Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ester Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Ester Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Ester Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

NÁ WOBEDI pɔw no ho dwuma ɔkwan biara so. Ná wɔbɛtɔre Yudafo no ase korakora. Ná nea wabɔ pɔw no adwene yɛ no sɛ wɔbɛtɔre Yudafo a wɔte ahemman a efi India kosi Etiopia no ase wɔ da bi a wɔahyɛ. Nanso, na ne werɛ afi asɛm bi a ɛho hia, a ɛne sɛ ɔsoro Nyankopɔn no betumi agye ne nkurɔfo a wapaw wɔn no afi ahohia biara mu. Wɔayɛ ogye no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu nhoma a ɛne Ester no mu.

Yudani barima bi a n’ani afi a wɔfrɛ no Mordekai na ɔkyerɛw Ester nhoma a ɛka nsɛm a esisii wɔ bɛyɛ mfe 18 mu wɔ Persia hene Ahasweros anaa Xerxes I ahenni mu no. Saa kyerɛwtohɔ yi ma yehu sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo fii pɔw bɔne biara a wɔn atamfo bɔe wɔ wɔn ho mu, ɛmfa ho sɛ na n’asomfo ahwete wɔ ahemman kɛse no nyinaa mu no. Ɛnnɛ, saa asɛm no hyɛ Yehowa nkurɔfo a wɔde ɔsom kronn rema no wɔ aman 235 so no den. Bio nso, nnipa a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Ester nhoma no mu no yɛɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesuasua ne nea ɛnsɛ sɛ yesuasua. Nokwarem no, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—Hebrifo 4:12.

ƐSƐ SƐ ƆHEMMAA NO DE NE HO GYE MU

(Ester 1:1–5:14)

Ɔhene Ahasweros tow pon wɔ n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa (afe 493 A.Y.B.) mu. Ɔhemmaa Wasti a wonim no sɛ ne ho yɛ fɛ yiye no hweree ɔhene no anim dom ma ne dibea fii ne nsa. Ɔpaw Yudani ababaa Hadasa fii mmabaa ahoɔfɛfo nyinaa a wɔwɔ saa ahemman no mu mu sii Wasti anan mu. Ne wɔfa Mordekai tuu no fo sɛ mma ɔnka sɛ ɔyɛ Yudani, na ɔde ne Persia din Ester na ɛdaa ne ho adi.

Bere kɔɔ so no, wɔmaa ɔbarima bi a ɔyɛ ɔhantanfo a wɔfrɛ no Haman dibea sɛ ɔman soafo panyin. Haman bo fuwii sɛ Mordekai ‘ankotow na wansɔre no,’ enti Haman bɔɔ pɔw sɛ ɔbɛtɔre Yudafo a wɔwɔ Persia Ahemman no mu nyinaa ase. (Ester 3:2) Haman nyaa Ahasweros ma ɔne no yɛɛ adwene na otumi maa ɔhene no hyɛɛ mmara a wɔde bɛtɔre wɔn ase. Mordekai de “atweaatam ne nsõ kataa ne ho.” (Ester 4:1) Afei na ɛsɛ sɛ Ester de ne ho gye asɛm no mu. Ɔtoo pon maa ɔhene no ne ne man soafo panyin no wɔ ne fie. Bere a wɔde anigye kɔe no, Ester san srɛɛ wɔn sɛ ade kye a, wɔnsan mmra apontow foforo ase. Haman ani gyei. Nanso, ne bo fuwii sɛ Mordekai ammɔ ne mu ase amma no. Haman bɔɔ pɔw sɛ obekum Mordekai ansa na ade akye ma wɔakɔ apontow no ase.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:3-5—So apontow no dii nnafua 180? Bible no nka sɛ apontow no kyɛe saa na mmom ɔhene no de n’ahenni anuonyam dodow ne ne fɛ na ɛkyerɛɛ ne mpanyimfo nnafua 180. Ɛbɛyɛ sɛ ebia ɔhene no de saa bere tenten yi de n’ahenni anuonyam no kyerɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma mmapɔmma no agye atom sɛ obetumi adi pɔw a wabɔ no ho dwuma. Sɛ ɛte saa a, ɛnde na Ester ti 1 nkyekyɛm 3 ne 5 no betumi afa nnafua 7 apontow a ɛkɔɔ so wɔ nnafua 180 no awiei ho.

