Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munsiw Satan Kwan, Na Obeguan!

Munsiw Satan Kwan, Na Obeguan!

Munsiw Satan Kwan, Na Obeguan!

“Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Nyankopɔn ase; munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho.”—YAKOBO 4:7.

1, 2. (a) Ɔbonsam suban bɛn na ɛda adi wɔ asɛm bi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti 14 no mu? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

OBIARA nni hɔ a ɔyɛ ahantan sen Ɔbonsam. Yehu n’ahomaso su no wɔ asɛm bi a Onyankopɔn diyifo Yesaia kyerɛw too hɔ no mu. Bɛboro mfe ɔha akyi ansa na Babilon rebɛyɛ wiase tumidi titiriw no, Yesaia hui sɛ Yehowa nkurɔfo reka eyi tia “Babel hene”: “Na wo de, wokae wo komam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makɔ, Onyankopɔn nsoromma [Dawid adehye] no atifi na mɛma m’ahengua so masi, . . . mɛyɛ me ho sɛ ɔsorosoroni no.” (Yesaia 14:3, 4, 12-15; Numeri 24:17) Ná “Babel hene” no yɛ dwae te sɛ Satan, “wiase yi nyame” no pɛpɛɛpɛ. (2 Korintofo 4:4) Nanso Satan ahantan no renkosi baabiara sɛnea Babilon ahene abusua no awiei yɛɛ animguase no.

2 Nanso, bere tenten a Ɔbonsam wɔ hɔ no, ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm te sɛ eyinom ho: So ɛsɛ sɛ yesuro Satan? Dɛn nti na ɔma nkurɔfo taa Kristofo? Yɛbɛyɛ dɛn ahwɛ yɛn ho so yiye na Ɔbonsam annya yɛn?

So Ɛsɛ sɛ Yesuro Ɔbonsam?

3, 4. Dɛn nti na Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no nsuro Ɔbonsam?

3 Yesu Kristo nsɛm yi hyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no den yiye: “Nsuro nea ɛrebɛto wo no. Hwɛ! Ɔbonsam de mo mu binom begu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa, na mo ho behiahia mo dadu. Di nokware kosi owu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.” (Adiyisɛm 2:10) Wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ayɔnkofo a wɔwɔ asase so anidaso no nsuro Ɔbonsam. Ɛnyɛ akokoduru a wɔde woo wɔn nti na wonsuro no. Mmom no, ɛyɛ osuro pa a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne ‘guankɔbea a wɔhwehwɛ wɔ ne ntaban nwini ase’ no ntia.—Dwom 34:9; 36:7.

4 Yesu Kristo asuafo a wodi kan no dii nokware kosii owu mu ɛmfa ho amanehunu a wɔfaa mu no. Wɔamma nea Satan Ɔbonsam betumi ayɛ no ho hu anhyɛ wɔn so, efisɛ na wonim sɛ Yehowa rennyaw wɔn a wodi No nokware no da. Saa ara na ɛte, ɛmfa ho ɔtaa a emu yɛ den a ɛnnɛ Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn mfɛfo a wɔahyira wɔn ho so hyia no, wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so akura wɔn mudi mu ama Nyankopɔn. Nanso ɔsomafo Paulo kae sɛ Ɔbonsam betumi akum yɛn. So ɛnsɛ sɛ ɛno ma yɛbɔ hu?

5. Dɛn na yesua fi Hebrifo 2:14, 15 mu?

5 Paulo kae sɛ Yesu bɛyɛɛ mogya ne honam “na ɔnam ne wu no so atu nea otumi de owu ba a ɔne Ɔbonsam no agu; na afei wama wɔn a owu ho hu nti wɔyɛɛ nkoa wɔn nkwa nna nyinaa no mu biara anya ahofadi.” (Hebrifo 2:14, 15) Sɛ́ “nea otumi de owu ba” no, Satan nyaa Yuda Iskariot so tumi, na afei ɔnam Yudafo akannifo no ne Romafo so kum Yesu. (Luka 22:3; Yohane 13:26, 27) Nanso, Yesu nam n’afɔrebɔ wu no so gye nnipa abɔnefo fi Satan nsam na obue daa nkwa ho kwan ma yɛn.—Yohane 3:16.

