Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Bɛn so na Ɛsɛ sɛ Wɔkae Yesu Kristo?

Ɔkwan Bɛn so na Ɛsɛ sɛ Wɔkae Yesu Kristo?

Ɔkwan Bɛn so na Ɛsɛ sɛ Wɔkae Yesu Kristo?

“Ɛda adi sɛ nnipa atitiriw a wɔatra ase pɛn no mu biako ne” Yesu Kristo.—“The World Book Encyclopedia.”

WƆTAA de nneɛma a nnipa akɛse ayɛ na ɛkae wɔn. Ɛnde adɛn nti na nnipa pii kae Yesu awo sen nneɛma a ɔyɛe? Wɔ Kristoman mu nyinaa no, nnipa pii betumi aka nsɛm a esisii wɔ Yesu awo ho. Nanso, wɔn mu baahe na wɔkae ne nkyerɛkyerɛ a ɛkyɛn so a ɛwɔ Bepɔw so Asɛnka no mu na wɔbɔ mmɔden de di dwuma wɔ wɔn asetram?

Nokwarem no, Yesu awo no da nsow, nanso n’asuafo a wodii kan no kyerɛe sɛ nea ehia sen biara ne nea ɔyɛe ne nea ɔkyerɛkyerɛe no. Ɛda adi sɛ Onyankopɔn nhwɛ kwan sɛ Kristo awo ho nsɛm bebunkam n’asetra sɛ onipa mũ no so. Nanso, wɔnam adwene a wɔtwe si Yesu awo ho nneɛma so pii no ama Buronyadi abɛyɛ ade titiriw asen Kristo ankasa.

Asɛmmisa foforo a ɛkyere adwene sɔre wɔ nea enti a wodi Buronya no ho. Sɛ Yesu san ba asase so nnɛ a, dɛn na obesusuw afa Buronya a wɔde adan aguadi no ho? Mfe mpem abien a abɛsen kɔ no, Yesu kɔɔ asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no. Ɔkasa tiaa sikasesafo ne adetɔnfo a wɔnam Yudafo nyamesom afahyɛ so repɛ mfaso no. Ɔkae sɛ: “Momfa eyinom mfi ha nkɔ! Monnyɛ m’agya fie aguadi fi!” (Yohane 2:13-16) Ɛda adi sɛ Yesu ampene aguadi a wɔde fra nyamesom mu no so.

Katolekfo amapa a wɔwɔ Spain no pii ahaw wɔ sɛnea Buronya a wɔde adan aguadi renya nkɔanim no ho. Nanso ɛte sɛnea wɔrentumi nkwati aguadi a ɛte saa no esiane faako a Buronyadi ho nneyɛe pii fi bae no nti. Sɛnkyerɛwfo Juan Arias kyerɛ sɛ: “Mpɛn pii no, Kristosom mufo a wɔkasa tia sɛnea Buronyadi adan ‘abosonsom’ na wɔde gye wɔn ani kɛse na wɔde ayɛ atotɔatotɔ mmom sen sɛ wɔde bɛyɛ ɔsom ho adeyɛ no, nnim sɛ fi mfiase pɛɛ mpo na Yesu Awo . . . yɛ ade bi a abosonsom afahyɛ a Romafo di [de ma owia] no ho nneɛma pii ahyɛn mu dedaw.”—El País, December 24, 2001.

Wɔ mfe kakra a abɛsen mu no, Spania nsɛnkyerɛwfo pii ne nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm aka Buronya afahyɛ ahorow a efi abosonsom mu ne wɔn aguadi ahorow no ho asɛm. Ɛdefa da a wɔde di Buronya ho no, Enciclopedia de la Religión Católica ka pefee sɛ: “Nea enti a Roma Asɔre no sii gyinae sɛ wɔde saa afahyɛ da yi besi hɔ ne sɛ wɔde abosonsom afahyɛ besi Kristofo de no ananmu. . . . Yenim sɛ wɔ Roma no, saa bere no mu na abosonsomfo de wɔn adwene sii December 25 so sɛ natalis invicti, afahyɛ, bere a wɔde woo ‘owia a wonhu no’ no.”

