Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmebusɛm Nhoma no mu Nsɛntitiriw

Mmebusɛm Nhoma no mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Mmebusɛm Nhoma no mu Nsɛntitiriw

TETE Israel hene Salomo ‘bubuu mmɛ mpensa.’ (1 Ahene 4:32) So yenim baabi a ne nsɛm a nyansa wom no wɔ? Yiw, yenim. Salomo Mmɛ no pii wɔ Bible nhoma a wɔfrɛ no Mmebusɛm a wɔkyerɛw wiei wɔ bɛyɛ afe 717 A.Y.B. mu no mu. Ti abien a etwa to no nkutoo na wɔkyerɛ sɛ Yake ba Agur ne ɔhene Lemuel kyerɛwee. Nanso, ebinom susuw sɛ Lemuel yɛ Salomo din foforo.

Nsɛm a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no kura atirimpɔw abien—“sɛ wɔmfa nhu nyansa ne nteɛso.” (Mmebusɛm 1:2) Nsɛm yi boa yɛn ma yenya nyansa, ade a ɛma yehu nneɛma mu yiye na ɛma yɛde nimdeɛ a yɛwɔ no di nsɛnnennen ho dwuma. Yɛnam ɛno so nso nya nteɛso, anaa abrabɔ pa ho ntetee. Mmebusɛm no a yɛbɛyɛ aso atie na yɛde mu afotu adi dwuma no betumi aka yɛn koma, ɛbɛma yɛanya anigye, na asi yɛn yiye.—Hebrifo 4:12.

‘NYA NYANSA NA SO NTEƐSO MU’

(Mmebusɛm 1:1–9:18)

Salomo ka sɛ “Nyansa teɛm mmorɔn so.” (Mmebusɛm 1:20) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie ne nteɛm a emu da hɔ no? Ti 2 no ma yehu sɛ mfaso pii wɔ nyansa a yebenya so. Wɔaka sɛnea yebetumi abɛn Yehowa ho asɛm wɔ ti 3. Afei Salomo ka sɛ: “Nyansa ne ade titiriw: Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhumu. So nteɛso mu dennen, nnyaa mu.”—Mmebusɛm 4:7, 13.

Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛamfa yɛn ho anhyɛ wiase no ɔbrasɛe mu? Mmebusɛm ti 5 bua sɛ: Yennya adwempa, na yenhu sɛnea wiase no de nna ho akɔnnɔ twetwe nnipa no. Afei nso, susuw awerɛhosɛm a ɔbrasɛe de ba no ho hwɛ. Ti a edi hɔ no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ su ne nneyɛe a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam no ho. Ti 7 no kyerɛkyerɛ sɛnea obi a ne bra asɛe yɛ n’ade mu. Wɔka sɛnea nyansa som bo na ɛso wɔ mfaso ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛhyɛ nkuran so wɔ ti 8. Ti 9 a ɛde mmebusɛm ti 1 kosi ti 8 no mu nsɛm ba awiei anigye so no de mfatoho a ɛhyɛ nkuran ma sɛ yɛnhwehwɛ nyansa.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:7; 9:10—Ɔkwan bɛn so na Yehowa suro yɛ “nimdeɛ mfiase” ne “nyansa mfiase”? Yɛrentumi nkwati Yehowa ho suro nnya nimdeɛ, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa na ɔno ara ne Bible no Kyerɛwfo. (Romafo 1:20; 2 Timoteo 3:16, 17) Ne nkyɛn na nokware nimdeɛ nyinaa fi. Enti, nimdeɛ mfiase ne sɛ obi benya Yehowa ho suro pa. Onyankopɔn ho suro nso yɛ nyansa mfiase, efisɛ sɛ obi annya nimdeɛ a ɔrentumi nnya nyansa. Bio nso, obi a onni Yehowa ho suro no remfa ne nimdeɛ nhyɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam.

5:3—Dɛn nti na wɔfrɛ tuutuuni sɛ “ɔbea nanani”? Mmebusɛm 2:16, 17 kyerɛ “ɔbea nanani” ase sɛ obi a “ne werɛ afi ne Nyankopɔn apam.” Ná wɔfrɛ obiara a ɔsom atoro anyame anaa ɔyɛ ne ho sɛ onnim Mose Mmara no, a tuutuuni nso ka ho no ɔnanani.—Yeremia 2:25; 3:13.

