Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Deuteronomium Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Deuteronomium Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Deuteronomium Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

NA AFE no yɛ 1473 A.Y.B. mu. Na mfe 40 atwam fi bere a Yehowa yii Israelfo no fii Misraim nkoasom mu no. Mfe dodow yi a Israelfo no dii wɔ sare no so akyi no, na wɔda so ara yɛ ɔman a wonni asase a wɔte so. Nanso awiei koraa no, wɔbɛnee Bɔhyɛ Asase no ano pɛɛ. Sɛ wɔfa asase no sɛ wɔn agyapade a, dɛn na na ɛretwɛn wɔn? Nsɛnnennen bɛn na na wobehyia, na ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so di ho dwuma?

Ansa na Israelfo no retwa Yordan Asubɔnten no akɔ Kanaan asase no so no, Mose siesiee wɔn maa adwuma kɛse bi a ɛda wɔn anim. Ɔkwan bɛn so? Denam ɔkasa ahorow a ɔma de hyɛɛ wɔn nkuran, tuu wɔn fo, bɔɔ wɔn kɔkɔ no so. Ɔkaee Israelfo no sɛ Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ ɔsom kronn na ɛnsɛ sɛ wɔfa aman a atwa wɔn ho ahyia no akwan so. Saa ɔkasa horow yi mu dodow no ara na ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛyɛ Deuteronomium no mu. Na afotusɛm a ɛwɔ mu no ara yɛ nea yehia no nnɛ, efisɛ yɛn nso yɛte wiase a ɔsom kronn a wɔde bɛma Yehowa no yɛ den mu.—Hebrifo 4:12.

Mose na ɔkyerɛw Deuteronomium nhoma no, gye ti a etwa to no nkutoo, na ne kyerɛw no di boroo asram abien. * (Deuteronomium 1:3; Yosua 4:19) Momma yɛnhwɛ sɛnea emu nsɛm no betumi aboa yɛn ma yɛadɔ Yehowa Nyankopɔn afi yɛn koma nyinaa mu na yɛasom no nokwaredi mu.

‘MMA WO WERE MFI NEA W’ANI AHU’

(Deuteronomium 1:1–4:49)

Wɔ Mose kasa a edi kan no mu no, ɔkaa tebea ahorow a wohyiae wɔ sare no so no bi ho asɛm—titiriw nea ɛbɛboa Israelfo no bere a na wɔresiesie wɔn ho akɔtra Bɔhyɛ Asase no so no. Ɛbɛyɛ sɛ nsɛm a ɛfa atemmufo no paw ho no kaee wɔn sɛ Yehowa hyehyɛ ne nkurɔfo wɔ ɔkwan bi so a ɛkyerɛ sɛ ofi ɔdɔ mu dwen wɔn ho. Mose kae nso sɛ amanneɛbɔ a enye a akwansrafo du no de bae no amma awo ntoatoaso a edi kan no ankɔ asase a wɔde ahyɛ wɔn bɔ no so. Susuw nkɛntɛnso a na kɔkɔbɔ nhwɛso yi betumi anya wɔ Mose atiefo no so bere a wɔn ankasa ani tua bɔhyɛ asase no ho hwɛ.

Ɛbɛyɛ sɛ nkonim a Yehowa maa Israelfo no dii ansa na wɔretwa Yordan no a ɔkaee wɔn no maa wonyaa akokoduru bere a wɔyɛɛ krado sɛ wobefi wɔn nkonimdi ɔsatu no ase wɔ nsu no agya hɔ no. Na abosonsom ahyɛ asase a wɔrebɛfa no so ma. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Mose maa wɔn kɔkɔbɔ a emu yɛ den faa ahonisom ho!

Kyerɛwsɛm mu Nsɛm a Wɔabua:

2:4-6, 9, 19, 24, 31-35; 3:1-6—Dɛn nti na Israelfo no tɔree nnipa bi a na wɔwɔ Yordan apuei fam no bi ase nanso wɔanyɛ ebinom a wɔwɔ beae koro no ara saa? Yehowa hyɛɛ Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔko tia Esau mma no. Dɛn ntia? Efisɛ na wɔyɛ Yakob nuabarima asefo. Ná ɛnsɛ sɛ Israelfo no yɛ Moabfo ne Amorifo ayayade anaasɛ wɔko tia wɔn, efisɛ na wɔyɛ Abraham wɔfase Lot asefo. Nanso, na asase a Amorifo hene Sihon ne Og di so tumi no nyɛ wɔn ankasa dea. Enti, bere a Sihon ampene sɛ Israelfo no betwam afa n’asase so na Og ne wɔn bɛkoe no, Yehowa hyɛɛ Israelfo no sɛ wɔnsɛe wɔn korow no, a wɔmma obiara mfi mu mfi.