6, 7. Ɛhe na Satan tumi a ɔde kum nnipa no kodu?

6 Ɛhe na Ɔbonsam tumi a ɔde kum nnipa no kodu? Asɛm no ne sɛ, efi bere a Satan fii ne nnwuma bɔne ase no, ɔnam ne nnaadaasɛm ne n’akwankyerɛ so akunkum nnipa. Eyi te saa efisɛ Adam yɛɛ bɔne na ɔde bɔne ne owu maa adesamma abusua no nyinaa. (Romafo 5:12) Bio nso, Satan asomfo a wɔwɔ asase so no ataa Yehowa asomfo binom akodu owu mu mpo sɛnea wɔyɛɛ Yesu Kristo no.

7 Nanso, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Ɔbonsam betumi akum obiara a ɔpɛ. Onyankopɔn bɔ wɔn a wɔyɛ ne de no ho ban, na ɔremma Satan ntɔre nokware asomfo nyinaa ase mfi asase so. (Romafo 14:8) Ɛyɛ nokware, Yehowa ma kwan ma ɔtaa ba ne nkurɔfo nyinaa so, na ɔma kwan ma yɛn mu binom wu wɔ Ɔbonsam nsa ano. Nanso Kyerɛwnsɛm no ma nnipa a wɔte saa a wɔwɔ Onyankopɔn “nkae nhoma” mu no owusɔre ho anidaso a ɛyɛ anigye—na Ɔbonsam rentumi nyɛ hwee mfa nsiw owusɔre no kwan!—Malaki 3:16; Yohane 5:28, 29; Asomafo Nnwuma 24:15.

Dɛn Nti na Satan De Ɔtaa Ba Yɛn So?

8. Dɛn nti na Ɔbonsam de ɔtaa ba Onyankopɔn asomfo so?

8 Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a, ɛnde na biribi titiriw bi wɔ hɔ a enti Ɔbonsam de ɔtaa ba yɛn so. Ne botae ne sɛ ɔbɛma yɛagyae yɛn mudi mu. Yɛne yɛn soro Agya no wɔ abusuabɔ a ɛsom bo, na Satan pɛ sɛ ɔsɛe no. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Yehowa ka too hɔ wɔ Eden sɛ ɔtan bɛda ne sɛnkyerɛnne kwan so “ɔbea” no ne “ɔwɔ” no ne wɔn mu biara ‘asefo’ ntam. (Genesis 3:14, 15) Kyerɛwnsɛm no ka Ɔbonsam ho asɛm sɛ “ɔwɔ dedaw,” na ɛma yehu nso sɛ ne bere a aka yɛ tiaa na wafa abufuw kɛse. (Adiyisɛm 12:9, 12) Bere a ɔtan a ɛda ‘asefo’ baanu no ntam to ntwae no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom Yehowa no hwɛ kwan sɛ wɔbɛtaa wɔn. (2 Timoteo 3:12) Wunim ade titiriw a enti Satan de ɔtaa a ɛte saa ba yɛn so no?

9, 10. Ɔsɛmpɔw bɛn na Ɔbonsam ama asɔre, na ɔkwan bɛn so na ɛne nnipa nneyɛe wɔ abusuabɔ?

9 Ɔbonsam ama amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw bi asɔre. Nea ɛne eyi di nsɛ no, watwa adesamma nokwaredi ma wɔn Bɔfo no mpoa. Satan de ɔtaa baa ɔbarima nokwafo Hiob so. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a Hiob begyae ne mudi mu a na okura ma Yehowa no mu. Hiob yere ne ne “nkɔmmɔdomfo” baasa no dii Ɔbonsam atirimpɔw ho dwuma saa bere no. Sɛnea ɛda adi wɔ Hiob nhoma no mu no, Ɔbonsam twaa Onyankopɔn mpoa kae sɛ sɛ ɔma no kwan ma ɔsɔ nnipa hwɛ a, obiara renni Onyankopɔn nokware. Nanso Hiob kuraa ne mudi mu denneennen maa Satan yɛɛ ɔtorofo. (Hiob 1:8–2:9; 16:2; 27:5; 31:6) Ɔbonsam de ɔtaa ba Yehowa Adansefo so nnɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔagyae wɔn mudi mu de akyerɛ sɛ ne mpoatwa no yɛ nokware.

