Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anigyede A Ɛfata A Ɛma Akomatɔyam

Anigyede A Ɛfata A Ɛma Akomatɔyam

Anigyede A Ɛfata A Ɛma Akomatɔyam

“Sɛ moredidi oo, morenom oo, biribi foforo biara a moreyɛ no, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Nyankopɔn anuonyam.”—1 KORINTOFO 10:31.

1, 2. Dɛn nti na yebetumi abu nneɛma a yɛde gye yɛn ani sɛ “Onyankopɔn akyɛde,” nanso kɔkɔbɔ a emu da hɔ bɛn na Bible de ma?

NEA yɛn mu biara pɛ ne sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛma n’ani gye. Yehowa, yɛn anigye Nyankopɔn no pɛ sɛ yɛn ani gye wɔ asetram, na wama yɛn nneɛma pii a yebetumi de ayɛ saa. (1 Timoteo 1:11; 6:17) Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Mahu sɛ adepa nni hɔ . . . gye sɛ wɔma wɔn ani gye . . . nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.”—Ɔsɛnkafo 3:12, 13.

2 Sɛ obi hwɛ adwuma pa a wayɛ a, ɛma n’ani gye. Ne titiriw no, sɛ ɔne n’abusuafo anaa ne nnamfo nya fekubɔ pa a, ɛma onya akomatɔyam ankasa. Yebetumi abu anigye a ɛte saa sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn akyɛde” ma afata. Nokwarem no, akyɛde pii a Ɔbɔadeɛ no de ama yɛn no nkyerɛ sɛ yebetumi de agye yɛn ani sɛnea yɛpɛ biara. Bible kasa tia asabow, adidi ntraso, ne ɔbrasɛe, na ɛbɔ kɔkɔ sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no “rennya Onyankopɔn ahenni.”—1 Korintofo 6:9, 10; Mmebusɛm 23:20, 21; 1 Petro 4:1-4.

3. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn wɔ honhom fam na yɛama Yehowa da kɛse a ɛreba no atra yɛn adwenem?

3 Wɔ nna edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, ɛyɛ den ma Kristofo sen bere biara a atwam sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra nyansam wɔ wiase a aporɔw yi mu a wonsuasua emu abrabɔ bɔne no. (Yohane 17:15, 16) Sɛnea wɔka siei no, nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ abɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn” araa ma ‘wonhu’ adanse a ɛkyerɛ sɛ “ahohiahia kɛse” no abɛn pɛɛ. (2 Timoteo 3:4, 5; Mateo 24:21, 37-39) Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetra mu dadwen anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.” (Luka 21:34, 35) Sɛ́ Onyankopɔn asomfo no, yɛasi yɛn bo sɛ yebetie Yesu kɔkɔbɔ no. Yɛn de yɛnyɛ yɛn ade te sɛ wiase bɔne yi mu nnipa, mmom no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so awɛn wɔ honhom fam na yɛama Yehowa da kɛse no akɔ so atra yɛn adwenem.—Sefania 3:8; Luka 21:36.

4. (a) Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yebenya nneɛma a ɛfata de agye yɛn ani? (b) Afotu bɛn na ɛwɔ Efesofo 5:15, 16 a yɛpɛ sɛ yɛde yɛ adwuma?

4 Esiane sɛ Ɔbonsam ama wiase no abrabɔ bɔne ayɛ akɔnnɔ na abu so nti, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi ho. Nea ɛyɛ den ma yɛn paa ne bere a yɛrepaw nea yɛpɛ sɛ yɛde gye yɛn ani no. Nneɛma a wiase no ayɛ mu dodow no ara kanyan “honam akɔnnɔ.” (1 Petro 2:11) Anigyede a ɛmfata abu so wɔ mmɔnten so, nanso ebetumi afa nhoma, TV, intanɛt, ne video so aba yɛn fie mu nso. Esiane eyi nti, Onyankopɔn Asɛm tu Kristofo fo nyansam sɛ: “Monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na montɔ bere a mubenya biara, efisɛ nna no yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5:15, 16) Sɛ yedi saa afotu yi akyi pɛpɛɛpɛ nkutoo a, ɛnna yɛbɛhwɛ ahu sɛ yɛremma anigyede a ɛmfata ntwetwe yɛn, ennye yɛn bere, na ɛremma yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mpo nsɛe, na amfa yɛn ankɔ owu mu!—Yakobo 1:14, 15.

