Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa, Wo Nnwuma Dɔɔso Dɛn Ara!’

‘Yehowa, Wo Nnwuma Dɔɔso Dɛn Ara!’

Sɛnea Yehowa Abɔde Yɛ Fɛ

‘Yehowa, Wo Nnwuma Dɔɔso Dɛn Ara!’

SƐ YƐTE nkurow nketewa anaa akɛse mu, sɛ yɛte mmepɔw so anaa mpoano no no, abɔde a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ nwonwa atwa yɛn ho ahyia. Ɛfata sɛ 2004 Calendar of Jehovah’s Witnesses no da Yehowa Nyankopɔn nsa ano nnwuma a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ nwonwa ho mfonini adi.

Adesamma a wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ taa kyerɛ Onyankopɔn nnwuma ho anigye. Sɛ nhwɛso no, susuw Salomo a na ne nyansa “dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa” no ho hwɛ. Bible no ka sɛ: “Na ɔkasae nnua ho fi kyeneduru a ɛwɔ Lebanon so kosii adwerɛ a efifi ɔfasu mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho asɛm.” (1 Ahene 4:30, 33) Na Salomo papa Ɔhene Dawid taa dwennwen Onyankopɔn nsa ano nnwuma a ɛyɛ nwonwa ho. Ɛkaa no ma ɔteɛɛm kyerɛɛ ne Bɔfo no sɛ: ‘Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.’—Dwom 104:24. *

Ɛsɛ sɛ yɛn nso yesua abɔde ho ade na yedwennwen ho. Sɛ nhwɛso no, yebetumi ‘ama yɛn ani so ahwɛ soro’ na yɛaka sɛ: “Monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom.” Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn, a ɔwɔ “tumi dodow” ne “ahoɔden kɛse” no!—Yesaia 40:26.

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yehowa abɔde ahorow ho a yedwennwen no ka yɛn? Anyɛ yiye koraa no wɔ akwan abiɛsa so. Ebetumi (1) akae yɛn ma yɛabu yɛn nkwa, (2) aka yɛn ma yɛaboa afoforo ma wɔasua biribi afi abɔde mu, na (3) aka yɛn ma yɛahu yɛn Bɔfo no yiye na yɛakyerɛ ne ho anisɔ.

Yɛn asetra sɛ nnipa a ɛkorɔn sen “mmoa a wonni adwene” de no, boa yɛn ma yehu sɛnea abɔde a ɛyɛ nwonwa no som bo fa. (2 Petro 2:12) Yɛn aniwa tumi hu asase a ɛyɛ fɛ. Yɛn aso tumi te nnomaa su a ɛyɛ dɛ. Na sɛnea yetumi bu bere no boa yɛn ma yɛkae nsɛm a ɛma yɛn ani gye. Ɛwom sɛ asetra a yɛwom mprempren no nyɛ pɛ de, nanso yenya so mfaso!

Awofo betumi anya abɔde a wɔn mma ani gye ho ho anigye. Mmofra ani taa gye ho sɛ wɔbɛhwehwɛ nworaa wɔ mpoano, ne mmoa adi agoru, na wɔaforo nnua! Awofo bɛpɛ sɛ wɔbɛboa wɔn mma nkumaa ma wɔahu abusuabɔ a ɛda abɔde ne Ɔbɔadeɛ no ntam. Mmofra betumi akae nidi ne obu a wonya ma Yehowa abɔde no wɔn nkwa nna nyinaa.—Dwom 111:2, 10.

Sɛ yɛkyerɛ abɔde ho anisɔ na yɛankamfo Ɔbɔadeɛ no a, ɛnde na yɛnhwɛ ade nkɔ akyiri koraa. Yesaia nkɔmhyɛ no boa yɛn ma yesusuw saa asɛm yi ho bere a ɛka eyi no: “So wunhui? So wontee ɛ? Daa Onyankopɔn ne [Yehowa, NW] a ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw; ne nhumu mu nni ahwehwɛye.”—Yesaia 40:28.

Yiw, Yehowa nnwuma di ne nyansa a ɛso bi nni, ne tumi a ɛkorɔn sen biara ne ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma yɛn no ho adanse. Sɛ yehu nneɛma a ɛyɛ fɛ a atwa yɛn ho ahyia no na yehu su horow a Nea ɔyɛɛ ne nyinaa no wɔ a, ɛmmra sɛ yɛne Dawid bɛbom aka sɛ: ‘Obiara nte sɛ wo, Yehowa, na biribiara nte sɛ wo nnwuma.’—Dwom 86:8.

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ adesamma asoɔmmerɛfo ani bɛkɔ so agye Yehowa adebɔ nnwuma ho. Wɔ mmeresanten nyinaa mu no, yebenya hokwan a enni awiei de asua Yehowa ho nneɛma pii. (Ɔsɛnkafo 3:11) Na dodow a yesua pii fa yɛn Bɔfo no ho no, dodow no ara na yenya ɔdɔ ma no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Hwɛ 2004 Calendar of Jehovah’s Witnesses, November ne December.

[Adaka wɔ kratafa 9]

Ɔbɔadeɛ No Ayeyi

Nyansahufo pii a wɔwɔ anisɔ hu sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade. Ɛho nhwɛso kakraa bi na edidi so yi:

“Ade titiriw a m’ani gye ho wɔ nyansahu adesua mu ne bere a mihu biribi foforo na meka sɛ, ‘Enti saa na Onyankopɔn yɛɛ no no.’ Me botae ne sɛ mɛte Nyankopɔn nhyehyɛe fã ketewaa biara ase.”—Henry Schaefer, adufra ho ɔbenfo.

“Ɛdefa sɛnea ɛyɛe a Amansan no mu trɛwee ho no, ɛsɛ sɛ ɔkenkanfo no ankasa si nea ɛyɛe a ɛbae ne ne ntrɛwmu ho gyinae, nanso sɛ yɛbɛte ase koraa a yɛrentumi nkwati No [Onyankopɔn] nte ase nwie.”—Edward Milne, Britaniani nsoromma ho nimdefo.

“Yenim sɛ nneɛma a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no na ɛma yehu sɛnea amansan no te efisɛ Onyankopɔn na ɔbɔe.”—Alexander Polyakov, Russiani ɔkontaabufo.

“Yɛnam abɔde ho nneɛma a yesua so susuw Ɔbɔadeɛ no nsusuwii ho, hu n’adwene, kyerɛ nhyehyɛe a ɛyɛ Ne de na ɛnyɛ yɛn de ase.”—Louis Agassiz, America abɔde a nkwa wom ho nimdefo.

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Anomaa bi a ontumi ntu a wɔfrɛ no Gentoo, Antarctic Asase Hwene

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Grand Teton Ɔman Mmoa Yɛmmea, Wyoming, U.S.A.

[Asɛm Fibea]

Jack Hoehn/Index Stock Photography