Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa Ahyɛde’ Rentumi Nni Huammɔ

‘Yehowa Ahyɛde’ Rentumi Nni Huammɔ

‘Yehowa Ahyɛde’ Rentumi Nni Huammɔ

‘Mɛka no sɛ ade a wɔahyɛ, Yehowa ase me sɛ: Me ba ne wo, Bisa me, na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade.’—DWOM 2:7, 8.

1. Nsonsonoe bɛn na ɛda Onyankopɔn atirimpɔw ne amanaman de no ntam?

YEHOWA NYANKOPƆN wɔ atirimpɔw ma adesamma ne asase no. Amanaman no nso wɔ atirimpɔw. Nanso hwɛ sɛnea atirimpɔw ahorow yi bɔ abira! Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan saa efisɛ, Onyankopɔn ka sɛ: “Sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.” Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam ɔkwan biara so, efisɛ ɔkɔ so ka sɛ: “Na sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa ma ɛba aduan na ɛsow aba, na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no, saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:9-11.

2, 3. Dɛn na wɔada no adi wɔ dwom a ɛto so abien no mu, nanso nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

2 Wɔada saa Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa ne Mesia Hene no ho a ɛbɛbam no adi wɔ dwom a ɛto so abien no mu. Wɔde honhom kaa ne hyehyɛfo, tete Israel hene Dawid sɛ ɔnka bere titiriw bi a amanaman no bɛyɛ gyegyeegye ho asɛm. Wɔn sodifo no bɛsɔre atia Yehowa Nyankopɔn ne nea Wasra No no. Bio nso, odwontofo no too dwom sɛ: ‘Mɛka no sɛ ade a wɔahyɛ, Yehowa ase me sɛ: Me ba ne wo Bisa me, na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano nohɔ adi so.’—Dwom 2:7, 8.

3 Dɛn na ‘Yehowa ade a wahyɛ’ no kyerɛ ma amanaman no? Ɔkwan bɛn so na ɛfa adesamma nyinaa ho? Nokwarem no, dɛn na saa nsɛm yi kyerɛ ma dwom a ɛto so abien akenkanfo a wosuro Nyankopɔn no nyinaa?

Amanaman no Yɛ Gyegyeegye

4. Ɔkwan bɛn so na wobɛfa abɔ Dwom 2:1, 2, no mua?

4 Bere a odwontofo no reka amanaman no ne wɔn sodifo ahorow ho asɛm no, ofii ne dwom no hyehyɛ ase sɛ: “Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susuw ade hunu? Asase so ahene sɔre gyina, na atumfo bom tu agyina hyɛ [Yehowa, NW] ne nea wasra no no.”—Dwom 2:1, 2. *

5, 6. ‘Ade hunu’ bɛn na amanaman no ‘akɔ so asusuw ho’?

5 “Ade hunu” bɛn na nnɛyi amanaman no yɛ “gyegyeegye” wɔ ho? Sɛ́ anka amanaman no begye Nea Onyankopɔn Asra no—Mesia anaa Kristo no—atom no, ‘wɔkɔ so asusuw adehunu’ anaasɛ wodwennwen sɛnea wɔn tumidi bɛkɔ so atra hɔ no ho. Dwom a ɛto so abien yi mu nsɛm nyaa mmamu bi nso wɔ afeha a edi kan Y.B. mu, bere a Yuda ne Roma atumfoɔ kaa wɔn ti pam ho kum Onyankopɔn Hene a Wapaw, Yesu Kristo no. Nanso, ne mmamu kɛse no fii ase afe 1914 mu bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ ɔsoro Hene no. Efi saa bere no, amammui tumidi biara nni hɔ a agye Onyankopɔn Hene a ɔde no asi agua so no atom.

6 Bere a odwontofo no bisae sɛ, “adɛn nti na aman susuw ade hunu” no, na dɛn na ɛkyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ na wɔn atirimpɔw yɛ adehunu; mfaso biara nni so na adi nkogu. Wontumi mfa asomdwoe ne biakoyɛ mma asase yi so. Nanso, wɔkɔ so di wɔn botae akyi de ko tia Onyankopɔn nniso. Nokwarem no, wɔabom atu agyina denneennen atia Ɔsorosoroni no ne Nea Wasra no no. Agyimisɛm bɛn ara ni!

