Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Paulo de asɛm, “wɔn a wonnye nni,” dii dwuma wɔ 2 Korintofo 6:14 no, na henanom ho asɛm na ɔreka?

Yɛkenkan wɔ 2 Korintofo 6:14 sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.” Sɛ yɛhwɛ nea Paulo reka ho asɛm no a, ɛda adi sɛ na ɔreka wɔn a wonni Kristofo asafo no mu koraa no ho asɛm. Ɔkwan a Paulo faa so de asɛm “nea onnye nni” ne “wɔn a wonnye nni” dii dwuma wɔ Bible nkyekyɛm ahorow bi mu no foa saa ntease yi so.

Sɛ nhwɛso no, Paulo ka Kristofo anim denneennen sɛ wɔde wɔn nuanom Kristofo kɔ “wɔn a wonnye nni anim” wɔ asɛnnibea. (1 Korintofo 6:6) Ɛha no, wɔn a wonnye nni no yɛ atemmufo a wɔwɔ Korinto asɛnnibea no. Paulo ka wɔ ne krataa a ɛto so abien no mu sɛ Satan “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani.” Wɔde “nkataanim” akata wɔn a wonnye nni a wɔte saa no ani wɔ asɛmpa no ho. Esiane sɛ na Paulo adi kan akyerɛkyerɛ mu sɛ “sɛ wɔdan ba [Yehowa, NW] nkyɛn a, wobeyi nkataanim no” nti, saafo a wonnye nni yi nnaa no adi wɔ ɔkwan biara so sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa.—2 Korintofo 3:16; 4:4.

Nnipa binom a wonnye nni de wɔn ho ahyɛ amumɔyɛsɛm anaa abosonsom mu. (2 Korintofo 6:15, 16) Nanso, ɛnyɛ wɔn a wonnye nni no nyinaa na wɔsɔre tia Yehowa nkoa. Ebinom kyerɛ nokware no ho anigye. Wɔn mu pii aware mu ahokafo yɛ Kristofo nanso wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne wɔn bɛtra. (1 Korintofo 7:12-14; 10:27; 14:22-25; 1 Petro 3:1, 2) Nanso sɛnea yɛadi kan aka no, bere biara a Paulo de asɛm “wɔn a wonnye nni” bedi dwuma no, ɔde gyina hɔ ma wɔn a wɔnka Kristofo asafo a emufo yɛ nnipa a ‘wogye Awurade di’ no ho no.—Asomafo no Nnwuma 2:41; 5:14; 8:12, 13.

Nnyinasosɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 6:14 no yɛ akwankyerɛ pa a ɛkyerɛ Kristofo kwan wɔ wɔn asetra afã ahorow nyinaa mu. Wɔtaa fa saa asɛm koro yi ara nso de tu Kristofo a wɔrehwehwɛ aware mu hokafo fo. (Mateo 19:4-6) Esiane sɛ nsonsonoe kɛse da nokware Kristoni ne wɔn a wonnye nni abrabɔ, botae, ne gyidi mu nti, Kristoni a wabɔ asu fi nyansam kwati sɛ ɔbɛhwehwɛ aware mu hokafo wɔ wɔn a wonnye nni mu.

Na wɔn a wɔresua Bible no a wɔne Kristofo asafo no bɔ no nso ɛ? Na adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu nso ɛ? So wɔyɛ wɔn a wonnye nni? Dabi. Ɛnsɛ sɛ yɛfrɛ wɔn a wɔabegye nokware asɛmpa no atom na wɔrenya nkɔanim akodu asubɔ ho no sɛ wɔn a wonnye nni. (Romafo 10:10; 2 Korintofo 4:13) Ansa na Kornelio rebegye asubɔ no, wɔkaa ne ho asɛm sɛ “ɔdefɛrefo, na osuro Onyankopɔn.”—Asomafo no Nnwuma 10:2.

Esiane sɛ, sɛ yɛka no yiye paa a Paulo afotu a ɛwɔ 2 Korintofo 6:14 no mfa wɔn a wɔagye wɔn atom sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu ho ankasa nti, so ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristoni a wahyira ne ho so abɔ asu ne ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu bɛyɛ aware nhyehyɛe aware no? Dabi, nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ saa. Dɛn ntia? Esiane afotu tẽẽ a Paulo de maa Kristofo mmea akunafo no nti. Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Ɔde ne ho wɔ ho kwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ. Awurade mu nko na ɔnyɛ.’ (1 Korintofo 7:39) Nea ɛne saa afotu yi hyia no, wotu Kristofo a wɔahyira wɔn ho so fo sɛ wɔnhwehwɛ aware mu ahokafo wɔ wɔn a wɔwɔ “Awurade mu” nkutoo mu.

