Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Baabi a Nokware Som ne Abosonsom Dii Asi

Baabi a Nokware Som ne Abosonsom Dii Asi

Baabi a Nokware Som ne Abosonsom Dii Asi

BƐBORO mfe ɔha ni, wɔatutu tete Efeso a ɛwɔ Turkey atɔe fam mpoano no amamfõ so yiye de ahwehwɛ tetefo nneɛma. Wɔasan asisi hɔnom adan no mu pii, na nyansahufo asua nneɛma pii a wɔahu no ho ade akyerɛkyerɛ mu. Esiane eyi nti, Efeso yɛ mmeae a nkurɔfo tu kwan kɔhwɛ hɔ paa no mu biako wɔ Turkey.

Dɛn na wɔahu wɔ Efeso ho? Dɛn na wobetumi aka afa tete kuropɔn a ɛyɛ fɛ yi ho nnɛ? Sɛ yɛkɔ Efeso amamfõ so ne Efeso Tete Nneɛma Akorae a ɛwɔ Vienna wɔ Austria no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea nokware som ne abosonsom dii asi wɔ Efeso. Nea edi kan no, ma yensusuw Efeso ho abakɔsɛm bi ho.

Beae a Nnipa Pii Ani Bere

Basabasayɛ ne atutradi kɔɔ so kɛse wɔ Europa ne Asia wɔ afeha a ɛto so 11 A.Y.B. mu. Saa bere no na Ionia Helafo fii ase ko faa mpoano aman a na ɛwɔ Asia Kumaa atɔe fam no. Wɔn a wodii kan tu kɔtraa hɔ no hyiaa nnipa a na wɔsom ɛna nyamewa, onyame bi a akyiri yi wɔfrɛɛ no Efeso Artemi.

Wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mfinimfini no, Cimmeriafo a na wodi atutra no fii Po Tuntum a ɛwɔ atifi fam no ho bɛfow nneɛma wɔ Asia Kumaa. Akyiri yi bɛyɛ 550 A.Y.B. no, Lydia hene Croesus a na ɔwɔ tumi kɛse a na wagye din sɛ obi a ɔwɔ ahode pii no bedii hene. Bere a Persia Ahemman no mu trɛwee no, Ɔhene Kores ko faa Ionia nkurow a Efeso ka ho.

Wɔ 334 A.Y.B. mu no, Alexander a ofi Makedonia no fii ase ne Persia koe, ma enti ɔbɛyɛɛ Efeso hene foforo. Bere a Alexander wui mpofirim wɔ 323 A.Y.B. mu akyi no, n’asahene no fii ase peree Efeso nniso no ho. Wɔ 133 A.Y.B. mu no, Pergamum hene Attalus III a na onni ba no de Efeso kyɛɛ Romafo no, na ɛmaa Efeso bɛyɛɛ Roma mantam a ɛwɔ Asia no fã.

Nokware Som Ne Abosonsom Di Asi

Bere a ɔsomafo Paulo kɔɔ Efeso wɔ ɛrekɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien awiei wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, ɔkɔtoo kurow bi a na emufo bɛyɛ 300,000. (Asomafo no Nnwuma 18:19-21) Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto abiɛsa no mu no, ɔsan kɔɔ Efeso na ɔde akokoduru foforo kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ hyiadan no mu. Nanso, asram abiɛsa akyi no, Yudafo ɔsɔretia no mu yɛɛ den na Paulo sii gyinae sɛ ɔbɛma ɔkasa ahorow a na ɔma da biara no wɔ Tirano sukuufo asa kɛse no so. (Asomafo no Nnwuma 19:1, 8, 9) Ɔde mfe abien kaa asɛm no, na ɔyɛɛ ahoɔdenne te sɛ anwonwakwan so ayaresa na otuu adaemone. (Asomafo no Nnwuma 19:10-17) Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii bɛyɛɛ gyidifo! Yiw, Yehowa asɛm trɛwee, na wɔn a na wodi asumansɛm no mu pii fii wɔn pɛ mu hyew wɔn nhoma a ɛsom bo no.—Asomafo no Nnwuma 19:19, 20.

