Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wugye Yehowa Mmoa Tom?

So Wugye Yehowa Mmoa Tom?

So Wugye Yehowa Mmoa Tom?

“[Yehowa, NW] ne me boafo, merensuro.”—HEBRIFO 13:6.

1, 2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yegye Yehowa mmoa ne n’akwankyerɛ tom wɔ yɛn asetra mu?

FA NO sɛ woreforo bepɔw. Ɛnyɛ wo nkutoo na wonam na mmom obi a onim hɔ yiye ka wo ho. Onim bepɔw foro sen wo na ɔwɔ ahoɔden a wɔde foro, ɔtɔ ne bo ase ne wo bɔ anan nantew. Ohu sɛ ɛwom a wotew san w’akyi. Esiane sɛ ɔmpɛ sɛ biribi yɛ wo nti, odu baabi a ɛhɔ yɛ hu a oso wo nsa. So wobɛma w’aboa wo? Yiw! Efisɛ wo nkwa da asiane mu.

2 Sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ ɔkwan bi a ɛso fa yɛ den. So ɛsɛ sɛ yɛn nkutoo fa saa ɔkwan hihiaa no so? (Mateo 7:14) Dabi, Bible no kyerɛ sɛ Ɔkwankyerɛfo a ɔsen biara a yebetumi anya, Yehowa Nyankopɔn, pene so ma nnipa ne no nantew. (Genesis 5:24; 6:9) So Yehowa boa n’asomfo bere a ɔne wɔn nantew no? Ɔka sɛ: “Me, [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, mikura wo nifa mu; me na mise wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo!” (Yesaia 41:13) Te sɛ ɔkwankyerɛfo a yɛkaa ne ho asɛm wɔ yɛn mfatoho no mu no, Yehowa fi ayamye mu boa wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔne no bɛnantew no na ɔpɛ sɛ ɔne wɔn yɛ nnamfo. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn mu biara nni hɔ a ɔbɛpo mmoa a ɔde ma no!

3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Wɔ adesua a edi kan no mu no, yesusuw akwan anan a Yehowa faa so boaa ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete no ho. So ɔboa ne nkurɔfo wɔ akwan koro no ara so nnɛ? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yegye mmoa a ɛte saa no mu biara tom? Momma yensusuw saa nsɛmmisa no ho. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya awerɛhyem kɛse sɛ Yehowa yɛ yɛn Boafo ampa.—Hebrifo 13:6.

Mmoa a Ɔnam Abɔfo so De Ma

4. Dɛn nti na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya ahotoso sɛ abɔfo boa wɔn?

4 So abɔfo boa Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no? Yiw, wɔyɛ saa. Nokwarem no, ɛnnɛ wonyi wɔn ho adi nkyerɛ na wɔagye nokware asomfo afi asiane mu. Wɔ Bible mmere mu mpo no, na abɔfo no ntaa mfa ɔkwan a ɛte saa so mfa mmoa mma. Nnipa amfa wɔn ani anhu mmoa a wɔde mae no mu dodow no ara, sɛnea ɛte nnɛ no ara pɛ. Nanso, hu a Onyankopɔn asomfo behui sɛ abɔfo bɛboa wɔn no hyɛɛ wɔn nkuran kɛse. (2 Ahene 6:14-17) Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛte nka saa ara.

5. Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ sɛ abɔfo nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa nnɛ?

5 Nea Yehowa abɔfo ani gye ho kɛse ne adwuma titiriw bi a yɛyɛ bi no. Ɛyɛ adwuma bɛn? Yebetumi ahu mmuae no wɔ Adiyisɛm 14:6: “Mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” Wɔde saa “daa asɛmpa” yi bata “ahenni ho asɛmpa” a Yesu ka siei sɛ ‘wɔbɛka wɔ wiase de adi amanaman nyinaa adanse’ ansa na nneɛma nhyehyɛe yi awiei aba no ho kɛse. (Mateo 24:14) Ɛwom, abɔfo no nka asɛm no tẽẽ. Yesu de saa adwuma a ɛho hia yi hyɛɛ nnipa nsa. (Mateo 28:19, 20) So ɛnyɛ nkuranhyɛ sɛ yebehu sɛ bere a yɛyɛ saa adwuma no, yenya mmoa a efi abɔfo kronkron, honhom abɔde a wonim nyansa na wɔwɔ tumi no hɔ?