1:8—Ɔkwan bɛn so na ‘wɔhyɛe sɛ ɔnom no de, wɔnnhyɛ obiara’? Wɔ Persiafo amanne mu no, na ɛte sɛ nea na wotumi hyɛ obi ma ɔnom nsa dodow bi wɔ apontow a ɛtete saa ase, nanso saa da yi de, Ɔhene Ahasweros sesaa amanne no mu. Nhoma bi ka sɛ, “Na wobetumi anom dodow biara a wɔpɛ anaa kakraa bi a wobetumi.”

1:10-12—Dɛn nti na Ɔhemmaa Wasti ampɛ sɛ ɔkɔ ɔhene no anim? Nhomanimfo bi ka sɛ nea enti a ɔhemmaa no ankɔ ɔhene no anim ne sɛ na ɔmpɛ sɛ okogu ne ho anim ase wɔ ɔhene no ahɔho a wɔabow nsa no anim. Anaa ɛbɛyɛ sɛ na saa ɔhemmaa hoɔfɛfo no nni ahobrɛase ankasa. Ɛwom sɛ Bible nka nea nti a Wasti ankɔ de, nanso na anyansafo a wɔwɔ hɔ saa bere no susuw sɛ ommu ne kunu, ma enti na ɔyerenom a wɔwɔ Persia amantam mu no besuasua ne nhwɛso bɔne no.

2:14-17—So Ester ne ɔhene no bɔɔ aguaman? Dabi. Bible ka sɛ sɛ edu anɔpa a, na wɔde mmea a wɔde wɔn ba ɔhene nkyɛn no san kɔ ofie a ɛto so abien a ɛhyɛ ɔhene piani a “ɔhwɛ ayefam so no” ase no mu. Mmea a wɔkɔdaa ɔhene no nkyɛn anadwo no bɛyɛɛ n’ayefamnom. Nanso, bere a Ester kohuu ɔhene no, wɔamfa no ankɔ ayefamnom fie no mu. Bere a wɔde Ester kɔɔ Ahasweros anim no, “na ɔhene no dɔ Ester sen mmea no nyinaa, na onyaa anuonyam ne ɔdom n’anim sen mmabaa no nyinaa.” (Ester 2:17) Ɛyɛɛ dɛn na onyaa “anuonyam ne ɔdom” wɔ Ahasweros anim? Ɛyɛ ɔkwan koro no ara a na wafa so anya afoforo anim dom no. “Ababaa no sɔɔ [Hegai ani], na onyaa n’anim anuonyam.” (Ester 2:8, 9) Ester ahoɔfɛ ne ne suban pa na ɛma onyaa Hegai anim dom saa no. Nokwarem no, “Ester nyaa wɔn a wohu no nyinaa anim anuonyam.” (Ester 2:15) Saa ara nso na ɔhene no ani gyee nea ohui wɔ Ester ho no ho ma enti ɔbɛdɔɔ no.

3:2; 5:9—Dɛn nti na Mordekai ankotow Haman? Na ɛnyɛ mfomso sɛ Israelfo no bɛkotow obi a ɔwɔ dibea a ɛkorɔn de akyerɛ sɛ wobu no. Nanso, wɔ Haman asɛm no mu de, na ɛkɔ akyiri sen saa. Ná Haman yɛ Agagni a ɛbɛyɛ sɛ na ofi Amalekfo mu, na na Yehowa aka sɛ wɔntɔre Amalekfo ase. (Deuteronomium 25:19) Ná Mordekai bu no sɛ sɛ ɔkotow Haman a, na ɛkyerɛ sɛ wanni Yehowa nokware. Enti wankotow no koraa, na ɔkae sɛ ɔyɛ Yudani.—Ester 3:3, 4.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

2:10, 20; 4:12-16. Ester gyee akwankyerɛ ne afotu fii Yehowa somfo bi a ne ho akokwaw hɔ. Nyansa wom sɛ yɛyɛ ‘osetie ma wɔn a wodi yɛn anim no na yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn.’—Hebrifo 13:17.