Ɛnyɛ sɛ Paulo asɛnka a ɛsow aba no kanyan nnipa pii ma wogyaee onyamewa Artemi som nko, na mmom ɛhyɛɛ wɔn a na wɔhyɛ abosonsom a ɛte saa ho nkuran no abufuw nso. Na Artemi dwetɛ abosonnan no yɛ adwuma a wonya so mfaso. Esiane sɛ na wɔn adwuma no betumi agu nti, obi a wɔfrɛ no Demetrio maa dwetɛ adwumfo no yɛɛ basabasa.—Asomafo no Nnwuma 19:23-32.

Ntawntawdi no mu yɛɛ den bere a nnipadɔm no teɛteɛm denneennen bɛyɛ nnɔnhwerew abien sɛ: “Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse” no! (Asomafo no Nnwuma 19:34) Bere a gyegyeegye no ano brɛɛ ase no, Paulo san hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo no nkuran na ɔtoaa n’akwantu no so. (Asomafo no Nnwuma 20:1) Nanso, Makedonia a ɔkɔe no ansiw Artemi som a na ɛregu no ano.

Artemi Asɔredan Gurow

Ná Artemi som ase atim wɔ Efeso. Ansa na Ɔhene Croesus rebedi hene no, na ɛna nyamewa Cybele titiriw na wɔsom no wɔ mpɔtam hɔ. Esiane sɛ Croesus kae sɛ Cybele yɛ Hela anyame no busuani nti, na ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛda onyame bi adi a Helafo ne wɔn a wɔnyɛ Helafo begye no atom. Ɛdenam ne mmoa so no, wofii ase sii Artemi a obesii Cybele ananmu no asɔrefie wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu.

Na asɔrefie no yɛ ɔdan titiriw wɔ Helafo adan ahorow a ɛyɛ fɛ no mu. Na wɔmfaa abo akɛseakɛse a ɛte saa nsii ɔdan a ɛso saa da. Ogya hyew saa asɔrefie no wɔ 356 A.Y.B. mu. Foforo a wɔsan sii a na ɛyɛ fɛ saa ara no nso maa nkurɔfo nyaa adwuma yɛe, na ɔsom ho akwantufo kɔhwɛe. Wosii asɔrefie no wɔ fapem a ɛwɔ soro a ne trɛw bɛyɛ mita 73 na ne tenten yɛ mita 127 so, na na ɔdan no tenten yɛ mita 50 na ne trɛw yɛ mita 105. Na wobu no sɛ wiase no mu anwonwade ason no mu biako. Nanso, ɛnyɛ obiara na n’ani gyee ho. Efeso nyansapɛfo, Heracleitus de ɔkwan a sum wɔ so a wɔfa so kɔ afɔremuka no ho no totoo esum nnwuma ho, na obuu wɔn abrabɔ sɛ asɛe sen mmoa de. Nanso, wɔ nnipa dodow ara fam no, na ɛte sɛ nea Artemi asɔrefie a ɛwɔ Efeso no rensɛe da. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛsɛee. Ephesos—Der neue Führer (Efesofo—Akwankyerɛ Foforo) nhoma no ka sɛ: “Eduu afeha a ɛto so abien no mu no, Artemi ne anyame foforo a wogye wɔn tom no som brɛɛ ase.”

Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no, asasewosow kɛse bi sii wɔ Efeso. Afei nso, Gothfo a wofi Po Tuntum no ho no bɛfow Artemi asɔrefie no mu aboɔdenne no na afei wɔde ogya too mu. Nhoma a yɛabɔ din seesei ara no ka sɛ: “Artemi adi nkogu na wantumi ammɔ n’ankasa dan ho ban, enti ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi abu no sɛ nea ɔbɔ kurow no ho ban?”—Dwom 135:15-18.