6, 7. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ abɔfo no reboa asɛnka adwuma no? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ na ama yɛanya Yehowa abɔfo no mmoa?

6 Yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ abɔfo boa adwuma a yɛyɛ no. Sɛ nhwɛso no, mpɛn pii na yɛte sɛ bere a Yehowa Adansefo reyɛ wɔn som adwuma no, wohyia obi a wabɔ mpae nnansa yi akyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no ma onhu nokware no. Nsɛm a ɛtete saa taa sisi ma enti wontumi nka sɛ ɛyɛ asɛm ne asɛm na ehyia kɛkɛ. Esiane saa mmoa a abɔfo de ma nti, nnipa pii na wɔresua sɛ wɔbɛyɛ nea “ɔbɔfo a otu nam ɔsoro mfinimfini” bɔ ho dawuru yi: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam.”—Adiyisɛm 14:7.

7 So wopɛ sɛ Yehowa abɔfo ahoɔdenfo no boa wo? Sɛ saa a, ɛnde fa wo ho nyinaa hyɛ ɔsom adwuma no mu denneennen. (1 Korintofo 15:58) Bere a yefi yɛn pɛ mu de yɛn ho ma yɛ adwuma a ɛho hia a efi Yehowa hɔ yi, yebetumi anya ahotoso sɛ n’abɔfo no bɛboa yɛn.

Mmoa a Ɔnam Ɔbɔfo Panyin no So De Ma

8. Dibea a ɛkorɔn bɛn na Yesu kura wɔ soro, na dɛn nti na ɛno ma yɛn awerɛhyem?

8 Yehowa ma yɛn abɔfo mmoa foforo bi nso. Adiyisɛm 10:1 ka ‘ɔbɔfo hoɔdenfo’ kɛse bi a “n’anim te sɛ owia” ho asɛm. Ɛda adi sɛ, saa ɔbɔfo yi a wohuu no wɔ anisoadehu mu no gyina hɔ ma Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam na odi tumi wɔ ɔsoro no. (Adiyisɛm 1:13, 16) So Yesu yɛ ɔbɔfo ankasa? Wɔ ɔkwan bi so no, ɛte saa, efisɛ ɔyɛ ɔbɔfo panyin. (1 Tesalonikafo 4:16) Yesu wɔ tumi sen Yehowa honhom mu mma no nyinaa. Yehowa de abɔfodɔm no nyinaa ahyɛ N’ase. Nokwarem no, saa ɔbɔfo panyin yi de mmoa a ɛsom bo ma. Akwan bɛn so?

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ yɛn ‘boafo’ bere a yɛyɛ bɔne no? (b) Mmoa bɛn na nhwɛso a Yesu yɛe no betumi ama yɛanya?

9 Ɔsomafo Yohane a na wabɔ akwakoraa no kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛba sɛ obi yɛ bɔne bi a, yɛwɔ ɔboafo Agya no nkyɛn, ɔtreneeni Yesu Kristo.” (1 Yohane 2:1, NW) Dɛn nti na Yohane kyerɛe sɛ Yesu yɛ yɛn ‘boafo’ titiriw bere a yɛyɛ “bɔne bi” no? Wiɛ, yɛyɛ bɔne daa, na bɔne nso de owu ba. (Ɔsɛnkafo 7:20; Romafo 6:23) Nanso, Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn bɔne. Ɔwɔ yɛn Agya mmɔborohunufo no nkyɛn resrɛ ama yɛn. Yɛn mu biara hia mmoa a ɛte saa. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛn nsa aka? Ɛsɛ sɛ yenu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ahorow ho na yɛhwehwɛ fafiri denam Yesu afɔrebɔ no so. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne koro no ara a yɛyɛ no nso.