5. Dɛn na ɛma yɛn ho dwo yɛn sen biara?

5 Esiane sɛ Kristofo yɛ adwumaden bere nyinaa nti, ntease wom sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma bi de gye wɔn ani. Nokwarem no, Ɔsɛnkafo 3:4 ka sɛ “ɔserew wɔ ne bere” na “asaw wɔ ne bere.” Enti sɛ obi gye n’ani a, Bible nka sɛ ɔresɛe ne bere. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn ani a yebegye no ma yenya akomatɔyam, na ɛnsɛ sɛ ɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ, anaa yɛma etwitware yɛn som adwuma mu. Kristofo a wɔn ho akokwaw fi osuahu mu nim sɛ papa a wɔbɛyɛ afoforo na ɛma wonya anigye kɛse. Wɔde Yehowa apɛde a wɔbɛyɛ di kan wɔ wɔn asetram biribiara mu, na ɛma ‘wɔn kra ho dwo no’ ankasa bere a wɔfa Yesu kɔndua a ɛyɛ mmerɛw no to wɔn ho so no.—Mateo 11:29, 30; Asomafo Nnwuma 20:35.

Anigyede a Ɛfata a Yɛbɛpaw

6, 7. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woahu sɛ anigyede bi yɛ nea ɛfata anaasɛ ɛmfata?

6 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ anigyede bi yɛ nea ɛfata ma Kristoni? Awofo de ɛho akwankyerɛ ma wɔn mma, na sɛ ɛho behia a, asafo mu mpanyimfo nso boa. Nanso, nokwarem no, ɛho nhia sɛ yɛtra hɔ ma afoforo ka kyerɛ yɛn sɛ nhoma, sini, agoru, asaw, anaa nnwom pɔtee bi yɛ nea ɛmfata. Paulo kae sɛ esiane sɛ ‘wɔn a wɔn ho akokwaw no de wɔn adwene tumi di dwuma nti, wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Hebrifo 5:14; 1 Korintofo 14:20) Bible ma yɛn akwankyerɛ. Sɛ wutie w’ahonim a wode Onyankopɔn Asɛm atete no no a, ɛbɛboa wo.—1 Timoteo 1:19.

7 Yesu kae sɛ “dua biara aba na wɔde hu dua ko.” (Mateo 12:33) Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi anigyede biara a ɛmfata a ɛma obi ani gye basabasayɛ, ɔbrasɛe, anaa ahonhonsɛmdi ho no ho. Saa ara na sɛ anigyede kõ no de yɛn nkwa anaa yɛn akwahosan to asiane mu, na ɛde sikasɛm mu ahokyere anaa abasamtu ba yɛn so, anaasɛ ɛto afoforo hintidua a, ɛno nso yɛ nea ɛmfata. Ɔsomafo Paulo bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ sɛ yepira yɛn nua bi ahonim a na yɛreyɛ bɔne. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ moyɛ mo nuanom no bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw no a, na moreyɛ Kristo bɔne. Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, merenni nam bio da, na manto me nua hintidua.”—1 Korintofo 8:12, 13.

8. Asiane ahorow bɛn na ɛwɔ kɔmputa so agodie mu ne video ahorow so?

8 Video ne kɔmputa so agoru ahyɛ sotɔɔ ahorow mu ma. Ebia ebi wɔ hɔ a ɛnyɛ bɔne sɛ wode begye w’ani, nanso wɔde nneɛma a Bible kasa tia pii na ɛreba anigyede a ɛtete saa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wodi nnipa dɛm na wokum wɔn anaa wobu brabɔne wɔ agodie a ɛtete saa mu a, yentumi nka sɛ ɛyɛ anigyede a ɛfata! Yehowa tan wɔn a “wɔdɔ basabasayɛ.” (Dwom 11:5, NW; Mmebusɛm 3:31; Kolosefo 3:5, 6) Enti sɛ woredi kɔmputa so agoru bi na ɛma wobɛyɛ oniberefo anaa w’ani so yɛ krakra, ɛma w’adwenem yɛ wo basaa, anaa wosɛe bere a anka wode bɛyɛ ade a mfaso wɔ so a, ɛnde hu sɛnea ebetumi asɛe wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no, na twe wo ho fi ho ntɛm ara.—Mateo 18:8, 9.

