Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So Yehowa Adansefo gye nneɛma nketenkete bi a wonya fi mogya mu?

Wotintim mmuae a edi so yi fii June 15, 2000, Ɔwɛn-Aban no mu.

Mmuae ankasa ne sɛ Yehowa Adansefo nnye mogya. Yegye di yiye sɛ Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no nyɛ ade a wɔsakra mu ma ɛne nsusuwii horow hyia. Nanso, nsɛm foforo sɔre efisɛ mprempren wotumi dannan mogya ani yiyi mu nneɛma atitiriw anan, na wotumi san kyekyɛ saa nneɛma no mu nya afã horow. Ansa na Kristoni bi besi gyinae sɛ ebia obegye nnuru a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ade tra aduruyɛ mu mfaso a obenya ne asiane a ebetumi afi mu aba no. Nea ɛsɛ sɛ ɔma ehia no ne nea Bible ka ne nkɛntɛnso a ebenya wɔ ɔne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ntam abusuabɔ so.

Nsɛmpɔw atitiriw no nyɛ den. Nea ɛbɛboa wo ma woahu nea enti a ɛte saa no, susuw Bible, abakɔsɛm, ne nnuruyɛ mu nsɛm bi ho hwɛ.

Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn nyinaa nanabarima Noa sɛ ommu mogya ade titiriw. (Genesis 9:3, 4) Akyiri yi, Onyankopɔn mmara horow a ɔde maa Israel no kaa kronkron a mogya yɛ ho asɛm sɛ: ‘Obiara a ofi Israel fi anaa ɔhɔho a odi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a odi mogya no.’ Na Israelni a ɔbɛpo Onyankopɔn mmara no betumi agu afoforo ho fĩ; enti, Onyankopɔn de kaa ho sɛ: “Na matwa no afi ne man mu akyene.” (Leviticus 17:10) Akyiri yi, wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Yerusalem ase no, asomafo no ne mpanyimfo no hyɛɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ ‘woyi wɔn ho fi mogya ho.’ Saa a wobɛyɛ ho hia te sɛ wo ho a wobɛtwe afi nna mu ɔbrasɛe ne abosonsom ho ara pɛ.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

Dɛn na na ‘wɔn ho a wobeyi afi ho’ no kyerɛ saa bere no? Kristofo no anni mogya, sɛ́ ɛyɛ nea wɔatwe no foforo anaa nea ada; na saa ara na wɔanni aboa a wɔanhwie ne mogya angu na owui no nam. Ade foforo a na wɔrenni nso ne nnuan a wɔde mogya afra mu te sɛ ekyim. Mogya a wubedi wɔ saa akwan yi mu biara so no tia Onyankopɔn mmara.—1 Samuel 14:32, 33.

Na ɛrenhaw tetefo no mu pii sɛ wobedi mogya, sɛnea yetumi hu fi Tertullian (afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. mu) nhoma ahorow mu no. Bere a Tertullian rebua atoro sobo a ɛne sɛ Kristofo no dii mogya no, ɔkaa mmusua bi a wɔde mogya a wɔnomee yɛɛ apam ho asɛm. Ɔkae nso sɛ “sɛ wɔreyɛ guasodeyɛ wɔ agoprama kɛse so a, na [ebinom] a wɔyɛ adifudepɛfo twe wɔn a wodi fɔ no mogya . . . sɛ wɔde resa otwa a ɛwɔ wɔn so no.”

Ná saa nneyɛe no nteɛ wɔ Kristofo no ani so (sɛ Romafo binom yɛɛ saa sɛ wɔde resa wɔn ho yare mpo a) Tertullian kyerɛwee sɛ: “Yɛmfa mmoa mogya mpo mfra aduan a yedi mu.” Romafo no de aduan a mogya wom sɔɔ yɛn mudi mu kura hwɛe sɛ Kristofo. Tertullian de kaa ho sɛ: “Afei, mibisa wo sɛ, sɛ wowɔ ahotoso [sɛ Kristofo] de osuro bɛtwe wɔn ho afi mmoa mogya ho a, ɛnde na dɛn nti na wunya adwene sɛ wɔn kɔn bɛdɔ nnipa mogya?”

