Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Wo Tɛkrɛma So Fa Da Ɔdɔ Ne Obu Adi

Di Wo Tɛkrɛma So Fa Da Ɔdɔ Ne Obu Adi

Di Wo Tɛkrɛma So Fa Da Ɔdɔ Ne Obu Adi

“Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere te sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”—EFESOFO 5:33.

1, 2. Asɛm a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo nyinaa bisa wɔn ho, na dɛn ntia?

FA NO sɛ wo nsa aka akyɛde bi a wɔakyekyere ho fɛfɛɛfɛ a wɔakyerɛw ho sɛ: “So Mu Yiye.” Dɛn na wobɛyɛ wɔ ho? Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛhwɛ so yiye na ansɛe. Na akyɛde a ɛne aware no nso ɛ?

2 Israelni kunafo Naomi ka kyerɛɛ Orpa ne Rut sɛ: “[Yehowa, NW] mma munnya atraye mo kununom fi.” (Rut 1:3-9) Bible ka ɔyere pa ho asɛm sɛ: “Ofi ne ahode yɛ agyanom awunnyade, na ɔyere nimdefo fi [Yehowa, NW].” (Mmebusɛm 19:14) Sɛ woaware a, ɛsɛ sɛ wubu wo hokafo sɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama wo. Dɛn na woreyɛ wɔ akyɛde a Onyankopɔn de ama wo no ho?

3. Paulo afotu bɛn na ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom de di dwuma?

3 Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no, ɔkae sɛ: “Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere te sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.” (Efesofo 5:33) Susuw sɛnea okununom ne ɔyerenom betumi de afotu yi adi dwuma wɔ wɔn kasa mu no ho hwɛ.

Hwɛ Yiye wɔ “Ade Bɔne a Wobɔ So a Ɛmmɔ” no Ho

4. Tumi bɛn na tɛkrɛma no wɔ?

4 Bible kyerɛwfo Yakobo ka sɛ tɛkrɛma yɛ “ade bɔne a wobɔ so a ɛmmɔ, na awuduru ahyɛ no mã.” (Yakobo 3:8) Ná Yakobo nim saa nokwasɛm yi: Anoɔyaw tumi sɛe ade. Akyinnye biara nni ho sɛ na onim Bible mu abebusɛm a ɛde nsɛm a wotu no bumbum toto “nkrante nwowɔe” ho no. Nanso, abebusɛm koro no ara ka sɛ “onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Nokwarem no, yɛn anom nsɛm wɔ tumi kɛse. Ebetumi apira anaa asa obi yare. So w’anom asɛm yɛ wo hokafo dɛ? Sɛ wubisa no a, mmuae bɛn na ɔde bɛma wo?

5, 6. Nneɛma bɛn na ɛma ɛyɛ den sɛ ebinom bedi wɔn tɛkrɛma so?

5 Sɛ wuhu sɛ w’ano reyɛ yaw wɔ wo hokafo so a, ɛno nkyerɛ sɛ woyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye. Nanso, egye mmɔdenbɔ. Dɛn ntia? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, yɛtɔ sin. Bɔne a yenya fii awo mu no ma yenya afoforo ho adwene a ɛmfata, na ɛmma yɛnka wɔn ho asɛm pa. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa nipa no yɛ pɛ a otumi to ne nipadua mũ no nyinaa nso nnareka.”—Yakobo 3:2.

6 Nnipa sintɔ akyi no, abusua a obi fi mu nso tumi ma n’ano yɛ yaw. Wɔtetee ebinom wɔ mmusua a awofo no yɛ nnipa a “wontumi ne wɔn nyɛ apam, . . . wontumi nni wɔn ho so, . . . [na] wɔyɛ keka” mu. (2 Timoteo 3:1-3) Sɛ mmofra a wɔtetee wɔn wɔ mmusua a ɛte saa mu no nyinyin bɛyɛ mpanyimfo a, wɔtaa da su koro no ara bi adi. Nokwarem no, nnipa sintɔ anaa ntetee pa a obi annya no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ n’ano yɛ yaw. Nanso, sɛ yehu saa nneɛma yi a, ɛboa yɛn ma yɛte nea enti a ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobedi wɔn tɛkrɛma so wɔ anoɔyaw ho no ase.

‘Munyi Dinsɛe Ngu’

7. Bere a Petro ka kyerɛɛ Kristofo sɛ ‘wonyi dinsɛe biara ngu’ no, na ɔrepɛ akyerɛ dɛn?

7 Ɛmfa ho nea ɛma obi ano yɛ yaw wɔ aware mu no, ebetumi akyerɛ sɛ ommu ne hokafo, na ɔnnɔ no. Ɛno nti na Petro ka kyerɛɛ Kristofo sɛ ‘wonyi dinsɛe biara ngu’ no. (1 Petro 2:1) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “dinsɛe” no kyerɛ “atɛnnidi.” Adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ ‘woretutu nsɛm ma obi.’ Eyi ma yehu sɛnea anoɔyaw te ankasa!