Enciclopedia Hispánica nso kaa saa ara sɛ: “Ɛnyɛ Yesu awo ho mmerebu no pɛpɛɛpɛ na ɛma wonyaa December 25 a wɔde di Buronya no, na mmom ɛyɛ bere a na wɔde di owia afahyɛ wɔ Roma a wogye toom wɔ Kristosom mu no na ɛma wonyae.” Ɔkwan bɛn so na na Romafo di owiapue afahyɛ wɔ awɔw bere no mu? Na wɔtow pon, gye wɔn ani yɛ dede, na wɔmema wɔn ho wɔn ho akyɛde nso. Esiane sɛ na asɔre mpanyimfo mpɛ sɛ wotwa afahyɛ a agye din saa mu nti, wɔde “fraa Kristosom mu” denam frɛ a wɔfrɛɛ no sɛ Yesu awo sen sɛ wɔbɛfrɛ no owia awo no so.

Wɔ afeha a ɛto so anan ne anum no mfiase no, na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyae owia som ne ɛho amanne ahorow no. “Ɔhotefo” Augustine a na ɔyɛ Katolekni wɔ (354-430 Y.B.) no tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ wɔnnhyɛ fã December 25 sɛnea abosonsomfo yɛe de hyɛɛ owia no anuonyam no. Ɛnnɛ mpo, ɛte sɛ nea tete Roma afahyɛ ahorow no wɔ nkɛntɛnso kɛse.

Afahyɛ a Ɛfata Ma Aguadi ne Anigye

Wɔ mfehaha pii a atwam mu no, nneɛma pii ama Buronya adan ayɛ afahyɛ a agye din wɔ wiase nyinaa a wɔde gye wɔn ani na wɔde di gua. Bio nso, awɔw bere mu afahyɛ afoforo mu amanne ahorow, titiriw nea na wodi wɔ Europa atifi fam no, de nkakrankakra bɛyɛɛ afahyɛ a wofii ase dii wɔ Roma no fã. * Na wɔ afeha a ɛto so 20 mu no, adetɔfo ne aguadi mu abenfo de anigye hyɛɛ amanne biara a ebetumi ama wɔanya mfaso pii ho nkuran.

Dɛn na afi mu aba? Kristo awo ho afahyɛ abɛyɛ ade titiriw sen nea n’awo kyerɛ. Mpɛn pii no, wɔmmɔ Kristo din mpo wɔ Buronya mu. Spain atesɛm krataa El País ka sɛ: “[Buronya] yɛ afahyɛ a wodi wɔ wiase nyinaa, ɛyɛ mmusua afahyɛ na obiara di no sɛnea ɔpɛ.”

Saa asɛm a wɔaka yi ma yehu sɛnea wɔkɔ so yɛ wɔn ade wɔ Buronyadi ho wɔ Spain ne aman pii so wɔ wiase nyinaa. Bere a wɔkɔ so sɛe sika pii wɔ Buronyadi ho no, wɔnhwehwɛ Kristo ho nimdeɛ pii. Sɛ yɛbɛka a, Buronya afahyɛ ahorow no asan abɛyɛ te sɛ nea na ɛte wɔ Roma no—anigye ntraso, apontow, ne akyɛde a wɔde mema.

Wɔawo Akokoaa Bi Ama Yɛn

Sɛ Buronyadi mfa Kristo ho ankasa a, ɛnde ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo fa so kae Kristo awo ne n’asetra? Mfe ahanson ansa na wɔrewo Yesu no, Yesaia hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so.” (Yesaia 9:6) Dɛn nti na Yesaia kyerɛe sɛ Yesu awo ne adwuma a ɔbɛyɛ akyiri yi no bɛyɛ ade titiriw? Efisɛ Yesu bɛyɛ sodifo kɛse. Wɔbɛfrɛ no Asomdwoe Hene na asomdwoe to rentwa wɔ n’ahenni mu na n’ahenni to rentwa da. Bio nso, Yesu de “atemmu ne trenee” na ebedi tumi.—Yesaia 9:7.