4:15-20, 23, 24—So bara a wɔbaraa wɔn sɛ wɔnnyɛ ohoni bi no kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛyɛ ade bi ho adwinni? Dabi. Na bara a wɔbaraa wɔn no tia ahoni a wɔyɛ ma ɔsom—na etia ‘kotow a wɔbɛkotow wɔn na wɔasom wɔn.’ Kyerɛwsɛm no mmara adwinni a wobedi anaasɛ biribi ho mfonini a wɔbɛyɛ.—1 Ahene 7:18, 25.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:2, 19. Israelfo no nantew sare no so bɛyɛ mfe 38, ɛwom sɛ sɛ na wɔfa Bepɔw Seir so a, “efi Horeb [bepɔw so kwan a ɛbɛn Bepɔw Sinai faako a wɔde Mmara Nsɛm Du no mae no] kɔ Kades-Barnea bedi nnafua dubiako de.” Asoɔden a etia Yehowa Nyankopɔn so akatua bɛn ara ni!—Numeri 14:26-34.

1:16, 17. Gyinapɛn a Onyankopɔn fa so bu atɛn no te saa ara nnɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔn a asɛyɛde da wɔn so sɛ asɛnni boayikuw no yɛ animhwɛ anaasɛ wɔma nnipa ho suro kyea atɛn a wobebu no.

4:9. Na Israelfo no ‘werɛ a ɛremfi nneɛma a wɔn ani ahu’ no behia ama wɔn yiyedi. Bere a wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no rebɛn no, ɛho hia sɛ yɛn nso yesusuw anwonwade ahorow a Yehowa yɛe no ho denam N’asɛm no a yɛde nsi besua no so.

DƆ YEHOWA, NA DI NE MMARA NSƐM SO

(Deuteronomium 5:1–26:19)

Wɔ Mose kasa a ɛto so abien no mu no, ɔkaa Mmara a wɔde mae wɔ Bepɔw Sinai so no ho asɛm na otĩĩ Mmara Nsɛm Du no mu. Wɔbobɔɔ aman ason a wɔbɛsɛe wɔn pasaa din. Wɔkaee Israelfo no asuade titiriw bi a wonyae bere a na wɔwɔ sare so no: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa, NW] anom so.” Wɔ tebea foforo a na wɔakɔ mu no mu no, na ɛsɛ sɛ ‘wodi mmara nsɛm no nyinaa so.’—Deuteronomium 8:3; 11:8.

Bere a Israelfo no kɔtraa asase a wɔde ahyɛ wɔn bɔ no so no, na wobehia mmara ahorow a ɛmfa ɔsom nkutoo ho na mmom nea ɛfa atemmu, nniso, ɔko ne asetra ne kokoam nsɛm nso ho. Mose tĩĩ mmara ahorow yi mu na osii hia a ehia sɛ wɔdɔ Yehowa na wodi n’ahyɛde so no mu.

Kyerɛwsɛm mu Nsɛm a Wɔabua:

8:3, 4—Ɔkwan bɛn so na Israelfo no ntama ansuw na wɔn nan anhonhon bere a na wɔnam sare so no? Na eyi yɛ nsiesiei a ɛyɛ nwonwa, te sɛ nea na manna a wɔde maa wɔn daa no nso yɛ anwonwade no. Ntade ne mpaboa koro a Israelfo no de fii akwantu no ase no ara na na wɔhyɛ, na bere a na ebinom nyinyin na wowuwu no na wɔde ma nkyirimma ma wɔhyɛ. Esiane sɛ sɛnea na Israelfo no dodow te bere a wofii akwantu no ase ne sɛnea na wɔn dodow te bere a akwantu no baa awiei no kyerɛ sɛ wɔn dodow no ankɔ anim nti, ɛbɛyɛ sɛ ntade dodow ne mpaboa a wɔde maa wɔn mfiase no soo wɔn daa.—Numeri 2:32; 26:51.