Awiei koraa no, ɛrekɔ afeha a ɛto so anan Y.B. awiei no, Ɔhempɔn Theodosius I sii so dua sɛ “Kristosom” yɛ Ɔman no som. Ankyɛ biara wɔpaapae abo a wɔde sii Artemi asɔrefie no de sisii adan. Artemi som no gui koraa. Obi a wɔammɔ ne din a ohui de anwensɛm bi kamfoo asɔredan no sɛ tete wiase no mu anwonwade no kaa ho asɛm sɛ: “Mprempren de, adan amamfõ koraa a hwee nni hɔ.”

Artemi Bɛdanee “Onyankopɔn ne na”

Paulo bɔɔ Efeso asafo no mu mpanyimfo kɔkɔ sɛ ne kɔ akyi no, “mpataku bɔne” bɛba na nnipa befi wɔn mu ‘abɛka nkontomposɛm.’ (Asomafo no Nnwuma 20:17, 29, 30) Ɛbaa saa pɛpɛɛpɛ. Nsɛm a esisii da no adi sɛ atoro som a na ɛyɛ Kristosom a awae trɛwee wɔ Efeso.

Wɔ 431 Y.B. mu no, wɔyɛɛ asɔre nkabom nhyiam a ɛto so abiɛsa wɔ Efeso, na ɛhɔ na wosusuw sɛnea Kristo te ankasa ho wɔ. Ephesos—Der neue Führer kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Alexandriafo a na wɔka sɛ Kristo yɛ onipa biako, kyerɛ sɛ ɔyɛ onyame biako . . . dii nkonim koraa.” Ɛde nsɛm pii bae. “Gyinae a wosii wɔ Efeso a ɛma wɔmaa Maria so fi dibea a ɛne nea ɔwoo Kristo so kɔɔ dibea a ɛne Onyankopɔn ne na no na ɛmaa wɔde Maria som baa asɔre no mu, na ɛno ara nso na ɛde mpaapaemu kɛse a edi kan baa asɔre no mu. . . . Wɔakɔ so agye ho akyinnye de besi nnɛ.”

Enti wɔde Maria “nea ɔwoo Onyankopɔn” anaa “Onyankopɔn ne na” som sii Cybele ne Artemi som ananmu. Sɛnea nhoma no ka no, “Maria Som a ɛwɔ Efeso no . . . da so ara kɔ so nnɛ na wontumi nkwati Artemi Som nkyerɛkyerɛ mu.”

Artemi Som Agu

Bere a Artemi som brɛɛ ase no, Efeso kurow no bɔe. Asasewosow, atiridiinini, ne hyɛn gyinabea no mu a esiw nkakrankakra no maa kurow no mu asetra yɛɛ den kɛse.

Ebeduu afeha a ɛto so ason Y.B. no, na Nkramosom afi ase retrɛw. Ɛnyɛ Arabfo mmusua nko na Nkramosom nkyerɛkyerɛ kaa wɔn boom. Arabfo akohyɛn fow Efeso nneɛma wɔ afeha a ɛto so ason ne nea ɛto so awotwe Y.B. mu. Efeso bɔe koraa bere a ne po so hyɛn gyinabea no mu siw koraa na kurow no dan amamfõ no. Kuropɔn a bere bi na ɛyɛ fɛ no fã ketewaa bi a wɔfrɛ no Aya Soluk (nnɛ wɔfrɛ no Selçuk) no nkutoo na aka.

Efeso Amamfõ So Kyinkyin

Sɛ obi behu sɛnea Efeso kan anuonyam te a, obetumi akɔhwɛ n’amamfõ so. Sɛ wufi ase fi ɔkwan a ɛda atifi fam no so a, nea wubehu no ntɛm ara ne Curetes Kwan fɛfɛ no wɔ Celsus Nhomakorabea anafo fam no. W’ani begye Odeum, agodibea ketewaa a wosii wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no wɔ ɔkwan no nifa so no ho. Esiane sɛ ebetumi afa nnipa bɛyɛ 1,500 nti, ɛda adi sɛ na ɛnyɛ baabi a baguafo hyiam nko na mmom na ɔmanfo no gye wɔn ani wɔ hɔ nso. Adan te sɛ baabi a ɔman no bɔ gua susuw nsɛm ho, Hadrian asɔrefie, nsubura, afie a esisi mmepɔw ho ne Efeso nnipa atitiriw afie wɔ Curetes Kwan no ho nyinaa.