Dɛn na asɛm, “Awurade mu” ne nea ɛka ho “Kristo mu” no kyerɛ? Paulo ka ankorankoro bi a na wɔwɔ “Kristo mu” anaa “Awurade mu” ho asɛm wɔ Romafo 16:8–10 ne Kolosefo 4:7. Sɛ wokenkan saa nkyekyɛm ahorow no a, wubehu sɛ saafo no yɛ ‘yɔnko adwumayɛfo,’ ‘anokwafo a wɔagye wɔn atom’ ‘anuanom adɔfo,’ ‘asomfo anokwafo’ ne ‘nwurakwaa anaa nkoa.’

Bere bɛn na obi bɛyɛ ‘awurakwaa anaa akoa wɔ Awurade mu’? Ɔbɛyɛ ‘akoa Awurade mu’ bere a ofi ne pɛ mu yɛ nea ɛsɛ sɛ akoa yɛ na ɔpa ne ho akyi no. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi.” (Mateo 16:24) Obi fi ase di Kristo akyi bere a wahyira ne ho so ama Onyankopɔn na ɔde ne ho nyinaa ama sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no. Ɛno akyi no, ɔde ne ho ma ma wɔbɔ no asu na ɔbɛyɛ nea wɔahyɛ no ɔsomfo a ɔwɔ gyinabea pa wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. * Enti, nea ‘Awurade mu a ware’ no kyerɛ ne sɛ ware obi a wada no adi sɛ ɔyɛ gyidini mapa, obi a ɔde ne ho ama sɛ “Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa” ankasa.—Yakobo 1:1.

Ɛsɛ sɛ wɔkamfo obi a ɔne Yehowa Adansefo resua Bible no a ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ reyɛ den no. Nanso, saa onipa no nnya nhyiraa ne ho so mmaa Yehowa na ɔmfaa ne ho nsii hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre asom no. Ɔda so ara reyɛ nsakrae ahorow a ɛfata. Ɛsɛ sɛ owie nsakrae akɛse a ɛma obi bɛfata sɛ Kristoni a wahyira ne ho so abɔ asu no ansa na wasusuw nsakrae kɛse foforo a ɛba obi asetram te sɛ aware ho.

So ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ Kristoni ne obi a ɛte sɛ nea ɔrenya nkɔanim a ɛfata wɔ ne Bible adesua mu bɛyɛ aware nhyehyɛe a ebia adwene no ne sɛ ɔbɛtwɛn ma no abɔ asu na ɛno akyi no waware no? Dabi. Sɛ Bible suani bi behu sɛ Kristoni bi a wahyira ne ho so pɛ sɛ ɔware no nanso ɔrenyɛ saa gye sɛ wabɔ asu ansa a, ebetumi ama n’adwempa a ɔde resua ade no ayɛ basaa.

Mpɛn pii no, sɛ obi bɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a, ɛnkyɛ na wagye asubɔ. Enti afotu a yɛaka ho asɛm sɛ Awurade mu nko na ware no nyɛ nea ntease nnim. Na sɛ wo ne ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a waso aware a wɔtetee no wɔ Kristofo abusua mu na ɔne asafo no abɔ mfe pii yɛ aware nhyehyɛe nso ɛ? Sɛ saa na asɛm no te a, asɛmmisa no ne sɛ, dɛn na asiw no kwan ma ontumi nhyiraa ne nkwa so mmaa Yehowa no? Dɛn nti na ɔretwentwɛn ne nan ase? So n’adwene mu yɛ no nãã anaa? Ɛwom sɛ yɛrentumi nka sɛ saa onipa no yɛ obi a onnye nni de, nanso yɛrentumi nka nso sɛ ɔwɔ “Awurade mu.”

Afotu a ɛfa aware ho a Paulo de ama no so wɔ mfaso ma yɛn. (Yesaia 48:17) Sɛ wɔn a wɔayɛ aware nhyehyɛe no nyinaa ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa a, ɛma ahofama a wobenya ama wɔn ho wɔ aware mu no bɛyɛ nea edi mũ na ɛma Onyankopɔn bɛyɛ wɔn aware no nnyinaso. Esiane sɛ wɔwɔ asetram gyinapɛn ne atirimpɔw koro nti, ɛbɛma wɔanya aware mu anigye. Bio nso, sɛ obi ‘ware Awurade mu’ a, ɛkyerɛ nokware a wadi ama Yehowa, na ɛno ma no nya nhyira bere nyinaa efisɛ “nokwaredifo na [Yehowa] ne no bedi no nokware mu.”—Dwom 18:25, NW.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Wɔ Kristofo a wɔasra wɔn a Paulo dii kan kyerɛw krataa yi kɔmaa wɔn no fam no, na ‘Awurade mu awurakwaa anaa akoa’ a wɔbɛyɛ no san hwehwɛ sɛ wɔsra wɔn sɛ Onyankopɔn mma ne Kristo nuanom.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

“Nokwaredifo na [Yehowa] ne no bedi no nokware mu”