Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Kristoni bi reka kar na okonya akwanhyia ma nkurɔfo wuwu a, dɛn na ɛsɛ sɛ asafo no yɛ?

Ɛsɛ sɛ asafo no hwehwɛ asɛm no mu hwɛ sɛ ofirikafo no di mogya ho fɔ anaa, na amma asafo no nso anni mogya ho fɔ. (Deuteronomium 21:1-9; 22:8) Sɛ ofirikafo no yɛɛ anibiannaso anaa ɔhyɛɛ da buu Kaesare anaa karka ho mmara bi so a, ɛnde obedi mogya ho fɔ. (Marko 12:14) Nanso ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma afoforo ho.

Tete no, sɛ onipakumfo bi guan kɔ Israelfo guankɔbea nkurow no bi mu a, na ɛsɛ sɛ wodi n’asɛm. Sɛ wohu sɛ wanhyɛ da na okum obi a, wɔma no kwan ma ɔtra guankɔbea kurow no mu na amma mogya ho werefo no ankum no. (Numeri 35:6-25) Enti sɛ Kristoni ma obi wu wɔ akwanhyia mu a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hwehwɛ asɛm no mu yiye hwɛ sɛ ebia odi mogya ho fɔ anaa. Ɛnyɛ sɛnea aban bu tebea no anaa gyinae a asɛnnibea besi wɔ ho no na ɛbɛkyerɛ nea asafo no bɛyɛ.

Sɛ nhwɛso no, asɛnnibea betumi abu ofirikafo no fɔ sɛ wanni karka ho mmara bi so, nanso mpanyimfo a wɔreyɛ asɛm no mu nhwehwɛmu no betumi aka sɛ mogya ho afɔdi biara nni asɛm no mu, efisɛ na ofirikafo no ntumi nyɛ tebea no ho hwee. Ebetumi aba nso sɛ asɛnnibea betwa asɛm no mu, nanso mpanyimfo no betumi aka sɛ ofirikafo no di mogya ho fɔ.

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔreyɛ asɛm no mu nhwehwɛmu no ma wɔn gyinaesi gyina Kyerɛwnsɛm no ne nokwasɛm a ɛwɔ asɛm no mu so—ofirikafo no mfomso a obegye atom anaasɛ adanse a nnipa baanu anaa baasa a wohuu akwanhyia no de bɛma. (Deuteronomium 17:6; Mateo 18:15, 16) Sɛ wohu sɛ ofirikafo no di mogya ho fɔ a, ɛsɛ sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw. Sɛ boayikuw no hu sɛ nea odi mogya ho fɔ no anu ne ho a, wobegyina Kyerɛwnsɛm so de nkaanim a ɛfata ama no, na wobegye ɔsom hokwan a ɔwɔ wɔ asafo no mu afi ne nsam. Sɛ ɔyɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin a, wobegye afi ne nsam. Wɔbɛma no anohyeto ahorow nso. Bio nso, ɔbɛsoa anibiannaso ne ahwɛyiye a wanyɛ a enti ɛmaa nnipa wuwui wɔ akwanhyia no mu no ho adesoa wɔ Onyankopɔn anim.—Galatifo 6:5, 7.

Mfatoho bi ni: Sɛ na wim tebea nye bere a akwanhyia no sii a, na anka ɛsɛ sɛ ofirikafo no yɛ ahwɛyiye kɛse. Sɛ na n’ani kum a, ɛsɛ sɛ anka ogyina kosi sɛ nna no bɛtetew n’ani so anaasɛ ɔma onipa foforo ka kar no.

Sɛ na ofirikafo no rekɔ mmirika dodo nso ɛ? Sɛ Kristoni biara kɔ mmirika boro nea mmara ma kwan sɛ ɔkɔ so a, ɛnde na odi fɔ sɛ wamfa ‘Kaesare de amma Kaesare.’ Afei nso, ɛkyerɛ sɛ ommu nkwa, efisɛ akwanhyia betumi ama obi awu. (Mateo 22:21) Wɔ eyi mu no, ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma afoforo ho kɔ akyiri. Sɛ ɔpanyin amfa Kaesare karka ho mmara aniberesɛm anaa ɔboapa bu n’ani gu so a, nhwɛso bɛn na ɔbɛyɛ ama nguankuw no?—1 Petro 5:3.

Ɛnsɛ sɛ Kristofo ka kyerɛ afoforo sɛ ɛsɛ sɛ wodu baabi a wonim pefee sɛ, sɛ wɔankɔ mmirika ammoro nea mmara ma kwan so a, wontumi nnu hɔ. Mpɛn pii no, nea ehia ara ne sɛ obi befi n’akwantu ase ntɛm anaasɛ ɔbɛyɛ ne bere mu nsakrae na ama wanya bere a ɛsɛ de atu kwan. Sɛ Kristoni yɛ saa a, ɛremma ɔnkɔ mmirika mmoro nea ɛsɛ sɛ ɔkɔ so, na mmom, obedi karka ho mmara a aban anaa “atumfo a wɔkorɔn” ahyehyɛ no so. (Romafo 13:1, 5) Eyi bɛboa ofirikafo no ma wakwati akwanhyia a ɛbɛma afoforo ahwere wɔn nkwa ma wadi mogya ho fɔ. Ɛbɛma wayɛ nhwɛso pa, na wakura ahonim pa mu nso.—1 Petro 3:16.