14:21—Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Israelfo no de aboa a wɔanhwie ne mogya angu ma ɔhɔho anaasɛ wɔtɔn ma ɔnanani wɔ mmere ko a wɔn ankasa renni no? Wɔ Bible mu no, asɛm “ɔhɔho” no betumi akyerɛ obi a ɔnyɛ Israelni na wasakra kɔ Yudasom mu anaasɛ obi a ɔyɛ ɔmamfrani a odi asase a ɔte so no mmara titiriw bi so nanso wammɛyɛ Yehowa somfo. Ná ɔmamfrani ne ɔhɔho a wansakra amma Yudasom mu no nni Mmara no ase na na wobetumi adi mmoa a wɔanhwie wɔn mogya angu wɔ akwan horow so. Wɔmaa Israelfo no kwan sɛ wɔmfa mmoa a ɛte saa mma wɔn anaasɛ wɔntɔn mma wɔn. Wɔ ɔkwan foforo so no, na obi a wasakra kɔ Yudasom mu no hyɛ Mmara apam no ase. Sɛnea wɔaka wɔ Leviticus 17:10 no, na wɔabra obi a ɔte saa sɛ onnni aboa mogya.

24:6—Dɛn nti na sɛ na obi ‘gye owiyammo ne ne ba awowa a’ na ɛte sɛ nea ‘ɔregye ɔkra awowa’? Ná owiyammo ne ne ba gyina hɔ ma onipa no ‘kra’ anaasɛ nea ɛma otumi nya n’asetra de. Gye a na wobegye emu biara no bɛma abusua mũ no nyinaa ahwere wɔn ano aduan.

25:9—Dɛn ne ade titiriw a na ɛwɔ ɔbarima bi a ɔmpɛ sɛ ɔware ne nua yere no nan ase mpaboa a woyi ne n’anim ntasu a wohinam no mu? Sɛnea na ‘amanne a kan no ɛwɔ Israel kyerɛ no: sɛ obi rebɛhyɛ asɛm biara den a, oyi ne mpaboa de ma ne yɔnko.’ (Rut 4:7) Ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔware ne nua yere nan ase mpaboa a wobeyi no kyerɛ sɛ wapo sɛ ɔbɛwo ama ne nua a wawu no ma wanya ɔdedifo. Na eyi yɛ animguasesɛm. (Deuteronomium 25:10) Na n’anim a wohinam ntasu no kyerɛ n’anim ase a wogu.—Numeri 12:14.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

6:6-9. Sɛnea wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ wonsua Mmara no, saa ara na yɛn nso ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn ahyɛde ahorow, na yɛkae bere nyinaa, na yɛde kyerɛkyerɛ yɛn mma. Ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere yɛn nsa,’ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nneyɛe—a egyina hɔ ma yɛn nsa no—kyerɛ sɛ yɛyɛ osetie ma Yehowa. Na te sɛ yɛn ‘aniwa ntam nkae ntamabamma’ no, ɛsɛ sɛ osetie a yɛyɛ no da adi ma obiara hu.

6:16. Mommma yɛnnsɔ Yehowa nnhwɛ te sɛ nea Israelfo a na wonni gyidi no yɛe wɔ Masa, faako a wonwiinwii wɔ nsu ho no.—Exodus 17:1-7.

8:11-18. Honam fam adedodowpɛ betumi ama yɛn werɛ afi Yehowa.

9:4-6. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yemmu yɛn ho treneefo dodo.

13:6. Ɛnsɛ sɛ yɛma obiara kwan ma ɔtwe yɛn fi Yehowa som ho.

14:1. Obi ho a ɔbɛbɔ no akam no kyerɛ ne nipadua a ommu, ebetumi ne atoro som anya abusuabɔ, enti ɛsɛ sɛ yɛpo. (1 Ahene 18:25-28) Owusɔre ho anidaso a yɛwɔ no ma awufo ho agyaadwo a yebetwa akɔ akyiri no mfata.

20:5-7; 24:5. Ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn a wɔwɔ tebea soronko bi mu no ho, sɛ mpo yɛreyɛ biribi a ɛho hia yɛn a.

22:23-27. Sɛ wɔrebɛto ɔbea bi mmonnaa a, ade titiriw biako a obetumi de ako atia ne sɛ ɔbɛteɛteɛm.