Sɛnea Celsus Nhomakorabea fɛfɛɛfɛ a wosii wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. no mu yɛ fɛ fa no bɛma w’ani agye ho. Wɔde emu nhoma mmobɔwee pii no ahyehyɛ ntokuru a wɔatutu wɔ ɔdan kɛse bi a wɔkenkan nhoma wom mu. Ahoni anan a ɛwɔ ɔdan no anim a ɛyɛ fɛ no da su horow a wɔhwɛ kwan sɛ Roma aban odwumayɛni panyin te sɛ Celsus beyi adi akyerɛ no adi, ɛne: Sophia (nyansa), Arete (su pa), Ennoia (ahofama), ne Episteme (nimdeɛ anaasɛ ntease). Wubetumi ahu ahoni a wodii kan yɛe no wɔ Ephesus Tete Nneɛma Akorae wɔ Vienna. Ɔpon kɛse bi a wɔfa mu kɔ Tetragonos gua so wɔ nhomakorabea no anim. Na nnipa no yɛ wɔn da biara nnwuma wɔ saa agoprama kɛse yi a ahomegyebea ahorow atwa ho ahyia yi so.

Nea edi hɔ ne Marble Kwan a ɛkɔ agoruhwɛbea kɛse no mu no. Esiane agoruhwɛbea no mu a wɔtrɛwee bere a na Roma di tumi no nti, na etumi fa nnipa bɛyɛ 25,000. Na wɔde adum, adwinni, ne ahoni asiesie anim hɔ fɛfɛɛfɛ. Wubetumi ayɛ basabasa kɛse a Demetrio, dwetɛdwumfo no maa nnipadɔm a na wɔahyiam wɔ hɔ yɛe no ho mfonini wɔ w’adwenem.

Ɔkwan a efi agoruhwɛbea kɛse no mu kɔ kurow no po so hyɛn gyinabea no yɛ kɛse. Ne tenten bɛyɛ mita 500, na ne trɛw bɛyɛ mita 11, na adum sisi ho nyinaa. Wosii agoruhwɛbea no mu agumadidan ne po so hyɛn gyinabea no mu de a wɔteɛteɛ wɔn apɔwmu wom no wɔ ɔkwan kɛse yi ho. Ná po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ ɔkwan no ano pon kɛse no mu na wɔfa kɔ aman foforo so, na ɛha na yɛde wiase no mu amamfõ a ɛyɛ fɛ sen biara a yɛde bere tiaa akɔhwɛ hɔ no si. Tete kuropɔn yi ne nkaedum ahorow a wɔde dua ayɛ ne nsɛso wɔ Ephesus Tete Nneɛma Akorae wɔ Vienna.

Sɛ obi kokyinkyin tete nneɛma akorae no mu hwɛ hɔ na ohu Efeso Artemi nkaedum a, tete Kristofo a wɔtraa Efeso no boasetɔ ho asɛm bɛba n’adwenem ntɛm ara. Wɔtraa kurow a ahonhonsɛmdi ne nyamesom ho nitan ahyɛ mu ma mu. Artemi asomfo sɔre tiaa Ahenni asɛm no denneennen. (Asomafo no Nnwuma 19:19; Efesofo 6:12; Adiyisɛm 2:1-3) Nokware som ase timii wɔ saa tebea bɔne no mu. Nokware Nyankopɔn som nso bɛtra hɔ bere a wɔsɛe yɛn bere yi so atoro som te sɛnea wɔsɛee tete Artemi som no.—Adiyisɛm 18:4-8.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 26]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

MAKEDONIA

Po Tuntum

ASIA KUMAA

Efeso

Mediterranea Po

MISRAIM

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Artemi asɔredan amamfõ so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28, 29]

1. Celsus Nhomakorabea

2. Arete a yehu no kɛse

3. Marble Kwan a wɔfa so kɔ agoruhwɛbea hɔ