10 Nim a yenim sɛ Ɔbonsam pɛ sɛ yegyae yɛn mudi mu nti na ɔde ɔtaa ba yɛn so no betumi aboa yɛn ma yɛde akokoduru agyina pintinn. (Deuteronomium 31:6) Yɛn Nyankopɔn ne Amansan Hene no na ɔbɛboa ma yɛakura yɛn mudi mu. Momma yɛmma Yehowa koma ntɔ ne yam denam yɛn mudi mu a yebekura so, na wanya biribi de abua ɔhohorabɔfo kɛse, Satan Ɔbonsam.—Mmebusɛm 27:11.

“Gye Yɛn Fi Ɔbɔnefo no Nsam.”

11. Dɛn na abisade, “mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” no kyerɛ?

11 Mudi mu kurafo a yɛbɛyɛ no nyɛ asɛm a ɛda fam; ɛhwehwɛ sɛ yefi komam bɔ ho mpae. Nea ɛbɛboa yɛn titiriw ne nsɛm a ɛwɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu no. Yesu kae wɔ ne fã bi sɛ: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na mmom gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.” (Mateo 6:13) Yehowa mfa bɔne nsɔ yɛn nhwɛ. (Yakobo 1:13) Nanso ɛtɔ mmere bi a, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Onyankopɔn yɛɛ biribi anaa ɔmaa biribi sii bere a nokwarem no, ɔma ho kwan ara kwa no. (Rut 1:20, 21) Sɛ yɛbɔ mpae sɛnea Yesu kyerɛe no a, ɛnde na yɛrebisa Yehowa sɛ onnyaw yɛn mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu. Na ɔrenyɛ saa, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem yi sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.”—1 Korintofo 10:13.

12. Dɛn nti na yɛbɔ mpae sɛ, “Gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam” no?

12 Bere a Yesu kaa sɔhwɛ ho asɛm wɔ ne mpaebɔ nhwɛso no mu akyi no, ɔka ma ɛfatae sɛ: “Gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.” Bible nkyerɛase bi kenkan sɛ: “yi yɛn fi bɔne mu” (Akuapem Twi; Asante Twi) anaa “Bɔ yɛn ho ban fi bɔne ho.” (Contemporary English Version) Nanso wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, wɔtaa de asɛm ‘gye yɛn fi’ no di dwuma ma nnipa, na Mateo Asɛmpa no ka Ɔbonsam ho asɛm sɛ ɔne “Ɔsɔhwɛfo no.” (Mateo 4:3, 11) Enti ehia sɛ yɛbɔ mpae sɛ wonnye yɛn mfi “ɔbɔnefo” Satan Ɔbonsam nsam. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛayɛ bɔne atia Onyankopɔn. (1 Tesalonikafo 3:5) Sɛ yɛbɔ mpae sɛ “Gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam” a, na yɛrebisa yɛn soro Agya no sɛ ɔmmɔ yɛn ho ban na ɔmmoa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbonsam rennya yɛn.

Mma Ɔbonsam Nnya Wo

13, 14. Adɛn nti na na ehia sɛ Korintofo no sesa ɔkwan a wɔfaa so ne ɔbarima bi a ɔbɔɔ bra bɔne dii nsɛm no?

13 Bere a Paulo hyɛɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no nkuran sɛ wɔmfa bɔne mfiri no, ɔkae sɛ: “Biribiara a muyi mo yam de firi obi no, me nso mede firi no. Na me fam de, biribiara a mayi me yam de afiri no, sɛ mayi me yam de biribi afiri a, mo nti na meyɛɛ saa wɔ Kristo anim; na Satan annya yɛn ho kwan, efisɛ yenim ne pɔw a ɔbɔ nyinaa.” (2 Korintofo 2:10, 11) Ɔbonsam betumi afa akwan pii so anya yɛn, nanso dɛn nti na Paulo kaa asɛm a yɛafa aka yi?

