Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owu Ɛda Amansan Kɔn Mu!

Owu Ɛda Amansan Kɔn Mu!

Owu Ɛda Amansan Kɔn Mu!

BRITANIA abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kyerɛwee sɛ: “Sɛ wonya wo onipa a, na nea aka ara ne sɛ obewu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nokwarem ni, obiara renkye ɔbo.” Sɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo paa wu a, hwɛ sɛnea yedi awerɛhow fa!

Owu ada amansan kɔn mu akyɛ. Sɛ yɛn dɔfo paa wu a, yentumi nyɛ yɛn ho hwee. Owu mmɔ nkae. Obiara bewu. Anwensɛm kyerɛwfo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 mu no kyerɛwee sɛ: “Ɛmfa ho baabi a yɛasua nhoma akodu biara no, owu tumi ma yɛyɛ yɛn ade te sɛ mmofra. Sɛ wunim nyansa sɛ dɛn ara mpo a, worentumi nyɛ ho hwee.” Ɛma yɛn asɛm yɛ mmɔbɔ te sɛ mmofra a yɛyɛ tebea no ho hwee a ɛnyɛ yiye. Sɛ owu kura ade a nkwa ntumi nnye. Sɛ anyansafo ne animdefo mpo so mu a na awae. Dɔmmarima su, na saa ara na mpapahwekwaa nso su.

Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete Israel no dii yaw a ɛte saa bere a ne babarima Absalom wui no. Bere a ɔhene no tee sɛ ne ba no awu no, ogyaa su mu teɛteɛɛm sɛ: “Me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛka me nko a, anka misii w’ananmu miwui! Absalom, me ba, me ba!” (2 Samuel 18:33) Ná ɔhene tumfoɔ a wadi atamfo a wɔn ho yɛ den so nkonim no ntumi nyɛ ne ho hwee, na ɔpɛe sɛ “ɔtamfo a otwa to” no de no twa so mmom sen sɛ anka ne ba no bewu.—1 Korintofo 15:26.

So owu ano aduru wɔ hɔ? Sɛ ɛte saa a, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma awufo? So bere bi bɛba a yebehu yɛn adɔfo bio? Asɛm a edi hɔ no begyina Kyerɛwnsɛm no so abua nsɛmmisa yi.