7:1, 2—Dɛn na ɛka “me nsɛm” ne “me mmara nsɛm” no ho? Bible nkyerɛkyerɛ akyi no, mmara a awofo hyehyɛ wɔ abusua mu ma ɛboa abusua no mufo ka eyinom ho. Ɛsɛ sɛ mmofra di mmara yi ne Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ a wɔn awofo de ma wɔn no nso so.

8:30—Hena ne [“odwumayɛni a ne ho akokwaw, NW]” no? Nyansa a wɔka ho asɛm sɛ nipa no frɛ ne ho odwumayɛni a ne ho akokwaw. Eyi nyɛ biribi a wɔde rekyerɛkyerɛ nyansa mu ara kwa, mmom, nyansa a wɔka ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so yi fa Onyankopɔn abakan, Yesu Kristo, a na onnya mmɛyɛɛ onipa no ho. Bere tenten ansa na wɔrewo no wɔ asase so no, ‘Onyankopɔn bɔɔ no de fii n’adwuma ase.’ (Mmebusɛm 8:22) Sɛ́ “odwumayɛni a ne ho akokwaw” no, ɔne n’Agya boom bɔɔ nneɛma nyinaa.—Kolosefo 1:15-17.

9:17—Dɛn ne “nsu a wowia” no, na dɛn nti na ɛyɛ “fremfrem”? Esiane sɛ Bible de nna mu anigye a awarefo nya toto abura mu nsu a ɛyɛ dɛ ho nti, nsu a wowia no kyerɛ aguaman a wɔbɔ wɔ sum ase. (Mmebusɛm 5:15-17) Adwene a ɛwɔ akyi a ɛne sɛ wɔyɛ no sum ase no na ɛma nsu a ɛte saa yɛ te sɛ nea ɛyɛ fremfrem no.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:10-14. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma abɔnefo amfa ahode a yebenya annaadaa yɛn na yɛankodi wɔn akyi.

3:3. Ɛsɛ sɛ yɛma adɔe ne nokware som yɛn bo, na yɛma nnipa nyinaa hu te sɛ nea yɛde kɔnmuade to yɛn kɔn mu no. Ɛho hia sɛ yɛkyerɛw gu yɛn koma so nso ma ɛbɛyɛ yɛn su.

4:18. Yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛte sɛ hann no nkakrankakra. Sɛ yɛbɛkɔ so atra hann no mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase na yɛda odwo adi.

5:8. Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a ebetumi asɛe yɛn bra nyinaa ho koraa, sɛ ebia ɛnam nnwom, anigyede, Intanɛt, anaa nhoma ahorow so no.

5:21. So obi a ɔdɔ Yehowa bɛyɛ biribi a ɛbɛma n’ani agye bere tiaa mu de asɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ pa? Dabida! Ade titiriw a ɛbɛboa ma yɛakɔ so abɔ bra pa ne nim a yenim sɛ Yehowa hu yɛn akwan na yebebu yɛn nneyɛe ho akontaa akyerɛ no no.

6:1-5. Hwɛ afotu pa ara a Bible mu asɛm yi de ma yɛn wɔ ahwɛyiye a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ obi ‘akyi a yebegyinaanaa afoforo a yebedi wɔn akagyinam a nyansa nnim ho! Sɛ yɛhwehwɛ mu yiye hu sɛ nyansa nnim sɛ yebegyina obi akyi wɔ saa kwan no so a, ntɛm ara ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ kɔkotow yɛn yɔnko no’ srɛ no na yɛyɛ nea yebetumi biara de yi yɛn ho fi mu.

6:16-19. Ɛkame ayɛ sɛ nneɛma ason a wɔaka ho asɛm yi fa bɔne biara ho. Ɛsɛ sɛ yɛtan subammɔne yi.

6:20-24. Sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm tete obi a, ebetumi abɔ ne ho ban na wamfa ne ho ankɔhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. Ɛnsɛ sɛ awofo bu wɔn ani gu ntetee a ɛte saa a wɔde bɛma wɔn mma no so.

7:4. Ɛsɛ sɛ yɛne nyansa ne nhumu fa adamfo.