2:11; 4:5. Ɛnsɛ sɛ ‘yɛhwɛ nneɛma a ɛfa yɛn nko ara ho, na mmom ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.’—Filipifo 2:4.

2:15. Ester ammisa nneɛma foforo anka agude anaa ntade pa a Hegai de maa no no ho, na saa a ɔyɛe no ma ɛdaa adi sɛ ɔwɔ ahobrɛase ne ahosodi. Ɛyɛ “komam nipa a wahintaw wɔ honhom a ɛyɛ komm na edwo a ɛmporɔw” na ɛmaa Ester nyaa ɔhene no anim dom.—1 Petro 3:4.

2:21-23. Ester ne Mordekai ‘brɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase’ de yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn sɛ yensua.—Romafo 13:1.

3:4. Wɔ tebea bi mu no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛremma wonhu nnipa ko a yɛyɛ te sɛ nea Ester yɛe no. Nanso, sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ yɛn gyinabea wɔ nsɛm bi a ɛho hia te sɛ Yehowa tumidi ne nokware a yebedi ama no ho a, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛka sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo.

4:3. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ ahoɔden ne nyansa.

4:6-8. Mordekai de n’asɛm kɔdan ɔhene no wɔ pɔw bɔne a Haman bɔe no ho.—Filipifo 1:7.

4:14. Yehowa mu ahotoso a Mordekai nyae no yɛ nhwɛso pa.

4:16. Ester fi nokwaredi ne akokoduru mu de ne ho too Yehowa so gyinaa tebea bi a anka ebetumi ama wahwere ne nkwa ano. Ɛho hia sɛ yesua sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so na ɛnyɛ yɛn ankasa so.

5:6-8. Nea ɛbɛyɛ na Ester anya Ahasweros anim dom no, ɔtoo pon foforo maa no. Ester yɛɛ ade anifere so, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.—Mmebusɛm 14:15.

ƐDAN BAA NO SO MMIAKO MMIAKO

(Ester 6:1–10:3)

Bere a nsɛm no resisi no, nneɛma danee. Wɔsɛn Haman wɔ dua a ɔyɛe sɛ wɔnsɛn Mordekai wɔ so no so, na nea ɔbɔɔ no ho pɔw bɔne no mmom bɛyɛɛ ɔman soafo panyin! Na Yudafo a ɔkae sɛ wɔntɔre wɔn ase no nso ɛ? Na ɛno nso bɛdan ma ayɛ nwonwa.

Ɔnokwafo Ester san de ne ho gyee mu bio. Ɔde ne nkwa too asiane mu kɔɔ ɔhene no anim kɔsrɛe sɛnea ɛbɛyɛ na Haman antɔre Yudafo no ase. Ná Ahasweros nim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Enti da a wɔhyɛe sɛ wɔbɛtɔre Yudafo no ase no dui no, wɔantɔre Yudafo no ase na mmom wɔn a wɔbɔɔ pɔw bɔne no. Mordekai hyɛe sɛ wonni Purim Afahyɛ no afe biara mfa nhyɛ saa ogye kɛse yi ho fã. Mordekai a na ɔyɛ Ɔhene Ahasweros abadiakyiri no ‘hwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoesɛm maa n’asefo nyinaa.’—Ester 10:3.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

7:4—Ɔkwan bɛn so na na Yudafo no ase a wɔbɛtɔre no ‘bɛsɛe ɔhene no ade’? Ester faa anifere kwan so maa ɔhene no hui sɛ sɛ wɔtɔn Yudafo no sɛ nkoa mpo a, ɛbɛyɛ papa sen sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase ma ɔhene no ade asɛe. Sɛ Haman bɔɔ pɔw sɛ ɔbɛtɔn Yudafo no mmom a, anka ɔhene foto mu sika bɛdɔɔso koraa asen nnwetɛbona 10,000 a Haman hyɛɛ ho bɔ no. Sɛ Haman dii ne pɔw no ho dwuma a, anka wobekum ɔhemmaa no nso.