Ɛnnɛ, nnipa kakraa bi pɛ na sɛ oduruyɛfo bi ka sɛ wonnye mogya a, wobesusuw ho sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn mmara fa asɛm no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no pɛ sɛ yɛtra ase no, yɛpɛ sɛ yedi Yehowa mmara a ɛfa mogya ho no so nso. Dɛn na eyi kyerɛ wɔ nnɛyi aduruyɛ mu?

Bere a mogya a wɔde ma bɛyɛɛ adeyɛ a abu so wɔ Wiase Ko II akyi no, Yehowa Adansefo hui sɛ eyi ne Onyankopɔn mmara nhyia—na yɛda so ara gye di. Nanso, nsakrae ba aduruyɛ mu, bere a bere rekɔ so no. Ɛnnɛ, mogya a wɔde ma dodow no ara nyɛ nea mogya mu nneɛma nyinaa wom, na mmom ɛyɛ mogya mu nneɛma atitiriw no mu biako: (1) mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ; (2) mogya mu nkwammoaa fitaa; (3) mogya mu nkwammoaa ntrantraa; (4) mogya mu nsu. Nnuruyɛfo betumi agyina ɔyarefo no tebea so aka sɛ wɔmma no mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, mogya mu nkwammoaa ntrantraa, anaa mogya mu nsu. Saa mogya mu nneɛma atitiriw a wotumi yiyi de ma no ma wotumi kyekyɛ mogya biako mu ma ayarefo pii. Yehowa Adansefo gye di sɛ mogya a emu nneɛma nyinaa wom, anaa emu nneɛma atitiriw anan a wɔde ma no bi a wobegye no to Onyankopɔn mmara. Nea ehia titiriw no, nea Bible ka yi a wɔadi so no abɔ wɔn ho ban afi asiane pii ho, a nea ɛka ho ne nyarewa te sɛ mmerɛbo mu yare ne AIDS a wobetumi anya afi mogya mu no.

Nanso, esiane sɛ wotumi yɛ mogya ho adwuma yi nneɛma pii fi mu ka nneɛma atitiriw no ho nti, nsɛmmisa sɔre wɔ mogya mu nneɛma nketenkete a woyiyi fi nneɛma atitiriw no mu no ho. Ɔkwan bɛn so na wɔde nneɛma nketenkete a ɛte saa no di dwuma, na dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni susuw ho bere a ɔresi ho gyinae no?

Mogya mu nneɛma dɔɔso. Mogya mu nsu—a ɔha mu nkyem 90 yɛ nsu—no mpo kura nkwammoaa mu nnuru, nkyene, nsu a ɛma nipadua no akwaa yɛ nneɛma ho adwuma ntɛmntɛm, a aduannuru ne asikre nso wom. Mogya mu nsu no kura ahoɔdennuru te sɛ albumin ne nneɛma a ɛma mogya tumi da, ne nkwammoaa a wɔko tia nyarewa. Nnufrafo kyekyɛ mogya mu nsu mu, na wɔde ahoɔdennuru a ɛwɔ mogya mu nsu mu no pii di dwuma. Sɛ nhwɛso no, wɔde mogya mu aduru bi a ɛma mogya da a wɔfrɛ no factor VIII ama nkurɔfo a wɔn mogya ntumi nna a mogya taa tu wɔn no. Anaasɛ, sɛ yare ahorow bi yɛ obi a, nnuruyɛfo betumi aka sɛ wɔmfa mogya mu nsu a nkwammoaa a wɔko tia nyarewa nyinaa bi wom, a woyi fii nkurɔfo a wɔwɔ nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa mu no mma no. Wɔde mogya mu nsu mu ahoɔdennuru foforo di dwuma wɔ nnuruyɛ mu, nanso nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛnea wobetumi ayɛ mogya mu ade titiriw (mogya mu nsu) ho adwuma ayiyi mu nneɛma akyekyɛ mu anya afã horow. *

