Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahenni—Nniso Biara ne No Nsɛ

Onyankopɔn Ahenni—Nniso Biara ne No Nsɛ

Onyankopɔn Ahenni—Nniso Biara ne No Nsɛ

YESU KRISTO kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.’” (Mateo 6:9, 10) Mpaebɔ yi a nnipa pii frɛ no Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro, anaa Awurade Mpaebɔ no kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ mu.

Wɔnam Ahenni no so bɛtew Onyankopɔn din ho. Ahenni no beyi ahohorabɔ biara a esiane Satan ne onipa atuatew nti aba Onyankopɔn din so no afi hɔ. Eyi ho hia paa. Sɛ abɔde a wonim nyansa nyinaa benya anigye a, na egyina Onyankopɔn din a wobebu no kronkron na wɔafi wɔn pɛ mu agye ne tumidi atom no so.—Adiyisɛm 4:11.

Bio nso, wɔde Ahenni no asi hɔ na ‘ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro hɔ.’ Dɛn ne saa apɛde no? Ɛne sɛ wɔbɛsan asiesie abusuabɔ a ɛda Onyankopɔn ne adesamma ntam a Adam ma ɛsɛee no. Ahenni no bɛsan adi Yehowa, Amansan Hene no atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma asase adan paradise, beae a nnipa pa benya asetra mu anigye daa no ho dwuma. Yiw, Onyankopɔn Ahenni no beyi ɔhaw a efi bɔne mu bae no nyinaa afi hɔ na ama Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma asase no aba mu. (1 Yohane 3:8) Nokwarem no, nea Ahenni yi kyerɛ, ne nea ɛrebɛyɛ no, ne asɛm titiriw a ɛwɔ Bible no mu.

Akwan Bɛn so Na Nniso Biara ne No Nsɛ?

Onyankopɔn Ahenni no yɛ nniso ankasa a ɛwɔ tumi kɛse. Odiyifo Daniel ma yehuu sɛnea Ahenni no tumi te. Ɔka too hɔ tete no sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, . . . na ebebubu [nnipa] ahenni horow no nyinaa ama asã.” Bio nso, ɛnte sɛ nnipa nniso a ɛba nnɛ a na ɔkyena atwam no. Mmom no, “wɔrensɛe” Onyankopɔn Ahenni no da. (Daniel 2:44) Ɛnyɛ ɛno ara ni. Nnipa nniso biara ne Ahenni no nsɛ ɔkwan biara so.

Onyankopɔn Ahenni no wɔ Sodifo a ɔkyɛn so. Susuw onii ko a ɔyɛ Ɔhene no ho hwɛ. Wɔ “dae ne anisoade bi a” Daniel nyae mu no, ohui sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Sodifo no yɛ “obi a ɔte sɛ onipa ba” na wɔma obegyinaa Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn anim na wɔde “tumi ne anuonyam ne ahenni” a ɛbɛyɛ ne de daa maa no. (Daniel 7:1, 13, 14) Saa onipa Ba no nyɛ obiara sɛ Yesu Kristo—Mesia no. (Mateo 16:13-17) Yehowa Nyankopɔn paw n’ankasa Ba, Yesu, sɛ ɔnyɛ N’Ahenni no so Hene. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔka kyerɛɛ Farisifo no sɛ: “Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mfinimfini,” a ɛkyerɛ sɛ nea na ɔbɛyɛ Ahenni no so Hene daakye no wɔ wɔn ntam.—Luka 17:21.

Onipa bɛn na yebetumi de no atoto fata a Yesu fata sɛ Sodifo no ho ma ayɛ yiye? Yesu adi kan ada ne ho adi sɛ Ɔkannifo a ɔteɛ, ɔwɔ mmɔborohunu, na yebetumi de yɛn ho ato no so koraa. Nsɛmpa no ka Yesu ho asɛm sɛ ɔbarima a ɔyɛ nsi na bere koro no ara nso odwo na ɔwɔ tema. (Mateo 4:23; Marko 1:40, 41; 6:31-34; Luka 7:11-17) Bio nso, owu anaa nnipa mmerɛwyɛ biara nni Yesu a wɔanyan no no so tumi.—Yesaia 9:6, 7.

