Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mogya a Ɛsom Bo” na Wɔde Gyee Yɛn

“Mogya a Ɛsom Bo” na Wɔde Gyee Yɛn

“Ɛsɛ Sɛ Yetie Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa”

“Mogya a Ɛsom Bo” na Wɔde Gyee Yɛn

ƆDƆ a ɛsen biara a Yehowa ada no adi ne sɛ ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no ma ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛ agyede. Sɛ́ nnipa abɔnefo no, yehia agyede a ɛte saa no ɔkwan biara so efisɛ ‘onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatade sɛ ɔntra ase daa.’ (Dwom 49:6-9) Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ Onyankopɔn ‘de ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe na mmom wanya daa nkwa’!—Yohane 3:16.

Ɔkwan bɛn so na agyede no gye yɛn? Ma yensusuw akwan annan a esiane ɔdɔ kɛse a Yehowa Nyankopɔn daa no adi nti ama yɛade yɛn ho no ho.

Ɔnam Agyede no So Gye Yɛn

Nea edi kan no, Yesu afɔrebɔ no betumi agye yɛn afi bɔne a yenya fii awo mu no mu. Wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. Asɛm no ne sɛ, bere mpo a yemmuu Yehowa mmara so no, na yɛyɛ abɔnefo dedaw. Ɔkwan bɛn so? Romafo 5:12 ka sɛ: “Ɛnam onipa baako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae.” Sɛ́ ɔbɔnefo Adam mma no, yɛanya ne sintɔ no bi. Nanso, esiane sɛ wɔatua agyede no ama yɛn nti, yɛade yɛn ho afi bɔne nkoayɛ a wɔwoo yɛn too mu no ho. (Romafo 5:16) Yesu ‘kaa owu hwɛe maa onipa biara’ de soaa nea na ebefi bɔne mu aba no maa Adam asefo.—Hebrifo 2:9; 2 Korintofo 5:21; 1 Petro 2:24.

Nea ɛto so abien no, agyede no betumi agye yɛn afi owu a yenya fii bɔne mu no, efisɛ “bɔne akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Owu yɛ bɔne ho asotwe. Ɛdenam Onyankopɔn Ba no afɔrebɔ wu so no, obetumi ama adesamma asoɔmmerɛwfo anya daa nkwa. Nokwarem no, “nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; nea ontie Ɔba no renhu nkwa.”—Yohane 3:36.

Hyɛ no nsow sɛ, sɛ wobetumi agye yɛn afi nea bɔne de aba no mu a, gye sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn Ba no mu gyidi. Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn asetra mu ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma bɔne biara a ebia yɛyɛ no na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ɔsomafo Petro kae sɛ ‘yɛnsakra yɛn adwene, na yɛnnan yɛn ho mma wɔmpopa yɛn bɔne.’—Asomafo Nnwuma 3:19.

Nea ɛtɔ so abiɛsa ne sɛ, Yesu afɔrebɔ no ama yɛanya ahonim pa. Wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa na wɔbɔ wɔn asu ma wɔbɛyɛ ne Ba no asuafo no nya awerɛkyekye. (Mateo 11:28-30) Ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no, yenya komam anigye ne ahonim pa wɔ Onyankopɔn som mu. (1 Timoteo 3:9; 1 Petro 3:21) Sɛ yɛka yɛn bɔne na yegyae a, wɔda mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn na ɛma yenya ahonim pa.—Mmebusɛm 28:13.

Ɛma Yenya Mmoa ne Anidaso

Nea etwa to no, sɛ yɛkyerɛ agyede no mu gyidi a, ɛma yenya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim a yensuro. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: ‘Sɛ ɛba sɛ obi yɛ bɔne bi a, yɛwɔ ɔboafo Agya no nkyɛn, ɔne Yesu Kristo.’ (1 Yohane 2:1) Ɔsomafo Paulo kyerɛw dwuma a Yesu di sɛ ɔboafo no ho asɛm sɛ: “Obetumi nso agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa a ɔbɛsrɛ ama wɔn.” (Hebrifo 7:25) Bere dodow a yɛda so yɛ abɔnefo yi, yebehia Ɔsɔfopɔn Yesu Kristo mmoa na ama yɛanya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Ɔkwan bɛn so na Yesu som sɛ ɔsɔfopɔn ma yɛn?

Yesu wusɔre akyi adaduanan wɔ afe 33 Y.B. mu no, ɔkɔɔ soro de ‘ɛbo a ne mogya no som’ no kɔmaa Onyankopɔn. Ne saa nti, ɛrenkyɛ, Yesu bɛma adesamma asoɔmmerɛwfo ade wɔn ho afi bɔne ne owu ho. a (1 Petro 1:18, 19) Ɛnde, wunnye ntom sɛ ɛfata sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ Yesu Kristo na yetie no?

Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn na yɛyɛ aso ma no. Ofi ɔdɔ mu ‘ayɛ agyede nsiesiei ama yɛn na ama yɛanya ahofadi.’ (1 Korintofo 1:30) Nkwa a yɛwɔ seesei no fi no, na saa ara na anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase daa no nso wɔ ne nsam. Ne saa nti, yɛwɔ nneɛma pa pii a enti “ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ 2006 Calendar of Jehovah’s Witnesses, March/April.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

SO NA WUNIM?

• Ngo Bepɔw no so na Yesu fi kɔɔ soro.—Asomafo Nnwuma 1:9, 12.

• Yesu asomafo anokwafo no nkutoo na wohui sɛ ɔrekɔ soro.—Asomafo Nnwuma 1:2, 11-13.