Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Anwonwade No Dɛn Na Wubetumi Asua Afi Mu?

Yesu Anwonwade No Dɛn Na Wubetumi Asua Afi Mu?

Yesu Anwonwade No Dɛn Na Wubetumi Asua Afi Mu?

EBIA ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu asase so asetra ho no amfa mfitiase kasa mu asɛmfua a egyina hɔ ma “anwonwade” no anni dwuma koraa. Nea Hela asɛmfua (dyʹna·mis), a ɛtɔ mmere bi a wɔkyerɛ ase “anwonwade” no kyerɛ ankasa ne “tumi.” (Luka 8:46) Wotumi kyerɛ ase “ahoɔden” anaa “ahoɔdenne” nso. (Mateo 11:20; 25:15) Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, saa Hela asɛmfua yi “si nnwuma akɛse a wɔayɛ, ne titiriw no, tumi a wɔde yɛɛ saa nnwuma no, so dua. Wɔka adeyɛ no ho asɛm sɛ Onyankopɔn tumi na ɛreyɛ adwuma.”

Wɔtaa kyerɛ Hela asɛmfua foforo (teʹras) ase “anwonwade” anaa ‘ahodwiriwde’ bere nyinaa. (Yohane 4:48; Asomafo no Nnwuma 2:19) Saa asɛm yi si nkɛntɛnso a enya wɔ wɔn a wɔhwɛ so no so dua. Mpɛn pii no, na nnipakuw no ne asuafo no ho dwiriw wɔn wɔ ahoɔdenne a Yesu yɛ no ho.—Marko 2:12; 4:41; 6:51; Luka 9:43.

Hela asɛmfua a ɛto so abiɛsa (se·meiʹon), a ɛtwe adwene si Yesu anwonwade ahorow so no, kyerɛ “sɛnkyerɛnne.” Nhomanimfo Robert Deffinbaugh ka sɛ: “Ɛtwe adwene si anwonwade no ho nkyerɛase a emu dɔ no so.” Ɔde ka ho sɛ: “Sɛnkyerɛnne yɛ anwonwade a ɛda Awurade Yesu ho nokwasɛm adi.”

Atosɛm Anaa Tumi a Efi Nyankopɔn Hɔ?

Bible no nka Yesu anwonwade ahorow no ho asɛm sɛ nnaadaa anaa atosɛm a na ɔde gye nkurɔfo ani. Ná ɛyɛ “Onyankopɔn ahoɔden kɛse” a ɔda no adi, te sɛ nea esii wɔ abarimaa bi a Yesu tuu ahonhommɔne fii ne mu no fam no. (Luka 9:37-43) So Ade Nyinaa So Tumfoɔ—Nea wɔka ne ho asɛm sɛ ‘ne tumi ne n’ahoɔden nni ano’—no ntumi nyɛ ahoɔdenne a ɛte saa? (Yesaia 40:26) Obetumi!

Asɛmpa kyerɛwtohɔ no twe adwene si anwonwade ahorow a Yesu yɛe no mu 35 so. Nanso ɛnna anwonwade dodow ankasa a ɔyɛe no adi. Sɛ nhwɛso no, Mateo 14:14 ka sɛ: ‘Na Yesu huu nkurɔfo pii, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔsaa wɔn ayarefo yare.’ Wɔnka ayarefo dodow a ɔsaa wɔn yare saa bere no ho asɛm nkyerɛ yɛn.

Ná ahoɔdenne a ɛte saa no yɛ ka a Yesu ka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba, Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ, no ho adanse titiriw. Kyerɛwnsɛm no da no adi ankasa sɛ Onyankopɔn na ɔmaa Yesu tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade ahorow no. Ɔsomafo Petro ka Yesu ho asɛm sɛ “ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛnea mo ankasa nso munim no.” (Asomafo no Nnwuma 2:22) Bere foforo nso, Petro daa no adi sɛ “Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa [Yesu], na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.”—Asomafo no Nnwuma 10:37, 38.

