Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nantew Mudi Mu

Nantew Mudi Mu

Nantew Mudi Mu

“Na me de, pɛyɛ [mudi, NW] mu na mebɔ me bra.”—DWOM 26:11.

1, 2. (a) Dɛn nti na mudi mu a obi bekura yɛ Onyankopɔn tumidi ho ɔsɛmpɔw no fã a ɛho hia? (b) Abɔde a wonim nyansa bɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ wogyina Yehowa tumidi akyi?

BERE a Satan tew atua wɔ Eden turom no, ɔmaa asɛm sɔree wɔ fata a Onyankopɔn fata sɛ odi tumi wɔ N’abɔde nyinaa so no ho. Bere bi akyi no, Satan kae sɛ, sɛ Onyankopɔn ma nnipa nya nea wɔpɛ nkutoo a ɛnna wɔbɛsom no. (Hiob 1:9-11; 2:4) Enti, mudi mu a nnipa bekura abɛyɛ ɔsɛmpɔw a ɛfa fata a Yehowa fata sɛ odi amansan no so tumi no fã a ɛho hia.

2 Bere a Onyankopɔn tumidi nnyina mudi mu a n’abɔde bekura so no, nnipa ne Onyankopɔn mma a wɔyɛ honhom abɔde no betumi akyerɛ wɔn gyinabea wɔ asɛm yi ho. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam wɔn mudi mu a wobekura anaasɛ wɔrenkura so. Enti, obi mudi mu a obekura anaa ɔrenkura yɛ ade titiriw a wobegyina so abu no atɛn.

3. (a) Dɛn na na Hiob ne Dawid pɛ sɛ Yehowa hwɛ na obu wɔn atɛn wɔ ho? (b) Mudi mu kura ho nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

3 Hiob de ahotoso kae sɛ: ‘Yehowa bɛkari me nseniakwanmu mu, na Onyankopɔn behu me mũdi no.’ (Hiob 31:6) Ɛyɛ mudi na Ɔhene Dawid kae sɛ Yehowa nhwɛ, bere a ɔkae sɛ: “Yehowa bu me atɛn, na me mudi mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo Yehowa so, manwatiriw” no. (Dwom 26:1, NW) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛn nso yekura yɛn mudi mu! Nanso, dɛn ne mudi, na mudi mu a yebekura no kyerɛ dɛn? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakura yɛn mudi mu?

‘Mabɔ Me Bra Wɔ Mudi Mu’

4. Dɛn ne mudi?

4 Mudi kyerɛ teeyɛ, treneeyɛ, ne adetreneeyɛ. Nanso, mudi mu kura kyerɛ pii sen adetrenee a yɛbɛyɛ. Ɛkyerɛ abrabɔ pa anaa koma nyinaa a wɔde som Onyankopɔn. Satan maa asɛm baa adwene a Hiob kura ho bere a ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Na afei teɛ wo nsa na ka [Hiob] dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo anaa!” (Hiob 2:5) Nneyɛe pa a yɛbɛda no adi akyi no, mudi mu a yebekura hwehwɛ sɛ yɛde koma pa yɛ ade.

5. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛn mudi a yebekura mu no nhwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ pɛ?

5 Nanso, yɛn mudi mu a yebekura no nhwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ pɛ. Na Ɔhene Dawid nyɛ pɛ, na odii mfomso a anibere wom pii wɔ n’asetra mu. Nanso, Bible ka ne ho asɛm sɛ ɔbarima a ɔnantew “koma mu pɛyɛ,” anaa mudi mu. (1 Ahene 9:4) Dɛn ntia? Efisɛ na Dawid dɔ Yehowa. Ofi ne komam na ɔsom Onyankopɔn. Ofi ne pɛ mu gyee ne mfomso ahorow toom, ɔmaa kwan ma wɔkaa n’anim, na osiesiee n’akwan yiye. Nokwarem no, yehu sɛnea Dawid kuraa ne mudi mu no wɔ ne koma nyinaa a ɔde som Yehowa, ne Nyankopɔn, ne ɔdɔ a na ɔwɔ ma no no mu.—Deuteronomium 6:5, 6.

6, 7. Yɛn mudi mu a yɛbɛnantew no kyerɛ dɛn?