‘PAW NKWA’

(Deuteronomium 27:1–34:12)

Wɔ Mose kasa a ɛto so abiɛsa no mu no, ɔkyerɛe sɛ sɛ Israelfo no twa Yordan wie a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Mmara no bi gu abo akɛse so na wɔdome wɔn a wɔyɛ asoɔden na wohyira wɔn a wɔyɛ setie no. Apam a ɛda Yehowa ne Israelfo no ntam a wɔyɛɛ no foforo no na ebuee kasa a ɛto so anan no ano. Mose san bɔɔ asoɔdenyɛ ho kɔkɔ na otuu nkurɔfo no fo sɛ ‘wɔmpaw nkwa.’—Deuteronomium 30:19.

Nea ɛka ɔkasa a ɛto so anan a Mose mae ho ne sɛ, ɔne wɔn susuw nsakrae a wɔayɛ wɔ akanni mu na ɔkyerɛɛ Israelfo no dwom bi a ɛyɛ dɛ a wɔde beyi Yehowa ayɛ na ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ amane a ebefi nokware a wɔrenni mu aba no ho. Bere a Mose hyiraa mmusuakuw no wiei no, owui bere a na wadi mfirihyia 120 na wosiee no. Wɔde nnafua 30 na esũũ no, ɛreyɛ ayɛ bere a wɔde kyerɛw Deuteronomium nhoma no fã.

Kyerɛwsɛm mu Nsɛm a Wɔabua:

32:13, 14—Esiane sɛ na wɔabara Israelfo no sɛ wonnni srade biara nti, na “adwennini srade” a wodi no kyerɛ dɛn? Wɔde asɛmfua srade a wɔka ho asɛm wɔ ha no dii dwuma sɛnkyerɛnne kwan so na ɛkyerɛ nguankuw mu nea ɔsen biara. Nea ɛkyerɛ sɛ wɔde asɛm no dii dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no ne adanse a ɛne sɛ nkyekyɛm koro no ara ka “awi asaabo mu srade” ne “bobe aba mu mogya” ho asɛm no.

33:1-29—Dɛn nti na wɔanhyɛ da ammɔ Simeon din wɔ nhyira a Mose de maa Israelfo no mu? Nea enti a eyi te saa ne sɛ Simeon ne Lewi nyinaa yɛɛ wɔn ade “anibere” so, na na wɔn abufuw ‘sõ.’ (Genesis 34:13-31; 49:5-7) Enti na agyapade a wonyae no nte sɛ mmusuakuw a aka no de no. Lewi nyaa nkurow 48, na na Simeon kyɛfa ka Yuda asasesin no ho. (Yosua 19:9; 21:41, 42) Enti, Mose anhyɛ da anhyira Simeon. Nanso, wohyiraa Simeon kaa Israelfo no nyinaa ho.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

31:12. Ɛsɛ sɛ mmofra nkumaa ne mpanyimfo no nyinaa tra faako wɔ asafo nhyiam ase na wɔbɔ mmɔden sɛ wobetie asɛm no yiye na wɔasua biribi afi mu.

32:4. Yehowa nnwuma nyinaa yɛ pɛ, kyerɛ sɛ ɔda ne su ahorow a ɛne atɛntrenee, nyansa, ɔdɔ ne tumi no adi wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ koraa so.

Ɛso Wɔ Mfaso Kɛse Ma Yɛn

Deuteronomium da Yehowa adi sɛ ‘Yehowa koro.’ (Deuteronomium 6:4) Ɛyɛ nhoma a ɛfa nnipa a wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ soronko ho. Deuteronomium nhoma no san bɔ kɔkɔ wɔ ahonisom ho na esi hia a ehia sɛ yɛde ɔsom kronn ma Onyankopɔn so dua.

Nokwarem no, Deuteronomium ho wɔ mfaso kɛse ma yɛn! Ɛwom sɛ yenni Mmara no ase de, nanso yebetumi asua pii afi mu a ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛadɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn afi yɛn koma nyinaa, yɛn kra nyinaa, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu.’—Deuteronomium 6:5.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Ɛbɛyɛ sɛ Yosua anaa Ɔsɔfo Panyin Eleasar na ɔde ti a etwa to a ɛfa Mose wu ho no kaa ho.

[Asase mfonini wɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

SEIR

Kades- Barnea

Bepɔw Sinai (Horeb)

Ɛpo Kɔkɔɔ

[Asɛm Fibea]

Based on maps copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Mose kasa no na ɛyɛ Deuteronomium nhoma no fã kɛse no ara

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Asuade bɛn na yenya fi manna ho nhyehyɛe a Yehowa yɛe no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Owiyammo ne ne ba awowa a wogye no te sɛ nea wɔregye “ɔkra” awowa