Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmoadoma Hyɛ Yehowa Anuonyam

Mmoadoma Hyɛ Yehowa Anuonyam

Mmoadoma Hyɛ Yehowa Anuonyam

YEHOWA kɛseyɛ da adi wɔ mmoadoma mu. Onyankopɔn hwɛ mmoadoma yiye sɛnea ɔhwɛ adesamma no ara pɛ. (Dwom 145:16) Ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛkasa atia mmoa ne adesamma Bɔfo no! Ɛwom sɛ na ɔbarima Hiob yɛ onipa trenee de, nanso ‘obuu ne ho treneeni sen Nyankopɔn.’ Enti na ɛsɛ sɛ Hiob sua nneɛma pii!—Hiob 32:2; 33:8-12; 34:5.

Mmoadoma ho nhwɛso a Onyankopɔn de kyerɛɛ Hiob no ma ohui sɛ onipa mfata sɛ ɔka Onyankopɔn akwan ho asɛmmɔne bi. Sɛ yesusuw Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛɛ n’akoa Hiob no ho a, ɛbɛma asɛm yi mu ada hɔ yiye!

Mmoadoma Nhia Onipa Biara Mmoa

Hiob antumi ammua mmoa ho nsɛm a Onyankopɔn bisaa no no. (Hiob 38:39-41) Ɛda adi sɛ ɛnyɛ onipa so na Yehowa nam ma gyata ne anene anaa kwaakwaadabi nnuan. Ɛwom sɛ anene tu fa wim kɔpɛ aduan de, nanso Onyankopɔn ankasa na ɔma wɔn aduan.—Luka 12:24.

Bere a Onyankopɔn bisaa Hiob wuram mmoadoma ho asɛm no, wantumi ammua. (Hiob 39:1-8) Onipa biara nni hɔ a obetumi abɔ ɔbotan so abirekyi ne ɔwansanbere anaa ɔforote ho ban. Asɛm no ne sɛ, ɛyɛ den mpo sɛ obi bɛbɛn baabi a ɔbotan so abirekyi te! (Dwom 104:18) Sɛ awo ka ɔwansanbere a, ɔnam nkate a Onyankopɔn de ama no no so de ne ho sie kwaem. Wɔhwɛ wɔn mma yiye nanso sɛ wɔn ‘mma ho nya yɛ den a, wofi kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn.’ Sɛ ɛba saa a, na wɔatew wɔn ho.

Sare so afurum di akɔneaba a onsuro hwee, na anhweatam so na afurumkakatefo te. Hiob antumi ansoa afurumkakatefo nneɛma. Mmepɔw so na onya n’aduan, na “ɔpɛ ade biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.” Aboa yi remfa ahofadi a ɔwɔ wɔ wuram no nsesa fie aduan a obenya adi kwa no. “Ɔnte ɔkãfo ateɛteɛ,” na sɛ onipa pue no so a, afurumkakatefo tu ammirika denneennen guan gyaw no.

Nea edi hɔ no, Onyankopɔn bɔɔ okoo anaa ɛkoɔ din. (Hiob 39:9-12) Ɛdefa ɛkoɔ ho no, Engiresi fam tutufo Austen Layard kyerɛwee sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛkoɔ a wɔtaa yɛ ne mfonini no ho yɛ hu na ne ho yɛ na sɛ gyata ara pɛ. Ɔyɛ aboa a gyata taa ne no di aperepere, na akofofo a wɔte pɔnkɔ so ne wɔn a wɔnam fam nso tiw no.” (Nineveh and Its Remains, 1849, Po 2, kratafa 326) Nanso onyansafo biara remmɔ mmɔden sɛ obedwudwo ɛkoɔ.—Dwom 22:21.

Ntakramoa Hyɛ Yehowa Anuonyam

Afei Onyankopɔn bisaa Hiob ntakramoa ho asɛm. (Hiob 39:13-18) Asukɔnkɔn de ne ntaban a ahoɔden wom no tu fa wim. (Yeremia 8:7) Ɛwom sɛ sohori bɔ ne ntaban mu de, nanso ontumi ntu. Sohori nto ne nkesua ngu berebuw a wɔanwene wɔ nnua so sɛnea asukɔnkɔn yɛ no. (Dwom 104:17) Odwiridwiri anhwea mu tow ne nkesua gu mu. Nanso anomaa yi nnyaw nkesua no hɔ kɛkɛ. Otu anhwea kata nkesua no so sɛnea ɛbɛyɛ a ebenya ɔhyew a ɛfata, na onini no ne ɔbere no nyinaa di ho akɔneaba hwɛ so.

Sɛ akekaboa bi pɛ sɛ ɔkyere sohori na ɔpɛ kwan aguan a, ɔyɛ n’ade te sɛ nea ‘nyansa abɔ’ no no. Nanso An Encyclopedia of Bible Animals ka sɛ: “Eyi yɛ nyansakwan a ɔfa so twetwe adwene: [sohori] bɔ ne ntaban mu ma wohu no de twetwe aboa anaa onipa biara a ɔrehunahuna no no adwene, na ɔnam saayɛ so twetwe onipa anaa aboa no adwene fi baabi a ne nkesua wɔ no so.”