Sɛnea wotumi nya nneɛma pii fi mogya mu nsu mu no, saa ara na wotumi yɛ mogya mu nneɛma atitiriw (mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, mogya mu nkwammoaa ntrantraa) ho adwuma yiyi nneɛma nketenkete fi mu. Sɛ nhwɛso no, wotumi nya ahoɔdennuru a wɔde sa yare a mmoawa de ba ne kokoram fi mogya mu nkwammoaa horow mu. Wotumi yɛ mogya mu nkwammoaa ntrantraa ho adwuma nya aduru a wɔde hwɛ akuru fi mu. Na wɔreyɛ nnuru foforo a (anyɛ yiye koraa no, mfiase no) woyi fi mogya mu nneɛma bi mu. Wɔmfa mogya mu nneɛma atitiriw no bi mfra saa nnuru no mu; emu nneɛma no bi na wɔtaa de fra mu. So ɛsɛ sɛ Kristofo gye mogya mu nneɛma yi wɔ aduruyɛ mu? Yentumi nkyerɛ. Bible mfa ho nkyerɛkyerɛmu mma, enti ɛsɛ sɛ Kristoni biara fi n’ankasa ahonim mu si ho gyinae wɔ Onyankopɔn anim.

Ebinom rennye biribiara a efi mogya mu (sɛ ɛyɛ mogya mu nneɛma nketenkete koraa a ɛbɛma no anya nipadua mu ahoɔden bere tiaa mu mpo a). Saa na wɔte Onyankopɔn ahyɛde a ese ‘yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho’ no ase. Wɔkyerɛ sɛ ne mmara a ɔde maa Israel no hwehwɛe sɛ ‘wohwie’ aboa mogya a wɔayi ‘gu fam sɛ nsu.’ (Deuteronomium 12:22-24) Dɛn nti na ɛno ho hia? Wiɛ, ansa na wɔbɛyɛ mogya mu nsu a nkwammoaa a wɔko tia nyarewa wom, mogya mu nsu a wɔde yɛ aduru a ɛma mogya da, ne nea ɛkeka ho no, ɛhwehwɛ sɛ wɔtwe mogya na wɔyɛ ho adwuma. Enti, Kristofo binom po nnuru a ɛtete saa, sɛnea wɔpo mogya a emu nneɛma nyinaa wom anaa emu nneɛma atitiriw anan a wɔde ma no. Ɛsɛ sɛ wobu gyinae a wofi ahonim mu si no.

Kristofo foforo si gyinae a ɛyɛ soronko. Wɔn nso po mogya a emu nneɛma nyinaa wom, mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, anaa mogya mu nkwammoaa ntrantraa anaa mogya mu nsu. Nanso, wobetumi ama kwan ma oduruyɛfo de nneɛma nketenkete a woyi fi emu nneɛma atitiriw mu no ayɛ wɔn aduru. Eyi mu mpo no, nsonsonoe bi wom. Kristoni bi betumi agye mogya mu nsu a nkwammoaa a wɔko tia nyarewa wom, nanso ebia ɔbɛpene anaa ɔrempene mma wɔmfa aduru bi a mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ anaa nkwammoaa fitaa mu nsu wom mmɔ no paane. Nanso, ne nyinaa mu no, dɛn na ɛbɛma Kristofo binom aka sɛ wobetumi agye mogya mu nneɛma nketenkete no?

June 1, 1990, Ɔwɛn-Aban mu asɛm a ɛne “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” no kae sɛ mogya mu nsu mu ahoɔdennuru (nneɛma nketenkete) fi ɔpemfo mu kɔ akokoaa a ɛsono ne mogya nkwaadɔm no mu. Enti ɛna no de mogya mu nsu a nkwammoaa a wɔko tia nyarewa nyinaa wom ma ne ba, na ɛma onya nipadua mu ahoɔden a ɛko tia nyarewa no. Ansa na akokoaa no ankasa mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ bewie wɔn nna di na wɔawuwu no, na wɔayɛ wɔn de a ɛde mframa kɔ ne nipadua mu no ho adwuma awie. Emu fa kɛse dan apɔwapɔw nketenkete, na ɛfa funuma no mu kɔ ɛna no nipadua mu, na ɛfra ne nipadua mu fĩ mu ma oyi gu. Kristofo binom betumi aka sɛ esiane sɛ mogya mu nneɛma nketenkete tumi fi onipa biako mu kɔ ɔfoforo mu denam awosu mu adeyɛ yi so nti, wobetumi agye mogya mu nneɛma nketenkete a wonya fi mogya mu nsu anaa nkwammoaa mu no.