Yehowa Hene a Wadi Nkonim

7. Ɔkwan bɛn so na Yesu akyidifo a wodi kan no de Dwom 2:1, 2 dii dwuma wɔ mpaebɔ mu?

7 Yesu akyidifo no de nsɛm a ɛwɔ Dwom 2:1, 2 no dii dwuma faa ne ho. Bere a wɔtaa wɔn esiane wɔn gyidi nti no, wɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa, wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’abofra no ano kae sɛ: Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye, na amanaman susuw ade hunu? Asase so ahene sɔre gyina, na atitiriw hyia faako sɔre tia [Yehowa, NW], ne ne Kristo no. Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman.” (Asomafo no Nnwuma 4:24-27; Luka 23:1-12) * Yiw, wɔpam Onyankopɔn akoa Yesu a wɔasra no no tiri so wɔ afeha a edi kan no mu. Nanso, na dwom yi bɛsan anya mmamu foforo bio mfe haha pii akyi.

8. Ɔkwan bɛn so no Dwom 2:3 fa nnɛyi amanaman no ho?

8 Bere a nnipa dii tete Israel so hene te sɛ Dawid no, aman a wɔsom abosom ne sodifo binom boom ko tia Onyankopɔn ne ne hene a wasra no no. Na yɛn bere yi nso ɛ? Amanaman a wɔwɔ hɔ nnɛ no mpɛ sɛ wɔde nea Yehowa ne Mesia no hwehwɛ no bedi dwuma. Enti, wɔde wɔn toto wɔn a wɔka sɛ: “Momma yemmubu wɔn mpokyerɛ, na yɛntow wɔn nhama mfi yɛn ho ngu” no ho. (Dwom 2:3) Sodifo ne amanaman no sɔre tia ahyɛde biara a Onyankopɔn ne Nea Wasra no no de ma no. Nanso, mmɔden biara a wɔbɛbɔ de asɛe mpokyerɛ a ɛte saa anaa wɔde bɛtow nhama afi wɔn ho agu no renyɛ yiye.

Yehowa Di Wɔn Ho Fɛw

9, 10. Dɛn nti na Yehowa di amanaman no ho fɛw?

9 Mmɔden biara a aman sodifo no bɛbɔ de ahyehyɛ wɔn ankasa tumidi no renka Yehowa wɔ ɔkwan biara so. Dwom a ɛto so abien no toa so sɛ: “Nea ɔte soro no serew, [Yehowa, NW] di wɔn ho fɛw.” (Dwom 2:4) Onyankopɔn kɔ so di n’atirimpɔw ahorow ho dwuma, na ɛma saa atumfoɔ yi yɛ wɔn a mfaso biara nni wɔn so. Ɔserew wɔn wɔ wɔn aniammɔnhosɛm no ho na odi wɔn ho fɛw. Wobetumi ahoahoa wɔn ho wɔ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ ho. Wɔ Yehowa fam no wɔyɛ asereserede. Ɔserew wɔn wɔ wɔn sɔretia a enkosi hwee no ho.

10 Wɔ mmeae afoforo wɔ Dawid nnwom no mu no, ɔka atamfo ne aman ho asɛm sɛ: “Na wo [Yehowa, NW], asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, nyan bɛhwɛ amanaman nyinaa, nhu amumɔyɛfo nkontompofo mmɔbɔ. Wɔsan ba anadwofa, wɔpa so sɛ akraman, na wɔbɔ kurow mu anworaman. Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa, nkrante wɔ wɔn ano, na ‘hena na ɔte?’ Na wo, [Yehowa, NW], woserew wɔn, wudi amanaman nyinaa ho fɛw.” (Dwom 59:5-8) Yehowa serew aman a wɔhoahoa wɔn ho na wɔn adwene atu afra wɔ wɔn agyimisɛm a wɔde ko tia no no ho.