Ɔkwan bɛn so na sohori ‘serew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo’? The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Sohori ntumi ntu mfa wim, nanso ɔyɛ aboa a otu mmirika paa. N’anan woware yiye, na sɛ ɔretu mmirika na otu n’anan biako a, ɛyɛ anammɔn 15, na otumi de dɔnhwere biako twa akwansin 40.”

Onyankopɔn Ma Ɔpɔnkɔ Ahoɔden

Afei Onyankopɔn bisaa Hiob ɔpɔnkɔ ho asɛm. (Hiob 39:19-25) Tete no, na akofofo tra pɔnkɔ so na edi ako, na na pɔnkɔ tumi twe teasenam a nnipa baasa te mu. Ahopere nti, ɔpɔnkɔ a wɔde no rekodi ako no su denneennen de n’anan pempem fam. Ɔmmɔ hu na ne ho mpopo, na ɔnsan mfi afoa anim. Sɛ ɔte totorobɛnto nka a, ɔyɛ n’ade te sɛ nea ɔreka sɛ: “Wiɛ!” Ɔpem kɔ n’anim de ‘n’anan twerɛw asase.’ Nanso pɔnkɔ a wɔde no rekodi ako no tie ne wura.

Bere a fam tutufo Layard reyɛ asɛm koro yi ara ho ntotoho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛwom sɛ Arabia pɔnkɔ aso yɛ mnmerɛw sɛ oguammaa na onhia hwee sɛ abaa a wɔde ka no de, nanso sɛ ɔpɔnkɔ yi te ɔko nka na ohu sɛ ne wura kura agyan a, n’ani bere kɔɔ sɛ ogya, obuebue ne hwene kɔɔ no mu akɛse, ɔkoa ne kɔn kakra, na ne bodua ne n’akyi nhwi kuhaa no sɔre gyinagyina.”—Discoveries Among the Ruins of Nineveh and Babylon, 1853, kratafa 330.

Susuw Akorɔma ne Ɔkɔre Ho

Yehowa kaa nnomaa afoforo bi ho asɛm kyerɛɛ Hiob. (Hiob 39:26-30) Akorɔma anaa ɔsansa ‘trɛw ne ntaban mu wɔ wim.’ Bere a The Guinness Book of Records (nhoma a wɔkyerɛw anwonwasɛm a asi ho nsɛm wom) reka akorɔma-tɛtɛ ho asɛm sɛ anomaa a ne ho yɛ hare paa no, ɛka sɛ “sɛ ɔredannan ne ho wɔ wim anaa sɛ ɔpɛ aboa bi akyere no a, ne ho tumi yɛ hare sɛ anyinam.” Watumi de dɔnhwerew biako atwa akwansin 217 fi soro aba fam pɛn!

Akɔre atumi de dɔnhwerew biako atwa akwansin 80 pɛn. Hiob de sɛnea onipa nna twam ntɛmntɛm no totoo ɔkɔre a ɔrepɛ aduan ho. (Hiob 9:25, 26) Onyankopɔn ma yɛn ahoɔden ma yetumi gyina ɔhaw ano te sɛ nea yɛde ɔkɔre ntaban na ɛretu. (Yesaia 40:31) Sɛ ɔkɔre tu nam wim a, onya mframa a emu yɛ hyew a efi asase so rekɔ wim no so mfaso. Anomaa yi kɔhyɛ mframa a emu yɛ hyew yi mu ma ɛde no kɔ soro. Sɛ ɔkɔre kɔ wim kodu baabi a, ofi saa mframa yi mu kɔ foforo mu, na otumi kɔ fãã nnɔnhwerew pii a ɔremmɔ ne ntaban mu, ma enti ɔnsɛe n’ahoɔden.

Ɔkɔre ‘yɛ ne berebuw wɔ nea ɛkorɔn,’ baabi a onipa biara ntumi nkɔ, ma enti asiane biara nto ne mma. Yehowa ma ɔkɔre fi nkate mu na ɛyɛ eyi. Na esiane tumi a Onyankopɔn de ama no nti, ɔkɔre ‘aniwa hwɛ ade akyirikyiri.’ Sɛnea ɔkɔre tumi twa n’ani kurukuru no boa no ma ɔkɔ so hu aboa a ɔpɛ sɛ ɔkyere no anaa adefunu a ɔpɛ sɛ ɔfa bere a ofi soro reba fam no. Ɔkɔre tumi di mmoa funu ma enti “nea atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.” Anomaa yi kyere mmoa nketewa de wɔn kɔma ne mma.

Yehowa Teɛ Hiob So

Onyankopɔn teɛɛ Hiob so ansa na ɔrebisa no mmoa ho nsɛm afoforo. Hiob yɛɛ n’ade dɛn? Ɔbrɛɛ ne ho ase fi ne pɛ mu gyee afotu afoforo toom.—Hiob 40:1-14.