So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsusuwii ne gyinae ahorow a wofi ahonim mu si betumi ayɛ nea egu ahorow ma asɛm no bɛyɛ nea ɛho nhia? Dabi. Ɛyɛ aniberesɛm. Nanso, ɛyɛ asɛm a emu da hɔ. Atifi hɔ asɛm no kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo po mogya a emu nneɛma nyinaa wom ne emu nneɛma atitiriw no. Bible kyerɛ Kristofo sɛ ‘wonyi wɔn ho mfi nnam a wɔakum ama abosom ne mogya ne aguamammɔ ho.’ (Asomafo no Nnwuma 15:29) Ɛno akyi no, ɛdefa emu nneɛma atitiriw mu nneɛma nketenkete biara ho de, ɛsɛ sɛ bere a Kristoni biara de mpaebɔ asusuw ho yiye awie no, ofi ahonim mu si n’ankasa gyinae.

Nnipa pii bɛpene so sɛ wobegye aduruyɛ biara a ɛte sɛ nea ɛbɛma wɔanya ahotɔ atom ntɛm, a aduruyɛ a wonim mpo sɛ akwahosan ho asian wom te sɛ nnuru a wɔde mogya ayɛ ka ho. Kristoni nokwafo bɔ mmɔden sɛ obehu nneɛma mu akɔ akyiri, na wanya adwene a ɛkari pɛ a ennyina honam fam mfaso nkutoo so. Yehowa Adansefo ani sɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wɔanya ayaresa a edi mũ, na wɔkari asiane ne mfaso a ɛwɔ aduruyɛ biara mu hwɛ. Nanso, sɛ ɛfa nnuru a wɔde mogya ayɛ ho a, wosusuw nea Onyankopɔn ka ne sɛnea ɛfa wɔne yɛn Nkwa Mafo no ntam abusuabɔ ho no ho yiye.—Dwom 36:9.

Hwɛ nhyira a ɛyɛ sɛ Kristoni benya ahotoso a odwontofo no nyae no bi, nea ɔkyerɛwee sɛ: “Owia ne kyɛm ne [Yehowa, NW] Nyankopɔn. [Yehowa, NW] ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no . . . [Yehowa, NW], nhyira ne onipa a ɔde ne ho to wo so”!—Dwom 84:11, 12.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ October 1, 1979, ne October 1, 1994, Ɔwɛn-Aban mu no. Nnwumakuw a wɔyɛ nnuru ayeyɛ nnuru bi a emfi mogya mu, na wotumi ka sɛ wɔmfa nsi mogya mu nneɛma a bere bi a atwam no na wɔde di dwuma no ananmu mma.

[Adaka wɔ kratafa 31]

NSƐM A WUBETUMI ABISA ODURUYƐFO NO

Sɛ wɔrebɛyɛ wo oprehyɛn anaa aduruyɛ bi a aduru a wɔde mogya yɛ ho asɛm betumi aba mu a, bisa sɛ:

So ayaresabea adwumayɛfo no nyinaa nim sɛ, sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no, mehyɛ sɛ mommma me mogya (mogya a emu nneɛma nyinaa wom, mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, anaa mogya mu nsu) wɔ tebea biara mu?

Sɛ ebia wɔde mogya mu nsu, mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ anaa fitaa na ɛyɛɛ aduru a wɔde bɛma wo a, bisa sɛ:

So wɔde mogya mu nneɛma atitiriw anan no biako na ayɛ aduru no? Sɛ saa a, wobɛkyerɛkyerɛ nneɛma a wɔde yɛe no mu?

Aduru a wɔde mogya yɛe yi dodow ahe na wɔde bɛma me, na ɔkwan bɛn so na wɔde bɛma me?

Sɛ m’ahonim bɛma magye mogya mu nneɛma nketenkete yi a, aduruyɛ mu asiane bɛn na ɛwom?

Sɛ m’ahonim remma mennye mogya mu nneɛma nketenkete yi a, aduru foforo bɛn na wobetumi de adi dwuma?

Bere a masusuw asɛm yi ho akɔ akyiri awie no, bere bɛn na memmɛka gyinae a masi no nkyerɛ wo?