Sɛnea Yebegye Yɛn Ani Wɔ Akwan a Ɛfata So

9, 10. Dɛn na wɔn a wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri betumi ayɛ de agye wɔn ani?

9 Ɛtɔ da bi a, Kristofo bisa sɛ: “Dɛn ne anigyede a ɛfata? Nneɛma a wiase no ayɛ a wɔde gye wɔn ani no mu dodow no ara ne Bible nhyia.” Nya awerɛhyem sɛ wubetumi anya anigyede a ɛma akomatɔyam, nanso egye mmɔdenbɔ. Ɛsɛ sɛ yedi kan susuw anigyede no ho na yɛyɛ ho nhyehyɛe, awofo titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Nnipa pii nya anigye wɔ abusua no ne asafo no mu. Bere a yɛato yɛn bo ase redidi na yɛrebɔ nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ da no mu anaa Bible mu asɛm bi ho nkɔmmɔ no, ɛma yɛn ani gye na ɛhyɛ yɛn den. Yebetumi ayɛ nhyehyɛe akɔtra baabi te sɛ mpoano adidi agye yɛn ani, adi agoru a ɛfata, anaa yɛatu kwan akɔhwehwɛ mmeae bi a ɛyɛ fɛ. Anigyede a ɛfata saa betumi ama yɛn ho asɛpɛw yɛn na yɛanya akomatɔyam.

10 Asafo mu panyin bi ne ne yere a wɔatete mma baasa ka sɛ: “Efi yɛn mma no mmofraase pɛɛ na yɛne wɔn boom paw baabi a yɛbɛkɔ akogye yɛn ani. Ɛtɔ mmere bi a na yɛma mmofra no mu biara frɛ n’adamfo pa bi bɛka yɛn ho, na ɛno maa yɛn ahomegye bere no yɛɛ anigye paa. Yɛammu yɛn ani angu nneɛma titiriw bi a yɛn mma no yɛe wɔ wɔn asetram no so. Bere ne bere mu no, na yɛto nsa frɛ abusua bi ne yɛn nnamfo a wɔwɔ asafo no mu ba yɛn fie. Ná yɛnoa aduan kɔ abɔnten kodidi wɔ hɔ di agoru. Ná yɛtra kar mu kokyinkyin nantenantew mmepɔw mu, na na yɛde saa bere no sua Yehowa adebɔ ho ade.”

11, 12. (a) Dɛn na wubetumi ayɛ na ama wode afoforo aka nhyehyɛe a woyɛ de gye w’ani ho? (b) Apontow ahorow bɛn na nnipa pii werɛ ntaa mfi?

11 Sɛ́ ankorankoro anaa mmusua no, so mubetumi ato nsa afrɛ afoforo aka mo ho bere a moreyɛ nhyehyɛe akogye mo ani no? Ebia okunafo bi, osigyani bi, anaa abusua bi a ɔwofo no nni ɔhokafo behia nkuranhyɛ. (Luka 14:12-14) Wubetumi nso de nnipa kakra a wɔbaa asafo no mu nkyɛe aka ho, nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na ebinom fekubɔ annya afoforo so nkɛntɛnso bɔne. (2 Timoteo 2:20, 21) Sɛ ɛyɛ den ma wɔn a wɔayɛ mmerɛw honam mu no sɛ wobepue akɔ abɔnten a, ebia wubetumi ayɛ aduan de akɔ wɔn fie ne wɔn abom adidi.—Hebrifo 13:1, 2.

12 Nnipa pii werɛ ntaa mfi apontow a wɔkɔɔ ase a wɔn a wohyiae no de nnuan kakra kekaa wɔn ano, tiee sɛnea ɛyɛe a afoforo bɛyɛɛ Kristofo, na wohuu nea aboa wɔn ma wɔakɔ so adi Nyankopɔn nokware no. Wobetumi afa Bible mu nsɛm bi ma wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa abɔ ho nkɔmmɔ a mmofra mpo ka ho. Wobetumi de nkɔmmɔbɔ a mfaso wɔ so a ɛtete saa no ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran a ɛmma obiara nyɛ basaa anaa ɔrente nka sɛ ontumi nka bi.

