Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam

Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam

Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam

“SƐ OBI nnim po so hyɛn gyinabea ko a ɔrekɔ a, sɛ mframa no de rekɔ baabi pa mpo a, onhu.” Saa nsɛm yi, a wɔkyerɛ sɛ afeha a edi kan mu Romani nyansapɛfo bi na ɔkae no, twe adwene si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ sɛ asetra bɛyɛ nea atirimpɔw wom a, botae ahorow ho hia no so.

Bible no de nhwɛso ahorow a ɛfa ankorankoro a wɔde botae ahorow sisii wɔn ani so ho ma. Noa de bɛyɛ mfe 50 yɛɛ adwuma “siesiee adaka maa ne fi nkwagye.” Odiyifo Mose ‘hwɛɛ akatua no.’ (Hebrifo 11:7, 26) Yosua a odii Mose ade no de botae a efi Nyankopɔn hɔ sii n’ani so de dii Kanaan asase so nkonim.—Deuteronomium 3:21, 22, 28; Yosua 12:7-24.

Wɔ afeha a edi kan Y.B mu no, akyinnye biara nni ho sɛ ade a ɛmaa ɔsomafo Paulo de honhom fam botae ahorow sisii n’ani so ne Yesu nsɛm a ese “wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” no. (Mateo 24:14) Nsɛm a Paulo ankasa tee ne anisoadehu a onya fii Awurade Yesu hɔ, a na adwuma a ɛne sɛ ‘ɔbɛsoa Yesu din akɔ amanaman mu’ ka ho no hyɛɛ no nkuran ma odii dwuma titiriw tetee Kristofo asafo ahorow wɔ Asia Kumaa ne Europa.—Asomafo no Nnwuma 9:15; Kolosefo 1:23.

Yiw, Yehowa asomfo a wɔatra ase mfe a abɛsen kɔ nyinaa mu no de botae a ɛkorɔn sisii wɔn ani so, na wodii ho dwuma de hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de honhom fam botae ahorow asisi yɛn ani so nnɛ? Botae ahorow bɛn na yebetumi de asisi yɛn ani so, na akwampa bɛn na yebetumi afa so adu ho?

Adwempa Ho Hia

Yebetumi de botae ahorow asisi yɛn ani so wɔ asetra afã ahorow nyinaa mu, na nnipa ahorow nso wɔ wiase no mu a wɔde botae ahorow sisi wɔn ani so. Nanso, teokrase botae ahorow ne wiase botae ahorow nyɛ ade koro. Adwene titiriw a ɛwɔ wiase botae ahorow pii akyi ne akɔnnɔ a emu yɛ den a wonya sɛ wobenya wɔn ho ne ɔpɛ kɛse a wɔwɔ sɛ wobenya dibea ne tumi no. Hwɛ mfomso ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛde bɛyɛ yɛn botae sɛ yebenya tumi na yɛagye din! Botae ahorow a ɛde anuonyam brɛ Yehowa Nyankopɔn no fa ɔsom a yɛde ma no ne Ahenni nneɛma ho tẽẽ. (Mateo 6:33) Botae a ɛtete saa no fi ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa mu, na adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ ɛde nyamesom pa bɛma.—Mateo 22:37-39; 1 Timoteo 4:7.

Ɛmmra sɛ yebenya adwempa bere a yɛde honhom fam botae sisi yɛn ani so na yedi akyi no, sɛ́ ɛyɛ ɔsom mu hokwan foforo a yɛpɛ anaa yɛn ankasa honhom fam nkɔso a yɛpɛ sɛ yenya no. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi du botae ahorow a ɛyɛ papa mpo ho. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyehyɛ botae ahorow na yɛanya akwan pii a yɛbɛfa afa so adu ho?

Ɛsɛ sɛ Yenya Ɔpɛ a Emu Yɛ Den Ɔkwan Biara So

Susuw sɛnea Yehowa bɔɔ amansan no ho hwɛ. Ɛdenam nsɛm, “na ade sae, na ade kyee” so no, Yehowa hyehyɛɛ mmere ahorow a ɔde bɛbɔ ade no. (Genesis 1:5, 8, 13, 19, 23, 31) Ansa na adebɔ bere biara mfi ase no, na onim ade a ɔbɛyɛ saa da no yiye. Na Onyankopɔn dii ne botae a ɛne sɛ ɔbɛbɔ nneɛma no ho dwuma. (Adiyisɛm 4:11) Tete agya Hiob kae sɛ: “Nea [Yehowa] kra pɛ na ɔyɛ.” (Hiob 23:13) Hwɛ abotɔyam ara a ɛbɛyɛ sɛ Yehowa nyae sɛ ɔhwɛɛ “nea ɔyɛe nyinaa” na ɔkae sɛ “eye papa” no!—Genesis 1:31.