10 Sɛ yɛde wu a Yesu wu maa yɛn no to nkyɛn a, ɔsan yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa yɛn. (1 Petro 2:21) Ne nhwɛso no kyerɛ yɛn kwan, na ɛboa yɛn ma yɛyɛ yɛn ade sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkwati sɛ yɛbɛyɛ bɔne a anibere wom na yɛatumi asɔ Yehowa Nyankopɔn ani. So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yɛwɔ mmoa a ɛte saa? Yesu hyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ wobenya ɔboafo foforo bi.

Mmoa a Ɔnam Honhom Kronkron so De Ma

11, 12. Dɛn ne Yehowa honhom no, ne tumi ano yɛ den dɛn, na dɛn nti na yehia nnɛ?

11 Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Mɛsrɛ Agya no na wama mo ɔboafo foforo a ɔne mo bɛtra daa, nokware no honhom a wiase ntumi nnye.” (Yohane 14:16, 17, NW) Saa “nokware no honhom” anaa honhom kronkron no, nyɛ onipa na mmom tumi bi—Yehowa ankasa tumi a ɔde yɛ ade. Ɛyɛ tumi a enni ano. Ɛne tumi a Yehowa de bɔɔ amansan no, yeyɛɛ anwonwade akɛse, na ɔde daa n’apɛde adi wɔ anisoadehu mu. Esiane sɛ Yehowa mfa ne honhom no nni dwuma wɔ akwan a ɛtete saa so nnɛ nti, ɛno kyerɛ sɛ yenhia?

12 Ɛnte saa! Yehia Yehowa honhom no wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu sen bere biara. (2 Timoteo 3:1) Ɛhyɛ yɛn den ma yetumi gyina sɔhwɛ ahorow ano. Ɛboa yɛn ma yenya su pa a ɛtwe yɛn bɛn Yehowa ne yɛn nuanom a yɛne wɔn som Onyankopɔn no. (Galatifo 5:22, 23) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mmoa a ɛkyɛn so a efi Yehowa hɔ yi so mfaso?

13, 14. (a) Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa fi ne pɛ mu de ne honhom kronkron no ma ne nkurɔfo? (b) Nneɛma bɛn na sɛ yɛyɛ a, ebetumi akyerɛ sɛ yɛmpɛ honhom kronkron akyɛde no ankasa?

13 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron no. Yesu kae sɛ: “Sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?” (Luka 11:13) Yiw, Yehowa ne Agya a ɔsen biara a yebetumi anya. Sɛ yefi komam mu de gyidi bisa no honhom kronkron no a, ɔremfa nkame yɛn da. Ɛnde, na asɛmmisa no ne sɛ, So yebisa? Ɛsɛ sɛ yɛde saa abisade no to n’anim wɔ mpaebɔ mu daa.

14 Nea ɛto so abien no, sɛ yɛyɛ ade ma ɛne honhom kronkron no hyia a, ɔde ma yɛn. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ Kristoni bi rebɔ mmɔden sɛ obegyae nguamansɛm hwɛ. Wabɔ mpae sɛ honhom kronkron no mmoa no na ɔnko ntia afideyɛ yi. Wahwehwɛ mmoa afi Kristofo mpanyimfo hɔ, na wɔatu no fo sɛ onni ho dwuma ntɛm, na ɛnsɛ sɛ ɔbɛn ɔbrasɛe nneɛma a ɛte saa no mpo. (Mateo 5:29) Na sɛ obu n’ani gu wɔn afotu no so na ɔkɔ so hwɛ bere a ɛsɔ no hwɛ no nso ɛ? So na ɔreyɛ ade ma ɛne ne mpae a ɔbɔe sɛ honhom kronkron mmoa no no ahyia? Anaa ɔde ne ho reto asiane a ɛbɛma wahow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ na ama akyɛde yi afi ne nsa so no mu? (Efesofo 4:30) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ nea yebetumi biara na ama yɛn nsa akɔ so aka saa akyɛde nwonwaso a efi Yehowa hɔ yi.

