Yehowa ne ne Ba no ho dɔ a yɛwɔ no mmma yɛnntra ase mmma nnipa ‘akɔnnɔ bio, na mmom yɛtra ase ma Onyankopɔn apɛde.’ (1 Petro 4:1, 2; 2 Korintofo 5:14, 15) Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkwati nneɛma a yɛyɛ a yenim sɛ ɛne Yehowa apɛde nhyia no. (1 Tesalonikafo 4:3-5) Sɛ yɛhwehwɛ bere de kenkan Bible na yesua ade a, na ‘yɛrehu ade a Yehowa pɛ yiye’ a “Ahenni ho asɛmpa yi” a yɛbɛka no nnam so ka ho.—Efesofo 5:15-17; Mateo 24:14.

Yehowa Apɛde Wɔ Soro

13. Ɔkwan bɛn so na na wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde bere tenten ansa na Satan retew atua no?

13 Bere tenten ansa na Yehowa honhom mu mma no biako retew atua abɛyɛ Satan no, ná wɔreyɛ n’apɛde wɔ soro. Mmebusɛm nhoma no da no adi sɛ nyansa a wɔka ho asɛm sɛ onipa no gyina hɔ ma Onyankopɔn Abakan no. Ɛda no adi sɛ bere tenten a yennim ano na Onyankopɔn Dɔba no ‘ani agye n’anim bere nyinaa,’ na n’ani gye sɛ ɔbɛyɛ N’agya apɛde. Awiei koraa no, ɔbɛyɛɛ Yehowa “dwumayɛni a waben (NW)” wɔ nneɛma a ɔbɔe nyinaa a “ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so, nea wohu ne nea wonhu” mu. (Mmebusɛm 8:22-31; Kolosefo 1:15-17) Yehowa de Yesu dii dwuma sɛ N’asɛm anaa ne Kasamafo.—Yohane 1:1-3.

14. Dɛn na yebetumi asua afi Dwom 103 mu fa sɛnea abɔfo no yɛ Yehowa apɛde wɔ soro no ho?

14 Odwontofo no da no adi sɛ Yehowa tumidi korɔn sen biribiara na abɔfo bebree no di n’akwankyerɛ ne ne mmara so. Yɛkenkan sɛ: “[Yehowa, NW] de n’agua asi soro, na n’ahenni di ade nyinaa so. [Yehowa, NW] abɔfo, munhyira no, mo tumi abran a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no. [Yehowa, NW] asafo nyinaa, munhyira no, n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no. [Yehowa, NW] nnwuma nyinaa, munhyira no, mmeammea a odi tumi nyinaa.”—Dwom 103:19-22.

15. Ɔkwan bɛn so na Ahenni tumi a Yesu nsa kae no aka Onyankopɔn apɛde a wɔreyɛ wɔ soro no?

15 Sɛnea Hiob nhoma no da no adi no, na Satan da so ara kɔ soro hɔ wɔ n’atuatew no akyi. (Hiob 1:6-12; 2:1-7) Nanso, Adiyisɛm nhoma no hyɛɛ nkɔm sɛ bere bi bɛba a na wobetu Satan ne n’adaemone afi soro hɔ. Ɛda adi sɛ saa bere no bae bere a wɔde Ahenni tumi maa Yesu Kristo wɔ afe 1914 mu akyi bere tiaa bi. Efi saa bere no, atuatewfo no nni kwan wɔ ɔsoro hɔ bio. Wɔaka wɔn ahyɛ asase so. (Adiyisɛm 12:7-12) Wɔnte atuatew nka wɔ soro hɔ bio, gye wɔn a wɔbom yi “Oguammaa no,” Kristo Yesu ayɛ, na wofi ahobrɛase mu kamfo Yehowa no nkutoo nne na wɔte. (Adiyisɛm 4:9-11) Nokwarem no, wɔreyɛ Yehowa apɛde wɔ soro.

Yehowa Apɛde Ma Asase No

16. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ nhwɛso no bɔ Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛfa anidaso a adesamma wɔ ho no gu?

16 Kristoman asɔre ahorow no kyerɛ sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro enti wɔnka Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa asase ho no ho asɛm. Nanso, Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) So yebetumi aka no nokwarem sɛ wɔreyɛ Yehowa apɛde wɔ asase a basabasayɛ, atɛnkyea, yare, ne owu ahyɛ so ma yi so koraa? Dabida! Enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae anibere so sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ wɔ asase so na ɛne ɔsomafo Petro asɛm a ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo [Mesia Ahenni nniso a Kristo di so no] ne asase foforo [adesamma abusua a ɛteɛ] a trenee te mu” no ahyia.—2 Petro 3:13.

17. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw ma asase no?

17 Ná Yehowa wɔ atirimpɔw ma asase a ɔbɔe no. Ɔmaa honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so,—: Mene [Yehowa, NW] na obi nni hɔ bio.” (Yesaia 45:18) Onyankopɔn de nnipa baanu a wodi kan no traa paradise turo mu na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:27, 28; 2:15) Ɛda adi sɛ Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw ne sɛ nnipa treneefo a wɔyɛ pɛ na wɔde anigye brɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase no na ɛbɛtra asase no so daa wɔ Paradise a Kristo hyɛɛ ho bɔ no mu.—Dwom 37:11, 29; Luka 23:43.

18, 19. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so koraa? (b) Yesu mpaebɔ nhwɛso no fã bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Mpɛn dodow a mmarima ne mmea a wɔte asase so ne Yehowa tumidi redi asi no, n’atirimpɔw ma asase no ntumi nnya mmamu koraa. Onyankopɔn de ahonhom a wɔwɔ tumi a Kristo di wɔn anim ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ Wobeyi Satan nhyehyɛe bɔne no nyinaa a atoro som, amammuisɛm a aporɔw, aguadi a anibere ne nnaadaa ahyɛ no ma, a sraadi a ɛsɛe ade ka ho, afi hɔ koraa. (Adiyisɛm 11:18; 18:21; 19:1, 2, 11-18) Wɔbɛtew Yehowa din ho na ne tumidi adi nkonim. Yɛbɔ eyi nyinaa ho mpae bere a yɛka sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no.—Mateo 6:9, 10.

19 Nanso, wɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu no, ɔkyerɛe sɛ yebetumi abɔ nneɛma a yehia nso ho mpae. Yebesusuw sɛnea ɔkyerɛe sɛ yɛmmɔ eyinom ho mpae no ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

Ntimu

• Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛbɛfrɛ Yehowa sɛ “yɛn Agya”?

• Dɛn nti na ɛho hia titiriw sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa din ho ntew?

• Adɛn nti na yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra?

• Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro a, dɛn na ɛkyerɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ná Yesu mpaebɔ no yɛ soronko koraa wɔ Farisifo no mpaebɔ a ɛyɛ nyaatwom no ho

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Kristofo bɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmra, ne din ho ntew, na n’apɛde nyɛ hɔ