Yesu ne ne mfɛfo adedifo no fi beae a ɛkorɔn na edi tumi. Wɔ n’anisoadehu mu no, Daniel hui nso sɛ wɔde ‘ahenni ne tumi ama akronkronfo no.’ (Daniel 7:27) Ɛnyɛ Yesu nkutoo na obedi ade. Afoforo ka ne ho, na wobedi ade sɛ ahemfo ne asɔfo. (Adiyisɛm 5:9, 10; 20:6) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee wɔn ho asɛm sɛ: ‘Na mihui, na hwɛ! Oguammaa no gyina Sion Bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔatɔ wɔn afi asase so no ka ne ho.’—Adiyisɛm 14:1-3.

Oguammaa no ne Yesu Kristo a ɔwɔ n’Ahenni mu no. (Yohane 1:29; Adiyisɛm 22:3) Sion Bepɔw yi gyina hɔ ma ɔsoro. * (Hebrifo 12:22) Yesu ne ne mfɛfo 144,000 no fi soro na edi ade. Gyinabea a ɛkorɔn bɛn ara ni! Ɔsoro a wɔwɔ nti, wohu biribiara. Esiane sɛ ɔsoro na “Onyankopɔn Ahenni” no wɔ nti, wɔsan frɛ no “ɔsoro ahenni.” (Luka 8:10; Mateo 13:11) Akode biara, a nuklea akode mpo ka ho, rentumi nsɛe ɔsoro nniso yi da. Biribiara ntumi nsɛe no, na ebedi Yehowa atirimpɔw ho dwuma.—Hebrifo 12:28.

Onyankopɔn Ahenni no wɔ ananmusifo a wodi nokware wɔ asase so. Yɛyɛ dɛn hu eyi? Dwom 45:16 ka sɛ: ‘Wo na wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene.’ “Wo” a wɔde dii dwuma wɔ nkɔmhyɛ yi mu no gyina hɔ ma Onyankopɔn Ba, no. (Dwom 45:6, 7; Hebrifo 1:7, 8) Ne saa nti, Yesu Kristo ankasa na ɔbɛpaw ahene anaa mpanyimfo no sɛ n’ananmusifo. Yebetumi anya wɔn mu ahotoso sɛ wobedi n’akwankyerɛ akyi. Ɛnnɛ mpo wɔkyerɛkyerɛ mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo ahorow mu no sɛ ‘wonnni wɔn mfɛfo agyidifo so bakoma’ na mmom wɔmmɔ wɔn ho ban, nkyekye wɔn werɛ na ama wɔanya akomatɔyam.—Mateo 20:25-28; Yesaia 32:2.

Ahenni no di nnipa a wɔteɛ so. Wɔn a Ahenni no bedi wɔn so no yɛ nnipa a asɛm biara nni wɔn ho na wɔteɛ wɔ Onyankopɔn ani so. (Mmebusɛm 2:21, 22) Bible ka sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11) Nnipa a Ahenni no bedi wɔn so no brɛ wɔn ho ase, kyerɛ sɛ, wɔn aso yɛ mmerɛw, wodwo, na wɔnyɛ basabasa. Wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ hia wɔn sen biribiara. (Mateo 5:3) Wɔyɛ nneɛma a ɛteɛ, na wotie Onyankopɔn akwankyerɛ.

Onyankopɔn Ahenni wɔ mmara ahorow a ɛkyɛn so. Yehowa Nyankopɔn ankasa na ɔde Ahenni no ho mmara ne nnyinasosɛm ahorow ma. Sɛ́ anka ɛbɛhyɛ yɛn so no, yenya so mfaso mmom. (Dwom 19:7-11) Nnipa pii a wɔyɛ ade a Yehowa pɛ no nya so mfaso. Sɛ nhwɛso no, Bible mu afotu a okunu, ɔyere ne mma de bɔ wɔn bra no ma abusua asetra tu mpɔn. (Efesofo 5:33–6:3) Sɛ yedi ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnhyɛ ɔdɔ no’ so a, yɛne afoforo ntam abusuabɔ yɛ papa. (Kolosefo 3:13, 14) Bere a yɛde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɔ yɛn bra no, yenya adwumayɛ ho su pa, na ɛmma yɛn ani mmere sika. (Mmebusɛm 13:4; 1 Timoteo 6:9, 10) Asabow, nna mu ɔbrasɛe, tawanom, ne nnubɔnenom a yɛkwati no boa yɛn ma yenya akwahosan pa.—Mmebusɛm 7:21-23; 23:29, 30; 2 Korintofo 7:1.

Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso a Onyankopɔn de asi hɔ. Ɔhene a odi so, Mesia a ɔne Yesu Kristo no ne ne mfɛfo adedifo no wɔ asodi wɔ Onyankopɔn anim sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔde ne mmara a ɛteɛ ne Ne nnyinasosɛm a ɔdɔ wom no adi dwuma. Nnipa a Ahenni no bedi wɔn so, ne wɔn a wɔbɛyɛ n’ananmusifo wɔ asase so no de anigye di Onyankopɔn mmara so. Ade a ehia ahemfo no ne wɔn mamfo no titiriw ne sɛ wobetie Onyankopɔn. Ne saa nti, Ahenni no yɛ Onyankopɔn nniso. Akyinnye biara nni ho sɛ ebedi n’atirimpɔw ho dwuma. Nanso bere bɛn na Onyankopɔn Ahenni anaa Mesia Ahenni no fi ase di tumi?

Bere a Ahenni no Fi Ase Di Tumi

Ade a ɛbɛma yɛahu bere a Ahenni no fii ase dii tumi no gyina Yesu nsɛm a ɔkae yi so. Ɔkae sɛ: “Amanaman no betiatia Yerusalem so, kosi sɛ amanaman mmere a wɔahyɛ no bewie du.” (Luka 21:24) Saa bere no ná Yerusalem nkutoo ne kurow a ɛwɔ asase so a ɛne Onyankopɔn din wɔ abusuabɔ. (1 Ahene 11:36; Mateo 5:35) Ná ɛyɛ Onyankopɔn nniso a ɛwɔ asase so no ahenkurow. Ná amanaman no betiatia Yerusalem so, efisɛ na Onyankopɔn begyaw ne man no ma amanaman no adi wɔn so. Bere bɛn na na eyi befi ase?

Wɔka kyerɛɛ ɔhene a otwa to a ɔtraa Yehowa agua so wɔ Yerusalem no sɛ: “Wɔayi abotiten no na wɔapɔn ahemmotiri no, . . . de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.” (Hesekiel 21:25-27) Ná wɔbɛpɔn ahemmotiri no afi saa ɔhene no ti so, na na Onyankopɔn begyaw Ne nkurɔfo ama amanaman no adi wɔn so. Eyi sii wɔ afe 607 A.Y.B., bere a Babilonfo sɛee Yerusalem no. Wɔ “mmere a wɔahyɛ” a na ebedi hɔ mu no, na Onyankopɔn rennya nniso a ebesi n’ananmu wɔ asase so. Sɛ saa mmere no nya wie du a, na Yehowa de ahenni tumi no bɛma nea “atemmu wɔ no no”—Yesu Kristo. Saa mmere no tenten bɛyɛ ahe?

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Daniel no ka sɛ: “Montow dua no nsɛe no, nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, . . . nkosi sɛ mmere nson betwa ne tiri so.” (Daniel 4:23) Sɛnea yebehu no, “mmere nson” a wɔkaa ho asɛm wɔ ha no ne “amanaman mmere a wɔahyɛ no” tenten yɛ pɛ.

Wɔ Bible mu no, ɛtɔ mmere bi a, wɔde dua gyina hɔ ma ankorankoro, tumidi, ne ahenni ahorow. (Dwom 1:3; Yeremia 17:7, 8; Hesekiel, ti 31) Ná ‘wohu sɛnkyerɛnne kwan so dua yi wɔ asase so nyinaa.’ (Daniel 4:11) Enti tumidi a egyina hɔ ma dua a wotwa kyenee na wogyaw no mpokyerɛ mu no yɛ nnipa ahenni nyinaa a ‘ekoduu asase ano’ no. (Daniel 4:17, 20, 22) Enti dua no gyina hɔ ma Onyankopɔn amansan tumidi no, titiriw, wɔ ɛne asase no ntam abusuabɔ mu. Yehowa nam ahenni a ɔde sii hɔ wɔ Israel man mu no so daa ne tumidi adi wɔ asase so. Wotwaa sɛnkyerɛnne kwan so dua no kyenee na wɔde dade ne kɔbere kyekyeree ne dunsin no na amfefɛw. Eyi kyerɛ sɛ na Onyankopɔn tumi a odi wɔ asase so no to betwa, sɛnea ɛbae wɔ afe 607 A.Y.B. no—nanso na nneɛma bɛsesa akyiri yi. Ná dua no bɛka mpokyerɛ mu na “mmere nson” atwa ne tiri so. Sɛ mmere nson no ba n’awiei a, na Yehowa de tumidi no bɛma nea ɛsɛ no, Yesu Kristo. Ɛda adi sɛ “mmere nson” ne “amanaman mmere a wɔahyɛ no” tenten yɛ pɛ.

