Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho

Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho

Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho

WUKUDA anɔpa, August 24, 2005 no, wɔnam video so de amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye too United States ne Canada Betel abusua no anim. Amanneɛbɔ no ne sɛ, efi September 1, 2005 no, wɔde nnipa foforo baanu, Geoffrey W. Jackson ne Anthony Morris III bɛka Yehowa Adansefo Sodikuw no ho.

Onua Jackson fii akwampae adwuma ase February 1971 mu wɔ Tasmania, supɔw a ɛwɔ Australia no. Ɔwaree Janette (Jenny) wɔ June 1974 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔpaw wɔn sɛ akwampaefo atitiriw. Efi afe 1979 kosi 2003 no, wɔsomee sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Tuvalu, Samoa, ne Fiji—supɔw ahorow a ɛwɔ South Pacific no. Bere a na Onua ne Onuawa Jackson wɔ supɔw ahorow yi so no, wɔboa maa wɔkyerɛɛ Bible ho nhoma ahorow ase. Efi afe 1992 no, Onua Jackson somee sɛ Baa Boayikuw no muni wɔ Samoa, na efi afe 1996 no, ɔsomee saa ara wɔ Fiji. Wɔ April 2003 mu no, Onua Jackson ne Onuawa Jenny bɛkaa Betel abusua no ho wɔ United States na wofii ase yɛɛ adwuma wɔ Kasa Nkyerɛase Dwumadibea. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Onua Jackson kɔboaa Nkyerɛkyerɛ Boayikuw a ɛhyɛ Sodikuw no ase no.

Onua Morris nso fii akwampae adwuma no ase wɔ afe 1971 mu wɔ United States. Wɔ December saa afe no ara mu no, ɔwaree Susan, na wɔde mfe bɛyɛ anan yɛɛ akwampae adwuma no kosii sɛ wɔwoo wɔn abakan, Jesse. Ɛno akyi no, wonyaa babarima foforo, Paul. Onua Morris san de ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu wɔ afe 1979 mu sɛ daa kwampaefo. Bere a mmofra no fii sukuu ase no, ne yere nso kɔkaa ne ho wɔ akwampae adwuma no mu. Abusua no kɔsomee wɔ baabi a na mmoa ho hia kɛse wɔ Rhode Island ne North Carolina, a ɛwɔ United States. Wɔwɔ North Carolina no, Onua Morris somee sɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusini, na mmofra no nso de wɔn ho hyɛɛ daa akwampae adwuma no mu. Bere a Jesse ne Paul mu biara dii mfe 19 no, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn kɔɔ United States Betel. Saa bere no ara mu na Onua Morris fii ɔmansin adwuma no ase. Afei wɔ afe 2002 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ ɔne Susan kɔɔ United States Betel, na wofii wɔn dwumadi foforo yi ase wɔ August 1. Onua Morris yɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea a ɛwɔ Patterson no, na akyiri yi ɔkɔboaa Ɔsom Boayikuw a ɛhyɛ Sodikuw no ase no.

Wɔn a wɔka anuanom foforo baanu yi ho wɔ Sodikuw no mu ne C. W. Barber; J. E. Barr; S. F. Herd; M. S. Lett; G. Lösch; T. Jaracz; G. H. Pierce; A. D. Schroeder; D. H. Splane; ne D. Sydlik. Sodikuw no mufo yi nyinaa yɛ Kristofo a wɔasra wɔn.