Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnkyerɛnne Kwan So Ɔyɛkyerɛ Bi a Ɛso Wɔ Yɛn Mfaso

Sɛnkyerɛnne Kwan So Ɔyɛkyerɛ Bi a Ɛso Wɔ Yɛn Mfaso

Sɛnkyerɛnne Kwan So Ɔyɛkyerɛ Bi a Ɛso Wɔ Yɛn Mfaso

HWƐ sɛnea anka ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛte Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi ase yiye bere a Bible no afã horow bi nkyerɛkyerɛ mu no! Anka yebetumi afa abakɔsɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no sɛnea ɛte no ara. Nanso emu bi kura nokwasɛm a emu dɔ a ɛyɛ den sɛ wobɛte ase ntɛm ara. Emu biako ne kyerɛwtohɔ a ɛfa mmea baanu a na wɔwɔ tete agya Abraham fie mu ho no. Ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm sɛ ‘egyina hɔ ma biribi.’—Galatifo 4:24.

Ɛsɛ sɛ yesusuw ɔyɛkyerɛ yi ho efisɛ nea wɔdaa no adi wom no yɛ asɛnhia a ɛfata sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Yehowa Nyankopɔn nhyira nyinaa ma wɔn ani kũ ho. Ansa na yɛbɛhwehwɛ nea enti a ɛte saa mu no, ma yensusuw tebea a ɛmaa Paulo kaa hia a ɔyɛkyerɛ no ho hia ho asɛm no ho.

Ɔhaw bi sɔree wɔ afeha a edi kan Kristofo a na wɔwɔ Galatia no mu. Ná wɔn mu binom ‘gye bere di nna ne asram ne mmere ne mfirihyia’—nneɛma a na wɔahyɛ wɔ Mose Mmara no mu no. Ná nnipa a wɔte saa no kyerɛ sɛ Mmara no a wobedi so no ho hia na ama agyidifo no anya Onyankopɔn anim dom. (Galatifo 4:10; 5:2, 3) Nanso na Paulo nim sɛ adeyɛ a ɛte saa no nyɛ biribi a wɔhwehwɛ fi Kristofo hɔ. Nea ɛbɛyɛ na wakyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware no, ɔtwee adwene sii kyerɛwtohɔ bi a na wɔn a wɔyɛ Yudafo no nim no yiye so.

Paulo kaee Galatifo no sɛ, Abraham a Yudafo nyinaa fi ne mu no woo Ismael ne Isak. Abaawa Hagar na ɔwoo Ismael, ɛna ɔdehye Sara nso woo Isak. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔwɔ Galatia a na wɔagye Mose Mmara no agyina mu no nim sɛ na Sara yɛ obonin ma enti ɔde n’abaawa Hagar maa Abraham sɛ́ ɔnwo mma no. Ná wonim sɛ Hagar nyinsɛnee Ismael no, ofii ase buu n’awuraa Sara animtiaa. Nanso sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ bɔ no, awiei koraa no, Sara woo Isak wɔ ne mmerewabere mu. Akyiri yi, Abraham pam Hagar ne Ismael fii ne fie efisɛ na Ismael tan Isak ani.—Genesis 16:1-4; 17:15-17; 21:1-14; Galatifo 4:22, 23.

Mmea Baanu, Apam Abien

Paulo de nnipa a wɔwɔ sɛnkyerɛnne kwan so ɔyɛkyerɛ yi mu ho nkyerɛkyerɛmu mae. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mmea yi gyina hɔ ma apam abien, ɔbaako fi Sinai Bepɔw so na ɛwo mma kɔ nkoasom mu, na ɔno ne Hagar. . . . Ɛyɛ nnɛyi Yerusalem sɛso, efisɛ ɛne ne mma wɔ nkoasom mu.” (Galatifo 4:24, 25) Ná Hagar gyina hɔ ma honam fam Israel a Yerusalem ne n’ahenkurow no. Esiane apam a Yehowa ne Yuda man no yɛe wɔ Bepɔw Sinai so no nti, na wɔwɔ asɛyɛde wɔ n’anim. Mmara apam a na Israelfo no hyɛ ase no kaee wɔn bere nyinaa sɛ wɔyɛ bɔne nkoa ma enti wohia ogye.—Yeremia 31:31, 32; Romafo 7:14-24.

Ɛnde na “ɔdehye” Sara ne ne babarima Isak gyina hɔ ma dɛn? Paulo kyerɛe sɛ Sara, ‘obonin a ɔnwo’ no yɛ Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so yere, n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no. Ná ɔbea a ɔwɔ soro yi yɛ obonin efisɛ ansa na Yesu reba no, na onni “mma” a wɔde honhom asra wɔn wɔ asase so. (Galatifo 4:27; Yesaia 54:1-6) Nanso wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, wohwiee honhom kronkron guu mmea ne mmarima bi a na wɔahyiam so ma enti wɔwoo wɔn foforo sɛ ɔbea a ɔwɔ soro yi mma. Onyankopɔn gyee mma a ahyehyɛde yi woo wɔn no sɛ ne mma ma wɔbɛkaa Yesu Kristo ho sɛ adedifo wɔ apam foforo yi ase. (Romafo 8:15-17) Ɔsomafo Paulo a ɔka mma yi ho no kyerɛwee sɛ: “Yerusalem a ɛwɔ soro no de, ɛde ne ho, na ɛno ne yɛn maame.”—Galatifo 4:26.

