Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Akoa” A Ɔyɛ Ɔnokwafo Ne Ɔbadwemma

“Akoa” A Ɔyɛ Ɔnokwafo Ne Ɔbadwemma

“Akoa” A Ɔyɛ Ɔnokwafo Ne Ɔbadwemma

“Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so?”—MATEO 24:45.

1, 2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so nya honhom fam aduan nnɛ?

WƆ Benada awia, Nisan 11, afe 33 Y.B. no, Yesu asuafo no bisaa no asɛm bi a ɛkyerɛ pii ma yɛn nnɛ. Wobisaa no sɛ: “Ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” Yesu kaa nkɔmhyɛ soronko bi ho asɛm wɔ ne mmuaema no mu. Ɔkaa bere bi a akokoakoko, ɔkɔm, asasewosow ne yaredɔm a ɛyɛ hu paa bɛba ho asɛm. Ná ɛno bɛyɛ “awoko yaw mfiase” kɛkɛ. Ná nea ɛyɛ hu sen saa koraa bɛba. Akwanhwɛ a ɛyɛ hu bɛn ara ni!—Mateo 24: 3, 7, 8, 15-22; Luka 21:10, 11.

2 Yesu nkɔmhyɛ no afã bi anya ne mmamu fi afe 1914. “Awoko yaw mfiase” no aba adesamma so ankasa. Nanso, ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo suro. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔde honhom fam aduampa bɛwowaw wɔn. Esiane sɛ Yesu wɔ soro seesei nti, nhyehyɛe bɛn na wayɛ wɔ asase so ha na ama yɛn nsa aka honhom fam aduan?

3. Nsiesie bɛn na Yesu ayɛ na ama yɛanya “aduan ɛbere a ɛsɛ mu”?

3 Yesu ankasa maa saa asɛmmisa no ho mmuae. Bere a ɔreka ne nkɔmhyɛ kɛse no ho asɛm no, obisae sɛ: “Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu?” Afei ɔkae sɛ: “Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.” (Mateo 24:45-47) Yiw, na wɔde bɛhyɛ “akoa” bi nsa sɛ ɔmma honhom fam aduan; na wobenya “akoa” bi a ɔyɛ nokwafo ne ɔbadwemma. So na saa akoa no yɛ onipa biako, nnipa bi a wowuwu ma afoforo besisi wɔn ananmu, anaa biribi foforo? Esiane sɛ akoa nokwafo no siesie honhom fam aduan a ɛho hia paa nti, ɛsɛ sɛ yehu mmuae no.

Onipa Biako Anaa Nnipakuw Bi?

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ntumi nyɛ onipa biako?

4 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no rentumi nyɛ onipa biako. Dɛn ntia? Efisɛ afeha a edi kan no mu tɔnn na akoa no fii ase maa honhom fam aduan, na sɛnea Yesu kyerɛ no, na Owura no bɛba abɛto sɛ akoa no reyɛ saa bere a ɔbɛba wɔ afe 1914 no. Ná ɛno bɛkyerɛ mfirihyia 1,900 a onipa biako de bɛsom wɔ nokwaredi mu. Metusala mpo annyin ankyɛ saa!—Genesis 5:27.

5. Kyerɛkyerɛ nea enti a asɛm “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ntumi nnyina hɔ mma Kristoni biara no mu.

5 Ɛnde, so asɛm “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no betumi agyina hɔ ama Kristoni biara? Ɛwom, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ anokwafo ne mmadwemma; nanso, bere a Yesu reka “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” ho asɛm no, na biribi foforo koraa na ɛwɔ n’adwenem. Yɛyɛ dɛn hu saa? Efisɛ, ɔkae sɛ sɛ ‘owura no ba’ a, ‘ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.’ Ɛbɛyɛ dɛn na wama Kristoni biara adi biribiara—ade “nyinaa” a Owura no wɔ—so? Entumi mma saa!

6. Ɔkwan bɛn so na na wɔhwɛ kwan sɛ Israel man bɛyɛ Onyankopɔn “akoa”?