8, 9. Dɛn na atɛnnidi betumi de aba, na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ awarefo didi wɔn ho atɛm?

8 Ebia woremfa atɛnnidi aniberesɛm, nanso susuw nea efi mu ba bere a okunu anaa ɔyere ka nsɛm a ɛte saa no ho hwɛ. Obi hokafo a ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ɔyɛ ogyimfo, ɔkwadwofo anaa ɔnwene afoforo ho no betumi akyerɛ sɛ obu ne hokafo no nipahunu ankasa. Eyi yɛ atirimɔdensɛm. Na yɛn hokafo sintɔ a yɛbɛhããhãã yɛn ani aka ho asɛm nso ɛ? Sɛ yɛka nsɛm bi te sɛ “Wode daa woka akyi” anaa “Menkaa asɛm ma wuntiee da” a, na yɛreyɛ ade ma atra so. Sɛ woyɛ saa a, wo hokafo no nso bɛbɔ mmɔden sɛ obeyi ne ho ano, na ɛno betumi akɔfa akasakasa a emu yɛ den aba.—Yakobo 3:5.

9 Sɛ wode anoɔyaw bɔ nkɔmmɔ a, ɛsɛe aware mu anigye, na eyi nso betumi de ɔhaw a emu yɛ den aba. Mmebusɛm 25:24 ka sɛ: “Ɔdan atifi kokoam tra ye sen sɛ wo ne ɔbea tutupɛfo bɛtra ɔdan mu.” Nokwarem no, yebetumi aka saa ara afa okunu tutupɛfo nso ho. Bere rekɔ so no, nsɛm a ɛwowɔ a awarefo ka kyerɛ wɔn ho no betumi asɛe wɔn ntam abusuabɔ, na ebia ɛbɛma okunu anaa ɔyere no ani atan na wate nka sɛ ne hokafo nnɔ no. Ɛda adi sɛ ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn tɛkrɛma yiye. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

To Wo Tɛkrɛma Nnareka’

10. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wudi wo tɛkrɛma so?

10 Yakobo 3:8 ka sɛ: “Tɛkrɛma de, ɔdesani biara ntumi nnwudwo no.” Nanso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden to yɛn tɛkrɛma nnareka. “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma a, onipa a ɔte saa no som yɛ kwa.” (Yakobo 1:26; 3:2, 3) Asɛm yi kyerɛ sɛ, sɛnea wode wo tɛkrɛma di dwuma no yɛ aniberesɛm. Ɛnyɛ wo hokafo nkutoo na ɛka no; ɛka wo ne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ.—1 Petro 3:7.

11. Dɛn na awarefo betumi ayɛ na amma wɔn adwene a enhyia wɔ asɛm bi ho no annan akyinnyegye denneennen?

11 Nyansa wom sɛ wohwɛ sɛnea wokasa kyerɛ wo hokafo yiye. Sɛ asɛm bi a ɛyɛ den sɔre a, bɔ mmɔden sɛ wobɛma tebea no ano abrɛ ase. Susuw tebea bi a ɛsɔree wɔ Isak ne ne yere Rebeka asetram a ɛho asɛm wɔ Genesis 27:46–28:4 no ho hwɛ. “Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmabea nti m’asetra afono me. Sɛ Yakob kɔware yere Het mmabea mu, sɛ eyinom, wɔ asase yi so mmabea mu a, nkwa yɛ dɛn na ɛma me?” Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Isak didii Rebeka atɛm. Mmom no, ɔmaa wɔn babarima Yakob fii hɔ kɔhwehwɛɛ ɔyere a osuro Onyankopɔn a ɔhwɛ a na ɛrenhaw Rebeka. Sɛ ɛba sɛ okunu ne ɔyere adwene nhyia wɔ asɛm bi ho, na wɔamfa mfomso no anto baako so, na mmom wɔka nea asi no ho asɛm a, ɛremma asɛm no nnan akyinnyegye denneennen. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ anka wobɛka sɛ, “Wunnyaa bere mmaa me da!” no, dɛn nti na wonka sɛ “Me yam a anka yetumi bom yɛ nneɛma pii”? Ka ɔhaw no ho asɛm na ɛnyɛ onipa no. Kwati sɛ wobɛkyerɛ nea n’asɛm yɛ dɛ ne nea n’asɛm nyɛ dɛ. Romafo 14:19 ka sɛ: “Yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn ho yɛn ho den akyi.”