6 Ɛnyɛ nnipa asetram adeyɛ bi te sɛ ɔsom mu nko na ɛsɛ sɛ yekura yɛn mudi mu wom. Ɛsɛ sɛ yekura yɛn mudi mu wɔ yɛn asetram biribiara mu. Dawid ‘nantew’ ne mudi mu. The New Interpreter’s Bible ka sɛ: “Adeyɛ asɛm ‘nantew’ no kyerɛ ‘asetra’ anaa ‘asetra kwan.’” Bere a odwontofo no reka wɔn a “wɔn kwan yɛ pɛ” ho asɛm no, ɔtoo dwom sɛ: ‘Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ Onyankopɔn adansesɛm so, na wɔde wɔn koma nyinaa di akyiri, nso wɔnyɛ amumɔyɛde, na wɔnam n’akwan so.’ (Dwom 119:1-3) Mudi mu kura hwehwɛ sɛ yebenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde bere nyinaa, na yɛanantew n’akwan so.

7 Mudi mu a yɛbɛnantew no hwehwɛ sɛ yefi nokwaredi mu som Onyankopɔn, wɔ nsɛm tebea a enye mpo mu. Sɛ yegyina sɔhwɛ ahorow ano, gyina pintinn wɔ amanehunu ahorow mu, anaasɛ yɛko tia sɔhwɛ ahorow a wiase no de ba yɛn so no a, yɛn mudi mu a yekura no da adi. Yɛma ‘Yehowa bo tɔ ne yam’ efisɛ otumi nya asɛm de bua nea ɔrebɔ no ahohora no. (Mmebusɛm 27:11) Enti ntease wom sɛ yebesi gyinae sɛnea Hiob yɛe no: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.” (Hiob 27:5) Dwom 26 kyerɛ nea ɛbɛboa yɛn ma yɛakura yɛn mudi mu.

“Nan M’asaabo ne Me Koma”

8. Dɛn na wusua fi srɛ a Dawid srɛe sɛ Yehowa nhwehwɛ n’asaabo ne ne koma mu no mu?

8 Dawid bɔɔ mpae sɛ: [Yehowa, NW], hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma.” (Dwom 26:2) Asaabo hyɛ nipadua no mu tɔnn. Asaabo gyina hɔ ma obi nsusuwii ne ne nkate ankasa. Koma a wɔreka ho asɛm no kyerɛ nsɛm a ɛwɔ onipa no mu—nea ɛkanyan no, ne nkate, ne ne nyansa. Bere a Dawid kae sɛ Yehowa nhwehwɛ ne mu no, na nea ɔreka ne sɛ ɔnhwehwɛ ne komam nsɛm ne ne nkate mu mpɛɛpɛe mu.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nan anaa osiesie yɛn asaabo ne yɛn koma?

9 Dawid srɛe sɛ wɔnnan anaa wonsiesie n’asaabo ne ne koma. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nan anaa osiesie yɛn nsusuwii? Dawid too dwom sɛ: “Mekamfo [Yehowa, NW] a wakyerɛ me kasanyansa, nso anadwo m’asaabo tu me fo.” (Dwom 16:7) Dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn afotu du Dawid komam tɔnn na ɛtra hɔ, na esiesie ne nsusuwii ne ne nkate ahorow yiye. Sɛ yɛde anisɔ susuw Onyankopɔn afotu a ɔnam N’asɛm, n’ananmusifo, ne n’ahyehyɛde so de ma yɛn no ho na yɛma ɛtra yɛn mu a, ebetumi asiesie yɛn nso. Yehowa a yɛbɛbɔ no mpae daa sɛ onsiesie yɛn wɔ saa kwan yi so no bɛboa yɛn ma yɛanantew mudi mu.

‘W’adɔe Wɔ M’anim’

10. Dɛn na ɛboaa Dawid ma ɔnantew Onyankopɔn nokware kwan so?

10 Dawid toaa so sɛ: “W’adɔe wɔ m’ani so, na menam wo nokware mu.” (Dwom 26:3) Ná Dawid nim Onyankopɔn adɔe yiye, na ɔde anisɔ susuw ho. Ɔtoo dwom sɛ: “Me kra, hyira [Yehowa, NW], na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa.” Bere a Dawid kaee Onyankopɔn “nneyɛe” mu biako no, ɔtoaa so sɛ: “[Yehowa, NW] di asɛntrenee, na obu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa. Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose, ɔmaa Israel mma huu ne nneyɛe.” (Dwom 103:2, 6, 7) Ebia na Dawid redwennwen nhyɛso a Misrifo de baa Israelfo so wɔ Mose bere so no ho. Sɛ ɛte saa a, ɛnde na ɛbɛyɛ sɛ ɔkwan a Yehowa fa so gye nkwa ho asɛm a ɔka kyerɛɛ Mose a Dawid susuw ho no kaa ne koma, na ɛhyɛɛ ne bo a na wasi sɛ ɔbɛnantew Onyankopɔn nokware kwan so no mu den.

11. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanantew yɛn mudi mu?

11 Onyankopɔn Asɛm a yebesua daa na yɛasusuw nea yesua no ho nso bɛboa yɛn ma yɛanantew yɛn mudi mu. Sɛ nhwɛso no, guan a Yosef guanee bere a Potifar yere pɛe sɛ ɔne no da no a yɛbɛkae no bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛaguan ɔbrasɛe a ɛte saa wɔ yɛn adwumam, sukuu mu, anaa baabi foforo biara. (Genesis 39:7-12) Na sɛ wiase no de ahonyade anaa din a yebegye ne tumi a yebenya sɔ yɛn hwɛ nso ɛ? Yɛwɔ Mose a ɔpoo Misraim anuonyam nhwɛso no. (Hebrifo 11:24-26) Akyinnye biara nni ho sɛ Hiob boasetɔ a yɛbɛkae no bɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so adi Yehowa nokware wɔ nyarewa ne amanehunu nyinaa mu. (Yakobo 5:11) Na sɛ wɔtaa yɛn nso ɛ? Agyata amoa mu a wɔde Daniel toe no a yɛbɛkae no bɛma yɛanya akokoduru!—Daniel 6:16-22.

“Me Ne Nnipa Huhuw Antra”

12, 13. Fekubɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

12 Bere a Dawid reka ade foforo a ɛhyɛɛ no den ma okuraa ne mudi mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Me ne nnipa huhuw antra, na me ne nyaatwomfo anhyia mu. Metan nnipa bɔne guabɔ, na me ne nnebɔneyɛfo ntra.” (Dwom 26:4, 5) Dawid ne nnebɔneyɛfo antra. Ná okyi fekubɔne.

13 Na yɛn nso ɛ? So yɛne nnipa huhuw nntra wɔ television, video, sini, Intanɛt, anaa akwan foforo so? So yɛtwe yɛn ho fi nyaatwomfo ho? Ebia ebinom bɛbɔ mmɔden wɔ sukuu mu anaa adwumam sɛ wɔne yɛn bɛfa nnamfo na wɔnam so ne yɛn ayɛ nneɛma bɔne. So yɛn ani gye ho sɛ yɛne wɔn a wɔnnantew Onyankopɔn nokware mu benya abusuabɔ a emu yɛ den ankasa? Ebetumi aba sɛ awaefo nso bɛyɛ wɔn ho sɛ nnipa pa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenhu wɔn adwemmɔne a ɛne sɛ wɔpɛ sɛ wɔma yegyae Yehowa som no. Na sɛ asafo no mufo bi wɔ hɔ a wɔn akwan mu nna hɔ nso ɛ? Wɔn nso yɛ nyaatwomfo. Ná Jayson a mprempren ɔresom sɛ asafo mu ɔsomfo no wɔ nnamfo bi a wɔte saa bere a na ɔyɛ ɔbabun no. Ɔka wɔn ho asɛm sɛ: “Da bi wɔn mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Nea yɛyɛ mprempren ho nhia efisɛ sɛ wiase foforo no ba a, owu kɛkɛ na yebewu. Yɛrenhu sɛ yɛahwere biribi.’ Nsɛm a ɛte saa a ɔkae no maa m’ani baa me ho so. Mempɛ sɛ wiase foforo no ba a mewu.” Jayson ne nnipa a wɔte saa no gyaee fekubɔ. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mma wɔnndaadaa hom: fɛkuw bɔn sɛɛ bra pa.” (1 Korintofo 15:33, Fanti Bible) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkwati fekubɔne!

‘Mɛka W’anwonwade Nyinaa’

14, 15. Yɛyɛ dɛn tumi ‘twa Yehowa afɔremuka ho hyia’?