13. Nhwɛso bɛn na Yesu ne Paulo yɛe wɔ sɛnea wɔda ahɔhoyɛ adi ne sɛnea afoforo to nsa frɛ yɛn a yɛbɛkɔ ho?

13 Yesu yɛɛ sɛnea wɔda ahɔhoyɛ adi ho nhwɛso pa, sɛ na afoforo to nsa frɛ no nso a, na ɔde anigye kɔ. Ná ɔde mmere a ɛtete saa no boa afoforo ma wɔte Onyankopɔn asɛm ase bere nyinaa. (Luka 5:27-39; 10:42; 19:1-10; 24:28-32) N’asuafo a wodi kan no suasuaa ne nhwɛso no. (Asomafo Nnwuma 2:46, 47) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Me ho pere me sɛ mehu mo, na mama mo honhom mu akyɛde bi sɛnea ɛbɛyɛ a mo ase betim; anaa me ne mo nyinaa, obiara anya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ denam ne yɔnko gyidi so, me ne mo nyinaa de.” (Romafo 1:11, 12) Saa ara na sɛ yehyiam sɛ yɛregye yɛn ani a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.—Romafo 12:13; 15:1, 2.

Nneɛma Bi a Ɛsɛ sɛ Yɛkae na Yɛyɛ Ahwɛyiye Wɔ Ho

14. Dɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛtow pon akɛse?

14 Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛtow apon akɛse, efisɛ apontow a ɛtete saa so hwɛ taa yɛ den. Mmusua kakra betumi abom afi adi akogye wɔn ani anaa wobetumi adi agoru a wɔmfa nsi akan, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde hyɛ bere a wɔde yɛ ɔsom adwuma no. Sɛ asafo mu mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne afoforo a wɔn ho akokwaw no bi kɔ apontow bi ase a, wonya wɔn a wɔwɔ ase no so nkɛntɛnso pa, na wɔn a wɔwɔ apontow no ase no tumi nya akomatɔyam paa.

15. Dɛn nti na sɛ woretow pon a ɛsɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe hwɛ so yiye?

15 Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔtow pon no bu wɔn ani gu sɛnea wɔbɛhwɛ so yiye no so. Ɛwom sɛ w’ani gye ho sɛ wobɛda ahɔhoyɛ adi de, nanso sɛ wuhu sɛ esiane sɛ wubuu w’ani guu nneɛma so nti, biribi too obi a ɔbaa ase no hintidua wɔ wo fie a, so ɛrenhaw wo? Susuw nnyinasosɛm a ɛwɔ Deuteronomium 22:8 no ho hwɛ. Ná ɛsɛ sɛ Israelni a osi ɔdan foforo a atifi yɛ tratraa a na wogye ahɔho ani wɔ hɔ no gye hɔ ban. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ‘obi mfi hɔ nhwe ase mfa mogya ho asodi mma ne dan no so.’ Saa ara na sɛ wo nso woretow pon a, ɛsɛ sɛ wototo nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ahɔho a wɔbɛba ase no rempira anaa wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ nso nsɛe, nanso hwɛ sɛ worenhyɛ wɔn so.

16. Sɛ woretow pon na sɛ wode mmosa bɛba ase a, ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

16 Sɛ woretow pon na sɛ wode mmosa bɛba ase a, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye paa. Sɛ Kristofo pii tow pon na sɛ wonim sɛ wɔn ankasa betumi ahwɛ mmosa a wɔde bɛma wɔn ahɔho anaa nea wɔbɛnom so nkutoo a, ɛnna wɔde bi ba ase. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔtow pon no ma biribiara a ebetumi ato afoforo hintidua anaa ɛbɛma obi anom nsa atra so kɔ so wɔ hɔ. (Efesofo 5:18, 19) Ebia biribi nti ahɔho no bi bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔrennom mmosa biara. Wɔ aman pii so no, wɔahyɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ obi di mfe bi ansa na wanom nsa, na sɛ ɛte sɛ nea Aban no mmara a ɛte saa mu yɛ den dodo mpo a, ɛsɛ sɛ Kristofo di so.—Romafo 13:5.

17. (a) Sɛ nea ɔretow pon no bɛbɔ nnwom wɔ n’apontow no ase a, dɛn nti na ɛho hia sɛ ɔyɛ nyiyim paa wɔ nnwom no mu? (b) Asaw a ɛmfata bɛn na ɛnsɛ sɛ wɔsaw wɔ apontow bi ase?