11. Sɛ aman no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛko atia Onyankopɔn atirimpɔw a, dɛn na ebesi?

11 Nsɛm a ɛwɔ Dwom 2 no hyɛ yɛn gyidi den sɛ Onyankopɔn betumi adi ɔhaw biara ho dwuma. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ odi n’apɛde ho dwuma bere nyinaa na ɔrennyaw n’asomfo anokwafo da. (Dwom 94:14) Ɛnde, sɛ aman no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛko atia Yehowa atirimpɔw a, dɛn na ebesi? Sɛnea dwom yi kyerɛ no, Onyankopɔn ‘bɛkasa akyerɛ wɔn wɔ n’abufuw mu,’ te sɛ nea aprannaa a ɛyɛ hu rebobom. Bio nso, “ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu” te sɛ anyinam a ano yɛ den.—Dwom 2:5.

Onyankopɔn Asi Ne Hene

12. Ɔhene a wɔde no asi agua so bɛn na Dwom 2:6 fa ne ho?

12 Akyinnye biara nni ho sɛ nea edi hɔ a Yehowa nam odwontofo no so kae no haw amanaman no. Onyankopɔn ka sɛ: “Na me na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so.” (Dwom 2:6) Ná Sion yɛ Bepɔw wɔ Yerusalem, faako a wɔde Dawid sii agua so sɛ Israel nyinaa so hene no. Nanso Mesia Hene no rentra ahengua so wɔ saa kurow no mu anaa wɔ asase yi so baabiara. Nokwarem no, Yehowa de Yesu Kristo asi hɔ sɛ Mesia Hene wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so.—Adiyisɛm 14:1.

13. Apam bɛn na Yehowa ne ne Ba no yɛe?

13 Afei Mesia Hene no kasa. Ɔka sɛ: “Mɛka no sɛ ade a [Yehowa, NW] [a ɔde ne Ba no ayɛ apam ama Ahenni no]; ahyɛ; [Yehowa Nyankopɔn] ase me sɛ: ‘Me ba ne wo, ɛnnɛ na mawo wo.’” (Dwom 2:7) Ná Yesu reka Ahenni apam no ho asɛm bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ n’asomafo no: “Mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo.”—Luka 22:28, 29.

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu kura ahenni a obiara ne no mpere ho?

14 Sɛnea wɔaka wɔ Dwom 2:7 no, Yehowa gyee Yesu toom sɛ Ne Ba bere a wɔbɔɔ no asu ne bere a wonyan no kɔɔ honhom atrae no. (Marko 1:9-11; Romafo 1:4; Hebrifo 1:5; 5:5) Yiw, ɔsoro Ahenni no so Hene ne Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no. (Yohane 3:16) Esiane sɛ Yesu yɛ Ɔhene Dawid aseni nti, okura ahenni dibea a obiara ne no mpere ho. (2 Samuel 7:4-17; Mateo 1:6, 16) Sɛnea Dwom yi kyerɛ no, Onyankopɔn ka kyerɛ ne Ba no sɛ: “Bisa me, na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano nohɔ adi so.”—Dwom 2:8.

15. Dɛn nti na Yesu ka sɛ wiase yɛ n’agyapade?

15 Ɔhene no—Onyankopɔn ankasa Ba no—kura dibea a ɛbɛn Yehowa de no. Yesu yɛ obi a Yehowa atete no, odi Yehowa nokware, na Yehowa tumi de ne ho to ne so. Bio nso, Yesu wɔ kyɛfa sɛ Onyankopɔn Abakan. Nokwarem no, Yesu Kristo yɛ “Onyankopɔn a wonhu no no suban ne abɔde nyinaa abakan.” (Kolosefo 1:15) Nea ehia sɛ ɔyɛ ara ne sɛ obebisa Onyankopɔn na ‘ɔde amanaman ama no sɛ n’agyapade na wafa asase no adi so.’ Yesu yɛɛ abisade yi sɛ obi a ‘n’ani ka nnipa mma mu’ na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛyɛ ne soro Agya no apɛde a ɛfa ɔsoro ne asase ho no.—Mmebusɛm 8:30, 31.

Yehowa Ahyɛde a Etia Amanaman No

16, 17. Sɛnea Dwom 2:9 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛto amanaman no?