14 Ná Paulo aka Korintofo no anim efisɛ na wɔama ɔbarima bi a ne bra asɛe kwan ma ɔte asafo no mu. Ɛbɛyɛ sɛ eyi yɛɛ Satan dɛ, efisɛ eguu asafo no ho fĩ sɛ wɔmaa kwan maa “aguamammɔ a enni amanaman mufo mpo mu” traa asafo no mu. Awiei koraa no, wotuu ɔdebɔneyɛfo no. (1 Korintofo 5:1-5, 11-13) Akyiri yi, ɔbarima no nuu ne ho. Sɛ Korintofo no amfa saa ɔbarima no mfomso amfiri no ansan annye no a, anka Ɔbonsam bɛfa kwan foforo so anya wɔn. Ɔkwan bɛn so? Anka wɔbɛyɛ katee na wɔn tirim ayɛ den te sɛ Satan. Sɛ ‘awerɛhodi bebrebe no mene’ ɔbarima a wanu ne ho no ma ogyae Onyankopɔn som koraa a, anka mpanyimfo no titiriw na ɛho asodi bɛda wɔn so wɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ mmɔborohunufo no anim. (2 Korintofo 2:7; Yakobo 2:13; 3:1) Nokwarem no, nokware Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ osuasua Satan denam ne tirim a ɔbɛma ayɛ den, na wayɛ katee so.

Onyankopɔn Akode a Ɛbɔ Yɛn Ho Ban

15. Akodi bɛn mu na yɛwɔ, na yɛn nkonimdi gyina dɛn so?

15 Sɛ wobegye yɛn afi Ɔbonsam nsam a, ɛsɛ sɛ yɛko tia ahonhommɔne dɔm no wɔ honhom fam. Sɛ yebedi nkonim wɔ akodi a ɛte saa mu a, na egyina “Onyankopɔn akode nyinaa” a yɛbɛhyɛ no so. (Efesofo 6:11-18) Nea ɛka saa akode yi ho bi ne “trenee nkatabo.” (Efesofo 6:14) Tete Israel hene Saul yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden ma Onyankopɔn yii ne honhom kronkron fii ne so. (1 Samuel 15:22, 23) Nanso sɛ yedi asɛntrenee na yɛhyɛ honhom mu akode nyinaa a, yebenya Onyankopɔn honhom kronkron ne ahobammɔ a ehia, de ako atia Satan ne n’abɔfo bɔne, adaemone no.—Mmebusɛm 18:10.

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so anya ahobammɔ afi ahonhommɔne dɔm ho?

16 Sɛ yɛbɛkɔ so anya ahobammɔ afi ahonhommɔne dɔm ho a, ehia nso sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm daa, na yɛde nhoma horow a wɔnam “fiehwɛfo nokwafo no” so de ma yɛn no di dwuma yiye. (Luka 12:42) Yɛnam so de honhom fam nneɛma a ɛfata bɛhyɛ yɛn adwenem ma ɛne Paulo afotu yi ahyia: “Afei anuanom, biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, monkɔ so nsusuw saa nneɛma yi ho.”—Filipifo 4:8.

17. Dɛn na ɛbɛboa ma yɛayɛ asɛmpakafo a yɛn ho akokwaw?

17 Yehowa boa yɛn ma yɛde ‘asomdwoe asɛmpa no yɛ yɛn nan ase mpaboa.’ (Efesofo 6:15) Kristofo nhyiam a yɛde yɛn ho behyem daa no boa yɛn ma yɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa. Hwɛ anigye ara a yenya fi afoforo a yɛboa wɔn ma wohu Onyankopɔn nokware no na wonya honhom fam ahofadi no mu! (Yohane 8:32) “Honhom no nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm no” nso na yɛde bɔ atoro nkyerɛkyerɛ gu na yɛde “tutu nneɛma a ase atim denneennen gu.” (Efesofo 6:17; 2 Korintofo 10:4, 5) Onyankopɔn Asɛm, Bible no a yɛde di dwuma ahokokwaw so no boa yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ nokware no na ɛbɔ yɛn ho ban fi Ɔbonsam nnaadaasɛm ho.