6 Enti, nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ne sɛ, ɛyɛ Kristofo kuw bi na na Yesu refrɛ wɔn sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. So yebetumi anya biribi te sɛ akoa kuw? Yiw. Wɔ mfirihyia 700 akyi ansa na Kristo reba no, Yehowa frɛɛ Israel man mũ no nyinaa sɛ “m’adansefo” ne ‘m’akoa a mayi no.’ (Yesaia 43:10) Efi bere a wɔde Mose Mmara no mae wɔ afe 1513 A.Y.B., besi Pentekoste afe 33 Y.B. no, ná Israelni biara ka saa akoa kuw yi ho. Israelfo dodow no ara annya ɔman no hwɛ anaa nsiesiei a wɔyɛe de honhom fam aduan mae no mu kyɛfa tẽẽ. Yehowa maa ahemfo, atemmufo, adiyifo, ne Lewifo na edii saa dwuma no. Nanso, sɛ́ ɔman no, na ɛsɛ sɛ Israel gyina hɔ ma Yehowa tumidi na ɛka n’anuonyam kyerɛ amanaman no. Ná ɛsɛ sɛ Israelni biara yɛ ɔdansefo ma Yehowa.—Deuteronomium 26:19; Yesaia 43:21; Malaki 2:7; Romafo 3:1, 2.

Wɔpam “Akoa” Bi

7. Dɛn nti na tete Israel man no ankɔ so amfata sɛ Onyankopɔn “akoa”?

7 Esiane sɛ ná Israel yɛ Onyankopɔn “akoa” mfehaha bi a atwam nti, so ɔno ne akoa a Yesu kaa ne ho asɛm no? Dabi, efisɛ nea ɛyɛ awerɛhow no, tete Israel anyɛ ɔnokwafo anaa ɔbadwemma. Paulo ma yehu tebea no yiye bere a ɔfaa Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ ɔman no de kaa asɛm no: “Mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu.” (Romafo 2:24) Nokwarem no, Israel maa atua a na wɔde mfe pii atew no koduu n’awiei bere a wɔpoo Yesu, na ɛnam so ma Yehowa poo wɔn no.—Mateo 21:42, 43.

8. Bere ne tebea bɛn mu na wɔpaw “akoa” bi sɛ onsi Israel ananmu?

8 Nokware a “akoa” no, Israel, anni no ankyerɛ da sɛ nokware asomfo rennya honhom fam aduan. Yesu wu akyi adaduonum, wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, wohwiee honhom kronkron guu n’asuafo 120 a na wɔahyia wɔ Yerusalem abansoro bi so no so. Saa bere no, wɔwoo ɔman foforo bi. Sɛnea ɛfata no, saa ɔman no mufo no nam “Onyankopɔn ade kɛse” a wɔde akokoduru kaa ho asɛm kyerɛɛ Yerusalemfo no so maa nnipa pii tee awo yi ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 2:11) Enti, saa honhom fam ɔman foforo no bɛyɛɛ “akoa” a ɔbɛka Yehowa anuonyam akyerɛ amanaman no, na ɔde honhom fam aduan ama wɔ bere a ɛsɛ mu. (1 Petro 2:9) Enti wɔbɛfrɛɛ no sɛ “Nyankopɔn Israel” ma ɛfatae.—Galatifo 6:16.

9. (a) Henanom na wɔka bom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no? (b) Henanom ne ‘asomfo’ no?

9 Obiara a ɔka “Nyankopɔn Israel” ho no yɛ Kristoni a wahyira ne ho so abɔ asu a wɔde honhom kronkron asra no a ɔwɔ ɔsoro anidaso. Enti, sɛnea na Israelni biara a ɔtraa ase wɔ afe 1513 A.Y.B. besi Pentekoste afe 33 Y.B. ka akoa kuw a na ɛwɔ hɔ ansa na Kristofo mmere no reba no ho no, saa ara na asɛm “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nso gyina hɔ ma honhom fam ɔman no mufo nyinaa sɛ kuw a wɔwɔ asase so bere biara fi afe 33 Y.B. reba no. Ɛnde, henanom ne ‘asomfo’ a akoa no ma wɔn honhom fam aduan no? Ná afeha a edi kan Y.B., Kristofo no nyinaa wɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. Enti na asomfo no nso gyina hɔ ma Kristoni ankorankoro biara a wɔasra no, na ɛnyɛ kuw no. Ná wɔn nyinaa—wɔn a na wɔwɔ asɛyɛde ahorow wɔ asafo no mu ka ho no—hia honhom fam aduan a efi akoa no nkyɛn no.—1 Korintofo 12:12, 19-27; Hebrifo 5:11-13; 2 Petro 3:15, 16.