16 Esiane sɛ dwom a ɛto so abien no renya mmamu nnɛ nti, dɛn na ɛbɛto amanaman no wɔ Yesu Kristo ba a waba a aniwa nhu no no mu? Ɛrenkyɛ Ɔhene no bedi Onyankopɔn asɛm yi ho dwuma: “Wode dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.”—Dwom 2:9.

17 Tete mmere no mu no, na ahempoma kyerɛ tumi a obi wɔ sɛ ɔhene. Poma no bi wɔ hɔ a wɔde dade na ayɛ, te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ dwom yi mu no. Kasakoa a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ sɛnea ɛrenyɛ den mma Ɔhene Kristo sɛ ɔbɛsɛe amanaman no. Wobetumi de ahoɔden atow dade poma ma abobɔ ɔnwemfo ahina, asɛe no koraa.

18, 19. Sɛ asase so ahene benya Onyankopɔn anim dom a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

18 So ɛsɛ sɛ aman sodifo ma ɔsɛe a ɛte saa ba wɔn so a wɔnnyɛ nsakrae biara? Dabi, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi, efisɛ odwontofo no ka kyerɛ wɔn sɛ: “Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu.” (Dwom 2:10) Wɔasrɛ ahene sɛ wɔnyɛ aso ntie, na wonhu nyansa. Ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn nhyehyɛe hunu no ho, nea ɛne ade a Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ de aboa adesamma nyinaa bɔ abira no.

19 Sɛ asase so ahene benya Onyankopɔn anim dom a, ehia sɛ wɔsesa wɔn akwan. Wotu wɔn fo sɛ ‘wɔnsom Yehowa, osuro mu, na wonni ahurusi ahopopo mu.’ (Dwom 2:11) Sɛ wɔfa ɔkwan a ɛte saa so a, dɛn na ebefi mu aba? Sɛ́ anka wɔbɛyɛ gyegyeegye no, wobetumi adi ahurusi wɔ anidaso a Mesia Hene no bɛma wɔanya no ho. Ɛho hia sɛ asase so ahene no gyae ahomaso ne ahantan a wɔda no adi wɔ wɔn tumidi mu no. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae ntɛm ara na wogye Yehowa amansan tumidi a ɛso bi nni ne Nyankopɔn ne ne Mesia Hene no tumi a obiara ntumi ne no nni asi no tom.

“Mumfew Ɔba no Ano”

20, 21. Dɛn na ‘ɔba no ano a wɔfew’ no kyerɛ?

20 Afei Dwom 2 de nsato a mmɔborohunu wom ma aman sodifo no. Sɛ́ anka wɔbɛboaboa wɔn ho ano atia Ɔba no, wotu wɔn fo sɛ: “Mumfew ɔba no ano, na [Yehowa Nyankopɔn] bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw.” (Dwom 2:12a) Sɛ Amansan Hene Yehowa hyɛ mmara a, ɛsɛ sɛ wodi so. Sɛ Onyankopɔn de ne Ba no si agua so a, ɛsɛ sɛ asase so ahene gyae ‘ade hunu susuw.’ Ɛsɛ sɛ wogye Ɔhene no tom ntɛm ara na wɔyɛ osetie ma no koraa.

21 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘wɔfew ɔba no ano’? Bere a wɔhyehyɛɛ saa dwom yi no, na mfewano yɛ nea wɔde da adamfofa adi, na na wɔde di dwuma de ma ahɔho akwaaba ba fie, faako a na wobetumi anya ahɔhoyɛ. Mfewano nso betumi akyerɛ nokwaredi. (1 Samuel 10:1) Wɔ dwom a ɛto so abien nkyekyɛm yi mu no, Onyankopɔn rehyɛ amanaman no sɛ wɔmfew ne Ba no ano anaasɛ wɔmma no akwaaba sɛ Ɔhene a wɔasra no.

22. Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ aman sodifo no tie?