ABEBUSƐM AHOROW BI A ƐBƐKYERƐ YƐN KWAN

(Mmebusɛm 10:1–29:27)

Salomo mmɛ a aka no yɛ nsɛm ntiantia a ɛtɔ asom. Dodow no ara yɛ ntotoho ne nsɛdi, na ɛma yenya kasa, suban ne yɛn nneyɛe ho asuade a mfaso wɔ so.

Ti 10 kosi 24 no si mfaso a ɛwɔ Yehowa ho suro pa a yebenya so dua. “Yuda hene Hesekia nnipa” na wɔfaa Salomo mmebusɛm a ɛwɔ ti 25 kosi 29 no kyerɛwee. (Mmebusɛm 25:1) Mmebusɛm yi kyerɛ yɛn sɛnea yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so, na ɛma yenya asuade afoforo a ɛho hia.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

10:6—Ɛyɛ dɛn na ‘abɔnefo ano kata amumɔyɛ so’? Nea ebetumi ama aba saa ne sɛ, abɔnefo nam wɔn adɔkɔdɔkɔsɛm so kata adwemmɔne a wɔwɔ wɔ afoforo ho no so. Anaa ebetumi aba nso sɛ esiane sɛ nnipa mpɛ abɔnefo asɛm nti, dimmɔne a afoforo bɔ wɔn no ma wɔn ano dwo.

10:10—Ɔkwan bɛn so na ‘nea obu n’ani no’ ma obi di yaw? Ɛnyɛ “ano kɔntɔnkye” nko na ebia “onipa huhuw” nam so kasa, na mmom otumi ‘bu n’ani’ nso na obi anhu adwene a okura. (Mmebusɛm 6:12, 13) Ɔkwan a ɛte saa a wɔfa so daadaa obi no tumi ma ɔyɛ basaa.

10:29—Dɛn ne ‘Yehowa akwan’? Eyi mfa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ho na mmom ɛfa sɛnea Yehowa ne nnipa di nsɛm ho. Sɛnea Onyankopɔn ne adesamma di nsɛm no ma atreneefo nya ahobammɔ, na ɛde ɔsɛe ba abɔnefo so.

11:31—Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wotua ɔbɔnefo ka sen ɔtreneeni? Akatua a wɔka ho asɛm wɔ ha yi yɛ asotwe a wɔde ma wɔn mu biara. Sɛ ɔtreneeni yɛ bɔne a, akatua a onya ne nteɛso. Ɔbɔnefo boapa yɛ bɔne na onnu ne ho, ma enti ɔfata asotwe a emu yɛ den, na wɔde ma no.

12:23—Dɛn na obi yɛ de “kora nimdeɛ” so? Nimdeɛ a obi kora so no nkyerɛ sɛ ɔnna no adi koraa. Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔnam anifere kwan so da no adi, na ɔmfa nhoahoa ne ho.

18:19—Ɛyɛ dɛn na “onua a wɔafom no sen kurow dennen”? Ebia onipa a ɔte saa no rempɛ sɛ ɔde mfomso kyɛ te sɛ nea asraafo twa kurow dennen ho hyia no. Onua a wɔafom no no ne nea odii mfomso no ntam mansotwe mu tumi yɛ den te sɛ “abankɛse akyi adaban.”

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

10:11-14. Sɛ nsɛm a yɛka bɛhyɛ nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛde nokware nimdeɛ hyɛ yɛn adwene mu, yɛma ɔdɔ hyɛ yɛn koma ma, na yebue yɛn ano nyansam.

10:19; 12:18; 13:3; 15:28; 17:28. Ɛnsɛ sɛ yɛkasa pii, na ɛsɛ sɛ yɛdwen nsɛm ho ansa na yɛaka.

11:1; 16:11; 20:10, 23. Yehowa pɛ sɛ yedi nokware wɔ adwuma a yɛyɛ mu.

11:4. Nyansa nnim sɛ yebegyaw Bible adesua a yɛn ankasa bɛyɛ, asafo nhyiam a yɛbɛkɔ, mpaebɔ, ne asɛnka hɔ akɔhwehwɛ ahonyade.

13:4. Ɛnnɔɔso sɛ obi “kɔn dɔ” sɛ obenya ɔsom hokwan wɔ asafo no mu anaa obenya asetra wɔ wiase foforo no mu. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛde nsi bɔ yɛn ho mmɔden du ɛho ahwehwɛde ho.