14 Dawid toaa so sɛ: “Mɛhohoro me nsa, bemdi mu, na matwa w’afɔremuka ho mahyia, [Yehowa, NW].” Dɛn ntia? “Sɛ merema wɔate m’aseda dwom, na maka w’anwonwade nyinaa.” (Dwom 26:6, 7) Ná Dawid pɛ sɛ ne ho kɔ so tew wɔ abrabɔ fam sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asom Yehowa na waka ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn no ho asɛm akyerɛ afoforo.

15 Nokware som ho ade biara a wɔyɛe wɔ ntamadan no mu ne asɔrefie hɔ akyiri yi no yɛɛ “ɔsoro nneɛma nhwɛso ne sunsuma.” (Hebrifo 8:5; 9:23) Ná afɔremuka no gyina hɔ ma Yehowa pɛ mu a ofi gyee Yesu Kristo afɔre a ɔbɔ de gyee adesamma nkwa toom no. (Hebrifo 10:5-10) Yɛnam saa afɔrebɔ no mu gyidi a yɛkyerɛ so hohoro yɛn nsa wɔ bemdi mu na ‘yetwa Yehowa afɔremuka ho hyia.’—Yohane 3:16-18.

16. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn anwonwade ho asɛm a yɛka kyerɛ afoforo no boa yɛn?

16 Sɛ yesusuw nneɛma a agyede no ama yɛanya nyinaa ho a, so Yehowa ne ne Ba a ɔwoo no koro no ho anisɔ nhyɛ yɛn koma ma? Ɛnde, bere a ayeyi ahyɛ yɛn koma ma no, momma yɛnka Onyankopɔn anwonwade ho asɛm nkyerɛ afoforo. Momma yɛmfa mfi bere a wɔbɔɔ onipa wɔ Eden turom nkosi nneɛma nyinaa a wɔbɛyɛ no foforo koraa wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no so. (Genesis 2:7; Asomafo no Nnwuma 3:21) Na hwɛ Onyankopɔn ahobammɔ a Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ma yenya! (Mateo 24:14; 28:19, 20) Yɛn ho a yɛde hyem denneennen no boa ma daakye ho anidaso a yɛwɔ, gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu, ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa no mu yɛ den.

“Medɔ Wo Fi Trabea”

17, 18. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ Kristofo nhyiam ahorow ho?

17 Ná ntamadan no ne n’afɔremuka no ne beae a wɔsom Yehowa wɔ Israel. Bere a Dawid reka sɛnea n’ani gye saa beae hɔ ho asɛm no, ɔbɔɔ mpae sɛ: [Yehowa, NW], medɔ wo fi trabea ne faako a w’anuonyam te.”Dwom 26:8.

18 So yɛn ani gye sɛ yɛbɛkɔ mmeae a yehyiam sua Yehowa ho ade no? Ahenni Asa a wosua Onyankopɔn ho ade wɔ hɔ daa no ne beae a wɔsom Onyankopɔn nokware mu wɔ saa mpɔtam hɔ. Afei nso, yɛyɛ afe afe amantam nhyiam, amansin nhyiam, ne da koro nhyiam titiriw. Yesusuw Yehowa ‘adansesɛm’ ho wɔ nhyiam ahorow a ɛte saa ase. Sɛ yenya ‘ɔdɔ kɛse’ saa a, yɛde anigye bɛkɔ nhyiam ahorow no, na yɛbɛyɛ aso atie asɛm bere a yɛwɔ hɔ. (Dwom 119:167) Hwɛ sɛnea abotɔyam wom sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo a yɛn yiyedi ho hia wɔn na wɔboa yɛn ma yɛkɔ so kura yɛn mudi mu bɛbɔ!—Hebrifo 10:24, 25.

‘Nhwim Me Nkwa’

19. Bɔne bɛn na na Dawid mpɛ sɛ odi ho fɔ?

19 Bere a na Dawid nim nea sɛ wankɔ so ansom Onyankopɔn nokware mu a ɛbɛba no so yiye no, ɔsrɛe sɛ: “Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfo ho, anaasɛ me nkwa nka mogyapɛfo ho nkɔ. Wɔn na mmusu hyɛ wɔn nsam, na adanmude ayɛ wɔn nifa ma.” (Dwom 26:9, 10) Na Dawid mpɛ sɛ wɔkan no fra nnebɔneyɛfo a wɔbɔ mmusu anaa ahohwibra na wogye adanmude no.