Munyi ‘Nsɛm a Ɛyɛ Yaw, Bobɔne ne Abufuw Mfi Mo Mu’

12. Sɛ yebedi yɛn tɛkrɛma so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae, na dɛn ntia?

12 Ɛnyɛ nea yɛn tɛkrɛma a yebedi so kyerɛ ara ne sɛ yɛbɛhwɛ yɛn kasa yiye. Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm a yɛka no kyerɛ nea yɛdwen ho wɔ yɛn koma mu ankasa. Yesu kae sɛ: “Onipa pa fi adepa a wakora so ne koma mu yi adepa adi, nanso ɔbɔnefo fi nnebɔne a wakora so mu yi adebɔne adi; efisɛ nea ayɛ koma mã aboro so no na n’ano ka.” (Luka 6:45) Enti, sɛ wubedi wo tɛkrɛma so a, ɛho behia sɛ wobɔ mpae sɛnea Dawid yɛe no: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.”—Dwom 51:10.

13. Dɛn na ɛma nsɛm a ɛyɛ yaw, bobɔne ne abufuw kowie kasatia mu?

13 Paulo hyɛɛ Efesofo no nkuran sɛ ɛnyɛ anoɔyaw nko na ɛsɛ sɛ wogyae, na mmom nea ɛde anoɔyaw ba no nso. Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma wonyi nsɛm a ɛyɛ yaw nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne ade bɔne biara.” (Efesofo 4:31) Hyɛ no nsow sɛ, ansa na Paulo reka “nkekawmu ne kasatia” ho asɛm no, na waka ‘nsɛm a ɛyɛ yaw, bobɔne ne abufuw’ ho asɛm dedaw. Sɛ obi de asɛm hyɛ ne mu kyɛ a, ɛhyɛ no ma ɔka nsɛm a ɛyɛ yaw. Enti bisa wo ho sɛ: ‘So me de asɛm hyɛ me mu? So meyɛ “ɔbobɔnefo” anaa obi a ne koko haw no?’ (Mmebusɛm 29:22) Sɛ wote saa a, ɛnde bɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa wo na di mmerɛwyɛ yi so, na hyɛ wo ho so na wo bo amfuw. Dwom 4:4 ka sɛ: “Mo bo huru a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo komam wɔ mo dabere, na monyɛ komm.” Sɛ wo bo reyɛ afuw, na wuhu sɛ wuntumi nhyɛ wo ho so a, tie afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 17:14 yi: “Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.” Fi hɔ kakra kosi sɛ nneɛma ano bedwo.

14. Sɛ obi de asɛm hyɛ ne mu a, ebetumi aka n’aware dɛn?

14 Sɛ “nsɛm a ɛyɛ yaw” a Paulo kaa ho asɛm no na ɛde abufuw no bae a, ɛyɛ den sɛ wobɛhyɛ wo ho so. Wɔkyerɛ Hela asɛmfua a Paulo de dii dwuma wɔ ha no ase sɛ, “sɛ́ obi de asɛm hyɛ ne mu na ɔmpɛ sɛ osiesie” anaa ‘obi a ɔboaboa afoforo mfomso a wɔyɛ tia no ano.’ Ɛtɔ da bi a, nitan tumi da okunu ne ɔyere ntam te sɛ ɔfasu, na etumi tra hɔ kyɛ. Sɛ asɛm bi hyɛ wɔn ntam na wɔanka ho asɛm ma ansi a, ɛma womunamuna wɔn ho. Nanso, mfaso biara nni so sɛ wode mfomso a atwam bɛhyɛ wo mu. Nea ebesi asi awie. Sɛ wode asɛm kyɛ a, na womfaa hwee nkyɛe. Ɔdɔ mfa “bɔne nhyɛ ne mu.”—1 Korintofo 13:4, 5.

15. Dɛn na ɛbɛboa wɔn a wɔn ano yɛ yaw no ma wɔasesa wɔn su?

15 Na sɛ abusua a wɔtetee wo wom mufo ano yɛ yaw ma abɛyɛ wo su nso ɛ? Wubetumi ayɛ nsakrae. Woatumi ahyɛ wo ho so dedaw wɔ nneɛma ahorow bi mu wɔ w’asetra mu a biribiara ntumi nsesa w’adwene wɔ ho. So wubetumi ahyɛ wo ho so saa ara wɔ wo kasa mu nso? Sɛ wuhu sɛ woreyɛ akasa atia wo hokafo a, wubetwa so? Ɛsɛ sɛ wode asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:29 yi yɛ adwuma: “Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom.” Eyi hwehwɛ sɛ ‘wuyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe gu, na wohyɛ nipasu foforo a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo sɛnea Onii a ɔbɔe no suban te’ no.—Kolosefo 3:9, 10.