“Obiara Adwuma”

10, 11. Yɛyɛ dɛn hu sɛ akoa nokwafo kuw mufo no nyinaa nyɛ adwuma biako?

10 Bere a “Nyankopɔn Israel” no gyina hɔ ma akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw a wɔde dwumadi ahyɛ ne nsa no, ankorankoro biara a ɔka ho no nso wɔ n’asɛyɛde ahorow. Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Marko 13:34 no ma eyi mu da hɔ. Ɔkae sɛ: ‘Ɛte sɛ onipa a watu kwan agyaw ne fi, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa wɔn adwuma mmiako mmiako, na wahyɛ ɔpon ano hwɛfo sɛ ɔnwɛn.’ Enti wɔama akoa kuw no muni biara adwuma sɛ ɔmma ade a Kristo wɔ wɔ asase so no nnɔɔso. Ɔyɛ adwuma sɛnea n’ahoɔden ne ne nsɛm tebea te.—Mateo 25:14, 15.

11 Ɔsomafo Petro nso ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔasra wɔn wɔ ne bere so no sɛ: ‘Sɛnea mo nyinaa nyinyaa ɔdom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn dom ahorow no so afiehwɛfo pa.’ (1 Petro 4:10) Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no de nea Onyankopɔn de akyɛ wɔn no sonsom wɔn ho wɔn ho. Petro nsɛm no san kyerɛ sɛ ɛbɛsono Kristoni biara ahoɔden, asɛyɛde ne hokwan ahorow a obenya. Nanso, na akoa kuw no muni biara betumi aboa ma honhom fam ɔman no anya nkɔso wɔ kwan bi so. Ɔkwan bɛn so?

12. Ɔkwan bɛn so na akoa nokwafo kuw no muni biara, sɛ ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima no, boa maa akoa no nyaa nkɔso?

12 Nea edi kan no, ná ɛsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ ɔdansefo ma Yehowa, ka Ahenni ho asɛmpa no. (Yesaia 43:10-12; Mateo 24:14) Aka bere tiaa bi ma Yesu akɔ soro no, ɔhyɛɛ n’akyidifo anokwafo mmarima ne mmea no nyinaa sɛ wɔnyɛ akyerɛkyerɛfo. Ɔkae sɛ: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.’—Mateo 28:19, 20.

13. Hokwan bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa nyae?

13 Sɛ na wonya asuafo foforo a, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn yiye sɛ wonni nea Kristo ahyɛ n’asuafo no nyinaa so. Bere bi akyi no, wɔn mu komapafo no bɛfatae bɛyɛɛ akyerɛkyerɛfo. Wɔde honhom fam aduan a ahoɔden wom maa wɔn a wobetumi abɛyɛ akoa kuw no mufo wɔ aman pii mu. Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa, mmarima ne mmea, nyaa asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa. (Asomafo no Nnwuma 18:24-26) Ná ɛsɛ sɛ ɛtoa so fi saa bere a akoa no fii ase yɛɛ n’adwuma no kosi nneɛma nhyehyɛe yi awiei.