Bible no boa yɛn ma yehu “mmere nson” no tenten. Ɛkyerɛ sɛ nnafua 1,260 no yɛ “bere [biako] ne mmere [mmere abien, dodow kabea] ne bere fã”—a sɛ wɔka ne nyinaa bom a ɛyɛ mmere abiɛsa ne fã. (Adiyisɛm 12:6, 14) Eyi kyerɛ sɛ mmere abiɛsa ne fã ahorow abien anaa mmere nson no yɛ nnafua 2,520.

Sɛ yɛkan nnafua 2,520 ankasa fi afe 607 A.Y.B. mu a, ɛde yɛn ba afe 600 A.Y.B. Nanso mmere nson no kyɛ sen saa. Bere a Yesu kaa “amanaman mmere a wɔahyɛ” ho asɛm no, ná mmere nson no nnya mma awiei. Enti mmere nson no yɛ nkɔmhyɛ. Sɛ saa a, na ɛsɛ sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasode yi di dwuma: “Da koro nyɛ afe.” (Numeri 14:34; Hesekiel 4:6) Enti mmere nson a wiase tumi ahorow no de dii asase so tumi a Onyankopɔn amfa ne ho annye mu no yɛ mfe 2,520. Sɛ yɛkan mfe 2,520 fi afe 607 A.Y.B. mu a, ɛde yɛn ba afe 1914 Y.B. mu. Eyi ne afe a “amanaman mmere a wɔahyɛ no” anaa mmere nson no baa awiei. Eyi kyerɛ sɛ, Yesu Kristo fii ase dii tumi sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene wɔ afe 1914 mu.

“W’ahenni Mmra”

Esiane sɛ wɔde Mesia Ahenni no asi soro dedaw nti, so ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae sɛ ɛmmra sɛnea Yesu kyerɛe wɔ mpaebɔ ho nhwɛso mu no? (Mateo 6:9, 10) Yiw. Onyankopɔn Ahenni a yɛresrɛ sɛ ɛmmra no fata na ntease wom. Onyankopɔn Ahenni no bedi tumi koraa wɔ asase so daakye.

Sɛ Ahenni no fi ase di tumi wɔ asase so a, hwɛ nhyira ara a adesamma anokwafo benya! Bible ka sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Saa bere no, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Magurow’” anaasɛ meyare! (Yesaia 33:24) Wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no benya daa nkwa. (Yohane 17:3) Bere a yɛretwɛn sɛ Bible mu nkɔmhyɛ ahorow yi ne afoforo benya mmamu no, momma ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.’—Mateo 6:33.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Ɔhene Dawid a ɔtraa ase wɔ tete Israel no ko faa Sion Bepɔw a na ɛyɛ Yebusifo abannennen no de yɛɛ n’ahenkurow. (2 Samuel 5:6, 7, 9) Ɔsan de apam Adaka no kɔɔ hɔ. (2 Samuel 6:17) Esiane sɛ na Adaka no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ wɔn ntam nti, wɔde Sion yɛɛ ɔsoro a ɛyɛ Onyankopɔn trabea no ho sɛnkyerɛnne ma ɛfatae.—Exodus 25:22; Leviticus 16:2; Dwom 9:11; Adiyisɛm 11:19.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Yehowa apaw Yesu Kristo sɛ ɔnyɛ n’Ahenni no so Hene

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Mfe 2,520

October 607 ◀ A.Y.B. Y.B. ▸ October 1914

Mfe 606 ne asram abiɛsa Mfe 1,913 ne asram akron

“Amanaman mmere a wɔahyɛ no” fii ase wɔ afe 607 A.Y.B. na ɛbaa awiei wɔ afe 1914 Y.B.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nnipa a wɔbɛtra asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no benya nhyira pii