18. Yɛbɛyɛ dɛn “agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe no”?

18 Paulo de nsɛm yi na efii yɛn honhom fam akode ho asɛm a ɔkae no ase: “Afei, monkɔ so nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden kɛseyɛ mu. Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe no.” (Efesofo 6:10, 11) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘gyina pintinn’ no fa ɔsraani a ogyina ne gyinabea ho. Ɛwom sɛ Satan nam anifere akwan pii so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn ntam biakoyɛ, nkyerɛkyerɛ, anaa yɛn mudi mu a yekura ma Onyankopɔn no de, nanso yegyina yɛn nan so pintinn wɔ honhom fam akodi yi mu. Nanso ɛde besi nnɛ, mmɔden a Ɔbonsam abɔ nyinaa nkosii hwee—na ɛrenyɛ yiye da! *

Munsiw Ɔbonsam Kwan, na Obeguan

19. Dɛn ne ɔkwan biako a yɛnam so besiw Ɔbonsam kwan?

19 Yebetumi adi nkonim wɔ honhom fam akodi a yɛne Ɔbonsam ne ahonhommɔne dɔm a wɔhyɛ n’ase no redi no mu. Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ yesuro Satan, efisɛ osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Nyankopɔn ase; munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho.” (Yakobo 4:7) Ɔkwan biako a yebetumi afa so asiw Satan ne ahonhommɔne a wɔne no ayɛ biako no kwan ne sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi ahonhonsɛmdi, nkonyaa, anaa wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no ho. Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ ɛnsɛ sɛ Yehowa asomfo de wɔn ho hyɛ adebisa, anaa nsoromma mu hwɛ, abonsonkɔm, ne asumansɛm mu. Sɛ yɛyɛ hyew wɔ honhom fam a, ɛho renhia sɛ yesuro sɛ obi bɛto yɛn aduru.—Numeri 23:23; Deuteronomium 18:10-12; Yesaia 47:12-15; Asomafo Nnwuma 19:18-20.

20. Yɛbɛyɛ dɛn asiw Ɔbonsam kwan?

20 ‘Yesiw Ɔbonsam kwan’ denam Bible gyinapɛn ahorow ne nokware no a yɛde bɛbɔ yɛn bra na yɛagyina pintinn ne no adi asi no so. Esiane sɛ Satan yɛ wiase nyame nti, wiase no ne no ayɛ biako. (2 Korintofo 4:4) Ne saa nti yɛpo wiase no su te sɛ ahantan, pɛsɛmenkominya, ɔbrasɛe, awudisɛm, ne honam fam adedodowpɛ. Yenim sɛ Ɔbonsam guanee bere a Yesu de Kyerɛwnsɛm no dii dwuma de ko tiaa no bere a na ɔresɔ Yesu ahwɛ wɔ sare so no. (Mateo 4:4, 7, 10, 11) Saa ara na sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase koraa ma Yehowa na yɛnam mpaebɔ so de yɛn ho to No so a, Satan beguan afi yɛn ho. (Efesofo 6:18) Ɛdenam Yehowa Nyankopɔn ne ne Dɔba no mmoa so no, obiara anaasɛ Ɔbonsam mpo ntumi nsɛe yɛn daa!—Dwom 91:9-11.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 18 Sɛ wopɛ Onyankopɔn akode no mu nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban, May 15, 1992, kratafa 21 kosi 23.

Wubebua Dɛn?

• So ɛsɛ sɛ yesuro Satan Ɔbonsam?

• Dɛn nti na Satan de ɔtaa ba Kristofo so?

• Dɛn nti na yɛbɔ mpae sɛ wonnye yɛn mfi “ɔbɔnefo no nsam”?

• Yɛbɛyɛ dɛn adi nkonim wɔ honhom fam akodi no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Kristo asuafo akokodurufo a wodi kan no dii nokware kosii owu mu

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ɔbonsam rentumi nsiw wɔn a wɔwɔ Yehowa nkae mu no wusɔre kwan

[Mfonini wɔ kratafa 28]

So ɛyɛ a wobɔ mpae sɛ wonnye wo mfi “ɔbɔnefo no nsam”?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Woahyɛ “Onyankopɔn akode no nyinaa”?