Sɛ yebetumi adu yɛn botae ho ankasa a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yebedu ho. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ɔpɛ a emu yɛ den saa no? Bere a na asase yɛ sakasaka ne hunu mpo no, Yehowa tumi huu nea ebefi mu aba awiei koraa—abohene fɛfɛ a ɛsɛn wim a ɛde anuonyam ne nidi brɛ no. Saa ara nso na yebetumi adu ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebewie ade a yɛde asi yɛn anim sɛ yɛbɛyɛ no ho denam mfaso horow a botae no a yebedu ho de bɛba no ho a yebesusuw so. Ɛno ne suahu a Tony a wadi mfe 19 no nyae. Ne werɛ amfi anigye a Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi a ɔkɔsraa hɔ wɔ Europa Atɔe fam ma onyae no da. Efi saa bere no, asɛmmisa a ɛkɔɔ so wɔ Tony adwenem ne sɛ, ‘Dɛn na beae a ɛte saa a obi bɛtra asom no bɛma wate nka?’ Tony annyae da sɛ obesusuw tumi a obetumi akɔ hɔ akɔsom no ho, na ɔkɔɔ so peree sɛ obedu saa botae ho. Hwɛ anigye ara a onyae bere a mfe pii akyi no, wɔpenee akwammisa a ɔde kɔe sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔsom wɔ baa dwumadibea hɔ so no.

Wɔn a wɔadu botae bi ho dedaw a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw no nso betumi ama yɛanya ɔpɛ sɛ yebedu botae bi ho. Ná Jayson, a wadi mfe 30 no, ani nye ho sɛ obenya asɛnka adwuma mu kyɛfa bere a na ɔwɔ ne mpanyin mfe so no. Nanso bere a owiee ntoaso sukuu no, ofi anigye mu de ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu, na ɔbɛyɛɛ bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo. Dɛn na ɛboaa Jayson ma onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma? Obua sɛ: “Afoforo a wɔayɛ akwampae adwuma a me ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ na me ne wɔn yɛɛ asɛnka adwuma no na enyaa me so nkɛntɛnso kɛse.”

Yɛn Botae Ahorow Ho Kyerɛwtohɔ a Yɛbɛyɛ no Betumi Aboa

Nsusuwii a enni mu tumi bɛyɛ nea edi mu bere a yɛde nsɛm kyerɛkyerɛ mu no. Salomo kae sɛ nsɛm a ɛfata betumi anya tumi te sɛ anantwikafo mpeaw na ebetumi akyerɛ yɛn kwan wɔ asetram. (Ɔsɛnkafo 12:11) Sɛ yɛyɛ nsɛm a ɛte saa ho kyerɛwtohɔ a, enya yɛn adwene ne yɛn koma so nkɛntɛnso kɛse. Dɛn nti na Yehowa hyɛɛ Israel ahemfo sɛ wɔnkyerɛw Mmara no bi mfa no? (Deuteronomium 17:18) Enti yebetumi ayɛ yɛn botae ahorow ne akwan a yɛbɛfa so adu ho no ho kyerɛwtohɔ, na yɛayɛ akwanside a yɛhwɛ kwan ne akwan a yɛbɛfa so adi ho dwuma nso ho kyerɛwtohɔ. Ebetumi ayɛ mmoa nso sɛ yebehu nneɛma a ɛsɛ sɛ yenya ho nimdeɛ no, ahokokwaw a ɛsɛ sɛ yenya, ne ankorankoro a wobetumi aboa yɛn no.

Honhom fam botae ahorow a Geoffrey a ɔde bere tenten ayɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Asia asasesin bi a atew ne ho mu de sisii n’ani so no nyaa ne so nkɛntɛnso pa. Ɔhaw sɔree bere a ne yere wui mpofirim no. Bere a Geoffrey ho baee no kakra no, osii gyinae sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ n’akwampae adwuma no mu koraa denam botae ahorow a ɔde besisi n’ani so no so. Bere a ɔyɛɛ ne nhyehyɛe ho kyerɛwtohɔ wiei no, ɔbɔɔ mpae sɛ ebedu ɔsram no awiei no na wafi Bible adesua foforo abiɛsa ase. Ɔyɛɛ ne dwumadi mu nhwehwɛmu da biara, na dadu biara na ɔhwɛ ne nkɔso a wanya. So oduu ne botae ho? Esiane sɛ ofii Bible adesua foforo anan ase nti, ɔde anigye bua sɛ yiw!