Yesu yɛɛ anwonwade ahorow bere a ɔkaa asɛm no. Marko 1:21-27 da sɛnea nnipakuw no yɛɛ wɔn ade wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ ne n’anwonwade no biako ho adi. Marko 1:22 ka sɛ “ne kyerɛkyerɛ no yɛɛ” nnipakuw no “ahodwiriw,” na nkyekyɛm 27 da no adi sɛ ɛyɛɛ nkurɔfo no “ahodwiriw” bere a otuu honhommɔne bi no. Yesu ahoɔdenne ne n’asɛm no nyinaa dii adanse sɛ ɔno ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no.

Yesu ankyerɛ kɛkɛ sɛ ɔne Mesia no; ne nsɛm ne nneɛma foforo a ɔyɛe, ne tumi a Onyankopɔn de maa no yɛɛ anwonwade ahorow no nyinaa dii adanse sɛ ɔne Mesia no. Bere a nsɛmmisa sɔre faa Yesu dwumadi ne ne tumi ho no, obuaa no akokoduru so sɛ: “Me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane [Osuboni no] de no; na nnwuma a agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ agya no na asoma me.”—Yohane 5:36.

Nokware a Ɛyɛ Ho Adanse

Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ na Yesu anwonwade ahorow no yɛ paara, na ɛyɛ nokware? Susuw adanse ahorow a ɛma ɛyɛɛ nokware no bi ho.

Bere a Yesu yɛɛ ahoɔdenne no, wantwe adwene amma ne ho so da. Ɔhwɛ hui sɛ nea ebefi anwonwadeyɛ biara mu aba ne sɛ ɛde anuonyam ne nkamfo bɛbrɛ Onyankopɔn. Sɛ nhwɛso no, ansa na Yesu resa onifuraefo bi yare no, osii so dua sɛ ɔresa saa yare no ‘na ama Onyankopɔn nnwuma ada adi no mu.’—Yohane 9:1-3; 11:1-4.

Ná Yesu nte sɛ ntafoayifo, nkonyaayifo, ne gyidi ayaresafo no, enti wamfa kaberɛkyere, nnaadaasɛm, guasodeyɛ, nkankye ne amanne ahorow a egyina nkate so anni dwuma da. Wamfa gyidihunu anaa ɔsom mu nkaede anni dwuma. Hyɛ ɔkwantiaa a Yesu faa so saa anifuraefo baanu bi yare no nsow. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Wɔn ade yɛɛ Yesu mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kekaa wɔn ani; na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi.” (Mateo 20:29-34) Wannyɛ amanne, afahyɛ, anaa guasodeyɛ biara. Yesu yɛɛ n’awonwade ahorow no wɔ baguam, baabi a mpɛn pii no na nnipa pii wɔ hɔ. Wamfa akanea soronko, asɛnka agua soronko, anaa ahosiesie soronko anni dwuma. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔnyɛ anwonwade ahorow a wɔyɛ no nnɛ no ho kyerɛwtohɔ.—Marko 5:24-29; Luka 7:11-15.

Ɛtɔ mmere bi a, na Yesu hu gyidi a wɔn a ɔyɛ anwonwade ahorow no ma wɔn da no adi no. Nanso sɛ na obi nni gyidi a, na ɛno nsiw Yesu kwan sɛ ɔbɛyɛ anwonwade bi ama no. Bere a na ɔwɔ Kapernaum wɔ Galilea no, ‘nkurɔfo de wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.’—Mateo 8:16.

Yesu yɛɛ n’anwonwade ahorow no de dii nkurɔfo honam fam ahiade ankasa ho dwuma, ɛnyɛ sɛ na ɔreyɛ saa de asɔ wɔn a wɔrepɛ biribi ahu no ani. (Marko 10:46-52; Luka 23:8) Yesu anyɛ anwonwade amfa ampɛ n’ankasa mfaso ɔkwan biara so.—Mateo 4:2-4; 10:8.

Asɛmpa Ho Kyerɛwtohɔ no Nso Ɛ?

Yɛn nsa kaa Yesu anwonwade ahorow ho nokwasɛm no denam Nsɛmpa anan no so. So ntease bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to kyerɛwtohɔ ahorow yi so bere a yɛpɛɛpɛɛ nokware a Yesu anwonwade no yɛ mu no? Yiw, ebi wɔ hɔ.