Ɔbɔfo Gabriel kaa asɛm a Yesaia kae no bere a na ɔreka Yesu awo ho asɛm akyerɛ Maria no. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa, NW] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:32, 33) Ɛda adi pefee sɛ, nea Yesu awo kyerɛ ankasa no fa adwuma a Kristo bɛyɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene a wapaw no ho. Obiara betumi anya Kristo nniso no so mfaso, a wo ne w’adɔfo ka ho. Nokwarem no, ɔbɔfo no kyerɛe sɛ n’awo no de “asomdwoe bɛbrɛ wɔn a wɔwɔ asase so a wɔsɔ [Onyankopɔn] ani no.”—Luka 2:14, Today’s English Version.

Hena na ɔmpɛ sɛ ɔbɛtra wiase a asomdwoe ne atɛntrenee wom mu? Nanso sɛ yebenya asomdwoe a Kristo nniso no de bɛba no bi a, ehia sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani na yɛne no nya abusuabɔ pa. Yesu kae sɛ ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya abusuabɔ a ɛte saa no ne sɛ yebesua Onyankopɔn ne Kristo ho ade. Yesu kae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.”—Yohane 17:3, NW.

Sɛ yenya Yesu ho nimdeɛ a, ɛho renhia bio sɛ yehu ɔkwan a ɔpɛ sɛ yɛfa so kae no. So ɛbɛyɛ adidi ne ɔnom ne akyɛde a wɔde mema wɔ da a tete abosonsomfo no de hyɛ wɔn fa no ara? Dabi. Anadwo ansa na Yesu rebewu no, ɔkyerɛɛ n’asuafo no nea ɔpɛ sɛ wɔyɛ. “Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.”—Yohane 14:21.

Yehowa Adansefo ayɛ Kyerɛw Kronkron no mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri, na aboa wɔn ma wɔate nea ahyɛde a Onyankopɔn ne Yesu de mae no kyerɛ ase. Wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woate saa ahyɛde a ɛho hia no ase na ama woatumi akae Yesu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkae no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Ɛho nhwɛso ahorow a edi mũ ne Buronya dua ne Papa Buronya no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6, 7]

So Bible Kasa Tia Apontow ne Akyɛde?

Akyɛde

Bible pene akyɛde a wɔde ma so, wɔfrɛ Yehowa ankasa sɛ “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ” Mafo. (Yakobo 1:17) Yesu kyerɛe sɛ awofo pa kyɛ wɔn mma ade. (Luka 11:11-13) Bere a Hiob ho tɔɔ no no, ne nnamfo ne n’abusuafo kyɛɛ no ade. (Hiob 42:11) Nanso, na akyɛde a ɛtete saa no nhwehwɛ sɛ afahyɛ bi du ansa na wɔde ama. Na efi komam.—2 Korintofo 9:7.

Abusua Apontow

Abusua apontow betumi ama abusua no aka abom, titiriw sɛ wɔn nyinaa nte fie biako mu bio a. Yesu ne n’asuafo no kɔɔ ayeforohyia apontow bi ase wɔ Kana, akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ abusua ne nnamfo apontow kɛse. (Yohane 2:1-10) Na wɔ Yesu mfatoho a ɛfa ɔba hohwini ho no, abofra no agya de abusua apontow, a nnwom ne asaw ka ho gyee n’ani bere a abofra no san baa fie no.—Luka 15:21-25.

Aduan Dɛdɛ Bi Di

Bible no taa ka Onyankopɔn asomfo a wɔne wɔn mmusua, wɔn nnamfo, ne wɔn mfɛfo asomfo bom didi ho asɛm. Bere a abɔfo baasa bi kɔsraa Abraham no, ɔnoaa aduan a ɛyɛ dɛ a nantwinam, nufusu, bɔta, ne keeki nkuruwankuruwa ka ho maa wɔn. (Genesis 18:6-8) Salomo kaa ‘adidi, ɔnom, ne anigye’ ho asɛm sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.—Ɔsɛnkafo 3:13; 8:15.

Ɛda adi sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛne yɛn nnamfo ne yɛn mmusua bom didi, na ɔpene akyɛde a wɔde ma so. Yɛwɔ hokwan a yɛde bɛyɛ saa bere biara wɔ afe no mu nyinaa.