7:8—Dɛn nti na mpiafo no kataa Haman ani? Ɛda adi sɛ wɔyɛɛ saa de hyɛɛ no aniwu anaasɛ wɔde kyerɛɛ kum a na wɔrebekum no no. Nhoma bi ka sɛ “ɛtɔ da bi a, na tetefo no kata nnipa a wɔrebekum wɔn no ti ansa na wɔakum wɔn.”

8:17—Ɔkwan bɛn so na “asase no so amanaman no mu nnipa bebree dannan wɔn ho Yudafo”? Ɛda adi sɛ Persiafo no mu pii sakra baa Yudasom mu, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ mmara foforo a wɔhyɛ tiaa dedaw no kyerɛ sɛ na Onyankopɔn dom wɔ Yudafo so. Biribi a ɛte saa ara rekɔ so wɔ nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Sakaria nhoma no maamu mu. Ɛka sɛ: “Mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.”—Sakaria 8:23.

9:10, 15, 16—Ɛwom sɛ mmara a wɔhyɛe no maa Yudafo no kwan sɛ wɔmfow nneɛma de, nanso dɛn nti na wɔanyɛ saa? Akyinnye biara nni ho sɛ saa a wɔanyɛ no kyerɛ sɛ na wɔn nkwa ho ban a wɔbɛbɔ na ehia wɔn na ɛnyɛ ahonyade a wobenya.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

6:6-10. “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.”—Mmebusɛm 16:18.

7:3, 4. So yɛde akokoduru da yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo, ɛmfa ho mpo sɛ ebia saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛahyia ɔtaa?

8:3-6. Yebetumi de yɛn asɛm akɔdan aban mpanyimfo ne asɛnnibea ahorow de ahwehwɛ ahobammɔ afi yɛn atamfo nsam, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.

8:5. Ester faa anifere kwan so a wammɔ so sɛ ɔhene no ka ho bi na wɔhyɛɛ mmara sɛ wɔntɔre ne nkurɔfo ase. Saa ara na yɛn nso sɛ yɛredi aban mpanyimfo adanse a ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere.

9:22. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi ahiafo a wɔwɔ yɛn mu no.—Galatifo 2:10.

Yehowa ‘Bɛboa’ Wɔn na ‘Wagye’ Wɔn

Mordekai kae sɛ Onyankopɔn atirimpɔw nti na Ester abɛyɛ ɔhemmaa. Bere a wohunahunaa Yudafo no, wodii mmuada bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa. Ɔhemmaa no kɔɔ ɔhene no anim wɔ mmere bi a na ɔmfrɛɛ no, nanso emu biara mu no ogyee no fɛw so. Ɔhene no antumi anna anadwo a ade rebɛkye ma wɔatɔre Yudafo no ase no. Nokwasɛm ni, Ester nhoma no fa sɛnea Yehowa de ne ho gyee nsɛm mu de boaa ne nkurɔfo ho.

Ester nhoma no a emu nsɛm yɛ anigye no hyɛ yɛn a yɛte ase wɔ “awiei bere” yi mu no nkuran titiriw. (Daniel 12:4) “Nna a edi akyiri no,” anaasɛ nna kakra a etwa to ma awiei no aba no, Gog a ofi Magog a ɔno ne Satan Ɔbonsam no bɛtow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so denneennen. N’adwene ne sɛ ɔbɛtɔre nokware asomfo ase korakora. Nanso, sɛnea ɛbae wɔ Ester bere so no, Yehowa ‘bɛboa’ n’asomfo na ‘wagye’ wɔn.—Hesekiel 38:16-23; Ester 4:14.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ester ne Mordekai gyina Ahasweros anim