Gyina Bere Tiaa Mu Botae So Hyehyɛ Nneɛma

Botae ahorow bi wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ sɛ nea mfiase no wuntumi nnu ho no. Wɔ Tony, a yɛbɔɔ ne din mfiase no fam no, na Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi a ɔbɛkɔ akɔsom wɔ hɔ no te sɛ adaeso. Ná eyi te saa efisɛ na n’asetra kwan nye, na na onhyiraa ne ho so mmaa Onyankopɔn mpo. Nanso, Tony sii gyinae sɛ ɔbɛma n’asetra ne Yehowa akwan ahyia na ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛfata ama asubɔ. Bere a oduu saa botae no ho no, ɔbɔɔ mmɔden yɛɛ akwampaefo boafo ne daa akwampae adwuma no, na ɔhyɛɛ nna a ɔde befi ase no agyirae wɔ ne kalenda so. Bere a ɔyɛɛ akwampae adwuma bere tenten bi akyi no, ohui sɛ adwuma a ɔbɛkɔ akɔyɛ wɔ baa dwumadibea no nyɛ botae a ontumi nnu ho.

Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn nso yɛbɛkyekyɛ botae ahorow a ebegye bere tenten no mu ayɛ no nea yebetumi de bere tiaa bi adu ho. Botae a wubetumi adu ho bere tiaa bi no betumi ayɛ biribi a yebegyina so ayɛ nhyehyɛe adu botae a ebegye bere tenten ho. Yɛn nkɔso a yebegyina nhyehyɛe a ɛte saa so ahwɛ daa no betumi aboa ma yɛde yɛn adwene asi nea yɛreyɛ no so. Yɛn nhyehyɛe ho mpae a yɛbɛbɔ Yehowa daa no nso bɛboa yɛn ma yɛatumi adu ho. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Munnnyae mpaebɔ da!”—1 Tesalonikafo 5:17.

Nsi ne Mmɔdenbɔ Ho Hia

Ɛmfa ho nhyehyɛe pa biara a yɛayɛ ne ɔpɛ a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ yebedi ho dwuma no, botae ahorow bi wɔ hɔ a, yentumi nnu ho. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ osuani Yohane a wɔfrɛ no Marko no abasam tui bere a ɔsomafo Paulo ampɛ sɛ ɔbɛka ne ho wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien mu no! (Asomafo no Nnwuma 15:37-40) Ná ɛsɛ sɛ Marko sua biribi fi huammɔdi no mu na ɔyɛ nsakrae wɔ ne botae mu de yɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɛda adi sɛ ɔyɛɛ saa. Akyiri yi, Paulo kaa Marko ho asɛmpa na ɔne ɔsomafo Petro nyaa fekubɔ a emu yɛ den wɔ Babilon. (2 Timoteo 4:11; 1 Petro 5:13) Ebia hokwan a ɛsen biara a onyae ne Yesu asetra ne ne som adwuma ho kyerɛwtohɔ a efi honhom mu a ɔyɛe no.

Bere a yɛde honhom fam botae ahorow sisi yɛn anim no, ebia yɛn nso yebehyia akwanside ahorow. Sɛ́ anka yɛn abam bebu no, ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ nneɛma mu, san susuw nsɛm ho, na yɛyɛ nsakrae. Sɛ yehyia akwanside a, ɛsɛ sɛ yɛde nsi ne mmɔdenbɔ pere kɔ yɛn anim. Ɔhene Salomo nyansafo no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Fa wo nnwuma hyɛ [Yehowa, NW] nsa, na w’adwene betim.”—Mmebusɛm 16:3.

Nanso, ɛtɔ mmere bi a, nsɛm tebea bi sɔre a ɛmma yetumi nnu yɛn botae ho. Sɛ nhwɛso no, ebia yare ne abusua mu asɛyɛde remma yentumi nnu botae ahorow bi ho. Mommma yemmu yɛn ani ngu nokwasɛm a ɛne sɛ akatua a ɛsen biara no ne daa nkwa—wɔ soro anaa Paradise asase so—no so da. (Luka 23:43; Filipifo 3:13, 14) Ɔkwan bɛn so na yɛn nsa betumi aka eyi? Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Bere a ebia yɛn tebea mma yennu botae pɔtee bi ho no, yebetumi akɔ so ‘asuro Onyankopɔn, na yɛadi ne mmara nsɛm so.’ (Ɔsɛnkafo 12:13) Honhom fam botae ahorow boa yɛn ma yɛkɔ so yɛ Onyankopɔn apɛde. Enti momma yɛmfa so nyi yɛn Bɔfo no ayɛ.

[Adaka wɔ kratafa 22]

Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow a Yebetumi Asusuw Ho

○ Bible a yɛbɛkenkan no daa

Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara a ɛbɛba a yɛbɛkenkan

○ Yɛn mpaebɔ a yɛbɛma atu mpɔn

○ Honhom aba no a yɛbɛda no adi

○ Ɔsom adwuma no a yɛbɛyɛ pii

○ Mpɔn kɛse a yebetu wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ mu

○ Sua a yebesua sɛ yebedi adanse wɔ telefon so, bɔnnɔ so, ne adwumam