Sɛnea yɛahu dedaw no, Yesu yɛɛ n’anwonwade ahorow no wɔ baguam, wɔ nnipa pii anim. Wɔkyerɛw Nsɛmpa a edi kan no wɔ bere a na wɔn a wohuu anwonwade no mu dodow no ara da so te nkwa mu. Ɛdefa Asɛmpa akyerɛwfo no nokwaredi ho no, The Miracles and the Resurrection nhoma no ka sɛ: “Sɛ́ obi bɛbɔ asɛmpa akyerɛwfo no sobo sɛ wɔboapa akata nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ anwonwade ahorow pii no yɛ biribi a esii wɔ abakɔsɛm mu ankasa so de afoa nyamesom nkyerɛkyerɛ bi so no bɛyɛ atɛnkyea. . . . Ná wɔyɛ akyerɛwfo anokwafo.”

Yudafo a na wɔsɔre tia Kristosom no annye ahoɔdenne a wɔka ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu ho kyim da. Nea wogyee ho akyinnye ara ne tumi a Yesu de yɛɛ saa nnwuma yi no. (Marko 3:22-26) Saa ara na akasatiafo a wɔbaa akyiri yi antumi annye Yesu anwonwade ahorow no ho kyim. Mmom no, wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien Y.B. mu no, yehu kyerɛwtohɔ ahorow a ɛtwe adwene si anwonwade ahorow a Yesu yɛe no so. Ɛda adi pefee sɛ, yɛwɔ ntease a edi mu a enti yebu Asɛmpa kyerɛwtohɔ a ɛfa n’anwonwade ahorow ho no sɛ biribi a ɛyɛ nokware.

Onipa a Ɔyɛɛ Anwonwade No

Sɛ yɛka sɛ nsɛm a ntease wom a wɔaka afa nokware a Yesu anwonwade ahorow no yɛ ho no nkutoo ho nhwehwɛmu na yɛbɛyɛ a, anka yɛn nhwehwɛmu no renni mũ. Sɛ Nsɛmpa no reka Yesu anwonwade ahorow no ho asɛm a, ɛda no adi sɛ ɔbarima a na ɔwɔ tema ne ayamhyehye a ɛkyɛn so, na ɔwɔ ne mfɛfo nnipa ho anigye a edi mu.

Susuw ɔkwatani a ɔde adesrɛde bɛtoo Yesu anim denneennen no asɛm no ho hwɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.” “Ɔyɛɛ [Yesu] mmɔbɔ,” na ɔteɛɛ ne nsa kaa no see no sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi.” Ɔbarima no ho tɔɔ no amonom hɔ ara. (Marko 1:40-42) Yesu nam saayɛ so daa tema adi, na ɛkaa no ma ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no yɛɛ anwonwade ahorow.

Dɛn na esii bere a Yesu hyiaa wɔn a wɔrekosie funu sɛ wofi Nain kurow mu reba no? Ná aberantewa a wawu no yɛ okunafo bi ba koro pɛ. Yesu “yam hyehyee no maa” ɔbea no, na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsee no sɛ: “Nsu!” Afei onyanee ɔbarima no baa nkwa mu.—Luka 7:11-15.

Awerɛkyekye ho asuade a yebetumi anya afi Yesu anwonwade ahorow no mu ne sɛ na ‘ne yam hyehye no ma nkurɔfo’ a ɔyɛɛ nneɛma boaa wɔn no. Nanso anwonwade a ɛte saa no nyɛ abakɔsɛm mu ade kɛkɛ. Hebrifo 13:8 ka sɛ: “Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.” Odi tumi mprempren sɛ ɔsoro Hene, na wayɛ krado sɛ ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔmfa nyɛ anwonwade no bedi dwuma kɛse sen nea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so sɛ onipa no, na obetumi ayɛ saa nso. Ɛrenkyɛ, Yesu de tumi no bedi dwuma de asa adesamma asoɔmmerɛfo yare. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woasua pii afa daakye ho akwanhwɛ a ɛyɛ anigye yi ho.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]

Yesu anwonwade ahorow no daa ‘Onyankopɔn ahoɔden kɛse no’ adi

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ná Yesu yɛ onipa a ɔwɔ tema a emu yɛ den