14. Henanom na wonyaa hokwan kyerɛkyerɛe wɔ asafo no mu, na mmea anokwafo a wɔasra wɔn no tee nka dɛn wɔ ho?

14 Ɛmfa ho nea wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no, wɔn a na wɔabɔ asu foforo a wɔasra wɔn no bɛkaa akoa no ho na wɔkɔɔ so nyaa akwankyerɛ fii asafo no mufo a wodu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ho sɛ wɔsom sɛ mpanyimfo no nkyɛn. (1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:6-9) Enti, saa mmarima a na wɔapaw wɔn yi nyaa hokwan boae wɔ ɔkwan soronko so maa ɔman no nyaa nkɔso. Kristofo mmea anokwafo a na wɔasra wɔn no annwiinwii sɛ wɔde asafo no mu ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ahyɛ Kristofo mmarima no nkutoo nsa. (1 Korintofo 14:34, 35) Mmom, mmea no ani gyei sɛ wonyaa adwumaden a asafo no mu mmarima no yɛe no so mfaso, na wɔkyerɛɛ hokwan ahorow a wɔde maa wɔn te sɛ asɛmpa no a wɔka kyerɛɛ afoforo no ho anisɔ. Ɛnnɛ, mmea a wɔasra wɔn a wɔyɛ nsi no da su koro no ara bi adi ɛmfa ho sɛ ebia wɔasra mpanyimfo a wɔapaw wɔn no anaasɛ wɔnsraa wɔn no.

15. Akwan titiriw a wɔfaa so maa honhom fam aduan wɔ afeha a edi kan no mu no biako ne dɛn, na henanom na wodii anim?

15 Wɔnam asomafo no ne asuafo afoforo a na wodi anim no nkrataa a wɔkyerɛwee no so na ɛmaa honhom fam aduan wɔ afeha a edi kan no mu. Wɔde nkrataa a wɔkyerɛwee yi—titiriw nea ɛka Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm 27 a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no—kɔmaa asafo ahorow no, na akyinnye biara nni ho sɛ eyinom so na asafo no mu mpanyimfo no gyina kyerɛkyerɛe. Akoa nokwafo kuw no ananmusifo no nam saa kwan yi so na wɔmaa Kristofo anokwafo no honhom fam aduan. Afeha a edi kan no mu akoa kuw no yɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no.

“Akoa” no Wɔ Mfe 1,900 Akyi

16, 17. Ɔkwan bɛn so na akoa kuw no dii nokware wɔ n’adwumam ansa na afe 1914 reba?

16 Na ɛnnɛ nso ɛ? So Yesu huu Kristofo a wɔasra wɔn kuw bi sɛ wofi nokwaredi mu de aduan rema wɔ bere a ɛsɛ mu bere a ɔbae wɔ afe 1914 mu no? Yiw, ohuu bi. Esiane aba a na kuw yi resow nti, na ɛnyɛ den koraa sɛ wobehu wɔn. (Mateo 7:20) Efi saa bere no, abakɔsɛm ada no adi sɛ asɛm yi yɛ nokware.

17 Bere a Yesu bae no, na asomfo bɛyɛ 5,000 na wɔde nnamyɛ reka Bible mu nokwasɛm no. Ná adwumayɛfo no sua, nanso akoa no faa akwan a etu mpɔn so kaa asɛmpa no wɔ mmeaemmeae pii. (Mateo 9:38) Sɛ nhwɛso no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobetintim Bible nsɛmti ho nkyerɛkyerɛ wɔ atesɛm nkrataa bɛyɛ 2,000 mu. Wɔ saa kwan yi so no, Onyankopɔn Asɛm no mu nokware no duu akenkanfo mpempem pii nkyɛn wɔ bere koro mu. Bio nso, wɔyɛɛ sini bi a wɔde nnɔnhwerew awotwe na eyi. Wɔnam akwan a etu mpɔn yi so kaa Bible nkrasɛm a efi Adebɔ mfiase so kosi Kristo Mfirihyia Apem Nniso no ho asɛm kyerɛɛ atiefo bɛboro ɔpepem akron wɔ nsasepɔn abiɛsa so. Wɔde nhoma a wɔatintim nso dii dwuma. Sɛ nhwɛso no, wotintim Ɔwɛn-Aban yi bɛyɛ 50,000 wɔ afe 1914 mu.

18. Bere bɛn na Yesu de akoa no sii ade a ɔwɔ nyinaa so, na dɛn ntia?

18 Yiw, bere a Owura no bae no, ohui sɛ n’akoa nokwafo no de ahwɛyiye rema asomfo no aduan, na ɔreka asɛmpa no nso. Nanso, na asɛyɛde foforo a emu yɛ duru da hɔ retwɛn saa akoa no. Yesu kae sɛ: “Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.” (Mateo 24:47) Yesu yɛɛ eyi wɔ afe 1919 mu bere a wɔsɔɔ akoa no hwɛe wiei no. Nanso, dɛn nti na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no benyaa asɛyɛde pii? Efisɛ, na ade a Owura no wɔ adɔɔso. Wɔde Ahenni no maa Yesu wɔ afe 1914 mu.

19. Kyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔafa so adi “nnipakuw kɛse” no honhom fam ahiade ho dwuma no mu.

19 Dɛn ne ade a Owura a wɔde no asi agua so foforo yi maa n’akoa nokwafo no dii so no? Onyankopɔn som ho nneɛma nyinaa a ɛyɛ Owura no de wɔ asase so ha no. Sɛ nhwɛso no, wobehuu “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no wɔ mfirihyia aduonu akyi bere a wɔde Kristo sii agua so wɔ afe 1914 mu no. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Na saafo yi nka “Nyankopɔn Israel” a wɔasra wɔn no ho, na mmom wɔyɛ mmarima ne mmea anokwafo a wɔdɔ Yehowa na wɔwɔ asase so anidaso a wɔpɛe sɛ wɔsom no sɛnea wɔn a wɔasra wɔn no som no no ara pɛ no. Wɔ ɔkwan bi so no, wɔka kyerɛɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Saa Kristofo a na wɔabɔ wɔn asu foforo yi ne asomfo a wɔasra wɔn no dii honhom fam aduan koro no ara na kuw abien yi akɔ so adi aduan koro no ara de abesi nnɛ. Hwɛ sɛnea eyi ayɛ nhyira ama “nnipakuw kɛse” no mufo no afa!

20. Dwuma bɛn na “nnipakuw kɛse” no adi de ama Owura no ade a ɔwɔ no adɔɔso?

20 “Nnipakuw kɛse” no mufo de anigye bɛkaa akoa kuw a wɔasra wɔn no ho sɛ asɛmpakafo. Bere a wɔkaa asɛm no, Owura no ade a ɔwɔ wɔ asase so no dɔɔso maa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no asɛyɛde bɛyɛɛ kɛse. Bere a wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no dɔɔso no, ɛho behiae sɛ wonya mfiri a wɔde tintim nhoma na ama wɔatumi anya Bible ho nhoma ahorow ntɛmntɛm. Wosisii Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow wɔ aman pii so. Wɔsomaa asɛmpatrɛwfo kɔɔ “asase ano nohɔ.” (Asomafo no Nnwuma 1:8) Wɔ afe 1914 mu no, na wɔn a wɔasra wɔn no dodow yɛ bɛyɛ mpem anum. Nanso nnɛ, nnipa a wɔreyi Onyankopɔn ayɛ no boro ɔpepem asia na wɔn mu dodow no ara yɛ “nnipakuw kɛse” no mufo. Yiw, efi afe 1914 a wɔde Ɔhene no sii agua so no, n’ade a ɔwɔ no abu abɔ ho ampa!

21. Mmɛ abien bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Eyinom nyinaa da no adi sɛ akoa no ayɛ “nokwafo ne ɔbadwemma.” Bere a Yesu kaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho asɛm wiei pɛ, obuu mmɛ abien bi de kyerɛkyerɛɛ saa su no mu: mmabaa anyansafo ne mmabaa nkwasea ne talente ho mmɛ no. (Mateo 25:1-30) Yɛpɛ sɛ yehu nea ɛkyerɛ! Dɛn na saa mmɛ no kyerɛ ma yɛn nnɛ? Yebesusuw saa asɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wususuw Ho Dɛn?

• Henanom na wɔka bom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?

• Henanom ne ‘asomfo’ no?

• Bere bɛn na wɔde Owura no ade a ɔwɔ no nyinaa hyɛɛ akoa nokwafo no nsa, na dɛn nti na saa bere no mu mmom na wɔde hyɛɛ ne nsa?

• Henanom na wɔaboa ama ade a Owura no wɔ adɔɔso wɔ yɛn bere yi so, na ɔkwan bɛn na wɔafa so ayɛ eyi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Afeha a edi kan no mu akoa kuw no dii n’asɛyɛde mu nokware