Ɛde besi ha yi, yeanya asuade bi a ehia paa afi Hiob suahu ho kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no mu. Asuade no ni: Onipa biara nni biribi a obegyina so aka Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ho asɛmmɔne bi. Ɛsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ yɛn ade sɛnea ɛbɛsɔ yɛn soro Agya no ani. Bio nso, ade a ɛsɛ sɛ ehia yɛn paa ne sɛ yɛbɛtew Yehowa din kronkron no ho na yɛasan ne tumidi ho.

Behemot Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Bio nso, bere a Onyankopɔn redan Hiob adwene akɔ mmoadoma so no, obisaa no Behemot a wɔkyerɛ sɛ ɔne susono no ho asɛm. (Hiob 40:15-24) Susono a wanyin paa tenten betumi ayɛ anammɔn 12 kosi 15, na sɛ wɔkari no wɔ nsania so a, ne mu duru bɛyɛ kilogram 3,600. Susono ‘tumi wɔ n’asen mu’—ɛde rekɔ ntini ahorow a ɛwɔ ne dwonku no. Susono anan yɛ ntiantia. Enti n’afuru were pipiripii no boa no paa bere a ɔtwe ne ho ase fa asubɔnka mu abo so no. Nokwarem ni, sɛ wohwɛ sɛnea susono were yɛ den, n’ano yɛ pɔfoo, ne n’apantan dennen no a, onipa ntumi ne no nni asi ɔkwan biara so.

Susono fi nsu mu ba asase so ‘bɛwe wura.’ Anwonwasɛm ne sɛ, ɛte sɛ nea sɛ susono betumi atra nkwa mu a, gye sɛ ɔwe mmepɔw so nwura nyinaa! Da biara ɔwe wura a sɛ wɔde si nsania so a, emu duru bɛyɛ kilogram 90 kosi 180. Sɛ susono didi mee a, ɔkɔda nnua ase gye nwini. Sɛ asubɔnten a susono da mu no yiri sram so a, otumi yi ne ti tɛw nsu no ani guare kɔ nsubɔnten no atifi. Sɛ Hiob hu susono ano ne ne mmɛn akɛse no a, ɔrennya akokoduru mfa pane nhwirew susono no hwenem.

Lewiatan Kamfo Nyankopɔn

Afei Hiob tee Lewiatan nso ho asɛm. (Hiob 41:1-34) Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma no kyerɛ “aboa a ne honam apoapoa”—a ɛda adi sɛ ɛyɛ dɛnkyɛm. So Hiob de Lewiatan bɛma mmofra sɛ wɔmfa nni agoro? Dabida! Wɔn a wɔahu saa aboa yi pɛn no taa ka sɛ ne ho yɛ hu. Nokwasɛm ni, sɛ onipa rebɔ mmɔden sɛ obedi Lewiatan so a, anka ntɔkwaw bɛfono no ara ma ɔremmɔ ne tirim da sɛ ɔne no bedi asi bio!

Sɛ Lewiatan yi ne ti bɛtɛw nsu ani bere a owia apue a, ‘n’aniwa te sɛ adekyee hann.’ Lewiatan abon toatoam na ɛfonfam so pɛpɛɛpɛ, na ne were yɛ den ara ma otuo aboba mpo ntumi nwura mu na kampɛsɛ nkrante ne peaw. Abon a ano yɛ hwetahweta a ɛwɔ n’ase no ma yɛkae “porow ade” a ɛwɔ asubɔnten ano no. Sɛ ɔde abofuw wosow ne ho wɔ nsu mu a, epuw ahuro te sɛ srade. Na esiane ne kɛse ne n’akode a ɛyɛ n’ano ne ne dua a ano yɛ nam no nti, Lewiatan nsuro hwee.

Hiob Twe Ne Nsɛm San

Hiob gye toom sɛ, ‘ɔkaa nea na ɔnte ase, anwonwade a ɛsen no a na onnim.’ (Hiob 42:1-3) Ogyee Onyankopɔn nteɛso no toom, twee nsɛm a ɔkae no sanee, na ɔsakrae. Wɔkaa n’ayɔnkofo no anim, nanso wohyiraa no kɛse.—Hiob 42:4-17.

Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛkae Hiob suahu no! Yɛrentumi mmua nsɛm a Onyankopɔn bisaa no no nyinaa. Nanso yebetumi akyerɛ Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa na egu ahorow pii na ɛda ne kɛseyɛ adi no ho anisɔ. Na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Sare so abirekyi

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Anene

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Gyatebere

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Sare so afurum

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Sohori guan fi ne nkesua ho, nanso onnyaw nkesua no hɔ koraa a ɔmmɛhwɛ

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Sohori nkesua

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Akorɔma: © Joe McDonald/Visuals Unlimited

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Akorɔma-tɛtɛ

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Arabia afurum

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔkoropɔn

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Wɔkyerɛ sɛ Behemot yɛ susono

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Wɔkyerɛ sɛ Lewiatan no ara ne dɛnkyɛm a ne ho yɛ den no