Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yah, Ne Me Nkwagye’

‘Yah, Ne Me Nkwagye’

Ɛsɛ Sɛ Yetie Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa”

‘Yah, Ne Me Nkwagye’

NÁ ƐSƐ sɛ Yehowa nkurɔfo si biribi ho gyinae. So na wobetie Yehowa Nyankopɔn, na wɔafi nkoasom mu akɔfa Bɔhyɛ Asase no adi so anaasɛ wobetie tete Misraim sodifo tirimɔdenfo no?

Esiane Misraim hene Farao koma den nti, wampɛ sɛ ogyae Yehowa nkurɔfo no, ma enti Onyankopɔn maa Ɔhaw Du baa asase no so. Hwɛ sɛnea eyi maa Yehowa tumi daa adi! Misrifo anyame no antumi anyɛ biribiara amfa ansiw ɔhaw no ano.

Bere a wɔka kyerɛɛ Farao sɛ ɔmma Onyankopɔn nkurɔfo nkɔ no, odii fɛw kae sɛ: ‘Hena ne Yehowa a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim Yehowa no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.’ (Exodus 5:2) Ne saa nti, ɔhaw ahorow yi baa Misraim so: (1) nsu danee mogya, (2) mpɔtorɔ, (3) ntontom, (4) nwansena, (5) yaredɔm baa mmoa so, (6) mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ nnipa ne mmoa (7) amparuwbo, (8) mmoadabi, (9) esum, ne (10) Misrifo no mmakan a wowui, a na Farao ba nso ka ho. Awie koraa no, Farao gyaa Hebrifo no kwan, na mpo ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wommfi ne man mu!—Exodus 12:31, 32.

Israelfo mmarima, mmea, ne mmofra, ne nnipa pii a wɔnnyɛ Israelfo a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem abiɛsa no yɛɛ ntɛm fii hɔ kɔe. (Exodus 12:37, 38) Nanso, ankyɛ koraa na Farao de n’asraafodɔm a wɔn ho yɛ hu no tiw wɔn. Na ɛte sɛ nea wɔaka Israelfo no ahyem wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no, anhweatam a ɛso tra yɛ den, ne Farao asraafo no ntam. Na baabiara nni hɔ a wobeguan akɔ. Nanso, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Munnsuro, munnyina pintinn, na monhwɛ Yehowa nkwagye.’—Exodus 14:8-14.

Yehowa nam anwonwa kwan so paee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu na ama Israelfo no atumi afa mu aguan. Nanso bere a Misrifo no kɔɔ so tiw Israelfo no, Onyankopɔn maa nsu no san baa n’akyi. ‘Yehowa tow Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no guu po no mu.’ (Exodus 14:26-28; 15:4) Esiane sɛ ɔhantanfo Farao anni Yehowa ni nti na ɔkɔɔ ɔsɛe mu no.

Yehowa daa ne ho adi sɛ ‘ɔyɛ dɔmmarima’ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. (Exodus 15:3) Kyerɛwtohɔ no ka sɛ, ‘Na Israel huu nsa kɛse a Yehowa de kyerɛɛ Misraim so no, na ɔman no suroo Yehowa, na wogyee Yehowa dii.’ (Exodus 14:31; Dwom 136:10-15) Wofii wɔn komam kyerɛɛ nea Onyankopɔn ayɛ no ho anisɔ bere a mmarima no kaa Mose ho ma wɔtoo nkunimdi dwom na Mose nuabea Miriam nso dii mmea no anim ma wɔsawee no. *

Yehowa Da So Ara Yɛ Ogyefo

Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi asua biribi a ɛhyɛ gyidi den afi ɔkwan soronko a Nyankopɔn faa so gyee ne nkurɔfo no mu. Asuade biako ne sɛ, Yehowa wɔ tumi a enni ano na obetumi awowaw ne nkurɔfo. Wɔ wɔn nkonimdi dwom no mu no, Mose ne Israelfo no de ahosɛpɛw too dwom sɛ: ‘Yehowa, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa anuonyam, Yehowa wo nsa nifa no dwɛre atamfo no.’—Exodus 15:6.

Asuade foforo nso ne sɛ, ade nyinaa so tumfoɔ no wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban. Israelfo no too dwom sɛ: “M’ahoɔden ne me dwonto ne Yah, na wayɛ me nkwagye. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no.” Bio nso asuade foforo ne sɛ, obiara nni hɔ a obetumi asɔre atia Yehowa Nyankopɔn apɛdeyɛ ma asi no yiye. Wɔ wɔn osebɔ dwom no mu no, Nyankopɔn nkurɔfo a ogyee wɔn no too dwom sɛ: “Hena na ɔte sɛ wo, [Yehowa NW], wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo.”—Exodus 15:2, 11.

Te sɛ tete Misraim hene Farao no, ɛnnɛyi wiase sodifo de ɔtaa ba Yehowa nkurɔfo so. Akannifo a wɔyɛ ahantan betumi ‘akeka nsɛm atia nea ɔwɔ Ɔsorosoro no, na wɔhaw Ɔsorosoroni no akronkronfo.’ (Daniel 7:25; 11:36) Nanso, Yehowa ma ne nkurɔfo awerɛhyem sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne [Yehowa, NW] nkoa agyapade.”—Yesaia 54:17.

Sɛnea Farao ne n’asraafo no dii nkogu no, saa ara na wɔn a wɔsɔre tia Onynkopɔn no bedi nkogu. Ɔkwan a Yehowa fa so gye ne nkurɔfo, sɛnea ogyee Israelfo no fii Misraim nkoasom mu no di adanse sɛ, ɛyɛ papa sɛ yedi nnyinasosɛm a Yesu asomafo no kae yi akyi: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Hwɛ 2006 Calendar of Jehovah’s Witnesses, January/Februray.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

SO NA WUNIM?

• Yehowa maa mframa dennen bi bɔe anadwo mũ no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no bɛfa asase kesee so atwa Po Kɔkɔɔ no.—Exodus 14:2, 22.

• Ná Kwan a emu trɛw bɛboro kwansin biako ho behia na ama Israelfo ɔpepem pii no atumi de bere tia bi atwa Po Kɔkɔɔ no.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Misrifo atoro anyame no antumi ansiw ɔhaw a Yehowa de baa wɔn so no ano

[Asɛm Fibea]

Ahoni abiɛsa no nyinaa: Photograph taken by courtesy of the British Museum