Mmea no Mma

Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no, Ismael taa Isak. Saa ara na na ɛte wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Yerusalem a ɛyɛ akoa no mma no dii ɔsoro Yerusalem mma no ho fɛw na wɔtaa wɔn. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea saa bere no nea wɔnam ɔhonam kwan so woo no [Ismael] no fii ase taa nea wɔnam honhom kwan so woo no [Isak] no, saa ara na ɛte nnɛ nso.” (Galatifo 4:29) Bere a Yesu Kristo baa asase so na ofii ase kaa Ahenni no ho asɛm no, Yudafo nyamesom akannifo no yɛɛ wɔn ade te sɛ nea Hagar ba Ismael yɛɛ n’ade wɔ Abraham ba Isak, a na ɔne ɔdedifo ankasa no ho. Wodii Yesu Kristo ho fɛw na wɔtaa no, na wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔne Abraham mma ankasa, na Yesu de ɔyɛ ɔmamfrani.

Aka bere tiaa bi ma honam fam Israelfo akum Yesu no, ɔkae sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, nea okum adiyifo na osiw wɔn a wɔasoma wɔn ne nkyɛn abo—hwɛ mpɛn dodow ara a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase! Nanso moampɛ. Hwɛ! Wɔagyaw mo fie ama mo.”—Mateo 23:37, 38.

Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu a ɛfa nneɛma a esisii wɔ afeha a edi kan mu no kyerɛ sɛ honam fam man a Hagar gyina hɔ ma no no anwo mma a wɔne Yesu bedi ade. Yehowa poo Yudafo ahantanfo a na wogye di sɛ wofi awo mu wɔ hokwan sɛ wodi ade no. Nokwarem no, honam fam Israelfo no mu binom bɛyɛɛ Kristo adedifo. Nanso wɔde hokwan a ɛte saa no maa wɔn esiane gyidi a wɔkyerɛe wɔ Yesu mu, na ɛnyɛ abusua a wofi mu nti.

Wohuu nnipa a wɔbɛka Kristo ho ma wɔadi ade no pefee wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Bere kɔɔ so no, Yehowa sraa afoforo sɛ Yerusalem a ɛwɔ soro no mma.

Nea enti a Paulo kyerɛkyerɛɛ saa sɛnkyerɛnne kwan so ɔyɛkyerɛ yi mu ne sɛ ɔbɛma yɛahu sɛ apam foforo no kron sen Mmara apam a na Mose yɛ ho ntamgyinafo no. Ná obiara ntumi mfa Mose Mmara nnwuma so nnya Onyankopɔn anim dom, efisɛ nnipa nyinaa tɔ sin na Mmara no ma wohui sɛ wɔyɛ bɔne nkoa. Nanso sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no, Yesu bae sɛ ‘ɔrebɛtɔ wɔn a wɔwɔ mmara ase no na wagye wɔn.’ (Galatifo 4:4, 5) Enti Kristo afɔrebɔ a ɛsom bo no mu gyidi a wɔkyerɛe no ma wɔdee wɔn ho fii Mmara no afobu ase.—Galatifo 5:1-6.

Mfaso a Ɛwɔ So Ma Yɛn

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɔyɛkyerɛ yi a Paulo fi honhom mu kyerɛkyerɛɛ mu no ho hia yɛn? Ade biako ne sɛ, ɛma yenya Kyerɛwnsɛm a na anka emu nna hɔ mma yɛn no mu ntease. Nkyerɛkyerɛmu no hyɛ ahotoso a yɛwɔ sɛ Bible mu nsɛm nyinaa hyia na ɛmmɔ ne ho abira no mu den.—1 Tesalonikafo 2:13.

Bio nso, sɛnea nsɛm no te paa a wɔaka ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so yi fa anigye a yebenya daakye no ho. Sɛ ɛnyɛ mma a Yerusalem a ɛwɔ soro no woo wɔn no a, anka yɛrentumi mfi bɔne ne owu nkoasom mu. Nanso ɛdenam Kristo ne adedifo a Onyankopɔn de hyɛɛ Abraham bɔ so no, “wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:18) Eyi bɛba mu bere a wɔade wɔn ho afi nea bɔne de ba, sintɔ, awerɛhow ne owu mu koraa ho no. (Yesaia 25:8, 9) Hwɛ anigye ara a saa bere no bɛyɛ!

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Wɔhyɛɛ Mmara apam no ase wɔ Bepɔw Sinai so

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Dɛn na sɛnkyerɛnne kwan so ɔyɛkyerɛ a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no kyerɛ?