20, 21. Dɛn na ebetumi ama yɛabɔ yɛn bra sɛ nnipa a wɔnsom Onyankopɔn?

20 Ɔbrasɛe abu so wɔ wiase nnɛ. Television, nsɛmma nhoma, ne sini ahorow hyɛ ahohwibra a ebi ne “aguamammɔ, efi, ahohwi” ho nkuran. (Galatifo 5:19) Nguamansɛm a wɔhwɛ a ɛtaa kowie ɔbrasɛe mu agye ebinom adwene. Mmabun titiriw na eyi taa nya wɔn so nkɛntɛnso. Wɔ aman bi mu no, ɛyɛ ade a mmarima ne mmea taa yɛ nhyehyɛe fi adi, na ɛma mmofra a wonnya nnii mfirihyia aduonu nso adwene yɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ bi. Ɛwom mpo sɛ mmarimaa ne mmeawa pii nsoo aware koraa de, nanso wonya akɔnnɔ ma wɔn ho wɔn ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔadwudwo nna ho akɔnnɔ a asɔre wɔ wɔn mu ano no, ɛnkyɛ na wɔde wɔn ho ahyehyɛ adapaade mu ma akowie aguamammɔ mu.

21 Nkɛntɛnso bɔne tumi nya mpanyimfo nso. Nokware a wonni wɔ adwumam ne gyinae ahorow a wofi pɛsɛmenkominya mu sisi nso kyerɛ sɛ wɔnyɛ nokwaredifo. Sɛ yɛfa wiase akwan so a ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho. Momma ‘yɛntan bɔne na yɛnnɔ papa,’ na yɛnkɔ so nnantew yɛn mudi mu.—Amos 5:15.

“Gye Me na Hu Me Mmɔbɔ”

22-24. (a) Nkuranhyɛ bɛn na woanya afi Dwom 26 awiei nsɛm no mu? (b) Afiri bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

22 Dawid wiee ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn no sɛ: “Na me de, pɛyɛ [mudi, NW] mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ. Me nan gyina nea ɛhɔ da fam, asafo ahyiae mu na mehyira [Yehowa, NW].” (Dwom 26:11, 12) Dawid de ne bo a na wasi sɛ ɔbɛnantew ne mudi mu no kaa ne nkwagye ho adesrɛ no ho. Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran! Ɛmfa ho sɛ yɛyɛ abɔnefo no, sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛnantew yɛn mudi mu a, Yehowa bɛboa yɛn.

23 Ɛmmra sɛ yɛbɛma yɛn asetra ada adi sɛ yebu Onyankopɔn tumidi, na yɛn ani sɔ no wɔ yɛn asetram biribiara mu. Yɛn mu biara betumi abɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ɔnhwehwɛ no mu na ɔnnan ne komam nsusuwii ne ne nkate. Yɛnam Onyankopɔn Asɛm a yɛde nsiyɛ besua no so betumi akae ne nokware no bere nyinaa. Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, momma yɛnkwati fekubɔne na yɛne Yehowa asafo no mmom nyi no ayɛ. Ɛmmra sɛ yɛde nsi bɛyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no, na mommma yɛmmma wiase no nnsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ɛsom bo no da. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛnantew yɛn mudi mu a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behu yɛn mmɔbɔ.

24 Esiane sɛ yɛn mudi mu a yebekura fa asetram biribiara ho nti, ɛsɛ sɛ yehu asiane bi a ɛyɛ hu; ɛno ne asanom bebrebe. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Dɛn nti na wobetumi agyina mudi mu kura so abu abɔde a wonim nyansa atɛn ma afata?

• Dɛn ne mudi, na dɛn na mudi mu a yebekura no kyerɛ?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakura yɛn mudi mu?

• Sɛ yebekura yɛn mudi mu a, asiane ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yehu na yɛkwati?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 14]

So wosrɛ Yehowa bere nyinaa sɛ ɔnhwehwɛ wo mu?

[Mfonini wɔ kratafa 14]

So wokae Yehowa adɔe bere nyinaa?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Sɛ yekura yɛn mudi mu wɔ sɔhwɛ ahorow mu a, yɛma Yehowa koma tɔ ne yam

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

So wode Yehowa nsiesiei a wayɛ a ɛbɛboa wo ma woanantew wo mudi mu no di dwuma?