13:24; 29:15, 21. Ɔwofo a ɔdɔ ne ba nhyɛ no abahyɛbɔne anaa ommu n’ani ngu ne mfomso so. Mmom no, agya anaa ɛna teɛ ne ba so ntɛm ansa na subammɔne a ɛte saa agye ntini wɔ ne mu.

14:10. Esiane sɛ nea ɔda ne gya na onim sɛnea ɛhyehye no fa nti, awerɛkyekye a afoforo betumi de ama yɛn no remmoa yɛn ahe biara. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa nkutoo so de gyina yɛn nsɛnnennen no bi ano.

15:7. Sɛnea okuafo mfa n’aba nyinaa ngu faako no, saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛka nea yenim nyinaa kyerɛ obi prɛko pɛ. Onyansafo pete ne nimdeɛ nkakrankakra sɛnea ɛho behia.

15:15; 18:14. Sɛ yɛkɔ so nya adwempa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya anigye wɔ tebea a emu yɛ den mu mpo.

17:24. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ yɛn ade te sɛ “ɔkwasea” a ɔmfa n’adwene nsi nneɛma a ɛho hia so, na mmom n’ani ne n’adwene kyinkyin no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nhumu na yɛatumi ayɛ yɛn ade nyansam.

23:6-8. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ahɔhoyɛ a emfi komam ho.

27:21. Ayeyi betumi ama wɔahu nnipa kõ a yɛyɛ. Sɛ ayeyi no ka yɛn ma yehu sɛnea yɛdan Yehowa, na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so som no a, ɛma ɛda adi sɛ yɛwɔ ahobrɛase. Sɛ ayeyi ma yɛte nka sɛ yɛkorɔn sen afoforo a, na ɛkyerɛ sɛ yenni ahobrɛase.

27:23-27. Mmebusɛm yi de sɛnea wɔyɛ adwumaden hwɛ mmoa so no kyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfo na yɛama yɛn ani asɔ nea yɛwɔ wɔ asetra mu no mu. Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn koma ma yehu hia a ehia sɛ yɛde yɛn ho to Nyankopɔn so. *

28:5. Sɛ yɛnam mpaebɔ so ‘hwehwɛ Yehowa akyi kwan’ na yesua n’Asɛm a, yebetumi ahu nea ɛbɛma yɛasom no nokwarem no nyinaa.

NSƐM A EMU YƐ DURU

(Mmebusɛm 30:1–31:31)

Bible nhoma a wɔfrɛ no Mmebusɛm no de “nsɛm a emu yɛ duru” abien na ewie nhoma no. (Mmebusɛm 30:1; 31:1, NW) Agur yɛ ntotoho a ɛma yɛdwen nsɛm ho de kyerɛkyerɛ sɛnea biribiara nsɔ oniberefo ani mu, na ɔma yehu sɛnea ɔbarima tumi fa anifere kwan so daadaa ababaa. * N’asɛm no san bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ahomaso ne abufuw ho.

Bobesa ne mmosa ho afotu pa ne sɛnea wobu atɛntrenee ho asɛm ka asɛm a emu yɛ duru a Lemuel maame ka kyerɛɛ no no ho. Asɛm a edi so yi na ɔde wiee ɔyere pa ho asɛm no: “Momma no ne nsa ano aba bi, na ne nneyɛe nyi no ayɛ.”—Mmebusɛm 31:31.

Nya nyansa, gye nteɛso tom, nya Onyankopɔn ho suro pa, na fa wo ho to Yehowa so. Asuade a mfaso wɔ so a ɛwɔ mmebusɛm a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no mu bɛn ara ni! Ɛsɛ sɛ yɛde afotu a ɛwom no di dwuma, na yɛanya anigye a “onipa a osuro [Yehowa, NW]” wɔ no bi.—Dwom 112:1.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Hwɛ August 1, 1991, Ɔwɛn-Aban, kratafa 31.

^ nky. 14 Hwɛ July 1, 1992, Ɔwɛn-Aban, kratafa 31.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Nokware nimdeɛ nyinaa fi Yehowa

[Mfonini wɔ kratafa 18]

‘Nimdeɛ a yɛbɛpete’ no kyerɛ dɛn?