Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yentumi Nnyae Yesu Ho Asɛm Ka’

‘Yentumi Nnyae Yesu Ho Asɛm Ka’

“Ɛsɛ Sɛ Yetie Nyankopɔn Mmom Sen Nnipa”

‘Yentumi Nnyae Yesu Ho Asɛm Ka’

NÁ ƐYƐ afe 33 Y.B., na na beae no yɛ Yudafo asɛnnibea dan kɛse a ɛwɔ Yerusalem no. Ná Sanhedrin no atra ase rebedi Yesu Kristo akyidifo 12 asɛm. Dɛn ntia? Efisɛ na wɔreka Yesu ho asɛm. Na eyi ne ne mprenu so a asomafo Petro ne Yohane aba asɛnnibea yi anim. Asomafo a wɔaka no de, na eyi ne da a edi kan a wɔde wɔn aba asɛnnibea ha.

Ɔsɔfopɔn no twee asomafo 12 no adwene sii mmara a na asɛnnibea no adi kan ahyɛ no so. Bere a wɔka kyerɛɛ asomafo Petro ne Yohane sɛ wonnyae Yesu ho asɛm ka saa bere no, wobuae sɛ: “Sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yetie mo mmom sen Onyankopɔn a, mo ankasa mummua. Na yɛn mmom de, nea yɛate na yɛahu no, yentumi nnyae ho asɛm ka.” Bere a Yesu asuafo no bɔɔ mpae de hwehwɛɛ akokoduru wiei no, wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no.—Asomafo Nnwuma 4:18-31.

Bere a ɔsɔfopɔn no hui sɛ n’ahunahuna no ampusuw wɔn no, ɔkae wɔ asɛnni a ɛto so abien yi ase sɛ: “Yɛhyɛɛ mo denneennen sɛ monnkyerɛkyerɛ edin yi mu bio, nanso, hwɛ! mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem mã, na moabɔ mo tirim sɛ mode onipa yi mogya bɛba yɛn so.”—Asomafo Nnwuma 5:28.

Wosii Wɔn Bo Denneennen

Petro ne asomafo a wɔaka no de akokoduru buae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo Nnwuma 5:29) Nokwarem no, sɛ nea nnipa pɛ sɛ yɛyɛ ne Yehowa mmara nhyia a, ɛsɛ sɛ yetie Yehowa mmom sen nnipa. *

Ná anka ɛsɛ sɛ Sanhedrin no mufo gye asɛm a asomafo no kae a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wodi nokware ma Onyankopɔn no tom. Sɛ wobisaa Yudafo akannifo no sɛ wobetie Onyankopɔn a, anka ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa ano kɔ bɛnkoro mu sɛ: ‘Yebetie Nyankopɔn.’ Nokwarem no, so na wonnye nni sɛ Onyankopɔn ne Amansan Hene no?

Petro gyinaa asomafo no nyinaa ananmu kae sɛ, ɛdefa wɔn som adwuma ho de, wotie Onyankopɔn mmom sen nnipa. Enti asɛm a ɔkae yi ma ɛdaa adi sɛ sobo a wɔde bɔɔ asomafo no sɛ wɔantie Sanhedrin no yɛ atoro. Esiane ɔman no abakɔsɛm nti, na Sanhedrin no mufo nim sɛ ɛtɔ bere bi a, na ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ wotie Onyankopɔn mmom sen nnipa. Awogyefo baanu bi a na wɔwɔ Misraim no de mmarima a Hebrifo mmea woo wɔn no siei de kyerɛe sɛ wosuro Nyankopɔn mmom, na ɛnyɛ Farao. (Exodus 1:15-17) Bere a Ɔhene Sanaherib hyɛɛ Ɔhene Hesekia sɛ ɔmmɛhyɛ n’ase no, wantie no, na mmom otiee Yehowa. (2 Ahene 19:14-37) Hebri Kyerɛwnsɛm a na Sanhedrin no mufo nim mu asɛm no si so dua sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo betie no.—1 Samuel 15:22, 23.

Osetie So Akatua

Ɛda adi sɛ asɛm a asomafo no kae sɛ, “ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa” no kaa Sanhedrin no muni bi koma. Ná nkurɔfo bu Gamaliel a ɔyɛ ɔtemmufo wɔ Sanhedrin no mu no paa. Bere a ɛkaa ɔne Sanhedrin no mufo nkutoo no, ɔmaa wɔn afotu pa bi. Gamaliel twee adwene sii nsɛm bi a na asisi so kae sɛ nyansa nnim sɛ wɔde wɔn ho begye asomafo no adwuma mu. Owiee n’asɛm no sɛ: “Mommfa mo ho nnhyehyɛ wɔn nsɛm mu, munyaa wɔn; . . . anyɛ saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea mo ne Nyankopɔn ankasa na ɛreko.”—Asomafo Nnwuma 5:34-39.

Afotu pa a Gamaliel de maa asɛnnibea no mufo no ma wogyaee asomafo no. Ɛwom sɛ wɔhwee asomafo no de, nanso eyi ammɔ wɔn hu koraa. Mmom no, Bible ka sɛ: “Wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe kaa Kristo Yesu ho asɛmpa wɔ asɔrefie ne afie mu daa a wɔannyae.”—Asomafo Nnwuma 5:42.

Esiane sɛ asomafo no kɔɔ so kae sɛ ɛsɛ sɛ wotie Onyankopɔn sen obiara nti, hwɛ nhyira ara a wonyae! Ɛnnɛ nokware Kristofo kura adwene koro yi ara bi. Yehowa Adansefo bu Yehowa sɛ ɔno ne wɔn Sodifo Pumpuni. Sɛ wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ biribi a etia Onyankopɔn mmara a, wɔka asɛm a asomafo no kae yi bi: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Hwɛ 2006 Calendar of Jehovah’s Witnesses, September/October.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

SO WOADWEN HO PƐN?

Ɛyɛɛ dɛn na Bible kyerɛwfo Luka nyaa Gamaliel nsɛm a ɔne Sanhedrin no mufo nkutoo susuw ho no? Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na oyii Gamaliel nsɛm no kyerɛɛ Luka. Ebetumi aba nso sɛ, Paulo (a osuaa ade wɔ Gamaliel nan ase no) na ɔkaa Gamaliel asɛm no kyerɛɛ Luka. Anaasɛ ebia Luka kohuu Sanhedrin no muni bi a na ɔne asomafo no yɛ adwene.