Ɛho Hia sɛ Mobom Susuw Nsɛm Ho

16. Dɛn nti na akayɛ betumi asɛe awarefo ntam?

16 Sɛ okunu ne ɔyere yɛ aka a, ade pa biara mfi mu mma, na ebetumi asɛe wɔn ntam. Ɛnyɛ bere nyinaa na sɛ wo ne wo hokafo nkasa a, ɛkyerɛ sɛ woretwe n’aso, ebia abufuw anaa abasamtu na ama aba saa. Nanso, sɛ mokɔ so yɛ aka a, sɛ́ anka ebesiesie asɛm no, ɛma tebea no sɛe koraa. Ɔyere bi kae sɛ, “sɛ yɛsan bom a, na yɛagyae asɛm no akonkɔn hɔ saa ara.”

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔrehyia nsɛnnennen wɔ wɔn aware mu no yɛ?

17 Sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ aware mu a, wuntumi mfa kwatikwan biara so nsiesie. Mmebusɛm 15:22 ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.” Ɛho hia sɛ wo ne wo hokafo tra ase susuw asɛm no ho. Ɛsɛ sɛ wode adwempa tie wo hokafo no. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ saa a, dɛn nti na womma Kristofo asafo mu mpanyimfo mmoa wo? Wɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ, na wɔn ho akokwaw wɔ sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma mu. Mmarima a wɔte saa no te sɛ “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.”—Yesaia 32:2.

Wubetumi Agyae Anoɔyaw

18. Nsɛnnennen bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Romafo 7:18-23?

18 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛto yɛn tɛkrɛma nnareka. Saa ara na yɛn ho so a yɛbɛhyɛ wɔ yɛn nneyɛe ho no nso nna fam. Bere a ɔsomafo Paulo reka nsɛnnennen a ohyiae ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Minim sɛ me mu, kyerɛ sɛ, me honam mu de, biribi pa biara nte mu; efisɛ ɔpɛ no de ɛwɔ hɔ, nanso tumi a mede bɛyɛ papa no nni hɔ. Na papa a mepɛ no, menyɛ, na bɔne a mempɛ no, ɛno mmom na meyɛ. Enti sɛ nea mempɛ na meyɛ a, ɛnde na ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom bɔne a ɛte me mu no.” Esiane ‘bɔne mmara a ɛwɔ yɛn akwaa mu’ nti, ɛnyɛ den sɛ yɛde yɛn ano bɛka nsɛm a ɛyɛ yaw na yɛayɛ nneɛma afoforo a enye. (Romafo 7:18-23) Nanso, ɛsɛ sɛ yedi ɔhaw no so, na yɛnam Onyankopɔn mmoa so betumi ayɛ saa.

19, 20. Ɔkwan bɛn so na nhwɛso a Yesu yɛe no betumi aboa okununom ne ɔyerenom ma wɔato wɔn tɛkrɛma nnareka?

19 Ɛnsɛ sɛ wɔka nsɛm a ɛyɛ yaw na ɛwowɔ wɔ aware a ɔdɔ ne obu wom mu. Susuw nhwɛso a Yesu Kristo yɛe wɔ eyi ho no ho hwɛ. Yesu annidi n’asuafo no atɛm da. Bere a na Yesu asuafo regye akyinnye wɔ wɔn mu nea ɔyɛ ɔkɛse ho wɔ anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetra mu mpo no, Onyankopɔn Ba no anteatea wɔn. (Luka 22:24-27) Bible tu fo sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ mae no.”—Efesofo 5:25.

20 Na ɔyere nso ɛ? Ɛsɛ sɛ ‘onya obu kɛse ma ne kunu.’ (Efesofo 5:33) So ɔyere a obu ne kunu bɛkekaw mu agu ne kunu so akasa atia no? Paulo kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Nyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn kununom ase sɛnea Kristo brɛ ne ho ase hyɛ Onyankopɔn ase no. (Kolosefo 3:18) Ɛwom sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ ntumi nsuasua Yesu pɛpɛɛpɛ de, nanso sɛ okununom ne ɔyerenom bɔ mmɔden sɛ ‘wobedi n’anammɔn akyi pɛɛ’ a, ɛbɛboa wɔn ma wɔadi wɔn tɛkrɛma so.—1 Petro 2:21.

Dɛn na Wusuae?

• Ɔkwan bɛn so na anoɔyaw betumi asɛe aware?

• Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛbɛto yɛn tɛkrɛma nnareka?

• Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛhyɛ yɛn ho so wɔ yɛn kasa mu?

• Sɛ worehyia ɔhaw wɔ w’aware mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Asafo mu mpanyimfo de mmoa a egyina Bible so ma