Mmoa a Onyankopɔn Asɛm De Ma

15. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yemmu Bible no sɛ ɛyɛ nhoma biara kɛkɛ?

15 Bible aboa Yehowa nokware asomfo mfehaha pii ni. Sɛ anka yebebu Kyerɛw Kronkron no sɛ nhoma biara kɛkɛ no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ ɛde mmoa a ɛho hia mmom ma. Mmoa a ɛte saa a yebenya no gye mmɔdenbɔ. Ɛsɛ sɛ yɛde Bible akenkan ka nneɛma a yɛyɛ no daa no ho.

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na Dwom 1:2, 3 kyerɛ mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn mmara a yɛkenkan no so? (b) Ɔkwan bɛn so na Dwom 1:3 ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwumaden?

16 Dwom 1:2, 3 ka onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani ho asɛm sɛ: “[Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a [wɔatɛw no nsubɔnten, NW] ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” So wote nea saa asɛm no kyerɛ ankasa ase? Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛkenkan saa nsɛm no na yɛanya adwene bi sɛ ɛfa beae bi a ɛhɔ yɛ fɛ kɛkɛ—dua bi a ɛma onwini a esi asubɔnten bi ho. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ wubegye woahome awia bi wɔ beae a ɛte saa! Nanso, ɛnyɛ ahomegye ho asɛm na dwom yi reka akyerɛ yɛn sɛ yensusuw ho. Ɛreka biribi foforo koraa ho asɛm, biribi a ɛfa adwumaden ho. Ɔkwan bɛn so?

17 Hyɛ no nsow sɛ dua a wɔka ho asɛm wɔ ha no nyɛ dua a ɛma onwini kɛkɛ a ɛno ara afifi wɔ asubɔnten bi ho. Mmom no, ɛyɛ dua a ɛsow aba a wɔahyɛ da ‘atɛw’ wɔ beae bi—wɔ “nsubɔnten ho.” Ɛbɛyɛ dɛn na dua biako anyin wɔ nsubɔnten pii ho? Wiɛ, nnuaba bi wura betumi atwa nsuka ato n’afuw mu na ama nsu afa mu aba afuw no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nnua a ɛsom bo no ntini bɛtwetwe nsu no. Ahaa, afei na asɛm no mu ada hɔ! Sɛ yedi yiye wɔ Onyankopɔn som mu te sɛ dua no a, na efi nnwuma pii a wɔayɛ de aboa yɛn no nti. Yɛne ahyehyɛde a ɛma yenya nokware nsu kronn na ɛbɔ fekuw, nanso ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ yɛn fam de. Ɛsɛ sɛ yɛnom nsu a ɛsom bo yi, na ehia sɛ yedwennwen nsɛm ho na yɛyɛ nhwehwɛmu na ama Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ahyɛ yɛn adwene ne yɛn koma mu. Ɛdenam saa kwan yi so no, yɛn nso yɛbɛsow aba pa.

18. Dɛn na ehia na ama yɛanya mmuae a Bible de ma wɔn yɛn nsɛmmisa ho no?

18 Sɛ yɛankenkan Bible no a, yɛrennya so mfaso biara. Bible no nyɛ nyankomade bi a sɛ yɛkata yɛn ani na yebue mu prɛko pɛ a, yɛbɛte yɛn ani no na beae a yɛrehwehwɛ no abue ama yɛn. Sɛ ɛsɛ sɛ yesi gyinae ahorow a, ɛsɛ sɛ yɛbɔre hwehwɛ “Onyankopɔn ho nimdeɛ” te sɛ akorade a ahintaw. (Mmebusɛm 2:1-5) Mpɛn pii no, ehia sɛ yɛde nsi ne ahwɛyiye yɛ nhwehwɛmu na ama yɛanya Kyerɛwnsɛm mu afotu a edi yɛn ahiade ahorow pɔtee ho dwuma. Yɛwɔ Bible ho nhoma ahorow pii a ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn nhwehwɛmu no mu. Bere a yɛde eyinom bɔre hwehwɛ nyansa a ɛsom bo wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, na yɛrenya mmoa a Yehowa de ma no so mfaso ankasa.

