Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Awɔw ne Ahohuru Rennyae Da’

‘Awɔw ne Ahohuru Rennyae Da’

Sɛnea Yehowa Abɔde Yɛ Fɛ

‘Awɔw ne Ahohuru Rennyae Da’

OWIA bi a ano yɛ den bɔ wɔ sare so. Wɔ asase no afã foforo no, ɛma ɔhyew ba hɔ bere a awɔw aba atwam no. Yiw, owia hyew yɛ ade titiriw a ɛma yenya wim nsakrae ne bere nkyekyɛm.

Bere nkyekyɛm gu ahorow wɔ wiase nyinaa. Nanso ɔkwan bɛn so na bere nkyekyɛm no ka wo? So ɛyɛ a afifide a ɛyɛ frɔmfrɔm wɔ osutɔbere mu no ma w’ani gye bere a wuhu sɛ nnua ne nhwiren yɛ frɔmm bio no? Ɛyɛ a wote nka dɛn wɔ ahohurubere mu anwummere a wim ayɛ frɔmm no ho? So w’ani gye otwabere mu nneɛma a ɛyɛ frɔmfrɔm na nhaban yiyi kɔla ahorow no ho? So sukyerɛmma a ɛtɔ kata kwae so no ma w’ani gye?

Dɛn na ɛde bere nkyekyɛm yi ba? Ne tiaa mu no, ɛyɛ kyea a asase no kyea ne ho no. Asase no kyea ne ho bɛyɛ digrii 23.5 bere a ɛretwa owia ho hyia no. Sɛ anka asase no nkyea ne ho bere a etwa owia ho hyia no a, yɛrennya bere nkyekyɛm biara. Anka wim tebea bɛyɛ sɛnea ɛte bere nyinaa. Anka eyi bɛka afifide ne ɔkwan a nnɔbae fa so bɔ no.

Obi betumi ahu sɛ Ɔbɔadeɛ no na wahyehyɛ bere nkyekyɛm ahorow no. Bere a odwontofo no reka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm no, ɔka ma ɛfatae sɛ: ‘Wo na woatwa asase ano nyinaa hye, wo na woyɛɛ ahohuru ne awɔw bere.’—Dwom 74:17. *

Sɛ obi gyina asase so hwɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛka sɛ wim abɔde ahorow no na ɛma yenya bere nkyekyɛm. Bere a Onyankopɔn rebɔ yɛn okyinnsoromma kuw no, ɔkae sɛ: “Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu . . . na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe.” (Genesis 1:14) Wɔ afe mu no, asase du mmeae abien bere a ɛretwa owia ho hyia na owia no da nkyempɛ no so pɛɛ wɔ owigyinae no. Wɔfrɛ saa adeyɛ yi bere a adekyee ne adesae nyinaa yɛ pɛ, na wɔ nsase pii so no, ɛno na ɛma wonya osutɔbere ne otwabere. Sɛ edu bere a mmere no nyinaa yɛ pɛ no a, ɛkame ayɛ sɛ adekyee ne adesae yɛ pɛ wɔ wiase nyinaa.

Ɛnyɛ wim abɔde a ɛkeka ne ho nkutoo na ɛma yenya bere nkyekyɛm. Bere nkyekyɛm, wim tebea, ne wim nsakrae no nyinaa gyina nhyehyɛe nwonwaso bi a ɛkɔ so wowaw nkwa no so. Bere a Kristoni somafo Paulo ne ne yɔnko dwumayɛni Barnaba rekasa akyerɛ nnipa a na wɔte Asia Kumaa—a na wɔn mu pii nim kuayɛ ne ɔkwan a aduan fa so ba ho nsɛm no—wɔkae sɛ Onyankopɔn “ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.”—Asomafo no Nnwuma 14:14-17.

Anwonwakwan a photosynthesis fa so yɛ adwuma no boa asase so afifide ne po mu afifide. Esiane eyi nti, akwan a afifide ahorow no dan wɔn ho wɔn ho de nya aduan no ne dwuma a afifide ne mmoa di bom no gyina wim nsakrae so wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Paulo kaa sɛnea Yehowa nsa wɔ eyinom nyinaa mu no ho asɛm ma ɛfatae sɛ: “Asase a ɛnom osu a ɛtaa tɔ gu so, na efifi aduan a eye ma wɔn a wɔn nti wɔdɔw no, nya Onyankopɔn hɔ nhyira no bi.”—Hebrifo 6:7.

Asɛmfua “nhyira” no nya nkyerɛase foforo bere a wugyina susuw nea esi wɔ mmeae a sɛ edu osutɔbere a, wim hyew yɛ hɔ ne hɔ, wonya nna tenten, owia bɔ kɛse, na osu tɔ sɛnea ɛfata, ho no. Nnua yiyi nhwiren na nkoekoemmoa fi mmeae a wokohintawee wɔ awɔwbere mu no besisi nhwiren no so ma ɛsow aba. Nnomaa te sɛ anomaa ketewa bruu a wuhu wɔ ha yi ma kwaem yɛ fɛ na wote nnwom nso, na ɛma asase no so hyerɛn yɛ fɛfɛɛfɛ. Asetra kɔ so prɔmprɔm, na mmoawammoawa toa wɔn dwumadi so, wɔwo, na ebi nso nyinyin. (Nnwom mu Dwom 2:12, 13) Eyi bue kwan ma wotwa nnɔbae wɔ ahohurubere awiei anaa wɔ twabere mu.—Exodus 23:16.

Baabi a asase no da no di Yehowa nnwuma ho adanse wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, ɛma yenya adekyee ne adesae, bere nkyekyɛm, ogubere ne otwabere. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ahohurubere bedi osutɔbere akyi daa. Anyɛ yiye koraa no, ɛyɛ Onyankopɔn na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Nna nyinaa a asase wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahohuru, asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo rennyae da.”—Genesis 8:22.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Hwɛ 2004 Calendar of Jehovah’s Witnesses, July ne August de no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Ɔsram no Ho Hia Ma Nkwa

Wɔ mfe a abɛsen kɔ nyinaa mu no, ɔsram no akanyan nnipa ma wɔn ho adwiriw wɔn. Nanso, so wunim sɛ ɔsram ma yenya bere nkyekyɛm? Ɔsram boa ma wohu sɛ asase no ayera kwan, kyerɛ sɛ, ɛma wohu baabi a asase no kyea du bere a ɛretwa owia ho hyia no. Abɔde nyansahu ho nhomakyerɛwfo Andrew Hill ka sɛ eyi di “dwuma titiriw ma yenya Asase so tebea ahorow a etumi kora nkwa so no.” Sɛ Ɔbɔadeɛ no anyɛ ɔsram kɛse a ɛte saa a ɛbɛhwɛ ma yɛn asase yi akyea sɛnea ɛfata bere a ɛretwa owia ho hyia no a, anka asase so bɛyɛ hyew araa ma nkwa ntumi ntra so. Ne saa nti, nsoromma ho animdefo kuw bi kae sɛ: “Obi betumi abu Ɔsram no sɛ ade titiriw a edi Asase so tebea ho dwuma.”—Dwom 104:19.

[Asɛm Fibea]

Ɔsram: U.S. Fish & Wildlife Service, Washington, D.C./Bart O’Gara

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yoma, Afrika Atifi fam ne Arabia Asase Hwene no