22 Wɔn a wɔpo sɛ wobegye Onyankopɔn Hene a wapaw no no tumidi atom no bu Yehowa animtiaa. Wommu hokwan a Yehowa Nyankopɔn wɔ sɛ amansan sodifo ne tumi a ɔwɔ sɛ ɔpaw Ɔhene a ɔfata ma adesamma no. Aman sodifo no behu sɛ Onyankopɔn abufuw no bɛba wɔn so mpofirim, bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ankasa nhyehyɛe ho dwuma no. ‘N’abufuw bɛdɛw’ ahyɛ wɔn, anaasɛ ɛbɛdɛw ntɛmntɛm a wontumi nyɛ ho hwee. Ɛsɛ sɛ aman sodifo no de anisɔ gye kɔkɔbɔ yi tom na wɔyɛ wɔn ade ma ɛne no hyia. Saa a wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ nkwa ama wɔn.

23. Bere da so ara wɔ hɔ ma ankorankoro sɛ wɔbɛyɛ dɛn?

23 Dwom nwonwa so yi mu nsɛm ba awiei sɛ: ‘Anigye ne wɔn a woguan toa Yehowa no nyinaa.’ (Dwom 2:12b) Bere da so ara wɔ hɔ ma ankorankoro nyinaa sɛ wɔbɛhwehwɛ ahobammɔ. Sodifo ahorow nyinaa a wogyina amanaman no nhyehyɛe akyi mpo betumi ahwehwɛ ahobammɔ. Wobetumi aguan akɔ Yehowa a ɔma ahobammɔ wɔ Ahenni nniso ase no nkyɛn. Nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade ntɛm ansa na Mesia Ahenni no asɛe amanaman a wɔko tia no no.

24. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya asetra a abotɔyam wom kɛse wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu?

24 Sɛ yɛde nsi sua Kyerɛwnsɛm no na yɛde emu afotusɛm no di dwuma wɔ yɛn asetram a, yebetumi anya asetra a abotɔyam wom mpo wɔ mprempren wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu. Kyerɛwnsɛm mu afotu a yɛde bedi dwuma no ma anigye ba mmusua ntam na ɛma yɛde yɛn ho fi ɔhaw ne ehu a ɛba wiase no mu no ho. Bible akwankyerɛ a yɛde bedi dwuma no ma yenya ahotoso sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Ɔbɔadeɛ no ani. Amansan Hene no nkutoo na obetumi ama yɛanya “nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba daakye no” bere a wayi wɔn a wɔsɔretia nea ɛteɛ denam po a wɔpo Ahenni nniso no so afi hɔ no.—1 Timoteo 4:8.

25. Esiane sɛ ‘Yehowa ahyɛde’ ntumi nni huammɔ nti, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ebesi wɔ yɛn bere yi mu?

25 ‘Yehowa ahyɛde’ rentumi nni huammɔ. Sɛ́ yɛn Bɔfo no, Onyankopɔn nim nea eye sen biara ma adesamma na obedi n’atirimpɔw ho dwuma de asomdwoe, abotɔyam, ne ahobammɔ a ɛtra hɔ daa wɔ ne Dɔba no Ahenni ase ahyira adesamma asoɔmmerɛfo. Ɛdefa yɛn bere yi ho no, odiyifo Daniel kyerɛwee sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, . . . na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ ‘yɛfew ɔba no ano’ na yɛsom Amansan Hene Yehowa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Mfiase no, na Ɔhene Dawid ne “nea wasra no” no, na na “asase so ahene” no ne Filisti atumfoɔ a wɔboaboaa wɔn asraafo ano baa ne so no.

^ nky. 7 Nsɛm bi nso wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Nea Onyankopɔn Asra no a wɔaka ne ho asɛm wɔ dwom a ɛto so abien no mu no. Nea ɛma eyi da adi ne Dwom 2:7 a wɔde toto Asomafo no Nnwuma 13:32, 33 ne Hebrifo 1:5; 5:5 ho no. Hwɛ Dwom 2:9 ne Adiyisɛm 2:27 nso.

Wubebua Dɛn?

• “Ade hunu” bɛn na amanaman no ‘susuw ho’?

• Dɛn nti na Yehowa di amanaman no ho fɛw?

• Dɛn ne Onyankopɔn ahyɛde a etia amanaman no?

• Dɛn na ‘ɔba no ano a wɔfew’ no kyerɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Dawid too dwom faa Mesia Hene a wadi nkonim no ho

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Atumfoɔ ne Israelfo pam Yesu Kristo ti so

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wɔde Kristo asi agua so sɛ ɔhene wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so