Mmoa a Ɔnam Yɛn Mfɛfo Gyidifo so De Ma

19. (a) Dɛn nti na yebetumi abu nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan mu no sɛ mmoa a wɔnam yɛn mfɛfo gyidifo so de ma? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛm pɔtee bi a ɛwɔ yɛn nsɛmma nhoma no biako mu aboa wo?

19 Yehowa asomfo a wɔyɛ nnipa de mmoa ama wɔn ho wɔn ho bere nyinaa. So Yehowa asesa wɔ eyi mu? Dabida. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn mu biara betumi akae bere bi a yenyaa mmoa pɔtee bi a na yehia fii yɛn mfɛfo gyidifo hɔ wɔ bere a ɛfata mu. Sɛ nhwɛso no, so wubetumi akae asɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu a ɛkyekyee wo werɛ wɔ bere a na wuhia awerɛkyekye mu anaa ɛboaa wo ma wodii ɔhaw bi ho dwuma anaasɛ wutumi gyinaa wo gyidi ho nsɛnnennen ano? Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no a wapaw no sɛ ɔmma yɛn “aduan ɛbere a ɛsɛ mu” no so na ɔde mmoa a ɛte saa maa wo.—Mateo 24:45-47.

20. Akwan bɛn so na Kristofo asafo mu mpanyimfo da no adi sɛ wɔyɛ ‘nnipa mu akyɛde’?

20 Nanso, mpɛn pii no mmoa a yenya fi yɛn mfɛfo gyidifo hɔ no yɛ tẽẽ. Asafo mu panyin bi ma ɔkasa ma ɛka yɛn koma, anaa ɔba yɛn nkyɛn nsrahwɛ ma ɛboa yɛn ma yedi mmere a emu yɛ den bi ho dwuma, anaasɛ ofi ayamye mu de afotu a ɛboa yɛn ma yehu yɛn mmerɛwyɛ na yedi so ma. Kristoni bi a ɔkyerɛɛ anisɔ wɔ mmoa a asafo mu panyin bi de maa no ho kyerɛw sɛ: “Bere a me ne no nam asɛnka mu no, ɔhyɛ me nkuran ma meda me nsusuwii adi. Anadwo ansa na saa da no reba no, na mabɔ mpae akyerɛ Yehowa sɛ ɔmma minnya obi a metumi aka m’asɛm akyerɛ no. Ade kyee no, saa onua no fi ayamhyehye mu ne me kasae. Ɔboaa me ma mihuu sɛnea Yehowa de mfe pii reboa me no. Meda Yehowa ase sɛ ɔsomaa saa ɔpanyin no ma ɔbaa me nkyɛn.” Asafo mu mpanyimfo nam akwan a ɛtete saa so da no adi sɛ wɔyɛ ‘nnipa mu akyɛde’ a Yehowa nam Yesu Kristo so de wɔn ama sɛ ɔmmoa yɛn ma yentumi mfa nkwa kwan no so.—Efesofo 4:8.

21, 22. (a) Sɛ wɔn a wɔwɔ asafo mu no de afotu a ɛwɔ Filipifo 2:4 di dwuma a, dɛn na efi mu ba? (b) Dɛn nti na ayamye nketewa a wɔda no adi mpo ho hia?