17 Ɛsɛ sɛ nea ɔretow pon no hwɛ hu sɛ, nnwom a wɔbɛbɔ, asaw, anaa anigyede foforo biara a ɛbɛkɔ so wɔ hɔ no fata Kristofo abrabɔ. Ɛsono nnwom a obiara pɛ, na nnwom ahorow pii nso na ɛwɔ hɔ. Nanso, nnwom a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu dodow no ara hyɛ atuatew, ɔbrasɛe, ne basabasayɛ ho nkuran. Enti ɛho hia sɛ yɛyɛ nyiyim wɔ nnwom no mu. Sɛ nnwom da fam brɛoo a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ nea ɛfata, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nnwom a ɛkanyan nkate bɔne na ano yɛ den tra so nso. Hwɛ yiye na woamfa nnwom a wɔbɛpaw abɔ wɔ apontow no ase no anhyɛ obi a onhu nea enti a ɛmfata sɛ ɔbɔ nnwom denneennen nsa. Akyinnye biara nni ho sɛ asaw a ɛmfata a wɔn a wɔsaw no bu atopã na wɔhyɛ da wosowosow wɔn nufu no mfata Kristoni.—1 Timoteo 2:8-10.

18. Awofo bɛyɛ dɛn atumi abɔ wɔn mma ho ban wɔ apontow a wɔkɔ ase ho?

18 Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo hwehwɛ mu hu nhyehyɛe a wɔayɛ ama apontow biara a wɔn mma bɛkɔ ase bi no, na mpɛn pii no ɛyɛ papa sɛ wɔne wɔn mma no bɛkɔ. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ awofo bi ama wɔn mma akɔ apontow ahorow bi a na ɔpanyin biara nhwɛ so ase ma wɔadaadaa wɔn a wɔkɔɔ ase no mu binom ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe anaa nneyɛe afoforo a ɛmfata mu. (Efesofo 6:1-4) Sɛ mmabun a wɔreyɛ adi mfe aduonu da no adi sɛ wɔwɔ suban pa mpo a, ɛho da so ara hia sɛ wɔboa wɔn ma ‘woguan mmerantebere mu akɔnnɔ.’—2 Timoteo 2:22.

19. Dɛn ade paa na ebetumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi ade a ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ no kan’ no so?

19 Anigyede a ɛfata a ɛma akomatɔyam betumi ama asetra ayɛ anigye. Yehowa mfa anigyede a ɛte saa nkame yɛn, nanso sɛ yɛbɛka paa a, yenim sɛ anigyede a ɛtete saa no mmoa yɛn mma yɛnhyehyɛ honhom fam ademude biara wɔ soro. (Mateo 6:19-21) Yesu boaa n’asuafo no ma wɔtee ase sɛ “ahenni no ne [Onyankopɔn] trenee” a wobedi ‘kan ahwehwɛ’ no ne ade a ɛho hia wɔ asetram, na ɛnyɛ aduandi anaa nsanom anaa ntadehyɛ a ɛno ne “nneɛma a amanaman no di akyi denneennen” no.—Mateo 6:31-34.

20. Nneɛma pa a Ɔdemafo Kɛse no de ma bɛn na Yehowa asomfo a wodi no nokware no betumi ahwɛ kwan?

20 Yiw, sɛ ‘yɛredidi oo, yɛrenom oo, biribi foforo biara a yɛreyɛ no,’ yebetumi ayɛ ne ‘nyinaa de ahyɛ Nyankopɔn anuonyam,’ na yɛada Ɔdemafo Kɛse a wama yɛn nneɛma pa sɛ yɛmfa nnye yɛn ani sɛnea ɛsɛ no ase. (1 Korintofo 10:31) Wɔ Yehowa Paradise a abɛn pɛɛ no mu no, yebenya n’ayamye so mfaso daa, na yɛne wɔn a wɔyɛ ade a Yehowa pɛ no anya fekubɔ a ɛfata.—Dwom 145:16; Yesaia 25:6; 2 Korintofo 7:1.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛyɛ den ma Kristofo nnɛ sɛ wobenya nneɛma a ɛfata de agye wɔn ani?

• Anigyede a ama Kristofo mmusua anya akomatɔyam no bi ne dɛn?

• Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae na yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ho bere a yɛregye yɛn ani wɔ ɔkwan a ɛfata so no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Paw anigyede a ɛma akomatɔyam

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Anigyede bɛn na Kristofo twe wɔn ho fi ho?