21 Sɛ yɛde mpanyimfo no to nkyɛn a, ɛsɛ sɛ Kristoni nokwafo biara nya ɔpɛ sɛ ɔde ahyɛde a efi honhom mu yi a ɛne sɛ “obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi” bedi dwuma. (Filipifo 2:4) Sɛ wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu de saa afotu no yɛ adwuma a, wɔda ayamye a ɛkyɛn so adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Sɛ nhwɛso no, asiane ahorow bi too abusua bi mpofirim. Ná agya no de ne babea kumaa aka ne ho kɔ sotɔɔ. Bere a wɔresan aba fie no, wonyaa kar akwanhyia. Abofra no wui; na agya no piraa kɛse. Bere a woyii agya no fii ayaresabea no, na wadi dɛm paa ma enti ontumi nyɛ hwee. Na ne yere abotow yiye ma enti na ɔno nkutoo ntumi nhwɛ no. Enti awarefo bi a wɔwɔ asafo no mu de onuawa no ne ne kunu a na wɔredi awerɛhow no kɔɔ wɔn fie kɔhwɛɛ wɔn adapɛn pii.

22 Nokwarem no, ɛnyɛ ayamye nyinaa na ɛhwehwɛ sɛ obi de ne ho ma boa afoforo. Mmoa a yenya no bi sua sen saa. Nanso, ɛmfa ho sɛnea ayamye no sua no, yɛn ani sɔ, ɛnte saa? So wubetumi akae mmere bi a onua bi kaa awerɛkyekyesɛm bi kyerɛɛ wo anaa ɔyɛɛ adwuma bi maa wo a ɛma wunyaa mmoa bi a na wuhia no? Mpɛn pii no Yehowa nam akwan a ɛtete saa so hwɛ yɛn.—Mmebusɛm 17:17; 18:24.

23. Sɛ yɛbɔ mmɔden boa yɛn ho yɛn ho a, Yehowa bu no dɛn?

23 So wopɛ sɛ Yehowa fa wo so boa afoforo? Hokwan a ɛte saa no abue ama wo. Nokwarem no, Yehowa ani sɔ mmɔden a ɛte saa a wobɔ no. N’asɛm ka sɛ: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa, NW], na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.” (Mmebusɛm 19:17) Yɛn ho a yɛde ma boa yɛn nuanom no ma yenya anigye pii. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Wɔn a wɔboapa tew wɔn ho no rennya anigye a mmoa a wɔde ma afoforo no ma wonya no, anaa nkuranhyɛ a wɔn a wɔboa wɔn nya no bi. (Mmebusɛm 18:1) Enti, momma yenhyia daa wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.—Hebrifo 10:24, 25.

24. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛhwere biribi esiane sɛ yenhu Yehowa anwonwade akɛse a ɔyɛɛ no tete no nti?

24 So ɛnyɛ anigye sɛ yebesusuw akwan a Yehowa fa so boa yɛn no ho? Ɛwom sɛ yɛnte mmere bi a Yehowa reyɛ anwonwade akɛse na ɔde ama n’atirimpɔw ahorow abam mu de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛhwere biribi. Nea ehia ankasa ne sɛ, Yehowa de mmoa a yehia nyinaa na ama yɛakɔ so adi nokware ma yɛn. Na sɛ yɛde gyidi bom da boasetɔ adi a, yɛbɛtra ase ahu Yehowa anwonwa nnwuma a anuonyam wom sen biara a wada no adi wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no! Momma yensi yɛn bo sɛ yebegye mmoa a Yehowa fi ɔdɔ mu de ma no atom na yɛde ayɛ adwuma na ama yɛaka nsɛm a afe 2005 afe asɛm no gyina so yi bi: ‘Me mmoa fi Yehowa.’—Dwom 121:2.

Wususuw Ho Dɛn?

Ɔkwan bɛn so na Yehowa de mmoa a yehia nnɛ ma denam—

• abɔfo so?

• honhom kronkron so?

• n’Asɛm a efi honhom mu so?

• yɛn mfɛfo gyidifo so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛhyɛ nkuran sɛ yehu sɛ abɔfo no reboa asɛnka adwuma no

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Ebia Yehowa bɛma yɛn mfɛfo gyidifo no mu biako de awerɛkyekye a yehia ama yɛn